< Genesis 46 >

1 And Israel went on his journey with all he had, and came to Beer-sheba, where he made offerings to the God of his father Isaac.
Enti, Israel de nʼahodeɛ nyinaa siim kɔduruu Beer-Seba. Ɔbɔɔ Onyankopɔn a na nʼagya Isak somm no no afɔdeɛ wɔ hɔ.
2 And God said to Israel in a night-vision, Jacob, Jacob. And he said, Here am I.
Anadwo anisoadehunu mu no, Onyankopɔn frɛɛ Yakob sɛ, “Yakob! Yakob!” Yakob gyee so sɛ, “Me nie.”
3 And he said, I am God, the God of your father: go down to Egypt without fear, for I will make a great nation of you there:
Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Mene Onyankopɔn. Onyankopɔn a wʼagya somm no. Nsuro sɛ wobɛkɔ Misraim, ɛfiri sɛ, mɛma wʼase adɔre ayɛ ɔman kɛseɛ wɔ hɔ.
4 I will go down with you to Egypt, and I will see that you come back again, and at your death Joseph will put his hands on your eyes.
Mʼankasa me ne wo bɛkɔ Misraim, na masane ne wo aba ha bio. Ɛduru ɛberɛ a worebɛwu a, wobɛwu Yosef anim.”
5 Then Jacob went on from Beer-sheba; and the sons of Jacob took their father and their little ones and their wives in the carts which Pharaoh had sent for them.
Afei, Yakob siim firii Beer-Seba. Israel mma no de wɔn agya Yakob, wɔn yerenom ne wɔn mma tenatenaa nteaseɛnam a Farao soma maa wɔde bɛfaa wɔn no mu.
6 And they took their cattle and all the goods which they had got in the land of Canaan, and came to Egypt, even Jacob and all his seed:
Wɔfaa wɔn mmoa ne wɔn agyapadeɛ a wɔanya wɔ Kanaan asase so nyinaa kaa wɔn ho kɔɔ Misraim. Yakob ne nʼasefoɔ nyinaa siim kɔɔ Misraim.
7 His sons and his sons' sons, his daughters and his daughters' sons and all his family he took with him into Egypt.
Israel de ne mmammarima, ne nananom, ne mmammaa ne wɔn mma a wɔn nyinaa yɛ nʼasefoɔ kaa ne ho kɔɔ Misraim.
8 And these are the names of the children of Israel who came into Egypt, even Jacob and all his sons: Reuben, Jacob's oldest son;
Edin a ɛdidi so yi yɛ Israelfoɔ, Yakob asefoɔ a ɔde wɔn kɔɔ Misraim. Ruben yɛ Yakob abakan.
9 And the sons of Reuben: Hanoch and Pallu and Hezron and Carmi;
Ruben nso mmammarima edin na ɛdidi so yi: Hanok, Palu, Hesron ne Karmi.
10 And the sons of Simeon: Jemuel and Jamin and Ohad and Jachin and Zohar and Shaul, the son of a woman of Canaan;
Simeon nso mmammarima yɛ: Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Saulo a ne na yɛ Kanaanni.
11 And the sons of Levi: Gershon, Kohath, and Merari;
Lewi mmammarima din na ɛdidi so yi: Gerson, Kohat ne Merari.
12 And the sons of Judah: Er and Onan and Shelah and Perez and Zerah: but Er and Onan had come to their death in the land of Canaan; and the sons of Perez were Hezron and Hamul.
Yuda nso mmammarima yɛ: Er, Onan, Sela, Peres ne Serah. Nanso Er ne Onan deɛ, wɔwuwuiɛ wɔ Kanaan asase so, ansa na Israel reba Misraim asase so. Peres mmammarima yɛ: Hesron ne Hamul.
13 And the sons of Issachar: Tola and Puah and Job and Shimron;
Isakar mmammarima nso yɛ: Tola, Puwa, Hiob ne Simron.
14 And the sons of Zebulun: Sered and Elon and Jahleel;
Sebulon mmammarima nso yɛ: Sered, Elon ne Yakleel.
15 All these, together with his daughter Dinah, were the children of Leah, whom Jacob had by her in Paddan-aram; they were thirty-three in number.
Wɔn a wɔabobɔ wɔn din yi yɛ Lea mma a ɔne Yakob woeɛ wɔ Paddan-Aram a ne babaa Dina nso ka ho. Saa mmammarima ne ne babaa yi nyinaa dodoɔ si nnipa aduasa mmiɛnsa.
16 And the sons of Gad: Ziphion and Haggi, Shuni and Ezbon, Eri and Arodi and Areli;
Gad nso mma din na ɛdidi so yi: Sifion, Hagi, Suni, Esbon, Eri, Arodi ne Areli.
17 And the sons of Asher: Jimnah and Ishvah and Ishvi and Beriah, and Sarah, their sister; and the sons of Beriah: Heber and Malchiel.
Aser nso mma din na ɛdidi so yi: Yimna, Isua, Isui ne Beria ne wɔn nuabaa Sera. Beria nso mma yɛ: Heber ne Malkiel.
18 These are the children of Zilpah, whom Laban gave to his daughter Leah, and Jacob had these sixteen children by her.
Yeinom nso ne Silpa, afenaa a Laban de no maa ne babaa Lea a ɔno nso de no maa ne kunu Yakob wareeɛ no mma. Wɔn nyinaa dodoɔ ano si nnipa dunsia.
19 The sons of Jacob's wife Rachel: Joseph and Benjamin.
Yakob yere Rahel mma yɛ: Yosef ne Benyamin.
20 And Joseph had Manasseh and Ephraim in the land of Egypt, by Asenath, the daughter of Poti-phera, priest of On.
Yosef ne ne yere Asnat, a ɔyɛ Potifera a ɔyɛ On bosomfoɔ babaa woo Manase ne Efraim wɔ Misraim.
21 And the sons of Benjamin were Belah and Becher and Ashbel, Gera and Naaman, Ehi and Rosh, Muppim and Huppim and Ard.
Benyamin nso mmammarima din na ɛdidi so yi: Bela, Beker, Asbel, Gera, Naaman, Ehi, Ros, Mupim, Hupim ne Ard.
22 All these were the children of Rachel whom Jacob had by her, fourteen persons.
Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi yɛ Rahel mmammarima a ɔne Yakob woeɛ. Wɔn nyinaa dodoɔ ano si nnipa dunan.
23 And the son of Dan was Hushim.
Dan babarima yɛ Husim.
24 And the sons of Naphtali: Jahzeel and Guni and Jezer and Shillem.
Naftali nso mmammarima din na ɛdidi so yi: Yahseel, Guni, Yeser ne Silem.
25 These were the children of Bilhah, whom Laban gave to his daughter Rachel, seven persons.
Bilha a ɔyɛ Laban afenaa a ɔde no maa ne babaa Rahel mmammarima a ɔne Yakob woeɛ no na wɔabobɔ wɔn din yi. Na wɔn dodoɔ ano si nnipa baason.
26 All the persons who came with Jacob into Egypt, the offspring of his body, were sixty-six, without taking into account the wives of Jacob's sons.
Nnipa a Yakob de wɔn kɔɔ Misraim nyinaa, a wɔyɛ nʼasefoɔ ankasa, a ne mmammarima yerenom nka ho dodoɔ ano si aduosia nsia.
27 And the sons of Joseph whom he had in Egypt were two. Seventy persons of the family of Jacob came into Egypt.
Sɛ wɔde Yosef mmammarima baanu a ɔwoo wɔn wɔ Misraim no ka ho a, na Yakob asefoɔ a ɔde wɔn kɔɔ Misraim no nyinaa dodoɔ ano si nnipa aduɔson.
28 Now he had sent Judah before him to Goshen, to get word from Joseph; and so they came to the land of Goshen.
Israel somaa Yuda, ma ɔdii ɛkan kɔɔ Yosef hɔ kɔbisaa no Gosen ɛkwan. Akyire no, wɔkɔduruu Gosen.
29 And Joseph got his carriage ready and went to Goshen for the meeting with his father; and when he came before him, he put his arms round his neck, weeping.
Yosef siesiee ne nteaseɛnam ma wɔkɔɔ Gosen kɔhyiaa nʼagya Israel. Yosef duruu nʼagya Yakob anim pɛ, ɔbam no, suiɛ ara kwansin.
30 And Israel said to Joseph, Now that I have seen you living again, I am ready for death.
Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Ohunu a mahunu wo sɛ wote ase yi enti, sɛ owuo bɛfa me ɛnnɛ koraa a, mepɛ.”
31 And Joseph said to his brothers and to his father's people, I will go and give the news to Pharaoh, and say to him, My brothers and my father's people, from the land of Canaan, have come to me;
Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no ne nʼagya fiefoɔ no sɛ, “Mɛkɔ makɔka makyerɛ Farao sɛ, ‘Me nuammarimanom ne mʼagya fiefoɔ a na anka wɔte Kanaan asase so nyinaa aba ha abɛka me ho.
32 And these men are keepers of sheep and owners of cattle, and have with them their flocks and their herds and all they have.
Mmarima no yɛ nnwanhwɛfoɔ. Wɔhwɛ mmoa so. Na wɔde wɔn nnwan ne wɔn anantwie ne biribiara a wɔwɔ aba.’
33 Now when Pharaoh sends for you and says, What is your business?
Sɛ Farao frɛ mo, na ɔbisa mo sɛ, ‘Adwuma bɛn na moyɛ a,’
34 You are to say, Your servants have been keepers of cattle from our early days up to now, like our fathers; in this way you will be able to have the land of Goshen for yourselves; because keepers of sheep are unclean in the eyes of the Egyptians.
momma no mmuaeɛ sɛ, ‘Wo nkoa ayɛn mmoa firi wɔn mmɔfraase, te sɛ deɛ yɛn agyanom yɛeɛ no ara pɛpɛɛpɛ.’ Sɛ moka saa kyerɛ no a, ɔbɛma mode Gosen ayɛ mo atenaeɛ, ɛfiri sɛ, Misraimfoɔ kyiri nnwanhwɛfoɔ kɔkɔɔkɔ.”

< Genesis 46 >