< Numbers 3 >

1 This is the account of Aaron and Moses at the time the LORD spoke with Moses on Mount Sinai.
Eyi ne nea ɛfa Aaron ne Mose mmusua ho bere a Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Sinai Bepɔw so no.
2 These are the names of the sons of Aaron: Nadab the firstborn, then Abihu, Eleazar, and Ithamar.
Aaron mmabarima din na edidi so yi: Nadab, nʼabakan, Abihu, Eleasar ne Itamar.
3 These were Aaron’s sons, the anointed priests, who were ordained to serve as priests.
Eyinom ne Aaron mma a wɔasra wɔn ngo na wɔayi wɔn asi hɔ sɛ asɔfo.
4 Nadab and Abihu, however, died in the presence of the LORD when they offered unauthorized fire before the LORD in the Wilderness of Sinai. And since they had no sons, only Eleazar and Ithamar served as priests during the lifetime of their father Aaron.
Nadab ne Abihu de, wowuwuu wɔ Awurade anim bere a wɔhyew afɔrebɔde wɔ ogya a ɛmfata so wɔ Sinai sare so no. Na wonni mma nti, Eleasar ne Itamar nko ara na wɔsom sɛ asɔfo, bere a wɔn agya Aaron te ase no.
5 Then the LORD said to Moses,
Awurade ka kyerɛɛ Mose se:
6 “Bring the tribe of Levi and present them to Aaron the priest to assist him.
“Frɛ Lewifo no, na fa wɔn ma ɔsɔfo Aaron sɛ nʼaboafo.
7 They are to perform duties for him and for the whole congregation before the Tent of Meeting, attending to the service of the tabernacle.
Wɔbɛyɛ adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan no mu ama ɔsɔfo Aaron ne nnipa no nyinaa.
8 They shall take care of all the furnishings of the Tent of Meeting and fulfill obligations for the Israelites by attending to the service of the tabernacle.
Afei, wɔbɛhwɛ nneɛma a wɔde siesie Ahyiae Ntamadan mu no so de asi Israelfo no anan mu ayɛ asodi a wɔyɛ wɔ Ahyiae Ntamadan no mu.
9 Assign the Levites to Aaron and his sons; they have been given exclusively to him from among the Israelites.
Fa Lewifo no ma Aaron ne ne mmabarima; wɔn ne Israelfo a wɔde wɔn bɛma no korakora.
10 So you shall appoint Aaron and his sons to carry out the duties of the priesthood; but any outsider who approaches the tabernacle must be put to death.”
Ma Aaron ne ne mmabarima no nsom sɛ asɔfo; onipa foforo biara a ɔbɛbɛn kronkronbea hɔ no, ɛsɛ sɛ wokum no.”
11 Again the LORD spoke to Moses, saying,
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
12 “Behold, I have taken the Levites from among the children of Israel in place of every firstborn Israelite from the womb. The Levites belong to Me,
“Mayi Lewifo no afi Israelfo no mu de wɔn asi Israel babea biara abakan a ɔyɛ ɔbarima anan mu. Lewifo no yɛ me de,
13 for all the firstborn are Mine. On the day I struck down every firstborn in the land of Egypt, I consecrated to Myself all the firstborn in Israel, both man and beast. They are Mine; I am the LORD.”
efisɛ abakan biara wɔ me. Bere a mikunkum mmakan wɔ Misraim no, migyaw Israel mmakan, sɛ wɔyɛ nnipa anaa mmoa. Wɔyɛ me dea. Mene Awurade.”
14 Then the LORD spoke to Moses in the Wilderness of Sinai, saying,
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose wɔ Sinai sare so se,
15 “Number the Levites by their families and clans. You are to count every male a month old or more.”
“Kan Lewifo no wɔ wɔn mmusua ne afi mu. Kan ɔbarima biara fi nea wadi ɔsram baako so.”
16 So Moses numbered them according to the word of the LORD, as he had been commanded.
Enti Mose kan wɔn sɛnea Awurade hyɛɛ no no.
17 These were the sons of Levi by name: Gershon, Kohath, and Merari.
Eyinom ne Lewi mmabarima: Gerson, Kohat ne Merari.
18 These were the names of the sons of Gershon by their clans: Libni and Shimei.
Gerson asefo ni: Libni ne Simei.
19 The sons of Kohath by their clans were Amram, Izhar, Hebron, and Uzziel.
Kohat asefo: Amram, Ishar, Hebron ne Usiel.
20 And the sons of Merari by their clans were Mahli and Mushi. These were the clans of the Levites, according to their families.
Merari asefo: Mahli ne Musi. Eyinom ne Lewifo, sɛnea wɔn mmusua ne wɔn afi te.
21 From Gershon came the Libnite clan and the Shimeite clan; these were the Gershonite clans.
Gerson asefo no na wɔyɛ mmusua a wofi Libni ne Simei ase.
22 The number of all the males a month old or more was 7,500.
Na Gersonfo mmarima a wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa a wofi Gerson mmusua mu no dodow yɛ mpem ahanson ne ahannum.
23 The Gershonite clans were to camp on the west, behind the tabernacle,
Wɔn atenae wɔ Ahyiae Ntamadan no akyi wɔ atɔe fam.
24 and the leader of the families of the Gershonites was Eliasaph son of Lael.
Na Gersonfo no ntuanoni ne Lael babarima Eliasaf.
25 The duties of the Gershonites at the Tent of Meeting were the tabernacle and tent, its covering, the curtain for the entrance to the Tent of Meeting,
Saa mmusua abien yi na na wɔhwɛ Ahyiae Ntamadan no ne ne nkataho no ne ɔkwan nkataano no so.
26 the curtains of the courtyard, the curtain for the entrance to the courtyard that surrounds the tabernacle and altar, and the cords—all the service for these items.
Afei, na wɔhwɛ adiwo nkataano a etwa Ahyiae Ntamadan no ho ne afɔremuka ne adiwo nkataano nhoma ne ɛhɔ nneɛma a wɔde di dwuma ahorow no nyinaa so.
27 From Kohath came the clans of the Amramites, the Izharites, the Hebronites, and the Uzzielites; these were the clans of the Kohathites.
Kohat asefo yɛ mmusua a wofi Amram, Ishar, Hebron ne Usiel ase.
28 The number of all the males a month old or more was 8,600. They were responsible for the duties of the sanctuary.
Na Kehat mmusua no mu mmarima a wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa no dodow yɛ mpem awotwe ne ahansia. Wɔn na na wɔhwɛ kronkronbea no so.
29 The clans of the Kohathites were to camp on the south side of the tabernacle,
Wɔmaa wɔn atenae wɔ Ahyiae Ntamadan no anafo fam.
30 and the leader of the families of the Kohathites was Elizaphan son of Uzziel.
Na Kohatfo ntuanoni no ne Usiel babarima Elisafan.
31 Their duties were the ark, the table, the lampstand, the altars, the articles of the sanctuary used with them, and the curtain—all the service for these items.
Saa mmusua anan yi na na wɔhwɛ apam adaka, ɔpon, kaneadua, afɔremuka ahorow, ne nea ɛkeka ho a na wɔde di dwuma wɔ kronkronbea hɔ, mfimfini ntwamtam ne nneɛma a wɔde di dwuma ahorow wɔ hɔ nyinaa no so.
32 The chief of the leaders of the Levites was Eleazar son of Aaron the priest; he oversaw those responsible for the duties of the sanctuary.
Aaron babarima ɔsɔfo Eleasar no na na ɔyɛ ɔpanyin wɔ Lewifo no nyinaa so. Ɔyɛɛ no panyin wɔ asɔfo a wɔhwɛ kronkronbea no so.
33 From Merari came the clans of the Mahlites and Mushites; these were the Merarite clans.
Na Merari asefo no yɛ mmusua a wofi Mahli ne Musi ase.
34 The number of all the males a month old or more was 6,200.
Merarifo mmusua no mu na mmarima a wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa no dodow yɛ mpem asia ne ahannu.
35 The leader of the families of the Merarites was Zuriel son of Abihail; they were to camp on the north side of the tabernacle.
Merari abusua no ntuanoni ne Abihail babarima Suriel, na wɔtenaa Ahyiae Ntamadan no atifi fam.
36 The duties assigned to the sons of Merari were the tabernacle’s frames, crossbars, posts, bases, and all its equipment—all the service for these items,
Dwumadi a wɔde hyɛɛ saa mmusuakuw abien yi nsa ne sɛ, wɔbɛhwɛ Ahyiae Ntamadan no nnyinaso so. Afei, wɔbɛhwɛ mmeamu nnua, mpuran, nsisiso ne ɛho nneɛma a wɔde di dwuma no nyinaa,
37 as well as the posts of the surrounding courtyard with their bases, tent pegs, and ropes.
ne mpuran a ɛwɔ adiwo hɔ nyinaa ne ne nsisiso, nnyinaso, ne ntampehama nyinaa, wɔbɛhwɛ so.
38 Moses, Aaron, and Aaron’s sons were to camp to the east of the tabernacle, toward the sunrise, before the Tent of Meeting. They were to perform the duties of the sanctuary as a service on behalf of the Israelites; but any outsider who approached the sanctuary was to be put to death.
Ahyiae Ntamadan no apuei fam, nea owia pue fi no, wogyaw maa Mose ne Aaron ne ne mmabarima sɛ wonsisi wɔn ntamadan wɔ hɔ. Saa nnipa yi na na wosi Israelfo no anan mu di Ahyiae Ntamadan no ho dwuma nyinaa. Obi foforo biara a ɔbɛbɛn kronkronbea hɔ no, ɛsɛ sɛ wokum no.
39 The total number of Levites that Moses and Aaron counted by their clans at the LORD’s command, including all the males a month old or more, was 22,000.
Lewifo a Awurade hyɛɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnkan wɔn sɛnea wɔn mmusua te a ɔbarima biara a wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa ka ho no dodow yɛ mpem aduonu abien.
40 Then the LORD said to Moses, “Number every firstborn male of the Israelites a month old or more, and list their names.
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Kan Israelfo mmakan a wɔyɛ mmarima na wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa no, na kyerɛw wɔn din.
41 You are to take the Levites for Me—I am the LORD—in place of all the firstborn of Israel, and the livestock of the Levites in place of all the firstborn of the livestock of the Israelites.”
Lewifo no bɛyɛ me de. Ma wonsi Israelfo mmakan nyinaa anan mu, na Lewifo nyɛmmoa mmakan nsi Israelfo nyɛmmoa mmakan anan mu. Mene Awurade.”
42 So Moses numbered all the firstborn of the Israelites, as the LORD had commanded him.
Enti Mose kan Israelfo mmakan nyinaa sɛnea Awurade hyɛɛ no no.
43 The total number of the firstborn males a month old or more, listed by name, was 22,273.
Mmakan mmarima a wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa no a ɔkyerɛw wɔn din no ano si mpem aduonu abien ahannu ne aduɔson abiɛsa.
44 Again the LORD spoke to Moses, saying,
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
45 “Take the Levites in place of all the firstborn of Israel, and the livestock of the Levites in place of their livestock. The Levites belong to Me; I am the LORD.
“Ma Lewifo nsi Israelfo mmakan anan mu. Na Lewifo nyɛmmoa mmakan nso nsi Israelfo nyɛmmoa mmakan anan mu. Lewifo yɛ me dea. Mene Awurade.
46 To redeem the 273 firstborn Israelites who outnumber the Levites,
Ansa na mubegye Israelfo mmakan ahannu aduɔson abiɛsa no a wɔboro Lewifo no dodow so no,
47 you are to collect five shekels for each one, according to the sanctuary shekel of twenty gerahs.
momma wontua ti ade, sɛnea hyiadan mu nnwetɛbona te, a emu duru yɛ gram aduonum nson.
48 Give the money to Aaron and his sons as the redemption price for the excess among the Israelites.”
Fa ti ade sika no ma Aaron ne ne mma.”
49 So Moses collected the redemption money from those in excess of the number redeemed by the Levites.
Enti Mose gyigyee Israelfo ahannu aduɔson abiɛsa a na wɔboro Lewifo no dodow so no ti ade.
50 He collected the money from the firstborn of the Israelites: 1,365 shekels, according to the sanctuary shekel.
Sika a wogyigyee no nyinaa ano sii dwetɛ kilogram dunum ne fa.
51 And Moses gave the redemption money to Aaron and his sons in obedience to the word of the LORD, just as the LORD had commanded him.
Na Mose de maa Aaron ne ne mmabarima sɛnea Awurade hyɛɛ no no.

< Numbers 3 >