< Joshua 21 >

1 Then the heads of the families of the Levites came to Eleazar the priest and Joshua, the son of Nun, and to the heads of families of the tribes of the children of Israel;
Afei, Lewifo abusua mu ntuanofo kɔɔ ɔsɔfo Eleasar ne Nun babarima Yosua ne Israel mmusuakuw a aka mu ntuanofo no nkyɛn.
2 And said to them in Shiloh in the land of Canaan, The Lord gave orders by Moses that we were to have towns for living in, with their grass-lands for our cattle.
Wɔka kyerɛɛ wɔn wɔ Silo a ɛwɔ Kanaan asase so no se, “Awurade hyɛɛ Mose sɛ, ɔmma yɛn nkurow na yɛntena mu ne adidibea mma yɛn anantwi.”
3 And the children of Israel out of their heritage gave to the Levites these towns with their grass-lands, by the order of the Lord.
Na sɛnea Awurade hyɛe no, wɔde nkurow a edidi so yi a wɔn adidibea ka ho maa Lewifo sɛ wɔn agyapade.
4 And the heritage came out for the families of the Kohathites: the children of Aaron the priest, who were of the Levites, were given thirteen towns from the tribes of Judah, Simeon, and Benjamin.
Aaron asefo a na wɔyɛ Kohat abusuamma, na wɔfra Lewi abusuakuw mu no nyaa nkurow dumiɛnsa a na anka ɛyɛ Yuda, Simeon ne Benyamin mmusuakuw no dea.
5 The rest of the children of Kohath by their families were given ten towns from the tribes of Ephraim and Dan and the half-tribe of Manasseh.
Afi a aka wɔ Kohat abusua mu no, wɔmaa wɔn nkurow du fii Efraim ne Dan mmusuakuw no ne Manase abusuakuw fa no nsase mu.
6 The children of Gershon by their families were given thirteen towns from the tribes of Issachar and Asher and Naphtali and the half-tribe of Manasseh which was in Bashan.
Gerson abusua no nso, wɔmaa wɔn nkurow dumiɛnsa fii Isakar, Aser, Naftali ne Manase abusuakuw fa no wɔ Basan.
7 The children of Merari by their families were given twelve towns from the tribes of Reuben and Gad and Zebulun.
Merari abusua no nyaa nkurow dumien fii Ruben, Gad ne Sebulon mmusuakuw no nkyɛn.
8 All these towns with their grass-lands the children of Israel gave by the decision of the Lord to the Levites, as the Lord had given orders by Moses.
Enti Israelfo no dii Awurade ɔhyɛ nsɛm a ɔde maa Mose no so. Wɔbɔɔ ntonto kronkron, nam so yiyii saa nkurow yi ne adidibea a ɛkeka ho maa Lewifo.
9 From the tribes of the children of Judah and the children of Simeon they gave these towns, listed here by name:
Israelfo no de saa nkurow a ɛyɛ Yuda ne Simeon mmusuakuw no dea no
10 These were for the children of Aaron among the families of the Kohathites, of the children of Levi: for they came first in the distribution.
maa Aaron asefo a wɔfra Kohat abusua mu na ɛka Lewi abusuakuw ho no, efisɛ ntonto kronkron a edi kan no bɔɔ wɔn.
11 They gave them Kiriath-arba, the town of Arba, the father of Anak, (which is Hebron) in the hill-country of Judah, with its grass-lands.
Kiriat-Arba a (wɔfrɛ no Hebron), a ɛwɔ Yuda bepɔw asase so ne ɛho adidibea. (Arba yɛ Anak tete agya.)
12 But the open country round the town, and its unwalled places, they gave to Caleb, the son of Jephunneh, as his property.
Nanso nsase ne nkuraa a atwa kurow no ho ahyia no de, wɔde maa Yefune babarima Kaleb.
13 And to the children of Aaron the priest they gave Hebron with its grass-lands, the town where the taker of life might be safe, and Libnah with its grass-lands;
Nkurow a edidi so yi ne wɔn adidibea no wɔde maa ɔsɔfo Aaron asefo: Hebron (guankɔbea kuropɔn ma nea ne nsa apa wɔ obi ho), Libna,
14 And Jattir with its grass-lands, and Eshtemoa with its grass-lands;
Yatir, Estemoa,
15 And Holon with its grass-lands, and Debir with its grass-lands;
Holon, Debir,
16 And Ain, and Juttah, and Beth-shemesh, with their grass-lands; nine towns from those two tribes.
Ain, Yuta ne Bet-Semes a ɛyɛ nkurow akron a wonya fii saa mmusuakuw abien yi nkyɛn no.
17 And from the tribe of Benjamin they gave Gibeon and Geba with their grass-lands;
Wofi Benyamin abusuakuw mu de saa nkurow yi ne adidibea a atwa ho ahyia no maa asɔfo: Gibeon, Geba,
18 Anathoth and Almon with their grass-lands, four towns.
Anatot, Almon—a ɛyɛ nkurow anan.
19 Thirteen towns with their grass-lands were given to the children of Aaron, the priests.
Enti nkurow dumiɛnsa na wɔde maa asɔfo a wɔyɛ Aaron asefo no.
20 The rest of the families of the children of Kohath, the Levites, were given towns from the tribe of Ephraim.
Kohat abusua nkae a wofi Lewi abusuakuw mu no nso, wɔde saa nkurow yi ne adidibea a efi Efraim abusua nkyɛn maa wɔn:
21 And they gave them Shechem with its grass-lands in the hill-country of Ephraim, the town where the taker of life might be safe, and Gezer with its grass-lands;
Sekem, (guankɔbea kuropɔn), Geser.
22 And Kibzaim and Beth-horon with their grass-lands, four towns.
Kibsaim ne Bet-Horon, a ɛyɛ nkurow anan.
23 And from the tribe of Dan, Elteke and Gibbethon with their grass-lands;
Saa nkurow ne adidibea yi nso, wɔde maa asɔfo a wofi Dan abusuakuw mu: Elteke ne Gibeton,
24 Aijalon and Gath-rimmon with their grass-lands, four towns.
Ayalon ne Gat-Rimon, ɛyɛ nkurow anan.
25 And from the half-tribe of Manasseh, Taanach and Gath-rimmon with their grass-lands, two towns.
Manase abusuakuw fa no de saa nkurow ne wɔn adidibea maa asɔfo no: Taanak ne Gat-Rimon, ɛyɛ nkurow abien.
26 All the towns of the rest of the families of the children of Kohath were ten with their grass-lands.
Enti nkurow du ne wɔn adidibea na wɔde maa Kohat abusua nkae no.
27 And to the children of Gershon, of the families of the Levites, they gave from the half-tribe of Manasseh, Golan in Bashan with its grass-lands, the town where the taker of life might be safe, and Ashtaroth with its grass-lands, two towns.
Gerson abusua a wɔyɛ Lewi abusuakuw no fa bi no nso nyaa nkurow abien ne wɔn adidibea fii Manase abusua fa no nkyɛn. Nkurow no ne Golan a ɛwɔ Basan (guankɔbea kuropɔn) ne Beestra.
28 And from the tribe of Issachar, Kishion and Daberath with their grass-lands;
Isakar abusuakuw no nso maa wɔn: Kision, Daberat,
29 Jarmuth and En-gannim with their grass-lands, four towns.
Yarmut ne En-Ganim, nkurow anan a wɔn adidibea ka ho.
30 And from the tribe of Asher, Mishal and Abdon, with their grass-lands:
Aser abusuakuw no maa Misal, Abdon,
31 Helkath and Rehob with their grass-lands, four towns.
Helkat ne Rehob, a ɛyɛ nkurow anan a wɔn adidibea ka ho.
32 And from the tribe of Naphtali, Kedesh in Galilee with its grass-lands, the town where the taker of life might be safe, and Hammoth-dor and Kartan with their grass-lands, three towns.
Naftali abusuakuw no maa wɔn Kedes a ɛwɔ Galilea (guankɔbea kuropɔn), Hamot-Dor ne Kartan nkurow abiɛsa ne wɔn adidibea.
33 All the towns of the Gershonites with their families were thirteen with their grass-lands.
Enti nkurow dumiɛnsa ne ɛho adidibea na wɔde maa Gerson mmusua no.
34 And to the rest of the Levites, that is, the families of the children of Merari, they gave from the tribe of Zebulun, Jokneam and Kartah with their grass-lands;
Lewifo nkae a wɔyɛ Merari abusua no nyaa saa nkurow yi a efi Sebulon abusuakuw no nkyɛn: Yokneam, Karta,
35 Dimnah and Nahalal with their grass-lands, four towns.
Dimna ne Nahalal—nkurow anan ne ɛho adidibea.
36 And from the tribe of Reuben, Bezer and Jahaz with their grass-lands;
Ruben abusuakuw no nso maa wɔn Beser, Yahas,
37 Kedemoth and Mephaath with their grass-lands, four towns.
Kedemot ne Mefaat—nkurow anan ne wɔn adidibea.
38 And from the tribe of Gad, Ramoth in Gilead, the town where the taker of life might be safe, and Mahanaim with their grass-lands;
Gad abusuakuw no maa wɔn Ramot a ɛwɔ Gilead (guankɔbea kuropɔn), Mahanaim,
39 Heshbon and Jazer with their grass-lands, four towns.
Hesbon ne Yaser, nkurow anan ne ho adidibea.
40 All these towns were given to the children of Merari by their families, that is, the rest of the families of the Levites; and their heritage was twelve towns.
Enti nkurow dumien na wɔde maa Merari abusua.
41 All the towns of the Levites, among the heritage of the children of Israel, were forty-eight towns with their grass-lands.
Nkurow dodow ne ɛho adidibea a na ɛwɔ Israelman mu a wɔde maa Lewifo no nyinaa yɛ aduanan awotwe.
42 Every one of these towns had grass-lands round it.
Na kurow biara wɔ adidibea da ho.
43 So the Lord gave to Israel all the land which he gave by oath to their fathers; so it became their heritage and their living-place.
Enti Awurade de nsase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma wɔn agyanom no maa Israelfo no, na wodii so nkonim, tenaa hɔ.
44 And the Lord gave them peace on every side, as he had said to their fathers: all those who were against them gave way before them, for the Lord gave them all up into their hands.
Na Awurade ma wonyaa ɔhome wɔ afanan nyinaa, sɛnea ɔhyɛɛ wɔn agyanom bɔ no. Wɔn atamfo biara antumi annyina wɔn anim, efisɛ Awurade boaa wɔn ma wodii wɔn atamfo so nkonim.
45 The Lord kept faith with the house of Israel about all the good which he said he would do for them, and all his words came true.
Bɔ pa biara a Awurade hyɛɛ Israel no nyinaa baa mu; emu bi anni huammɔ.

< Joshua 21 >