< 2 Kings 14 >
1 In the second year of Joash, son of Joahaz, king of Israel, Amaziah, the son of Joash, became king of Judah.
Ɛberɛ a Yoas babarima Amasia hyɛɛ aseɛ dii adeɛ wɔ Yuda no, na ɔhene Yehoas adi adeɛ wɔ Israel mfeɛ mmienu.
2 He was twenty-five years old when he became king; and he was ruling in Jerusalem for twenty-nine years; his mother's name was Jehoaddin of Jerusalem.
Amasia dii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduonu enum, na ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem mfeɛ aduonu nkron. Na wɔfrɛ ne maame Yehoadin a ɔfiri Yerusalem.
3 He did what was right in the eyes of the Lord, though not like David his father; he did as Joash his father had done.
Ɔyɛɛ deɛ ɛtene wɔ Awurade ani so, nanso anto deɛ nʼagya Dawid yɛeɛ. Ɔhwɛɛ nʼagya Yoas nhwɛsoɔ so.
4 But still the high places were not taken away; the people went on making offerings and burning them in the high places.
Amasia ansɛe abosonnan a na nnipa kɔbɔ afɔdeɛ, kɔhye nnuhwam wɔ hɔ no.
5 Now when he became strong in the kingdom, straight away he put to death those servants who had taken the life of the king his father;
Ɛberɛ a Amasia ase timiiɛ sɛ ɔhene no, ɔkunkumm mpanimfoɔ a wɔkumm nʼagya no nyinaa.
6 But he did not put their children to death; for the orders of the Lord recorded in the book of the law of Moses say, The fathers are not to be put to death for the children, or the children for their fathers; but a man is to be put to death for the sin which he himself has done.
Nanso, wɔn a wɔkunkumm wɔn no mma deɛ, wankum wɔn, sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Mose Mmara Nwoma no mu no, ne sɛdeɛ Awurade ahyɛ no sɛ: Mma wɔnkunkum agyanom wɔ wɔn mma bɔne a wɔayɛ nti; na wɔnnkunkum mma wɔ wɔn agyanom bɔne a wɔayɛ enti. Ɛsɛ sɛ obiara wu wɔ ne bɔne ho.
7 He put to the sword twelve thousand men of Edom in the Valley of Salt, and took Sela in war, naming it Joktheel, as it is to this day.
Amasia na ɔkunkumm Edomfoɔ ɔpedu wɔ Nkyene Bɔnhwa no mu no. Ɔno ara nso na ɔdii Sela so nkonim, na ɔtoo hɔ edin Yokteel, edin a wɔde frɛ hɔ de bɛsi ɛnnɛ no.
8 Then Amaziah sent representatives to Jehoash, the son of Jehoahaz, son of Jehu, king of Israel, saying, Come, let us have a meeting face to face.
Ɛda bi, Amasia ka sii Israelhene a ɔyɛ Yehoahas babarima ne Yehu nana anim sɛ, “Bɛhyia me ma yɛnko.”
9 And Jehoash, king of Israel, sent to Amaziah, king of Judah, saying, The thorn-tree in Lebanon sent to the cedar in Lebanon, saying, Give your daughter to my son for a wife: and a beast from the woodland in Lebanon went by, crushing the thorn under his feet.
Na Israelhene Yoas de abasɛm buaa Yudahene Amasia sɛ, “Nkasɛɛ a ɛwɔ Lebanon mmepɔ so somaa abɔfoɔ kɔɔ dutan ntweneduro nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Fa wo babaa ma me babarima awadeɛ.’ Ɛhɔ ara na aboa bi firi wiram bɛtiatiaa nkasɛɛ no so sɛee no.
10 It is true that you have overcome Edom and your heart is uplifted; let that glory be enough for you, and keep in your country; why do you make causes of trouble, putting yourself, and Judah with you, in danger of downfall?
Nokorɛm, woadi Edom so nkonim, ama woayɛ ahantan. Ma wʼani nsɔ wo nkonimdie no, na tena wo fie. Adɛn enti na wopere wo ho kɔ ɔhaw a ɛde amanehunu bɛba wo ne Yudafoɔ nyinaa so yi?”
11 But Amaziah gave no attention. So Jehoash, king of Israel, went up, and he and Amaziah, king of Judah, came face to face at Beth-shemesh, which is in Judah.
Na Amasia antie enti, Israelhene Yoas boaboaa nʼakodɔm ano ne no kɔkoeɛ. Akodɔm mmienu no hyiaa mu koeɛ wɔ Bet-Semes a ɛwɔ Yuda.
12 And Judah was overcome before Israel, so that they went in flight, every man to his tent.
Israel akodɔm dii Yuda so nkonim, maa Yuda akodɔm no bɔ hweteeɛ, dwane kɔɔ wɔn kurom.
13 And Jehoash, king of Israel, made Amaziah, king of Judah, the son of Jehoash, son of Ahaziah, prisoner at Beth-shemesh, and came to Jerusalem, and had the wall of Jerusalem pulled down from the doorway of Ephraim to the door in the angle, four hundred cubits.
Israelhene Yoas kyeree Yudahene, Yoas babarima Ahasia babarima Amasia wɔ Bet-Semes. Na Yoas bɔɔ nsra kɔɔ Yerusalem. Afei ɔhyɛɛ nʼakodɔm no ma wɔdwirii Yerusalem ɔfasuo no, firi Efraim Ɛpono no de kɔsii Twɛtwɛwaso Ɛpono no, a ne tenten bɛyɛ sɛ anammɔn ahansia no.
14 And he took all the gold and silver and all the vessels which were in the house of the Lord and in the store-house of the king, together with those whose lives would be the price of broken faith, and went back to Samaria.
Ɔfaa sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne nnwinneɛ nyinaa firii Awurade asɔredan mu ne ahemfie akoradan mu hɔ. Ɔfaa nnipa no nnommum, na ɔsane kɔɔ Samaria.
15 Now the rest of the acts of Jehoash, and his power, and how he went to war with Amaziah, king of Judah, are they not recorded in the book of the history of the kings of Israel?
Yoas ahennie mu nsɛm nkaeɛ ne deɛ ne tumi kɔsiiɛ ne ako a ɔne Yudahene Amasia diiɛ no nyinaa, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
16 And Jehoash went to rest with his fathers, and was put into the earth in Samaria with the kings of Israel; and Jeroboam his son became king in his place.
Ɛberɛ a Yoas wuiɛ no, wɔsiee no wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Samaria. Na ne babarima Yeroboam a ɔtɔ so mmienu na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
17 Amaziah, the son of Joash, king of Judah, went on living for fifteen years after the death of Jehoash, son of Jehoahaz, king of Israel.
Israelhene Yoas, Yehoahas babarima owuo akyi no, Yudahene Amasia tenaa ase mfeɛ dunum.
18 And the rest of the acts of Amaziah, are they not recorded in the book of the history of the kings of Judah?
Amasia ahennie mu nsɛm nkaeɛ no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
19 Now they made a secret design against him in Jerusalem; and he went in flight to Lachish, but they sent after him to Lachish and put him to death there.
Wɔpam Amasia tiri so wɔ Yerusalem enti, ɔdwane kɔɔ Lakis. Nanso, nʼatamfoɔ no somaa awudifoɔ, ma wɔtii no, kɔkumm no wɔ hɔ.
20 And they took his body on horseback and put it into the earth with his fathers in Jerusalem, the town of David.
Wɔsane de no too ɔpɔnkɔ so, baa Yerusalem, na wɔsiee no wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Dawid kurom.
21 Then all the people of Judah took Azariah, who was sixteen years old, and made him king in place of his father Amaziah.
Yudafoɔ sii Amasia babarima Asaria a na wadi mfeɛ dunsia no ɔhene.
22 He was the builder of Elath, which he got back for Judah after the death of the king.
Nʼagya wuo akyi no, Asaria sane kyekyeree Elat kuro, dane maa Yuda.
23 In the fifteenth year of the rule of Amaziah, son of Joash, king of Judah, Jeroboam, the son of Joash, king of Israel, became king in Samaria, ruling for forty-one years.
Yudahene Yoas babarima Amasia adedie mfeɛ dunum mu no, Israelhene Yoas babarima Yeroboam a ɔtɔ so mmienu bɛdii ɔhene wɔ Israel. Ɔdii adeɛ wɔ Samaria mfirinhyia aduanan baako.
24 He did evil in the eyes of the Lord, not turning away from the sin which Jeroboam, the son of Nebat, did and made Israel do.
Ɔyɛɛ bɔne Awurade ani so. Na wantwe ne ho amfiri abosonsom a Nebat babarima Yeroboam ma Israelfoɔ kɔɔ mu no ho.
25 He got back the old limits of Israel from the way into Hamath to the sea of the Arabah, as the Lord had said by his servant Jonah, the son of Amittai, the prophet of Gath-hepher.
Yeroboam a ɔtɔ so mmienu gyegyee Israel nsase a ɛda Lebo Hamat ne Nkyene Ɛpo no ntam no sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn nam Amitai babarima Yona, odiyifoɔ a ɔfiri Gat-Hefer so, hyɛɛ ho bɔ no.
26 For the Lord saw how bitter was the trouble of Israel, and that everyone was cut off, he who was shut up and he who went free, and that Israel had no helper.
Awurade hunuu sɛdeɛ obiara a ɔwɔ Israel no reteetee, na wɔnni obiara a ɔbɛboa wɔn nso.
27 And the Lord had not said that the name of Israel was to be taken away from the earth; but he gave them a saviour in Jeroboam, the son of Joash.
Esiane sɛ Awurade nkaa sɛ ɔbɛpepa Israel din koraa no enti, ɔnam Yoas babarima Yeroboam nso so gyee wɔn nkwa.
28 Now the rest of the acts of Jeroboam, and all he did, and his power, and how he went to war with Damascus, causing the wrath of the Lord to be turned away from Israel, are they not recorded in the book of the history of the kings of Israel?
Yeroboam a ɔtɔ so mmienu ahennie mu nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa, deɛ ne tumi ano kɔsiiɛ, nʼakodie ne nsase a ɔgyegye maa Israel a Damasko ne Hamat a na ɛwɔ Yuda nsam no nyinaa ka ho no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
29 And Jeroboam went to rest with his fathers, and was put into the earth with the kings of Israel; and Zechariah his son became king in his place.
Ɛberɛ a Yeroboam wuiɛ no, wɔsiee no ne mpanimfoɔ a na wɔyɛ Israel ahemfo no nkyɛn. Na ne babarima Sakaria na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.