< Psalms 16 >
1 A Miktam of David. Preserve me, O God, for in You I take refuge.
Dawid mpaeɛbɔ. Bɔ me ho ban, Ao Onyankopɔn, na wo mu na menya hintabea.
2 I said to the LORD, “You are my Lord; apart from You I have no good thing.”
Meka kyerɛɛ Awurade sɛ, “MʼAwurade ne wo; menni adepa biara ka wo ho.”
3 As for the saints in the land, they are the excellence in whom all my delight resides.
Ahotefoɔ a wɔwɔ asase no so deɛ, wɔne animuonyamfoɔ a mʼanigyeɛ wɔ wɔn mu.
4 Sorrows will multiply to those who chase other gods. I will not pour out their libations of blood, or speak their names with my lips.
Wɔn a wɔdi anyame afoforɔ akyire no wɔn awerɛhoɔ bɛdɔɔso. Merenyi wɔn mogya apaeɛ no bi na meremfa mʼano memmɔ wɔn din.
5 The LORD is my chosen portion and my cup; You have made my lot secure.
Awurade, wode me kyɛfa ne me kuruwa ama me; woama me kyɛfa anya banbɔ.
6 The lines of my boundary have fallen in pleasant places; surely my inheritance is delightful.
Mʼahyeɛ akɔdeda mmea a ɛhɔ yɛ ahomeka; ampa ara mewɔ agyapadeɛ a ɛho yɛ anigye.
7 I will bless the LORD who counsels me; even at night my conscience instructs me.
Mɛkamfo Awurade a ɔtu me fo; na anadwo mpo mʼakoma kyerɛkyerɛ me.
8 I have set the LORD always before me. Because He is at my right hand, I will not be shaken.
Mehunu Awurade wɔ mʼani so daa nyinaa. Esiane sɛ ɔwɔ me nsa nifa enti, merenhinhim da.
9 Therefore my heart is glad and my tongue rejoices; my body also will dwell securely.
Ɛno enti, me kra ani gye, na mede me tɛkrɛma di ahurisie; me onipadua nso bɛhome asomdwoeɛ mu,
10 For You will not abandon my soul to Sheol, nor will You let Your Holy One see decay. (Sheol )
ɛfiri sɛ, worennya me awufoɔ mu. Na woremma wo Kronkronni no mporɔ. (Sheol )
11 You have made known to me the path of life; You will fill me with joy in Your presence, with eternal pleasures at Your right hand.
Woakyerɛ me nkwagyeɛ kwan, na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim, na anika a ɛrensa da wɔ wo nifa so.