< Psalms 78 >
1 A Maskil of Asaph. Give ear, O my people, to my instruction; listen to the words of my mouth.
Asaf dwom. Me nkurɔfo, muntie me nkyerɛkyerɛ; monyɛ aso mma mʼanom nsɛm.
2 I will open my mouth in parables; I will utter things hidden from the beginning,
Mɛkasa wɔ abebu mu, mɛka ahintasɛm, teteete nneɛma no,
3 that we have heard and known and our fathers have relayed to us.
nneɛma a yɛate na yɛahu; nneɛma a yɛn agyanom aka ho asɛm akyerɛ yɛn.
4 We will not hide them from their children, but will declare to the next generation the praises of the LORD and His might, and the wonders He has performed.
Yɛremfa nkame wɔn mma; yɛbɛka akyerɛ nkyirimma Awurade nneyɛe a ɛfata nkamfo no, ne tumi ne anwonwade a wayɛ no.
5 For He established a testimony in Jacob and appointed a law in Israel, which He commanded our fathers to teach to their children,
Ɔyɛɛ ahyɛde maa Yakob na ɔyɛɛ mmara wɔ Israel, nea ɔhyɛɛ yɛn nenanom sɛ wɔnkyerɛ wɔn mma,
6 that the coming generation would know them— even children yet to be born— to arise and tell their own children
sɛnea ɛbɛyɛ a nkyirimma besua, mpo mmofra a wonnya nwoo wɔn, na wɔn nso akyerɛkyerɛ wɔn mma.
7 that they should put their confidence in God, not forgetting His works, but keeping His commandments.
Afei wɔde wɔn ho bɛto Onyankopɔn so, na wɔn werɛ remfi ne nneyɛe, na wobedi nʼahyɛde so.
8 Then they will not be like their fathers, a stubborn and rebellious generation, whose heart was not loyal, whose spirit was not faithful to God.
Wɔrenyɛ sɛ wɔn nenanom, a na wɔyɛ asoɔdenfo ne atuatewfo, wɔn a wonni Onyankopɔn nokware wɔ wɔn koma mu na woyɛ honhom mu atorofo ma no no.
9 The archers of Ephraim turned back on the day of battle.
Ɛwɔ mu sɛ na Efraim mmarima kurakura agyan, nanso ɔko da no woguanee;
10 They failed to keep God’s covenant and refused to live by His law.
Wɔanni Onyankopɔn apam no so, wɔampɛ sɛ wodi ne mmara no so.
11 They forgot what He had done, the wonders He had shown them.
Wɔn werɛ fii nea wayɛ, anwonwade a wayɛ akyerɛ wɔn no.
12 He worked wonders before their fathers in the land of Egypt, in the region of Zoan.
Ɔyɛɛ anwonwade wɔ wɔn nenanom anim, wɔ Soan mantam a ɛwɔ Misraim asase so.
13 He split the sea and brought them through; He set the waters upright like a wall.
Ɔkyɛɛ po mu na ɔde wɔn faa mu. Ɔmaa nsu no gyinaa sɛ afasu.
14 He led them with a cloud by day and with a light of fire all night.
Ɔde omununkum dii wɔn anim awia na ɔde ogyatɛn dii wɔn anim anadwo nyinaa.
15 He split the rocks in the wilderness and gave them drink as abundant as the seas.
Ɔpaee ɔbotan mu wɔ sare so, na ɔmaa wɔn nsu a ɛdɔɔso sɛ po;
16 He brought streams from the stone and made water flow down like rivers.
Ɔmaa asuti fii abotan mu na ɔmaa nsu sen sɛ nsubɔnten.
17 But they continued to sin against Him, rebelling in the desert against the Most High.
Nanso wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne tiaa no, wɔsɔre tiaa Ɔsorosoroni no wɔ sare no so.
18 They willfully tested God by demanding the food they craved.
Wɔhyɛɛ da kaa aduan a wɔpɛ, de sɔɔ Onyankopɔn hwɛe.
19 They spoke against God, saying, “Can God really prepare a table in the wilderness?
Wɔkasa tiaa Onyankopɔn se, “Onyankopɔn betumi ato pon wɔ sare so ana?
20 When He struck the rock, water gushed out and torrents raged. But can He also give bread or supply His people with meat?”
Ɔde ade bɔɔ ɔbotan mu no, nsu tue fii mu, na nsuwa sen buu so. Na obetumi ama yɛn aduan nso? Obetumi ama ne nkurɔfo nam ana?”
21 Therefore the LORD heard and was filled with wrath; so a fire was kindled against Jacob, and His anger flared against Israel,
Bere a Awurade tee nea wɔreka no, ne bo fuw yiye; ne gya beguu Yakob so, na nʼabufuwhyew sɔre tiaa Israel,
22 because they did not believe God or rely on His salvation.
efisɛ na wonni Onyankopɔn mu gyidi anaasɛ ne nkwagye mu ahotoso.
23 Yet He commanded the clouds above and opened the doors of the heavens.
Nanso ɔkasa kyerɛɛ ɔsoro wɔ ɔhyɛ so; na obuee ɔsorosoro apon.
24 He rained down manna for them to eat; He gave them grain from heaven.
Ɔtɔɔ mana guu fam maa nnipa no sɛ wunni, ɔmaa wɔn ɔsoro aduan.
25 Man ate the bread of angels; He sent them food in abundance.
Nnipa dii abɔfo aduan; ɔmaa wɔn aduan a wobetumi adi nyinaa.
26 He stirred the east wind from the heavens and drove the south wind by His might.
Ogyaa apuei mframa fi ɔsoro, na ofi ne tumi mu bɔɔ atɔe mframa.
27 He rained meat on them like dust, and winged birds like the sand of the sea.
Ɔtɔɔ nam sɛ mfutuma guu wɔn so, nnomaa a wotu bebree sɛ mpoano nwea.
28 He felled them in the midst of their camp, all around their dwellings.
Ɔma wɔbaa fam kɔɔ wɔn atenae, ne wɔn ntamadan ho nyinaa.
29 So they ate and were well filled, for He gave them what they craved.
Wodidi maa aduan no boroo wɔn so efisɛ ɔmaa wɔn nea wɔhwehwɛ.
30 Yet before they had filled their desire, with the food still in their mouths,
Nanso ansa na wobefi aduan a wɔhwehwɛ no ho, bere a ɛhyehyɛ wɔn anom mpo no,
31 God’s anger flared against them, and He put to death their strongest and subdued the young men of Israel.
Onyankopɔn abufuw sɔree wɔn so; okum ahoɔdenfo a wɔwɔ wɔn mu twitwaa Israel mmerante gui.
32 In spite of all this, they kept on sinning; despite His wonderful works, they did not believe.
Eyinom nyinaa akyi, wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne; nʼanwonwade akyi no, wɔannye anni.
33 So He ended their days in futility, and their years in sudden terror.
Enti otwaa wɔn nna so te sɛ ahuru yɛɛ wɔn mfe awiei huhuuhu.
34 When He slew them, they would seek Him; they repented and searched for God.
Bere biara a Onyankopɔn bekum wɔn no, wɔhwehwɛ no na wɔpere wɔn ho san ba ne nkyɛn.
35 And they remembered that God was their Rock, that God Most High was their Redeemer.
Wɔkaee sɛ Onyankopɔn yɛ wɔn botan, sɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn no yɛ wɔn Gyefo.
36 But they deceived Him with their mouths, and lied to Him with their tongues.
Nanso wɔde wɔn ano bɛdaadaa no, na wɔde wɔn tɛkrɛma atwa atoro akyerɛ no;
37 Their hearts were disloyal to Him, and they were unfaithful to His covenant.
wɔn koma nni no nokware, na wonni nʼapam no so.
38 And yet He was compassionate; He forgave their iniquity and did not destroy them. He often restrained His anger and did not unleash His full wrath.
Nanso na ɔyɛ ahummɔbɔ; ɔde wɔn amumɔyɛ kyɛɛ wɔn a wansɛe wɔn. Mpɛn pii, ɔtwentwɛn nʼabufuw so na wanhwie nʼabufuwhyew nyinaa.
39 He remembered that they were but flesh, a passing breeze that does not return.
Ɔkaee sɛ wɔyɛ ɔhonam ara kwa, mframa bi a ɛbɔ twa mu na ɛnsan nʼakyi.
40 How often they disobeyed Him in the wilderness and grieved Him in the desert!
Mpɛn ahe na wɔansɔre antia no wɔ sare no so hɔ, na mpɛn ahe na wɔamma ne werɛ anhow wɔ asase wosee no so!
41 Again and again they tested God and provoked the Holy One of Israel.
Wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛɛ bere biara; na woyii Israel Ɔkronkronni no abufuw.
42 They did not remember His power — the day He redeemed them from the adversary,
Wɔn werɛ fii ne tumi no, da a ogyee wɔn fii wɔn nhyɛsofo nsam no,
43 when He performed His signs in Egypt and His wonders in the fields of Zoan.
da a ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne nwonwaso wɔ Misraim no ne nʼanwonwade wɔ Soan mantam mu no.
44 He turned their rivers to blood, and from their streams they could not drink.
Ɔmaa wɔn nsubɔnten dan mogya; wɔantumi annom wɔn nsuten mu nsu.
45 He sent swarms of flies that devoured them, and frogs that devastated them.
Ɔmaa nwansenadɔm baa wɔn so bɛhaw wɔn na mpɔtorɔ nso bɛsɛee wɔn asase.
46 He gave their crops to the grasshopper, the fruit of their labor to the locust.
Ɔmaa tɛwtɛw bedii wɔn mfuw so aduan na ɔde wɔn nnɔbae nso maa mmoadabi.
47 He killed their vines with hailstones and their sycamore-figs with sleet.
Ɔde mparuwbo sɛee wɔn bobe na ɔde sukyerɛmma sɛee wɔn ankye nnua.
48 He abandoned their cattle to the hail and their livestock to bolts of lightning.
Ɔde sukyerɛmma kum wɔn anantwi ɔde anyinam kum wɔn nyɛmmoa.
49 He unleashed His fury against them, wrath, indignation, and calamity— a band of destroying angels.
Ohwiee nʼabufuwhyew guu wɔn so, abufuw, anibere ne ɔtan; abɔfo asɛefo kuw no.
50 He cleared a path for His anger; He did not spare them from death but delivered their lives to the plague.
Ɔbɔɔ kwan maa nʼabufuw; na wamfa wɔn nkwa ankyɛ wɔn, mmom, ɔde wɔn maa ɔyaredɔm.
51 He struck all the firstborn of Egypt, the virility in the tents of Ham.
Okunkum Misraimfo mmakan nyinaa, Ham ntamadan mu nnipa mu abakan.
52 He led out His people like sheep and guided them like a flock in the wilderness.
Nanso oyii ne nkurɔfo fii mu sɛ nguankuw; odii wɔn anim sɛ nguan wɔ sare no so.
53 He led them safely, so they did not fear, but the sea engulfed their enemies.
Odii wɔn anim dwoodwoo, enti wɔansuro; nanso wɔn atamfo de, po asorɔkye bu faa wɔn so.
54 He brought them to His holy land, to the mountain His right hand had acquired.
Sɛɛ na ɔyɛ de wɔn baa nʼasase kronkron no ahye so, bepɔw asase a ɔde ne nsa nifa gyee no.
55 He drove out nations before them and apportioned their inheritance; He settled the tribes of Israel in their tents.
Ɔpam amanaman a wɔwɔ wɔn anim no na ɔkyekyɛɛ wɔn nsase no mu maa wɔn sɛ wɔn agyapade; ɔbɔɔ Israel mmusuakuw no atenase wɔ wɔn afi mu.
56 But they tested and disobeyed God Most High, for they did not keep His decrees.
Nanso wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe, na wɔsɔre tiaa Ɔsorosoroni no; na wɔanni ne mmara so.
57 They turned back and were faithless like their fathers, twisted like a faulty bow.
Wɔyɛɛ sɛ wɔn agyanom, wɔanni nokware na wɔannya gyidi, ahotoso nni wɔn mu na wɔte sɛ agyan a asɛe.
58 They enraged Him with their high places and provoked His jealousy with their idols.
Wɔde wɔn sorɔnsorɔmmea hyɛɛ no abufuw na wɔn ahoni maa ne ninkutwe mu yɛɛ den.
59 On hearing it, God was furious and rejected Israel completely.
Onyankopɔn tee wɔn nka no, ne bo fuwii; na ɔpoo Israel korakora.
60 He abandoned the tabernacle of Shiloh, the tent He had pitched among men.
Ogyaw nʼatenae a ɛwɔ Silo no, ntamadan a wasi wɔ nnipa mu no.
61 He delivered His strength to captivity, and His splendor to the hand of the adversary.
Ɔde Apam Adaka a ɛyɛ ne tumi no kɔɔ nnommum mu, nʼanuonyam kɔɔ atamfo nsam.
62 He surrendered His people to the sword because He was enraged by His heritage.
Ɔde ne nkurɔfo maa afoa; ne bo fuw nʼagyapade yiye.
63 Fire consumed His young men, and their maidens were left without wedding songs.
Ogya hyew wɔn mmerante kum wɔn, na wɔn mmabaa annya ayeforohyia dwom anto;
64 His priests fell by the sword, but their widows could not lament.
Wɔn asɔfo wuwuu afoa ano, na wɔn akunafo antumi ansu.
65 Then the Lord awoke as from sleep, like a mighty warrior overcome by wine.
Afei Awurade sɔree sɛnea ofi nna mu no, sɛnea ɔbarima a wabow nsa nyan fi nnahɔɔ mu no.
66 He beat back His foes; He put them to everlasting shame.
Ɔbobɔɔ nʼatamfo ma woguan kɔɔ wɔn akyi; ɔhyɛɛ wɔn aniwu afebɔɔ.
67 He rejected the tent of Joseph and refused the tribe of Ephraim.
Afei ɔpoo Yosef ntamadan no, na wamfa Efraim abusuakuw no nso;
68 But He chose the tribe of Judah, Mount Zion, which He loved.
Na mmom, ɔfaa Yuda abusuakuw no, Bepɔw Sion a ɔdɔ no no.
69 He built His sanctuary like the heights, like the earth He has established forever.
Osii ne kronkronbea te sɛ sorɔnsorɔmmea, te sɛ asase a etim hɔ daa.
70 He chose David His servant and took him from the sheepfolds;
Oyii ne somfo Dawid, ɔfrɛɛ no fii nguannan mu;
71 from tending the ewes He brought him to be shepherd of His people Jacob, of Israel His inheritance.
fii nguan akyi na ɔde no bae se ɔmmɛyɛ oguanhwɛfo mma ne nkurɔfo Yakob, mma Israel a wɔyɛ nʼagyapade.
72 So David shepherded them with integrity of heart and guided them with skillful hands.
Na Dawid de koma pa hwɛɛ wɔn so na ɔde ne nimdeɛ dii wɔn anim.