< Matthew 27 >

1 When morning came, all the chief priests and elders of the people conspired against Jesus to put Him to death.
Ade kyee no, asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin kɔɔ agyina, hwehwɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so ama wɔakum Yesu.
2 They bound Him, led Him away, and handed Him over to Pilate the governor.
Afei wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu Yesu, de no baa Pilato a ɔyɛ Roma amrado no anim.
3 When Judas, who had betrayed Him, saw that Jesus was condemned, he was filled with remorse and returned the thirty pieces of silver to the chief priests and elders.
Saa bere no ara mu na Yuda a oyii Yesu mae no huu sɛ wɔabu Yesu kumfɔ no, onuu ne ho yiye. Enti ɔsan de sika a ogye fii asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin no nkyɛn no brɛɛ wɔn kae se,
4 “I have sinned by betraying innocent blood,” he said. “What is that to us?” they replied. “You bear the responsibility.”
“Mayɛ bɔne, efisɛ mayi onipa a ɔnyɛɛ bɔne biara no ama.” Wɔn nso kae se, “Ɛmfa yɛn ho. Ɛyɛ wo ara wʼasɛm.”
5 So Judas threw the silver into the temple and left. Then he went away and hanged himself.
Ɔtow sika no guu asɔredan no mu, fii hɔ kɔsɛn ne ho.
6 The chief priests picked up the pieces of silver and said, “It is unlawful to put this into the treasury, since it is blood money.”
Asɔfo mpanyin no sesaw sika no kae se, “Yɛrentumi mfa saa sika yi mfra yɛn tow a yɛagye mu. Efisɛ yɛn mmara mma ho kwan sɛ yebegye sika a wɔde abɔ awudi ho paa.”
7 After conferring together, they used the money to buy the potter’s field as a burial place for foreigners.
Wodwinnwen ho sii gyinae se, wɔde sika no bɛtɔ asase bi a wotu dɔte wɔ mu de nwen nkuku, na wɔde ɛhɔ ayɛ amusiei ama ahɔho a wobewu wɔ Yerusalem no.
8 That is why it has been called the Field of Blood to this day.
Enti na wɔda so frɛ saa asase no se, “Mogya Asase” de besi nnɛ yi.
9 Then what was spoken through Jeremiah the prophet was fulfilled: “They took the thirty pieces of silver, the price set on Him by the people of Israel,
Eyi maa nea Odiyifo Yeremia kae se, “Wogyee dwetɛ mpɔw aduasa, bo a Israelfo sese huu sɛ ɛfata,
10 and they gave them for the potter’s field, as the Lord had commanded me.”
na wofii mu tɔɔ asase fii anwemfo nkyɛn, sɛnea Awurade hyɛɛ me” no baa mu.
11 Meanwhile Jesus stood before the governor, who questioned Him: “Are You the King of the Jews?” “You have said so,” Jesus replied.
Afei wɔde Yesu begyinaa Pilato a ɔyɛ Roma amrado no anim. Obisaa Yesu se, “Wone Yudafo Hene no ana?” Yesu buae se, “Wo na woaka.”
12 And when He was accused by the chief priests and elders, He gave no answer.
Nanso bere a asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin reka nsɛm gu Yesu so no, wankasa.
13 Then Pilate asked Him, “Do You not hear how many charges they are bringing against You?”
Pilato bisaa no se, “Wonte nea wɔreka no ana?”
14 But Jesus gave no answer, not even to a single charge, much to the governor’s amazement.
Nanso Yesu anka hwee ma ɛyɛɛ amrado no nwonwa.
15 Now it was the governor’s custom at the feast to release to the crowd a prisoner of their choosing.
Na ɛyɛ amrado no amanne sɛ afe biara Twam Afahyɛ mu no, ogyaa odeduani baako a ɔman no pɛ sɛ wogyaa no.
16 At that time they were holding a notorious prisoner named Barabbas.
Saa afe no mu, na onipa bɔnefo bi a wɔfrɛ no Baraba nso da afiase.
17 So when the crowd had assembled, Pilate asked them, “Which one do you want me to release to you: Barabbas, or Jesus who is called Christ?”
Anɔpa no a nnipadɔm no hyiaa wɔ Pilato ahemfi anim hɔ no, Pilato bisaa wɔn se, “Hena na mopɛ sɛ migyaa no ma mo, Baraba anaa Yesu, mo Agyenkwa no?”
18 For he knew it was out of envy that they had handed Jesus over to him.
Na onim pefee sɛ Yudafo mpanyin no de ɔtan na akyere Yesu efisɛ na wagye din.
19 While Pilate was sitting on the judgment seat, his wife sent him this message: “Have nothing to do with that innocent man, for I have suffered terribly in a dream today because of Him.”
Pilato gu so redi Yesu asɛm no, ne yere soma ma wɔbɛka kyerɛɛ no se, “Gyaa onipa trenee no na ɔnkɔ ne baabi efisɛ anadwo yi, mesoo ne ho dae a ɛyɛ hu yiye maa me ho yeraw me.”
20 But the chief priests and elders persuaded the crowds to ask for Barabbas and to have Jesus put to death.
Nanso asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin kasa kyerɛɛ dɔm no se, wommisa na wonnyaa Baraba mma wɔn na wonkum Yesu.
21 “Which of the two do you want me to release to you?” asked the governor. “Barabbas,” they replied.
Enti amrado no san bisaa wɔn se, “Nnipa baanu yi mu hena na mopɛ sɛ migyaa no ma mo?” Na dɔm no bɔ gyee so se, “Baraba!”
22 “What then should I do with Jesus who is called Christ?” Pilate asked. They all answered, “Crucify Him!”
Pilato bisaa wɔn bio se, “Sɛ saa de a, ɛno de, dɛn na menyɛ Yesu, mo Agyenkwa no?” Wɔn nyinaa bɔ gyee so bio se, “Bɔ no asennua mu!”
23 “Why?” asked Pilate. “What evil has He done?” But they shouted all the louder, “Crucify Him!”
Pilato bisaa wɔn se, “Adɛn nti? Bɔne bɛn na wayɛ?” Nanso wɔkɔɔ so bɔ gyee so ara se, “Bɔ no asennua mu!”
24 When Pilate saw that he was accomplishing nothing, but that instead a riot was breaking out, he took water and washed his hands before the crowd. “I am innocent of this man’s blood,” he said. “You bear the responsibility.”
Pilato huu sɛ ɔyɛ asɛm no ho hwee a ɛnyɛ ye na basabasayɛ reba no, ɔma wɔsaw nsu guu ade mu brɛɛ no ma ɔhohoroo ne nsa wɔ dɔm no anim kae se, “Minni saa onipa trenee yi mogya ho fɔ. Nea ɛbɛba biara no yɛ mo asɛm!”
25 All the people answered, “His blood be on us and on our children!”
Nnipadɔm no san bɔ gyee so bio se, “Ne mogya mmegu yɛn ne yɛn mma ti so.”
26 So Pilate released Barabbas to them. But he had Jesus flogged, and handed Him over to be crucified.
Afei Pilato yii Baraba fii afiase hɔ de no maa wɔn. Ɔbɔɔ Yesu mmaa, na ɔde no maa Roma asraafo no sɛ wɔmfa no nkɔbɔ no asennua mu.
27 Then the governor’s soldiers took Jesus into the Praetorium and gathered the whole company around Him.
Asraafo no de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ, na wɔfrɛɛ asraafo dɔm baa hɔ.
28 They stripped Him and put a scarlet robe on Him.
Woyii Yesu atade a na ɛhyɛ no no de batakari kɔkɔɔ bi hyɛɛ no,
29 And they twisted together a crown of thorns and set it on His head. They put a staff in His right hand and knelt down before Him to mock Him, saying, “Hail, King of the Jews!”
na wɔde nsɔe atenten nwenee kyɛw hyɛɛ no, na wɔde dua bi hyɛɛ ne nsa nifa sɛ ahempema, na wobubuu nkotodwe wɔ nʼanim fii ase bɔ gyee so, dii ne ho fɛw se, “Yudafo Hene, wo nkwa so.”
30 Then they spit on Him and took the staff and struck Him on the head repeatedly.
Wɔtetee ntasu guu ne so na wogyee dua no fii ne nsam de paa nʼapampam ntoatoaso.
31 After they had mocked Him, they removed the robe and put His own clothes back on Him. Then they led Him away to crucify Him.
Wodii ne ho fɛw wiei no, wɔworɔw batakari kɔkɔɔ a wɔde hyɛɛ no no, de nʼankasa atade no san hyɛɛ no. Afei wɔde no kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ no asennua mu.
32 Along the way they found a man from Cyrene, named Simon, and they forced him to carry the cross of Jesus.
Bere a wɔde no rekɔ faako a wɔbɔ asennua mu hɔ no, wohyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ofi Kirene a ɛwɔ Abibirim. Wɔhyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asennua no bi.
33 And when they came to a place called Golgotha, which means The Place of the Skull,
Wɔde Yesu kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Golgota a ne nkyerɛase ne “Nitiri So.”
34 they offered Him wine to drink, mixed with gall; but after tasting it, He refused to drink it.
Ɛhɔ na asraafo no maa no nsa nwenweenwen bi sɛ ɔnnom. Yesu kaa nʼano no, wannom.
35 When they had crucified Him, they divided up His garments by casting lots.
Afei wɔbɔɔ no asennua mu no, wɔbɔɔ nʼatade no so ntonto kyekyɛ fae.
36 And sitting down, they kept watch over Him there.
Wɔn nyinaa tenatenaa ase wɛn no.
37 Above His head they posted the written charge against Him: THIS IS JESUS, THE KING OF THE JEWS.
Wɔkyerɛw nsɛm a wɔka guu ne so no bi fam nʼatifi se, “YESU, YUDAFO HENE NO NI.”
38 Two robbers were crucified with Him, one on His right hand and the other on His left.
Wɔbɔɔ awudifo baanu bi asennua mu kaa Yesu ho. Na ɔbaako sɛn ne nifa so na ɔbaako nso dɛn ne benkum so.
39 And those who passed by heaped abuse on Him, shaking their heads
Nnipa a wotwaa mu wɔ hɔ no nyinaa wosow wɔn ti, yeyaw no
40 and saying, “You who are going to destroy the temple and rebuild it in three days, save Yourself! If You are the Son of God, come down from the cross!”
se, “Wo na wuse sɛ wubetumi abubu asɔredan na wode nnansa asi no, gye wo ho! Sɛ woyɛ Onyankopɔn Ba ampa ara a, ɛno de sian fi asennua no so si fam ma yɛnhwɛ!”
41 In the same way, the chief priests, scribes, and elders mocked Him, saying,
Saa ara nso na asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin bedii ne ho fɛw se,
42 “He saved others, but He cannot save Himself. He is the King of Israel! Let Him come down now from the cross, and we will believe in Him.
“Ogye afoforo, nanso ontumi nnye ne ho! Sɛ wone Israelfo hene no ampa ara a, sian fi asennua no so si fam, na yennye wo nni.
43 He trusts in God. Let God deliver Him now if He wants Him. For He said, ‘I am the Son of God.’”
Ɔde ne ho too Onyankopɔn so. Afei ma Onyankopɔn nnye no! Waka nso se, ‘Meyɛ Onyankopɔn Ba.’”
44 In the same way, even the robbers who were crucified with Him berated Him.
Awudifo bi a wɔbɔɔ wɔne no asennua mu no nso yeyaw no saa ara.
45 From the sixth hour until the ninth hour darkness came over all the land.
Bere a wɔbɔɔ Yesu asennua mu no, sum duruu asase so mmaa nyinaa fi owigyinae kɔpem nnɔnabiɛsa.
46 About the ninth hour Jesus cried out in a loud voice, “Eli, Eli, lema sabachthani?” which means, “My God, My God, why have You forsaken Me?”
Ɛbɛyɛ nnɔnabiɛsa bere mu no, Yesu teɛɛ mu dennen se, “Eli, Eli, lama sabaktani?” Ase kyerɛ sɛ, “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me?”
47 When some of those standing there heard this, they said, “He is calling Elijah.”
Wɔn a wogyina hɔ no bi tee no wɔkae se, “Ɔrefrɛ Elia.”
48 One of them quickly ran and brought a sponge. He filled it with sour wine, put it on a reed, and held it up for Jesus to drink.
Mpofirim, wɔn mu baako tuu mmirika kɔfaa sapɔw bi de bɔɔ nsa nwenweenwen bi mu de tuaa dua bi so de brɛɛ Yesu sɛ ɔnnom.
49 But the others said, “Leave Him alone. Let us see if Elijah comes to save Him.”
Nanso nnipa no nkae no kae se, “Gyaa no na yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abegye no ana.”
50 When Jesus had cried out again in a loud voice, He yielded up His spirit.
Na Yesu teɛɛ mu dennen bio no, ogyaa ne honhom mu wui.
51 At that moment the veil of the temple was torn in two from top to bottom. The earth quaked and the rocks were split.
Ɛhɔ ara, ntama a etwa asɔredan no mu no mu suanee abien fi soro kosii fam. Asase wosowee. Abotan paapaee.
52 The tombs broke open, and the bodies of many saints who had fallen asleep were raised.
Nna so buebue maa atreneefo a wɔawuwu nyannyanee.
53 After Jesus’ resurrection, when they had come out of the tombs, they entered the holy city and appeared to many people.
Yesu wusɔre akyi no, wopuepue fii wɔn nna mu kɔɔ Yerusalem, koyii wɔn ho adi kyerɛɛ nnipa bebree.
54 When the centurion and those with him who were guarding Jesus saw the earthquake and all that had happened, they were terrified and said, “Truly this was the Son of God.”
Asraafo a wɔwɔ hɔ no huu asase wosow ne nsɛm a esisii wɔ hɔ no, wɔn koma tuu yiye ma wɔkae se, “Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba.”
55 And many women were there, watching from a distance. They had followed Jesus from Galilee to minister to Him.
Saa bere no na mmea bebree a Yesu ho dɔ nti, wodii nʼakyi fii Galilea no gyinagyina akyiri baabi rehwɛ nea ɛrekɔ so.
56 Among them were Mary Magdalene, Mary the mother of James and Joseph, and the mother of Zebedee’s sons.
Mmea no bi ne Maria Magdalene ne Maria a ɔyɛ Yakobo ne Yosef na. Na Sebedeo mmabarima no na nso ka ho.
57 When it was evening, there came a rich man from Arimathea named Joseph, who himself was a disciple of Jesus.
Eduu anwummere no, osikani bi a wɔfrɛ no Yosef a ofi Arimatea a na ɔyɛ Yesu suani no,
58 He went to Pilate to ask for the body of Jesus, and Pilate ordered that it be given to him.
kɔɔ Pilato hɔ kɔsrɛ ma wɔde Yesu amu no maa no.
59 So Joseph took the body, wrapped it in a clean linen cloth,
Yosef faa amu no de nwera kyekyeree ho,
60 and placed it in his own new tomb that he had cut into the rock. Then he rolled a great stone across the entrance to the tomb and went away.
na ɔde no kɔtoo ɔno ankasa ne boda foforo bi a watwa mu, pirew ɔbo kɛse bi hinii ano, ansa na ɔregyaw hɔ akɔ.
61 Mary Magdalene and the other Mary were sitting there opposite the tomb.
Maria Magdalene ne Maria baako no de, na wɔte nkyɛn baabi rewɛn ɔboda no.
62 The next day, the one after Preparation Day, the chief priests and Pharisees assembled before Pilate.
Ade kyee a ɛyɛ da a edi Twam Afahyɛ no ahosiesie akyi no, asɔfo mpanyin ne Farisifo no kɔɔ Pilato nkyɛn,
63 “Sir,” they said, “we remember that while He was alive that deceiver said, ‘After three days I will rise again.’
kɔka kyerɛɛ no se, “Owura, ɔtorofo no kaa bere bi se, ‘Nnansa akyi no mɛsɔre.’
64 So give the order that the tomb be secured until the third day. Otherwise, His disciples may come and steal Him away and tell the people He has risen from the dead. And this last deception would be worse than the first.”
Eyi nti ma yɛn kwan na yɛnkɔwɛn da no ano nkosi nnansa, sɛnea ɛbɛyɛ a nʼasuafo no ntwa wɔn ho nkowia amu no mmɔ no dawuru se wasɔre afi awufo mu. Na sɛ ɛkɔba saa de a anka akyiri no nnaadaa bɛsen kan de no.”
65 “You have a guard,” Pilate said. “Go, make the tomb as secure as you know how.”
Pilato ka kyerɛɛ wɔn se, “Momfa awɛmfo. Momma wɔnkɔwɛn.”
66 So they went and secured the tomb by sealing the stone and posting the guard.
Enti wɔkɔtetaree ɔboda no ano, maa awɛmfo kɔwɛn hɔ.

< Matthew 27 >