< Genesis 39 >
1 Now Joseph was taken down to Egypt; and Potiphar the Egyptian, a captain of high position in Pharaoh's house, got him for a price from the Ishmaelites who had taken him there.
Wɔde Yosef kɔɔ Misraim. Misraimni Potifar a na ɔyɛ Misraimhene Farao dabehene a na ɔtua asraafodɔm ano no na ɔtɔɔ Yosef firii Ismaelfoɔ adwadifoɔ no nsam.
2 And the Lord was with Joseph, and he did well; and he was living in the house of his master the Egyptian.
Na Awurade ka Yosef ho enti, nʼabrabɔ sii no yie. Ɔtenaa ne wura Misraimni no fie.
3 And his master saw that the Lord was with him, making everything he did go well.
Yosef wura no hunuu sɛ, Awurade ka ne ho, na ɔyɛeɛ no, Awurade hyiraa so maa no na
4 And having a high opinion of Joseph as his servant, he made him the overseer of his house and gave him control over all he had.
nʼabrabɔ sɔɔ ne wura no ani, maa ɔde no yɛɛ ne ɔboafoɔ. Ankyɛre koraa na Potifar de Yosef sii ne fiefoɔ so panin, de nʼagyapadeɛ ne nʼadwumadeɛ nyinaa hyɛɛ ne nsa.
5 And from the time when he made him overseer and gave him control of all his property, the blessing of the Lord was with the Egyptian, because of Joseph; the blessing of the Lord was on all he had, in the house and in the field.
Ɛberɛ a Potifar de Yosef sii ne fiefoɔ so panin, de nʼadwumadeɛ nyinaa hyɛɛ ne nsa no, ɛsiane Yosef enti, Awurade hyiraa Misraimni Potifar fie so. Awurade hyiraa nʼagyapadeɛ a ɛwɔ fie ne ne mfuo nyinaa so.
6 And he gave Joseph control of all his property, keeping no account of anything, but only the food which was put before him. Now Joseph was very beautiful in form and face.
Enti, ɔde nʼagyapadeɛ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa. Esiane sɛ Potifar de nʼagyapadeɛ ne nʼadwumadeɛ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa enti, wannwene biribiara ho sɛ aduane a ɔbɛdi nko ara. Na Yosef yɛ aberanteɛ a ɔwɔ nnyinasoɔ, na ne ho nso yɛ fɛ yie.
7 And after a time, his master's wife, looking on Joseph with desire, said to him, Be my lover.
Ankyɛre ahe biara na Yosef wura Potifar yere tuu nʼani sii ne so. Ɛda bi, Potifar yere no ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Bra, na wo ne me mmɛda!”
8 But he would not, and said to her, You see that my master keeps no account of what I do in his house, and has put all his property in my control;
Nanso, Yosef ampene so, ka kyerɛɛ ne wura yere no sɛ, “Esiane sɛ efie ha biribiara hyɛ me nsa enti, me wura nnwene efie ha biribiara ho. Ɔde nʼagyapadeɛ nyinaa ahyɛ me nsa.
9 So that no one has more authority in this house than I have; he has kept nothing back from me but you, because you are his wife; how then may I do this great wrong, sinning against God?
Obiara nni tumi nsene me wɔ efie ha. Me wura mmfa biribiara nkame me wɔ efie ha sɛ wo nko ara, ɛfiri sɛ, woyɛ ne yere. Onyame mpa ngu sɛ mɛyɛ adeɛ a ɛte saa. Ɛbɛyɛ dɛn na matumi ayɛ amumuyɛdeɛ a ɛte seyie! Ɛbɛyɛ bɔne kɛseɛ atia Onyankopɔn.”
10 And day after day she went on requesting Joseph to come to her and be her lover, but he would not give ear to her.
Ɛwom sɛ ɛda biara da na Potifar yere no de saa asɛm yi dwan Yosef ho deɛ, nanso Yosef antwe ammɛn no mpo, na akɔwie sɛ ɔne no bɛda.
11 Now one day he went into the house to do his work; and not one of the men of the house was inside.
Ɛda koro bi, Yosef kɔɔ efie hɔ sɛ ɔrekɔyɛ nʼadwuma. Ɔduruu hɔ no, na asomfoɔ no mu biara nni hɔ.
12 And pulling at his coat, she said, Come to my bed; but slipping out of his coat, he went running away.
Potifar yere no sɔɔ Yosef atadeɛ mu, ka kyerɛɛ no sɛ, “Bra na wo ne me mmɛda!” Nanso, Yosef paa nʼatadeɛ no guu ne so, dwane firii efie hɔ.
13 And when she saw that he had got away, letting her keep his coat,
Potifar yere no hunuu sɛ Yosef apa nʼatadeɛ agu ne so, na wadwane afiri efie hɔ no,
14 She sent for the men of her house and said to them, See, he has let a Hebrew come here and make sport of us; he came to my bed, and I gave a loud cry;
ɔfrɛɛ ne fiefoɔ, de nteateam ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ! Me kunu akɔfa Hebrini bi aba efie ha sɛ ɔmmɛgu yɛn anim ase. Ɔbaa ha sɛ ɔrebɛto me monnaa na meteateaam.
15 And hearing it he went running out without his coat.
Ɔtee sɛ mereteateam no, ɔpaa nʼatadeɛ guu me so, dwane firii fie ha.”
16 And she kept his coat by her, till his master came back.
Potifar yere no de Yosef atadeɛ a ɔpa guu ne so no sieeɛ, kɔsii sɛ ne kunu baeɛ.
17 Then she gave him the same story, saying, The Hebrew servant whom you have taken into our house came in to make sport of me;
Ɔbaa no bɔɔ ne kunu amaneɛ sɛ, “Hebrini akoa no a wokɔtɔɔ no brɛɛ yɛn no baa me nkyɛn sɛ anka ɔrebɛto me monnaa.
18 And when I gave a loud cry he went running out without his coat.
Meteateaam no na ɔdwane firii efie ha, gyaa nʼatadeɛ hɔ.”
19 And hearing his wife's account of what his servant had done, he became very angry.
Ɛberɛ a Yosef wura Potifar tee asɛm a ne yere ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkwan a wʼakoa no de me faa so nie” no, ne bo fuu yie.
20 And Joseph's master took him and put him in prison, in the place where the king's prisoners were kept in chains, and he was there in the prison-house.
Yosef wura Potifar tee asɛm no no, ɔkyeree Yosef kɔtoo afiase, faako a ɔhene nneduafoɔ guo no. Ɛberɛ a Yosef da afiase hɔ no,
21 But the Lord was with Joseph, and was good to him, and made the keeper of the prison his friend.
na Awurade ka ne ho. Awurade yɛɛ no adɔeɛ, maa ɛno enti, afiase sohwɛfoɔ panin no pɛɛ nʼasɛm yie.
22 And the keeper of the prison put all the prisoners under Joseph's control, and he was responsible for whatever was done there.
Ɛyɛɛ saa maa afiase sohwɛfoɔ panin no de Yosef sii nneduafoɔ no nyinaa so panin, a na biribiara a wɔyɛ wɔ afiase hɔ no hyɛ ne nsa.
23 And the keeper of the prison gave no attention to anything which was under his care, because the Lord was with him; and the Lord made everything he did go well.
Esiane sɛ na Awurade ka Yosef ho no enti, na afiase sohwɛfoɔ panin no nha ne ho nyɛ adwuma. Ɛfiri sɛ, biribiara a Yosef bɛyɛ no nso, Awurade hyira so ma ɛsi yie.