< 2 Chronicles 18 >

1 Now Jehoshaphat had great wealth and honour, and his son was married to Ahab's daughter.
Yehosafat yɛɛ ɔdefoɔ a na nʼanimuonyam nso korɔn. Ɔhyehyɛ maa ne babarima waree Israelhene Ahab babaa.
2 And after some years he went down to Samaria to see Ahab. And Ahab made a feast for him and the people who were with him, putting to death great numbers of sheep and oxen; and he got Jehoshaphat to go with him to Ramoth-gilead.
Mfeɛ kakra bi akyi no, ɔkɔɔ Samaria kɔsraa Ahab. Ahab too ɛpono kɛseɛ bi maa ɔne ne mpanimfoɔ. Wɔkunkumm nnwan ne anantwie bebree, de too ɛpono no. Na Ahab korɔkorɔɔ Yehosafat sɛ ɔmmɛboa no, na ɔnkɔko ntia Ramot-Gilead.
3 For Ahab, king of Israel, said to Jehoshaphat, king of Judah, Will you go with me to Ramoth-gilead? And he said, I am as you are, and my people as your people; we will be with you in the war.
Ahab bisaa no sɛ, “Wobɛboa me na mako atia Ramot-Gilead anaa?” Na Yehosafat buaa sɛ, “Adɛn, akyinnyeɛ biara nni ho. Me ne wo yɛ anuanom, na mʼakodɔm nso, wotumi kyerɛ wɔn deɛ wɔnyɛ. Yɛbɛboa wo, ama woako dodo.”
4 Then Jehoshaphat said to the king of Israel, Let us now get directions from the Lord.
Afei, Yehosafat kaa sɛ, “Deɛ ɛdi ɛkan no, ma yɛmmisa Awurade hɔ afotuo.”
5 So the king of Israel got together all the prophets, four hundred men, and said to them, Am I to go to Ramoth-gilead to make war or not? And they said, Go up: for God will give it into the hands of the king.
Enti, ɔhene Ahab frɛɛ nʼadiyifoɔ ahanan bisaa wɔn sɛ, “Yɛnkɔko ntia Ramot-Gilead anaasɛ yɛnnkɔ?” Wɔn nyinaa buaa sɛ, “Monkɔ na Onyankopɔn bɛma moadi nkonim.”
6 But Jehoshaphat said, Is there no other prophet of the Lord here from whom we may get directions?
Nanso, Yehosafat bisaa sɛ, “Na Awurade odiyifoɔ biara nni ha? Mepɛ sɛ mebisa no asɛm korɔ no ara.”
7 And the king of Israel said to Jehoshaphat, There is still one man by whom we may get directions from the Lord, but I have no love for him, because he has never been a prophet of good to me, but only of evil: he is Micaiah, the son of Imla. And Jehoshaphat said, Let not the king say so.
Ɔhene Ahab buaa sɛ, “Ɔbaako da so wɔ ha a ɔbɛtumi abisa Awurade ama me, nanso, mekyiri no. Ɔnhyɛ nkɔm biara sɛ nsɛm a ɛnyɛ. Ne din de Mikaia. Imla babarima ne no.” Yehosafat kaa sɛ, “Nkasa saa. Ma yɛntie asɛm a ɔwɔ ka.”
8 Then the king of Israel sent for one of his unsexed servants and said, Go quickly and come back with Micaiah, the son of Imla.
Enti, Israelhene frɛɛ ne mpanimfoɔ no baako ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛ ntɛm kɔfrɛ Imla babarima Mikaia brɛ me.”
9 Now the king of Israel and Jehoshaphat, the king of Judah, were seated on their seats of authority, dressed in their robes, by the doorway into Samaria; and all the prophets were acting as prophets before them.
Israelhene Ahab ne Yudahene Yehosafat hyehyɛɛ wɔn ahentadeɛ yuu tenatenaa wɔn ahennwa so wɔ ayuporobea a ɛbɛn Samaria ɛpono ano hɔ. Na Ahab adiyifoɔ no nyinaa rehyɛ nkɔm wɔ wɔn anim.
10 And Zedekiah, the son of Chenaanah, made himself iron horns and said, The Lord says, Pushing back the Aramaeans with these, you will put an end to them completely.
Na wɔn mu baako a ɔyɛ Kenaana babarima Sedekia de nnadeɛ yɛɛ mmɛn, na ɔdaa no adi sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Mode saa mmɛn yi bɛwowɔ Aramfoɔ yi ama wɔawuwu!”
11 And all the prophets said the same thing, saying, Go up to Ramoth-gilead, and it will go well for you, for the Lord will give it into the hands of the king.
Adiyifoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa penee so, kaa sɛ, “Aane, monkɔ Ramot-Gilead, na monkɔdi nkonim, ɛfiri sɛ, Awurade bɛma moadi nkonim.”
12 Now the servant who had gone to get Micaiah said to him, See now, all the prophets with one voice are saying good things to the king; so let your words be like theirs, and say good things.
Ɔbɔfoɔ a ɔkɔfrɛɛ Mikaia no ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ, adiyifoɔ no nyinaa hyɛ ɔhene no bɔ sɛ ɔbɛdi nkonim. Hwɛ sɛ wone wɔn bɛyɛ adwene, na hyɛ nkonimdie ho bɔ.”
13 And Micaiah said, By the living Lord, whatever the Lord says to me I will say.
Nanso, Mikaia buaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te aseɛ yi, deɛ Awurade aka akyerɛ me sɛ menka no na mɛka.”
14 When he came to the king, the king said to him, Micaiah, are we to go to Ramoth-gilead to make war or not? And he said, Go up, and it will go well for you; and they will be given up into your hands.
Ɛberɛ a Mikaia bɛduruu ɔhene Ahab anim no, ɔbisaa no sɛ, “Mikaia, yɛnkɔko ntia Ramot-Gilead anaa yɛnnkɔ?” Mikaia buaa sɛ, “Monkɔko! Ɛbɛyɛ nkonimdie a ɛho wɔ nyam.”
15 And the king said to him, Have I not, again and again, put you on your oath to say nothing to me but what is true in the name of the Lord?
Nanso, ɔhene no sɔɔ so sɛ, “Mpɛn ahe na menka sɛ, ɛberɛ biara a wobɛkasa ama Awurade no, ɛsɛ sɛ woka nokorɛ?”
16 Then he said, I saw all Israel wandering on the mountains like sheep without a keeper; and the Lord said, These have no master: let them go back, every man to his house in peace.
Na Mikaia ka kyerɛɛ no sɛ, “Anisoadehunu mu no, mehunuu sɛ Israel nyinaa abɔ apete wɔ mmepɔ no so sɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ. Na Awurade kaa sɛ, ‘Wɔakum wɔn wura. Fa wɔn kɔ efie asomdwoeɛ mu.’”
17 And the king of Israel said to Jehoshaphat, Did I not say that he would not be a prophet of good to me, but of evil?
Israelhene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ, “Manka ankyerɛ wo? Daa, saa na ɔyɛ. Ɔnhyɛɛ nkɔm papa biara nkyerɛɛ me da. Nsɛm a ɛnyɛ dɛ na ɔka kyerɛ me.”
18 Then he said, Give ear now to the word of the Lord: I saw the Lord seated on his seat of power, and all the army of heaven in their places, at his right hand and at his left.
Mikaia toaa so sɛ, “Tie deɛ Awurade ka! Mehunuu sɛ Awurade te nʼahennwa so a ɔsoro asraadɔm nyinaa tete ne nifa ne ne benkum so.
19 And the Lord said, How may Ahab, king of Israel, be tricked into going up to Ramoth-gilead to his death? And one said one thing and one another.
Na Awurade bisaa sɛ, ‘Hwan na ɔbɛtumi adaadaa Israelhene Ahab ama wakɔtu Ramot-Gilead so sa na wɔakum no wɔ hɔ?’ “Adwenkyerɛ bebree baa ho,
20 Then a spirit came forward and took his place before the Lord and said, I will get him to do it by a trick. And the Lord said to him, How?
kɔsii sɛ ne korakora no, honhom bi kɔɔ Awurade nkyɛn kɔkaa sɛ, ‘Mɛtumi ayɛ!’” Awurade bisaa sɛ, “‘Ɛkwan bɛn so na wobɛfa ayɛ yei.’”
21 And he said, I will go out and be a spirit of deceit in the mouth of all his prophets. And the Lord said, Your trick will have its effect on him: go out and do so.
Na honhom no buaa sɛ, “Mɛkɔ akɔdaadaa Ahab adiyifoɔ, ama wɔadi atorɔ.” Awurade kaa sɛ, “Kɔ so yɛ, na wobɛdi nkonim.
22 And now, see, the Lord has put a spirit of deceit in the mouth of these prophets of yours; and the Lord has said evil against you.
“Enti, woahunu sɛ Awurade de nkontompo honhom ahyɛ wʼadiyifoɔ no anom. Awurade adwene sɛ ɔde amanehunu bɛba wo so.”
23 Then Zedekiah, the son of Chenaanah, came near and gave Micaiah a blow on the side of his face, saying, Where is the spirit of the Lord whose word is in you?
Na Kenaana babarima Sedekia kɔɔ Mikaia so, kɔbɔɔ no sotorɔ bisaa sɛ, “Da bɛn na Awurade honhom gyaa me bɛkasa kyerɛɛ wo?”
24 And Micaiah said, Truly, you will see on that day when you go into an inner room to keep yourself safe.
Na Mikaia buaa sɛ, “Ɛrenkyɛre biara, wobɛhunu nokorɛ no wɔ ɛberɛ a wobɛdwane akɔtɛ kɔkoam dan bi mu.”
25 And the king of Israel said, Take Micaiah and send him back to Amon, the ruler of the town, and to Joash, the king's son;
Israelhene Ahab hyɛɛ sɛ, “Monkyere Mikaia, na momfa no nsane nkɔma Amon a ɔyɛ kuropɔn no so amrado ne me babarima Yoas.
26 And say, By the king's order this man is to be put in prison, and given prison food till I come back in peace.
Monka saa asɛm a ɛfiri ɔhene nkyɛn yi nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Fa saa ɔbarima yi to afiase. Mommma no aduane biara sɛ burodo ne nsuo, kɔsi sɛ mɛfiri akono aba asomdwoeɛ mu.’”
27 And Micaiah said, If you come back at all in peace, the Lord has not sent his word by me.
Nanso, Mikaia buaa sɛ, “Sɛ woba asomdwoeɛ mu a, na ɛkyerɛ sɛ, Awurade amfa me so ankasa!” Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔgyinagyina hɔ no sɛ, “Monhwɛ asɛm a maka no yie.”
28 So the king of Israel and Jehoshaphat, the king of Judah, went up to Ramoth-gilead.
Enti, Israelhene ne Yudahene Yehosafat dii wɔn akodɔm anim, tuu Ramot-Gilead so sa.
29 And the king of Israel said to Jehoshaphat, I will make a change in my clothing, so that I do not seem to be the king, and will go into the fight; but do you put on your robes. So the king of Israel made a change in his dress, and they went to the fight.
Afei, ɔhene Ahab ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ, “Yɛrekɔ ɔko yi, mɛsesa me ho sɛdeɛ obiara renhunu me nanso, wo deɛ, wobɛhyɛ wʼahentadeɛ.” Enti, Ahab sesaa ne ho, na wɔkɔɔ ɔko no.
30 Now the king of Aram had given orders to the captains of his war-carriages, saying, Make no attack on small or great, but only on the king of Israel.
Saa ɛberɛ no, na ɔhene Aram aka akyerɛ ne nteaseɛnamkafoɔ no sɛ, “Monkɔto nhyɛ Israelhene nko ara so.”
31 So when the captains of the war-carriages saw Jehoshaphat, they said, It is the king of Israel. And turning about, they came round him, but Jehoshaphat gave a cry, and the Lord came to his help, and God sent them away from him.
Enti, ɛberɛ a Aram nteaseɛnamkafoɔ no hunuu Yehosafat sɛ ɔhyɛ nʼahentadeɛ yuu no, wɔkɔɔ ne so. Wɔteaam sɛ, “Israelhene no na ɔte hɔ no.” Nanso, Yehosafat teaam frɛɛ Awurade sɛ ɔmmɛgye no nkwa. Na Awurade yii nkurɔfoɔ no ani firii ne so, de gyee no nkwa.
32 Now when the captains of the war-carriages saw that he was not the king of Israel, they went back from going after him.
Ɛberɛ a nteaseɛnamkafoɔ no hunuu sɛ ɔnyɛ Israelhene no, wɔgyaee ne so taa.
33 And a certain man sent an arrow from his bow without thought of its direction, and gave the king of Israel a wound where his breastplate was joined to his clothing; so he said to the driver of his war-carriage, Go to one side and take me away out of the army, for I am badly wounded.
Na Aram ɔsraani bi de anibiannasoɔ totoo nʼagyan guu Israel akodɔm no mu, maa bɛmma no bi kɔwɔɔ Israelhene nkataboɔ ahyiaeɛ wɔ ne mmɔtoam. Ahab teaam kyerɛɛ nteaseɛnamkafoɔ no sɛ, “Momfa me mfiri ha, na wɔapira me pira bɔne.”
34 But the fight became more violent while the day went on; and the king of Israel was supported in his war-carriage facing the Aramaeans till the evening; and by sundown he was dead.
Ɔko no kɔɔ so da mu no nyinaa. Ahab kɔtweree ne teaseɛnam a nʼani kyerɛ Aramfoɔ no de kɔsii anwummerɛ. Na ɛyɛɛ sɛdeɛ owia rekɔtɔ no, ɔwuiɛ.

< 2 Chronicles 18 >