< Numbers 26 >

1 After the plague had ended, the LORD said to Moses and Eleazar son of Aaron the priest,
Ɔyaredɔm no akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne ɔsɔfo Aaron babarima Eleasar se,
2 “Take a census of the whole congregation of Israel by the houses of their fathers—all those twenty years of age or older who can serve in the army of Israel.”
“Monkan Israelfo mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa nyinaa na monhwɛ dodow a wobetumi akɔ ɔsa ama Israel wɔ abusua biara mu.”
3 So on the plains of Moab by the Jordan, across from Jericho, Moses and Eleazar the priest issued the instruction,
Enti Mose ne ɔsɔfo Eleasar kasa kyerɛɛ wɔn wɔ Moab tataw so, wɔ Asubɔnten Yordan ho a na wɔatra Yeriko no se,
4 “Take a census of the men twenty years of age or older, as the LORD has commanded Moses.” And these were the Israelites who came out of the land of Egypt:
“Monkan mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.” Eyinom ne Israelfo a wofi Misraim bae no:
5 Reuben was the firstborn of Israel. These were the descendants of Reuben: The Hanochite clan from Hanoch, the Palluite clan from Pallu,
Eyinom ne Yakob babarima panyin Ruben asefo: Hanokfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hanok; Palufo abusua, wɔde too a wɔn tete agya Palu;
6 the Hezronite clan from Hezron, and the Carmite clan from Carmi.
Hesronfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hesron; Karmifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Karmi.
7 These were the clans of Reuben, and their registration numbered 43,730.
Mmarima a na wɔwɔ Ruben mmusua nyinaa mu no dodow yɛ mpem aduanan abiɛsa ahanson aduasa.
8 Now the son of Pallu was Eliab,
Na Palu yɛ Eliab babarima,
9 and the sons of Eliab were Nemuel, Dathan, and Abiram. It was Dathan and Abiram, chosen by the congregation, who fought against Moses and Aaron with the followers of Korah who rebelled against the LORD.
na Eliab mmabarima ne Nemuel, Datan ne Abiram. Saa Datan ne Abiram yi ara na wɔyɛ nnipa no ntuanofo a wɔka Kora akyidifo a wɔyɛɛ adwene tiaa Mose ne Aaron, de buu Awurade animtiaa no ho.
10 And the earth opened its mouth and swallowed them along with Korah, whose followers died when the fire consumed 250 men. They serve as a warning sign.
Na asase mu bue menee wɔne Kora. Ogya fi Awurade nkyɛn bɛsɛee wɔn akyidifo ahannu aduonum. Na wɔyɛɛ kɔkɔbɔ nsɛnkyerɛnne.
11 However, the line of Korah did not die out.
Nanso Kora ase antɔre.
12 These were the descendants of Simeon by their clans: The Nemuelite clan from Nemuel, the Jaminite clan from Jamin, the Jachinite clan from Jachin,
Eyinom ne mmusua a wofi Simeon ase: Nemuelfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Nemuel. Yaminfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yamin. Yakinfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yakin.
13 the Zerahite clan from Zerah, and the Shaulite clan from Shaul.
Serafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah; Saulfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Saulo.
14 These were the clans of Simeon, and there were 22,200 men.
Mmarima a na wɔwɔ Simeon mmusua mu nyinaa dodow yɛ mpem aduonu abien ne ahannu.
15 These were the descendants of Gad by their clans: The Zephonite clan from Zephon, the Haggite clan from Haggi, the Shunite clan from Shuni,
Eyinom ne mmusua a wɔyɛ Gad asefo: Sefonfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sefon; Hagifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hagi; Sunifo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Suni;
16 the Oznite clan from Ozni, the Erite clan from Eri,
Osnifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Osni; Erifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Eri;
17 the Arodite clan from Arod, and the Arelite clan from Areli.
Arodfo abusua, wɔde too wɔn agya Arod; Arelifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Areli.
18 These were the clans of Gad, and their registration numbered 40,500.
Mmarima a na wɔwɔ Gad mmusua mu no dodow yɛ mpem aduanan ne ahannum.
19 The sons of Judah were Er and Onan, but they died in the land of Canaan.
Na Yuda wɔ mmabarima baanu a wɔn din de Er ne Onan a wowuwuu wɔ Kanaan asase so.
20 These were the descendants of Judah by their clans: The Shelanite clan from Shelah, the Perezite clan from Perez, and the Zerahite clan from Zerah.
Yuda asefo mmusua a edidi so yi: Selafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sela; Peresfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Peres; Serafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah.
21 And these were the descendants of Perez: the Hezronite clan from Hezron and the Hamulite clan from Hamul.
Eyinom ne mmusua a wofi Peres ase. Hesronfo abusua, a wɔde too wɔn tete agya Hesron; Hamulfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hamul.
22 These were the clans of Judah, and their registration numbered 76,500.
Mmarima a na wɔwɔ Yuda mmusua mu no nyinaa dodow yɛ mpem aduɔson asia ne ahannum.
23 These were the descendants of Issachar by their clans: The Tolaite clan from Tola, the Punite clan from Puvah,
Eyinom ne mmusua a wofi Isakar ase: Tolafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Tola; Puwafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Puwa;
24 the Jashubite clan from Jashub, and the Shimronite clan from Shimron.
Yasubfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yasub; Simronfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Simron.
25 These were the clans of Issachar, and their registration numbered 64,300.
Mmarima a na wɔwɔ Isakar mmusua no mu no nyinaa dodow yɛ mpem aduosia anan ne ahaasa.
26 These were the descendants of Zebulun by their clans: The Seredite clan from Sered, the Elonite clan from Elon, and the Jahleelite clan from Jahleel.
Eyinom ne mmusua a wofi Sebulon ase: Seredfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sered; Elonfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Elon. Yakleefo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yakleel.
27 These were the clans of Zebulun, and their registration numbered 60,500.
Mmarima a na wɔwɔ Sebulon mmusua no mu no nyinaa dodow yɛ mpem aduosia ne ahannum.
28 The descendants of Joseph included the clans of Manasseh and Ephraim.
Ɛnam Manase ne Efraim so na mmusua abien fii Yosef mu bae.
29 These were the descendants of Manasseh: The Machirite clan from Machir, the father of Gilead, and the Gileadite clan from Gilead.
Manase asefo: Makirfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Makir; Gileadfo abusua, wɔde too wɔn tete agya, Makir babarima, Gilead.
30 These were the descendants of Gilead: the Iezerite clan from Iezer, the Helekite clan from Helek,
Eyinom ne mmusua a wofi Gileadfo ase: Yeserfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yeser; Helekfo abusua, wɔde too wɔn agya Helek.
31 the Asrielite clan from Asriel, the Shechemite clan from Shechem,
Asrielfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Asriel; Sekemfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sekem;
32 the Shemidaite clan from Shemida, and the Hepherite clan from Hepher.
Semidafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Semida; Heferfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hefer.
33 Now Zelophehad son of Hepher had no sons but only daughters. The names of his daughters were Mahlah, Noah, Hoglah, Milcah, and Tirzah.
Hefer babarima Selofehad annya mmabarima nanso na ɔwɔ mmabea a wɔn din de Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa.
34 These were the clans of Manasseh, and their registration numbered 52,700.
Mmarima a na wɔwɔ Manase mmusua no nyinaa mu dodow yɛ mpem aduonum abien ne ahanson.
35 These were the descendants of Ephraim by their clans: The Shuthelahite clan from Shuthelah, the Becherite clan from Becher, and the Tahanite clan from Tahan.
Eyinom ne mmusua a wofi Efraim ase: Sutelafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sutela; Bekerfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Beker; Tahanfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Tahan.
36 And the descendants of Shuthelah were the Eranite clan from Eran.
Eyinom ne Sutela asefo: Eranfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Eran.
37 These were the clans of Ephraim, and their registration numbered 32,500. These clans were the descendants of Joseph.
Eyinom Efraim mmusua; wɔn dodow yɛ mpem aduasa abien ne ahannum. Eyinom ne mmusua a wɔyɛ Yosef asefo.
38 These were the descendants of Benjamin by their clans: The Belaite clan from Bela, the Ashbelite clan from Ashbel, the Ahiramite clan from Ahiram,
Eyinom ne mmusua a wofi Benyamin ase. Belafo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Bela; Asbelfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Asbel; Ahiramfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Ahiram;
39 the Shuphamite clan from Shupham, and the Huphamite clan from Hupham.
Sufamfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Sufam; Hufamfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Hufam.
40 And the descendants of Bela from Ard and Naaman were the Ardite clan from Ard and the Naamite clan from Naaman.
Eyinom ne mmusua a wofi Belafo mu; Ardfo a wɔde wɔn too wɔn tete agya Ard; Naamanfo a wɔde wɔn too wɔn tete agya Naaman.
41 These were the clans of Benjamin, and their registration numbered 45,600.
Na mmarima a na wɔwɔ Benyamin mmusua no mu nyinaa dodow yɛ mpem aduanan anum ne ahansia.
42 These were the descendants of Dan by their clans: The Shuhamite clan from Shuham. These were the clans of Dan.
Eyi ne abusua a efi Dan ase. Suhamfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Suham. Na Dan asefo no nyinaa yɛ Suhamfo.
43 All of them were Shuhamite clans, and their registration numbered 64,400.
Mmarima a na wɔwɔ saa mu no nyinaa dodow yɛ mpem aduosia anan ne ahannan.
44 These were the descendants of Asher by their clans: The Imnite clan from Imnah, the Ishvite clan from Ishvi, and the Beriite clan from Beriah.
Eyinom ne mmusua a wofi Aser ase: Yimnafo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yimna; Isuifo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Isui; Beriafo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Beria.
45 And these were the descendants of Beriah: the Heberite clan from Heber and the Malchielite clan from Malchiel.
Eyinom ne mmusua a wofi Beria ase: Heberfo de wɔn ho too wɔn tete agya Heber; Malkielfo de wɔn ho too wɔn tete agya Malkiel.
46 And the name of Asher’s daughter was Serah.
Na Aser wɔ ɔbabea bi a ne din de Sera.
47 These were the clans of Asher, and their registration numbered 53,400.
Mmarima a na wɔyɛ Aser asefo no nyinaa dodow yɛ mpem aduonum abiɛsa ne ahannan.
48 These were the descendants of Naphtali by their clans: The Jahzeelite clan from Jahzeel, the Gunite clan from Guni,
Eyinom ne mmusua a wofi Naftali ase: Yakseelfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yakseel; Gunifo abusua no, wɔde too wɔn agya Guni;
49 the Jezerite clan from Jezer, and the Shillemite clan from Shillem.
Yeserfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yeser; Silemfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Silem.
50 These were the clans of Naphtali, and their registration numbered 45,400.
Mmarima a na wɔwɔ Naftali mmusua nyinaa mu no dodow yɛ mpem aduanan anum ne ahannan.
51 These men of Israel numbered 601,730 in all.
Nnipa dodow a wɔkan wɔn no ano si mpem ahansia ne baako ahanson aduasa.
52 Then the LORD said to Moses,
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
53 “The land is to be divided among the tribes as an inheritance, according to the number of names.
“Kyekyɛ asase no ma mmusua no sɛ wɔn agyapade, sɛnea wɔn dodow te.
54 Increase the inheritance for a large tribe and decrease it for a small one; each tribe is to receive its inheritance according to the number of those registered.
Ma abusua a ɛso no agyapade kɛse na abusua a esua no agyapade ketewa.
55 Indeed, the land must be divided by lot; they shall receive their inheritance according to the names of the tribes of their fathers.
Hwɛ sɛ wɔnam ntontobɔ so bɛkyekyɛ asase no. Nea ɛsɛ sɛ kuw biara nya no begyina nʼagyanom abusuakuw din dodow so.
56 Each inheritance is to be divided by lot among the larger and smaller tribes.”
Ɛsɛ sɛ wɔbɔ ntonto wɔ agyapade no kyekyɛ so wɔ akuw akɛse ne nketewa no mu.”
57 Now these were the Levites numbered by their clans: The Gershonite clan from Gershon, the Kohathite clan from Kohath, and the Merarite clan from Merari.
Eyinom ne Lewifo a wɔnam wɔn mmusua so kan wɔn: Wɔde Gersonfo too wɔn tete agya Gerson. Wɔde Kohatfo too wɔn tete agya Kohat. Wɔde Merarifo too wɔn tete agya Merari.
58 These were the families of the Levites: The Libnite clan, the Hebronite clan, the Mahlite clan, the Mushite clan, and the Korahite clan. Now Kohath was the father of Amram,
Eyinom nso yɛ Lewifo mmusua: Libnifo, Hebronfo, Mahlifo, Musifo ne Korafo. Kohat yɛ Amram tete agya.
59 and Amram’s wife was named Jochebed. She was also a daughter of Levi, born to Levi in Egypt. To Amram she bore Aaron, Moses, and their sister Miriam.
Bere a Lewi wɔ Misraim no, wɔwoo ɔbabea a ne din de Yokebed. Kehat babarima Amram waree no. Wɔn na wɔwoo Aaron, Mose ne Miriam.
60 Nadab, Abihu, Eleazar, and Ithamar were born to Aaron,
Aaron woo Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar.
61 but Nadab and Abihu died when they offered unauthorized fire before the LORD.
Nanso, bere a Nadab ne Abihu de ogya a ɛnyɛ kronkron brɛɛ Awurade no, wowuwui.
62 The registration of the Levites totaled 23,000, every male a month old or more; they were not numbered among the other Israelites, because no inheritance was given to them among the Israelites.
Nnipakan no mu no, na Lewifo nyinaa dodow yɛ mpem aduonu abiɛsa. Wɔkan mmarima a wɔadi fi ɔsram kosi mpanyimfo so. Nanso, wɔammu Lewifo no ano anka Israel nnipakan no ho, efisɛ wɔrekyɛ nsase no ama mmusuakuw no, wɔamma Lewifo no bi.
63 These were the ones numbered by Moses and Eleazar the priest when they counted the Israelites on the plains of Moab by the Jordan, across from Jericho.
Enti sɛnea Mose ne ɔsɔfo Eleasar fa kyerɛɛ nnipa no ano wɔ Moab bepɔw a ɛbɛn Asubɔnten Yordan a na wɔatwa Yeriko ne no.
64 Among all these, however, there was not one who had been numbered by Moses and Aaron the priest when they counted the Israelites in the Wilderness of Sinai.
Na saa nnipa yi mu biara nni hɔ a ɔfra wɔn a Mose ne Aaron kan wɔn wɔ Sinai sare so no mu.
65 For the LORD had told them that they would surely die in the wilderness. Not one was left except Caleb son of Jephunneh and Joshua son of Nun.
Efisɛ Awurade ka kyerɛɛ saa Israelfo no se wobewuwu wɔ sare no so. Anka wɔn mu biara, gye Yefune ba Kaleb ne Nun babarima Yosua.

< Numbers 26 >