< Psalms 90 >

1 A prayer of Moses the man of God. Lord, You have been our dwelling place through all generations.
Onyankopɔn onipa Mose mpaeɛbɔ. Awurade, wo na woayɛ yɛn tenabea awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
2 Before the mountains were born or You brought forth the earth and the world, from everlasting to everlasting You are God.
Ansa na wɔrebɛbɔ mmepɔ anaasɛ worebɛda asase ne ewiase adi no, na woyɛ Onyankopɔn firi mmerɛsanten kɔsi mmerɛsanten.
3 You return man to dust, saying, “Return, O sons of mortals.”
Woma adasamma sane dane mfuturo, ka sɛ, “Ao adasamma, monsane nkɔ mfuturo mu.”
4 For in Your sight a thousand years are but a day that passes, or a watch of the night.
Mfirinhyia apem yɛ wʼani so sɛ da koro a abɛsene seesei, anaasɛ anadwo mu dɔnhwereɛ kakraa bi.
5 You whisk them away in their sleep; they are like the new grass of the morning—
Wopra nnipa kɔ, wɔ owuo nna mu; wɔte sɛ ɛserɛ a afefɛ anɔpa,
6 in the morning it springs up new, but by evening it fades and withers.
ɛfefɛ yɛ frɔmfrɔm anɔpa deɛ, nanso anwummerɛ ɛwo na ɛtwintwam.
7 For we are consumed by Your anger and terrified by Your wrath.
Yɛresa wɔ wʼabofuo ano na wʼanibereɛ abɔ yɛn hu.
8 You have set our iniquities before You, our secret sins in the light of Your presence.
Wode yɛn amumuyɛ asi wʼanim, na yɛn kɔkoam bɔne da wʼanim hann no mu.
9 For all our days decline in Your fury; we finish our years with a sigh.
Yɛn nna nyinaa twam wɔ wʼabufuhyeɛ mu; na yɛde awerɛhoɔdie na ɛwie yɛn mfeɛ.
10 The length of our days is seventy years— or eighty if we are strong— yet their pride is but labor and sorrow, for they quickly pass, and we fly away.
Yɛn nkwa nna si mfeɛ aduɔson, anaasɛ aduɔwɔtwe, sɛ yɛwɔ ahoɔden a; na emu ahohoahoadeɛ yɛ ɔhaw ne awerɛhoɔ, na ɛtwam ntɛm ntɛm, na yɛtu kɔ.
11 Who knows the power of Your anger? Your wrath matches the fear You are due.
Hwan na ɔnim wʼabofuo mu tumi? Wʼabofuhyeɛ yɛ kɛseɛ sɛdeɛ wo ho suro teɛ.
12 So teach us to number our days, that we may present a heart of wisdom.
Ma yɛnhunu yɛn nna kan sɛdeɛ ɛteɛ, na yɛanya nyansa akoma.
13 Return, O LORD! How long will it be? Have compassion on Your servants.
Sane bra, Ao Awurade, ɛbɛkɔ so akɔsi da bɛn? Hunu wʼasomfoɔ mmɔbɔ.
14 Satisfy us in the morning with Your loving devotion, that we may sing for joy and be glad all our days.
Ma wʼadɔeɛ a ɛnsa da no mmee yɛn adekyeɛ mu, na yɛde anigyeɛ ato dwom adi ahurisie yɛn nna nyinaa mu.
15 Make us glad for as many days as You have afflicted us, for as many years as we have seen evil.
Ma yɛn ani nnye nna bebree sɛ nna dodoɔ a wode yɛn kɔɔ amanehunu mu no, sɛ mfirinhyia dodoɔ a yɛhunuu ateeteeɛ no.
16 May Your work be shown to Your servants, and Your splendor to their children.
Ma wʼasomfoɔ nhunu wo nneyɛɛ na wɔn mma nhunu wʼanimuonyam.
17 May the favor of the Lord our God rest upon us; establish for us the work of our hands— yes, establish the work of our hands!
Ma Awurade yɛn Onyankopɔn adom no ntena yɛn so; na yɛn nsa ano adwuma nyɛ yie mma yɛn aane, yɛn nsa ano adwuma nyɛ yie.

< Psalms 90 >