< Numbers 10 >

1 Then the LORD said to Moses,
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
2 “Make two trumpets of hammered silver to be used for calling the congregation and for having the camps set out.
“Fa dwetɛ a wɔaboro yɛ ntorobɛnto abien, na ɛyɛ a wɔahyɛn de afrɛ nnipa no, na edu ntamadan no tu so nso a, wɔahyɛn.
3 When both are sounded, the whole congregation is to assemble before you at the entrance to the Tent of Meeting.
Sɛ wɔhyɛn ntorobɛnto abien no a, nnipa no behu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔboa wɔn ho ano wɔ Ahyiae Ntamadan no ano.
4 But if only one is sounded, then the leaders, the heads of the clans of Israel, are to gather before you.
Na sɛ wɔhyɛn baako pɛ a, na ɛkyerɛ sɛ Israel mmusua no mu mpanyimfo na ɛsɛ sɛ wɔba wo nkyɛn.
5 When you sound short blasts, the camps that lie on the east side are to set out.
Sɛ mohyɛn de kyerɛ sɛ monkɔ mo anim a, mmusuakuw a wɔwɔ Ahyiae Ntamadan apuei fam no betu afi wɔn atenae hɔ na wɔakɔ.
6 When you sound the short blasts a second time, the camps that lie on the south side are to set out. The blasts are to signal them to set out.
Sɛ mohyɛn nea ɛto so abien no a, mmusuakuw a wɔwɔ anafo fam no bedi so. Monhyɛn no ntiantia mu mfa nkyerɛ sɛ wɔnkɔ.
7 To convene the assembly, you are to sound long blasts, not short ones.
Na sɛ mofrɛ nnipa no ama wɔabehyia a, momfa ɔkwan foforo so nhyɛn ntorobɛnto no.
8 The sons of Aaron, the priests, are to sound the trumpets. This shall be a permanent statute for you and the generations to come.
“Aaron mmabarima asɔfo nko ara na wɔbɛma wɔn kwan ama wɔahyɛn ntorobɛnto no. Eyi yɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa ama awo ntoatoaso a ɛbɛba no nyinaa.
9 When you enter into battle in your land against an adversary who attacks you, sound short blasts on the trumpets, and you will be remembered before the LORD your God and saved from your enemies.
Sɛ mudu Bɔhyɛ Asase no so na mo ne mo atamfo a wɔhyɛ mo so no ko a mohyɛn ntorobɛnto no. Na, Awurade, mo Nyankopɔn bɛkae mo na wagye mo afi mo atamfo nsam.
10 And on your joyous occasions, your appointed feasts, and the beginning of each month, you are to blow the trumpets over your burnt offerings and fellowship offerings to serve as a reminder for you before your God. I am the LORD your God.”
Anigyebere mu nso, monhyɛn ntorobɛnto no. Afe mu dapɔnna nso, monhyɛn. Ɔsram biara mfiase nso, monhyɛn mfa nnye mo ani wɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre ho. Sɛ moyɛ saa a, ɛbɛkae Onyankopɔn apam a ɔne mo wɔ no. Na mene Awurade mo Nyankopɔn.”
11 On the twentieth day of the second month of the second year, the cloud was lifted from above the tabernacle of the Testimony,
Ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so aduonu no a ɛyɛ mfe abien a Israelfo fii Misraim no, omununkum no pagyaw ne ho fii Ahyiae Ntamadan no so,
12 and the Israelites set out from the Wilderness of Sinai, traveling from place to place until the cloud settled in the Wilderness of Paran.
enti Israelfo no fii Sinai sare so hɔ dii omununkum no akyi kosii sɛ ekogyinaa Paran sare so.
13 They set out this first time according to the LORD’s command through Moses.
Bere a ɛsɛ sɛ wotu no duu no, Awurade nam Mose so ka kyerɛɛ wɔn.
14 First, the divisions of the camp of Judah set out under their standard, with Nahshon son of Amminadab in command.
Akwantu no mu no, mmusua a wɔhyɛ Yuda abusuakuw no ase, a Aminadab babarima Nahson tua ano na otuu wɔn frankaa ma wodii kan.
15 Nethanel son of Zuar was over the division of the tribe of Issachar,
Wɔn a wodii so ne Isakar abusuakuw a Suar babarima Netanel di wɔn anim.
16 and Eliab son of Helon was over the division of the tribe of Zebulun.
Sebulon abusuakuw na wodii hɔ a Helon babarima Eliab na na odi wɔn anim.
17 Then the tabernacle was taken down, and the Gershonites and the Merarites set out, transporting it.
Wotutuu Ahyiae Ntamadan no, na Gerson ne Merari mmusua a wofi Lewifo mu no soaa Ahyiae Ntamadan no dii wɔn afa wɔ santen no mu.
18 Then the divisions of the camp of Reuben set out under their standard, with Elizur son of Shedeur in command.
Ruben abusuakuw tuu wɔn frankaa de dii so a Sedeur babarima Elisur di wɔn anim.
19 Shelumiel son of Zurishaddai was over the division of the tribe of Simeon,
Wɔn a na wodi so ne Simeon abusuakuw a Surisadai babarima Selumiel di wɔn anim;
20 and Eliasaph son of Deuel was over the division of the tribe of Gad.
Gad abusuakuw nso, na Deguel babarima Eliasaf na odi wɔn anim.
21 Then the Kohathites set out, transporting the holy objects; the tabernacle was to be set up before their arrival.
Na Kohatfo no nso na na wodi hɔ a wɔsoso kronkronbea hɔ nneɛma. Na ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ Ahyiae Ntamadan no wɔ beae foforo hɔ ansa na wɔadu hɔ.
22 Next, the divisions of the camp of Ephraim set out under their standard, with Elishama son of Ammihud in command.
Wɔn a na wodi so ne Efraim abusuakuw a na wodi wɔn frankaa no akyi a Amihud babarima Elisama na odi wɔn anim;
23 Gamaliel son of Pedahzur was over the division of the tribe of Manasseh,
Wɔn a na wodi so ne Manase abusuakuw a Pedahsur babarima Gamaliel di wɔn anim;
24 and Abidan son of Gideoni was over the division of the tribe of Benjamin.
na Benyamin abusuakuw na na wodi so a Gideoni babarima Abidan di wɔn anim.
25 Finally, the divisions of the camp of Dan set out under their standard, serving as the rear guard for all units, with Ahiezer son of Ammishaddai in command.
Wɔn a na wotwa to koraa no ne Dan abusuakuw a wɔyɛ wɔn nyinaa awɛmfo na Amisadai babarima Ahieser da wɔn ano na frankaa di wɔn anim.
26 Pagiel son of Ocran was over the division of the tribe of Asher,
Okran babarima Pagiel na na odi Aser abusuakuw anim,
27 and Ahira son of Enan was over the division of the tribe of Naphtali.
na Enan babarima Ahira nso di Naftali abusuakuw anim.
28 This was the order of march for the Israelite divisions as they set out.
Saa nhyehyɛe yi na Israel mmusuakuw yi faa so tuu wɔn kwan no.
29 Then Moses said to Hobab, the son of Moses’ father-in-law Reuel the Midianite, “We are setting out for the place of which the LORD said: ‘I will give it to you.’ Come with us, and we will treat you well, for the LORD has promised good things to Israel.”
Afei, Mose ka kyerɛɛ nʼase Hobab, Midiani Reuel ba se, “Eyi nyinaa akyi no, yɛrekɔ beae a Awurade kae se, ‘Mede bɛma mo no.’ Bra na yɛnkɔ na yɛbɛhwɛ wo so yiye; efisɛ Awurade ahyɛ Israelfo nnepa ho bɔ.”
30 “I will not go,” Hobab replied. “Instead, I am going back to my own land and my own people.”
Obuae se, “Dabi, merenkɔ; merekɔ mʼasase so ne mʼabusuafo nkyɛn.”
31 “Please do not leave us,” Moses said, “since you know where we should camp in the wilderness, and you can serve as our eyes.
Nanso Mose kae se, “Mesrɛ wo, nnyaw yɛn. Wo na wunim faako a ɛsɛ sɛ yɛtena wɔ sare no so, na wubetumi ayɛ yɛn kwankyerɛfo.
32 If you come with us, we will share with you whatever good things the LORD gives us.”
Sɛ wo ne yɛn kɔ a, nneɛma pa a Awurade de bɛma yɛn no nyinaa, wubenya bi.”
33 So they set out on a three-day journey from the mountain of the LORD, with the ark of the covenant of the LORD traveling ahead of them for those three days to seek a resting place for them.
Enti wofi Awurade Bepɔw so nantew nnansa. Awurade Apam Adaka no dii wɔn anim hwehwɛɛ baabi a wɔbɛsoɛ maa wɔn.
34 And the cloud of the LORD was over them by day when they set out from the camp.
Wofii wɔn akwantu no ase awia a wɔrekɔ no nyinaa na Awurade mununkum no di wɔn anim.
35 Whenever the ark set out, Moses would say, “Rise up, O LORD! May Your enemies be scattered; may those who hate You flee before You.”
Bere biara a wɔbɛma adaka no so asi mu no, Mose teɛ mu se, “Awurade, sɔre! Ma wʼatamfo nhwete; ma wɔn nyinaa nguan mfi wʼanim.”
36 And when it came to rest, he would say: “Return, O LORD, to the countless thousands of Israel.”
Bere biara a wɔbɛsoɛ adaka no, ɔka se, “Awurade, san bra Israelfo mpempem a wontumi nkan wɔn no mu.”

< Numbers 10 >