< Psalms 65 >

1 For the choirmaster. A Psalm of David. A song. Praise awaits You, O God, in Zion; to You our vows will be fulfilled.
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. Yɛn Nyankopɔn, ayeyi retwɛn wo wɔ Sion, na yebedi yɛn bɔ a yɛahyɛ wo no so.
2 O You who listen to prayer, all people will come to You.
Wo a woyɛ mpaebɔ tiefo, wo nkyɛn na nnipa nyinaa bɛba.
3 When iniquities prevail against me, You atone for our transgressions.
Bere a yɛn bɔne menee yɛn no, wo na wode yɛn mmarato kyɛɛ yɛn.
4 Blessed is the one You choose and bring near to dwell in Your courts! We are filled with the goodness of Your house, the holiness of Your temple.
Nhyira nka wɔn a wuyi wɔn ma wɔbɛn wo sɛ wɔntena wʼadiwo hɔ! Nneɛma pa a ɛwɔ wo fi ahyɛ yɛn ma, nea ɛwɔ wʼasɔredan kronkron mu no.
5 With awesome deeds of righteousness You answer us, O God of our salvation, the hope of all the ends of the earth and of the farthest seas.
Wode trenee nnwuma a ɛyɛ nwonwa ma yɛn mmuae, Onyankopɔn, yɛn agyenkwa, asase so mmaa nyinaa anidaso ne po so akyirikyiri nso.
6 You formed the mountains by Your power, having girded Yourself with might.
Wonam wo tumi so yɛɛ mmepɔw de daa wʼahoɔden adi.
7 You stilled the roaring of the seas, the pounding of their waves, and the tumult of the nations.
Wudwudwoo po asorɔkye ano, asorɔkye no mmobɔwee, ne amanaman no hooyɛ.
8 Those who live far away fear Your wonders; You make the dawn and sunset shout for joy.
Wɔn a wɔte akyirikyiri no suro wʼanwonwade; faako a ade kye, nea anwummere yera, wofrɛ ahurusi nnwom wɔ hɔ.
9 You attend to the earth and water it; with abundance You enrich it. The streams of God are full of water, for You prepare our grain by providing for the earth.
Wohwɛ asase no gugu so nsu; woma no yɛ asase pa ma ɛboro so. Wode nsu hyɛ Onyankopɔn nsuwansuwa ma sɛnea ɛbɛma nnipa no aduan, efisɛ saa ne nea woahyɛ.
10 You soak its furrows and level its ridges; You soften it with showers and bless its growth.
Wofɔw nea woafuntum hɔ no fɔkyee na wokaa nkɔmoa no kataa so; wode nsu petee so ma no yɛɛ bɛtɛɛ na wuhyiraa so afifide.
11 You crown the year with Your bounty, and Your paths overflow with plenty.
Wode nnɔbae bebree wiee afe no, na wo nteaseɛnam yɛɛ ma buu so.
12 The pastures of the wilderness overflow; the hills are robed with joy.
Sare so nwura dɔɔso na anigye baa nkoko so.
13 The pastures are clothed with flocks, and the valleys are decked with grain. They shout in triumph; indeed, they sing.
Nguankuw ahyɛ adidibea hɔ ma na awi akata aku no so; wɔbɔ ose, to ahosɛpɛw dwom.

< Psalms 65 >