< 1 Chronicles 22 >
1 Then David said, This is the house of the Lord God, and this is the altar for Israel's burned offerings.
Afei, Dawid kaa sɛ, “Ɛha ne baabi a wɔbɛsi Awurade Onyankopɔn Asɔredan no ne afɔrebukyia a Israel bɛbɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ no.”
2 And David gave orders to get together all the men from strange lands who were in the land of Israel; and he put stone-cutters to work, cutting stones for building the house of God.
Ɛno enti, Dawid hyɛ ma wɔfrɛfrɛɛ ahɔhoɔ a wɔte Israel nyinaa boaa ano. Ɔmaa wɔtwaa aboɔ a wɔde bɛsi Onyankopɔn Asɔredan no.
3 And he got together a great store of iron, for the nails for the doors and for the joins; and brass, more in weight than might be measured;
Dawid maa nnadeɛ pii a wɔde bɛyɛ nnadewa a ɛho bɛhia ama apono ne mfɛwa. Ɔmaa kɔbere mfrafraeɛ nso bebree a na wɔntumi nkari mpo.
4 And cedar-trees without number, for the Zidonians and the men of Tyre came with a great amount of cedar-trees for David.
Ɔmaa ntweneduro nnua pii nso, ɛfiri sɛ na mmarima a wɔfiri Tiro ne Sidon de bebree abrɛ Dawid dada.
5 And David said, Solomon my son is young and untested, and the house which is to be put up for the Lord is to be very great, a thing of wonder and glory through all countries; so I will make ready what is needed for it. So David got ready a great store of material before his death.
Dawid kaa sɛ, “Me babarima Salomo nnyiniiɛ, na ɔnni osuahunu bi, nanso ɛsɛ sɛ Awurade asɔredan yi yɛ kɛseɛ, gye edin na ɛyɛ animuonyamhyɛdeɛ wɔ ewiase afanan nyinaa. Enti, mɛfiri aseɛ ayɛ ahoboa ama ne sie ɛnnɛ yi ara.” Enti, Dawid pɛɛ adansie ho nneɛma bebree guu hɔ ansa na ɔrewu.
6 Then he sent for his son Solomon, and gave him orders for the building of a house for the Lord, the God of Israel.
Afei, Dawid soma kɔfaa ne babarima Salomo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnsi asɔredan mma Awurade, Israel Onyankopɔn.
7 And David said to Solomon, My son, it was my desire to put up a house for the name of the Lord my God.
Dawid ka kyerɛɛ no sɛ, “Me ba, na anka mepɛ sɛ mesi asɔredan de hyɛ Awurade, me Onyankopɔn, din animuonyam.
8 But the word of the Lord came to me saying, You have taken lives without number and made great wars; I will not let you be the builder of a house for my name, because of the lives you have taken on the earth before my eyes.
Nanso, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Woakunkum nnipa bebree akodie akɛseɛ a wodii no mu. Na ɛsiane sɛ woahwie mogya bebree agu wɔ mʼanim enti, ɛnyɛ wo na wobɛsi asɔredan de ahyɛ me din animuonyam.
9 But you will have a son who will be a man of rest; and I will give him rest from wars on every side. His name will be Solomon, and in his time I will give Israel peace and quiet;
Na wobɛwo ɔbabarima a ne berɛ so asomdwoeɛ ne ahotɔ bɛba. Mɛma asomdwoeɛ abɛda ɔne nʼatamfoɔ a wɔwɔ nsase a atwa ha ahyia no nyinaa ntam. Wɔbɛfrɛ no Salomo. Nʼahennie mu no, mɛma asomdwoeɛ ne ahotɔ aba Israel.
10 He will be the builder of a house for my name; he will be to me a son, and I will be to him a father; and I will make the seat of his rule over Israel certain for ever.
Ɔno ne obi a ɔbɛsi asɔredan, de ahyɛ me din animuonyam. Ɔbɛyɛ me babarima na mayɛ nʼagya. Na mɛma nʼahennie ahennwa atim wɔ Israel afebɔɔ.’
11 Now, my son, may the Lord be with you; and may you do well, and put up the house of the Lord your God, as he has said of you.
“Afei, me ba, Awurade nka wo ho na ɔmma wo nkɔsoɔ wɔ ɛberɛ a wodi nʼahyɛdeɛ so, na woresi Awurade, wo Onyankopɔn, asɔredan yi.
12 Only may the Lord give you wisdom, and knowledge of his orders for Israel, so that you may keep the law of the Lord your God.
Na Awurade mma wo nyansa ne nteaseɛ, na woadi Awurade, wo Onyankopɔn mmara so wɔ ɛberɛ a wodi Israel so ɔhene yi.
13 And all will go well for you, if you take care to keep the laws and the rules which the Lord gave to Moses for Israel: be strong and take heart; have no fear and do not be troubled.
Sɛ wodi mmara ne ahyɛdeɛ a Awurade nam Mose so de maa Israel no so yie a, ɛbɛsi wo yie. Yɛ den na yɛ nnam. Nsuro na mma wʼakoma ntu.
14 Now see, poor though I am, I have got ready for the house of the Lord a hundred thousand talents of gold and a million talents of silver; and a weight of brass and iron greater than may be measured; and wood and stone have I made ready, and you may put more to it.
“Mayɛ adwumaden apɛ Awurade Asɔredan no sie ho nneɛma, sikakɔkɔɔ bɛyɛ tɔno 4,000, dwetɛ bɛyɛ tɔno 40,000 ne nnadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ pii a wɔntumi nkari mpo. Maboaboa nnua ne aboɔ a wɔde bɛyɛ afasuo no, nanso ebia ɛsɛ sɛ wopɛ bi ka ho.
15 And you have a great number of workmen, cutters and workers of stone and wood, and experts in every sort of work,
Wowɔ aboɔ adansifoɔ, nnua adwumfoɔ ne nnwuma ahodoɔ mu adwumfoɔ bebree.
16 In gold and silver and brass and iron more than may be numbered. Up! then, and to work; and may the Lord be with you.
Wɔyɛ abenfoɔ wɔ sikakɔkɔɔ, dwetɛ adwinnie mu, kɔbere mfrafraeɛ ne nnadeɛ ho adwumayɛfoɔ. Afei hyɛ adwuma no ase, na Awurade nka wo ho.”
17 Then David gave orders to all the chiefs of Israel to give their help to Solomon his son, saying,
Na Dawid hyɛɛ Israel ntuanofoɔ nyinaa sɛ wɔmmoa Salomo wɔ saa dwumadie no mu.
18 Is not the Lord your God with you? and has he not given you rest on every side? for the Lord has given the people of the land into my hands, and the land is overcome before the Lord and before his people.
Ɔkaa sɛ, “Awurade, wo Onyankopɔn ka wo ho. Wama asomdwoeɛ aba wo ne aman a atwa wo ho ahyia no ntam. Ɔde wɔn ama me, enti wɔyɛ Awurade ne ne nkurɔfoɔ nkoa.
19 Now give your heart and soul to the worship of the Lord your God; and get to work on the building of the holy place of the Lord God, so that you may put the ark of the Lord's agreement and the holy vessels of God in the house which is to be made for the name of the Lord.
Afei firi wʼakoma nyinaa mu hwehwɛ Awurade, wo Onyankopɔn. Si Awurade Onyankopɔn kronkronbea sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wobɛtumi de Awurade Apam Adaka no ne Onyankopɔn akronkronneɛ no nyinaa akɔ asɔredan a wɔasi de rehyɛ Awurade din animuonyam no mu.”