< Numbers 32 >
1 Now the Reubenites and Gadites, who had very large herds and flocks, surveyed the lands of Jazer and Gilead, and they saw that the region was suitable for livestock.
Na Ruben ne Gad mmusuakuw no wɔ nyɛmmoa pii, enti wuhuu sɛ Yaser ne Gilead nsase no beye ama wɔn nguan ne anantwi no.
2 So the Gadites and Reubenites came to Moses, Eleazar the priest, and the leaders of the congregation, and said,
Enti wɔkɔɔ Mose ne ɔsɔfo Eleasar ne nnipa no ntuanofo no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn se,
3 “Ataroth, Dibon, Jazer, Nimrah, Heshbon, Elealeh, Sebam, Nebo, and Beon,
“Atarot, Dibon, Yaser, Nimra, Hesbon, Eleale, Sebam, Nebo ne Beon yɛ
4 which the LORD conquered before the congregation of Israel, are suitable for livestock—and your servants have livestock.”
nsase a Awurade ako, agye ama Israelfo na eye ma yɛn nguan ne yɛn anantwi.
5 “If we have found favor in your sight,” they said, “let this land be given to your servants as a possession. Do not make us cross the Jordan.”
Sɛ yɛanya adom wɔ mo anim a, yɛsrɛ mo momfa saa asase yi mma yɛn sɛ yɛn kyɛfa na munnyae Asubɔnten Yordan agya nohɔ a mopɛ sɛ mode ma yɛn no.”
6 But Moses asked the Gadites and Reubenites, “Shall your brothers go to war while you sit here?
Mose nso bisaa Rubenfo ne Gadfo no se, “Mokyerɛ sɛ, mopɛ sɛ motena ha bere a mo nuanom atwa mu rekɔko?
7 Why are you discouraging the Israelites from crossing into the land that the LORD has given them?
Adɛn nti na mopɛ sɛ mubu Israelfo no aba mu ma wɔsan sɛ wɔrenkɔ asase a Awurade de ama wɔn no so no?
8 This is what your fathers did when I sent them from Kadesh-barnea to inspect the land.
Ade koro yi ara na mo agyanom yɛe. Mesomaa wɔn fii Kades-Barnea sɛ wɔnkɔsra asase no.
9 For when your fathers went up to the Valley of Eshcol and saw the land, they discouraged the Israelites from entering the land that the LORD had given them.
Wowiee nsra no na wofi Eskol subon mu bae no, wobuu nnipa no aba mu sɛ wɔnnkɔ asase a Awurade de ama wɔn no so.
10 So the anger of the LORD was kindled that day, and He swore an oath, saying,
Da no Awurade abufuw sɔree na ɔkaa saa ntam yi:
11 ‘Because they did not follow Me wholeheartedly, not one of the men twenty years of age or older who came out of Egypt will see the land that I swore to give Abraham, Isaac, and Jacob—
‘Esiane sɛ wɔamfi wɔn koma nyinaa mu anni mʼakyi nti wɔn mu biara nni hɔ a bere a wɔrefi Misraim no a na wadi mfe aduonu anaa nea ɛboro saa a no behu asase a mehyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob ho bɔ no,
12 not one except Caleb son of Jephunneh the Kenizzite and Joshua son of Nun—because they did follow the LORD wholeheartedly.’
ɔbaako mpo nni hɔ, gye Kenesini Yefune babarima Kaleb ne Nun babarima Yosua, efisɛ wɔde wɔn koma nyinaa dii Awurade akyi, hyɛɛ nnipa nkuran sɛ wɔnkɔ Bɔhyɛ Asase no so.’
13 The anger of the LORD burned against Israel, and He made them wander in the wilderness forty years, until the whole generation who had done evil in His sight was gone.
Awurade maa yekyinkyin sare no so hɔ mfirihyia aduanan kosii sɛ saa awo ntoatoaso amumɔyɛfo no nyinaa wuwui.
14 Now behold, you, a brood of sinners, have risen up in place of your fathers to further stoke the burning anger of the LORD against Israel.
“Nanso monhwɛ, abɔnefo, moregyina mo agyanom anan mu ama Awurade bo afuw Israel nea ɛkyɛn so.
15 For if you turn away from following Him, He will once again leave this people in the wilderness, and you will be the cause of their destruction.”
Sɛ mosan fi nʼakyi a, ɔbɛsan agyaw ne nnipa no nyinaa wɔ sare so hɔ na wɔn sɛe no befi mo.”
16 Then the Gadites and Reubenites approached Moses and said, “We want to build sheepfolds here for our livestock and cities for our little ones.
Wɔteɛɛ mu se, “Ɛnte saa koraa! Yɛbɛyɛ yɛn nguannan na yɛakyekyere nkurow akɛse ama yɛn mmea ne mmofra.
17 But we will arm ourselves and be ready to go ahead of the Israelites until we have brought them into their place. Meanwhile, our little ones will remain in the fortified cities for protection from the inhabitants of the land.
Na yɛn ankasa de akode bɛhyehyɛ yɛn ho adi Israelfo a wɔaka no anim akosi sɛ yɛde wɔn bɛba asomdwoe mu ama wɔabɛfa wɔn agyapade. Na nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yɛkyekye nkurow a yebegye afasu afa ho ama yɛn nkurɔfo atena mu na ɛhɔfo no ankɔtow anhyɛ wɔn so.
18 We will not return to our homes until every Israelite has taken possession of his inheritance.
Sɛ Israelfo no nyinaa nsa nkaa wɔn agyapade no a, yɛrensan mma yɛn afi mu.
19 Yet we will not have an inheritance with them across the Jordan and beyond, because our inheritance has come to us on the east side of the Jordan.”
Yɛne wɔn renkyɛ Yordan agya hɔ asase biara, efisɛ yɛanya yɛn agyapade no wɔ Yordan apuei fam hɔ.”
20 Moses replied, “If you will do this—if you will arm yourselves before the LORD for battle,
Mose kae se, “Sɛ mobɛyɛ sɛnea moaka no, sɛ mobɛhyehyɛ mo ho wɔ Awurade anim ama ɔko,
21 and if every one of your armed men crosses the Jordan before the LORD, until He has driven His enemies out before Him,
na mode mo asraafo no atwa Yordan kosi sɛ Awurade bɛpam nʼatamfo no,
22 then when the land is subdued before the LORD, you may return and be free of obligation to the LORD and to Israel. And this land will belong to you as a possession before the LORD.
na sɛ asase no ho asɛm dwo brɛoo wɔ Awurade anim a, ɛno de mutumi san ba. Ɛba saa a, na ɛkyerɛ sɛ, moayɛ mo asɛde ama Awurade ne Israelfo nyinaa. Na asase a ɛda apuei no nso, Awurade de bɛma mo.
23 But if you do not do this, you will certainly sin against the LORD—and be assured that your sin will find you out.
“Sɛ moanni asɛm a moaka no so a, na moayɛ bɔne atia Awurade, munhu sɛ, ɛho asotwe bɛba mo so.
24 Build cities for your little ones and folds for your flocks, but do what you have promised.”
Monkɔ so nkyekyere nkurow mma mo fifo na monyɛ nguannan mma mo nguan na munni asɛm a mokae no nyinaa so.”
25 The Gadites and Reubenites said to Moses, “Your servants will do just as our lord commands.
Ruben ne Gad nkurɔfo no kae se, “Yebedi wʼahyɛde no so pɛpɛɛpɛ.
26 Our children, our wives, our livestock, and all our animals will remain here in the cities of Gilead.
Yɛn mma, yɛn yerenom, yɛn nguan ne yɛn anantwi bɛtena Gilead nkuropɔn mu.
27 But your servants are equipped for war, and every man will cross over to the battle before the LORD, just as our lord says.”
Nanso yɛn a wɔakyere yɛn sɛ asraafo no bɛko ama Awurade sɛnea woaka no.”
28 So Moses gave orders about them to Eleazar the priest, to Joshua son of Nun, and to the family leaders of the tribes of Israel.
Enti Mose penee so ka kyerɛɛ Eleasar, Yosua ne mpanyimfo a wotuatua Israel mmusuakuw ano no se,
29 And Moses said to them, “If the Gadites and Reubenites cross the Jordan with you, with every man armed for battle before the LORD, and the land is subdued before you, then you are to give them the land of Gilead as a possession.
“Sɛ Gad ne Ruben abusuakuw mu mmarima nyinaa a wɔakyere wɔn ayɛ wɔn asraafo sɛ wɔnkɔko mma Awurade no ne me kɔ Yordan na sɛ wɔkɔko di nkonim wɔ hɔ a, momfa Gilead asase no mma wɔn;
30 But if they do not arm themselves and go across with you, then they must accept their possession among you in the land of Canaan.”
na sɛ wɔankɔ a, ɛno de, wɔmpene so mfa nsase a mowɔ wɔ Kanaan asase so no bi.”
31 The Gadites and Reubenites replied, “As the LORD has spoken to your servants, so we will do.
Gad ne Ruben abusuafo kaa bio se, “Wo nkoa bedi Awurade asɛm so;
32 We will cross over into the land of Canaan armed before the LORD, that we may have our inheritance on this side of the Jordan.”
yɛde akode bɛhyehyɛ yɛn ho adi Awurade akyi akɔ Kanaan, nanso yɛn ara yɛn asase bɛda Yordan fa ha.”
33 So Moses gave to the Gadites, to the Reubenites, and to the half-tribe of Manasseh son of Joseph the kingdom of Sihon king of the Amorites and the kingdom of Og king of Bashan—the land including its cities and the territory surrounding them.
Enti Mose ma wɔde Amorihene Sihon ne Basanhene Og nsasetam ne wɔn nkurow akɛse maa Gad, Ruben ne Yosef babarima Manase mmusuakuw.
34 And the Gadites built up Dibon, Ataroth, Aroer,
Gad nkurɔfo na wɔkyekyeree saa nkurow yi: Dibon, Atarot, Aroer.
35 Atroth-shophan, Jazer, Jogbehah,
Atrot-Sofan, Yaser Yogbeha,
36 Beth-nimrah, and Beth-haran as fortified cities, and they built folds for their flocks.
Bet-Nimra ne Betharan. Na ɛyɛ nkurow a nguan wɔ mu yiye.
37 The Reubenites built up Heshbon, Elealeh, Kiriathaim,
Ruben mmabarima na wɔkyekyeree saa nkurow a edidi so yi: Hesbon, Eleale ne Kiriataim,
38 as well as Nebo and Baal-meon (whose names were changed), and Sibmah. And they renamed the cities they rebuilt.
Nebo, Baal-Meon a akyiri no wɔsesaa wɔn din, ne Sibma. Wɔtotoo nkurow a wɔsan kyekyee no din.
39 The descendants of Machir son of Manasseh went to Gilead, captured it, and drove out the Amorites who were there.
Makir asefo a wofi Manase abusuakuw mu kɔɔ Gilead kɔko dii hɔ so pam Amorifo a saa bere no na wɔte hɔ no nyinaa.
40 So Moses gave Gilead to the clan of Machir son of Manasseh, and they settled there.
Enti Mose de Gilead maa Makirfo a wɔyɛ Manase asefo no, ma wɔtenaa hɔ.
41 Jair, a descendant of Manasseh, went and captured their villages and called them Havvoth-jair.
Manase abusuakuw mu nnipa foforo bi a wofi Yair nso tenatenaa Gilead nkurow bebree so, sesaa beae a wɔwɔ hɔ no din frɛɛ hɔ Hafrotyair.
42 And Nobah went and captured Kenath and its villages and called it Nobah, after his own name.
Ɔbarima bi a ne din de Noba dii asraafo bi anim de wɔn kɔɔ Kenat ne ne nkuraase kɔbɔɔ wɔn atenae wɔ hɔ enti ɔde ne din Noba too saa beae hɔ.