< Psalms 132 >
1 A song of ascents. O LORD, remember on behalf of David all the hardships he endured,
Ɔsoroforɔ dwom. Ao Awurade kae Dawid ne ɔhaw ahodoɔ a ɔgyinaa ano no.
2 how he swore an oath to the LORD, and vowed to the Mighty One of Jacob:
Ɔkaa Awurade ntam na ɔhyɛɛ Yakob Otumfoɔ no bɔ sɛ,
3 “I will not enter my house or get into my bed,
“Merenhyɛne me fie na merenkɔda me mpa so,
4 I will not give sleep to my eyes or slumber to my eyelids,
meremma nna mfa me na meremma mʼani nkum,
5 until I find a place for the LORD, a dwelling for the Mighty One of Jacob.”
kɔsi sɛ menya baabi ama Awurade, baabi a Yakob Otumfoɔ no bɛtena.”
6 We heard that the ark was in Ephrathah; we found it in the fields of Jaar.
Yɛtee wɔ Efrata, yɛbɛtoo so wɔ Yaar mfuo so.
7 Let us go to His dwelling place; let us worship at His footstool.
“Momma yɛnkɔ nʼatenaeɛ; momma yɛnsom wɔ ne nan ntiasoɔ hɔ.
8 Arise, O LORD, to Your resting place, You and the ark of Your strength.
‘Ao Awurade, sɔre bra wʼahomegyebea, wo ne wo tumi Adaka no.
9 May Your priests be clothed with righteousness, and Your saints shout for joy.
Ma tenenee nyɛ sɛ ntadeɛ mma wʼasɔfoɔ; ma wʼahotefoɔ nto ahurisie dwom.’”
10 For the sake of Your servant David, do not reject Your anointed one.
Wo ɔsomfoɔ Dawid enti, nyi wʼani mfiri deɛ woasra no ngo no so.
11 The LORD swore an oath to David, a promise He will not revoke: “One of your descendants I will place on your throne.
Awurade kaa ntam kyerɛɛ Dawid, nokorɛ ntam a ɔrentwe nsane sɛ, “Wʼasefoɔ no mu baako na mede no bɛtena wʼahennwa so.
12 If your sons keep My covenant and the testimony I will teach them, then their sons will also sit on your throne forever and ever.”
Sɛ wo mmammarima di mʼapam so na wɔtie me nkyerɛkyerɛ a, ɛnneɛ wɔn mmammarima bɛtena wʼahennwa so afebɔɔ.”
13 For the LORD has chosen Zion; He has desired it for His home:
Awurade ayi Sion, ɔde hɔ ayɛ nʼatenaeɛ:
14 “This is My resting place forever and ever; here I will dwell, for I have desired this home.
“Ɛha ne mʼahomegyebea daa nyinaa; ɛha na mɛtena adi ɔhene, ɛfiri sɛ ɛha na mepɛ,
15 I will bless her with abundant provisions; I will satisfy her poor with bread.
mede nneɛma pa bebree bɛhyira no na mama nʼahiafoɔ adidi amee.
16 I will clothe her priests with salvation, and her saints will sing out in joy.
Mede nkwagyeɛ bɛfira nʼasɔfoɔ na nʼahotefoɔ ato ahurisie dwom daa.
17 There I will make a horn grow for David; I have prepared a lamp for My anointed one.
“Mɛma ɔberempɔn bi apue wɔ Dawid ahennie mu na mede kanea asi hɔ ama deɛ masra no ngo no.
18 I will clothe his enemies with shame, but the crown upon him will gleam.”
Mede aniwuo bɛfira nʼatamfoɔ, nanso nʼahenkyɛ bɛhyerɛn wɔ ne tiri so.”