< Mark 5 >
1 On the other side of the sea, they arrived in the region of the Gerasenes.
Yesu ne nʼasuafoɔ bɛduruu ɛpo no fa baabi wɔ Gerasefoɔ asase so.
2 As soon as Jesus got out of the boat, He was met by a man with an unclean spirit, who was coming from the tombs.
Ɔresi afiri kodoɔ no mu no, ɔbarima bi a honhommɔne wɔ ne mu de mmirika firi amusieeɛ bɛhyiaa no.
3 This man had been living in the tombs and could no longer be restrained, even with chains.
Na saa ɔbarima yi te amusieeɛ hɔ.
4 Though he was often bound with chains and shackles, he had broken the chains and shattered the shackles. Now there was no one with the strength to subdue him.
Ɔyɛ obi a na ne ho yɛ den yie enti, sɛ wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn mpo gu ne nsa a, ɔtumi bubu mu a obiara ntumi nkɔ nʼanim.
5 Night and day in the tombs and in the mountains he kept crying out and cutting himself with stones.
Anadwo ne awia nyinaa na ɔnenam amusieeɛ hɔ mmepɔ no mu a, ɔde aboɔ a ano yɛ nam twitwa ne ho.
6 When the man saw Jesus from a distance, he ran and fell on his knees before Him.
Ɔbarima yi hunuu Yesu wɔ akyirikyiri no, ɔtuu mmirika, bɛbuu no nkotodwe.
7 And he shouted in a loud voice, “What do You want with me, Jesus, Son of the Most High God? I beg You before God not to torture me!”
Ɔteateaam sɛ, “Yesu, Ɔsorosoro Onyankopɔn no Ba, ɛdeɛn na wowɔ ne me yɛ? Mesrɛ wo, ɛnyɛ me ayayadeɛ biara!”
8 For Jesus had already declared, “Come out of this man, you unclean spirit!”
Yesu tiaa honhommɔne a ɛwɔ ɔbarima no mu no sɛ, “Honhommɔne, firi ne mu fi!”
9 “What is your name?” Jesus asked. “My name is Legion,” he replied, “for we are many.”
Yesu bisaa no sɛ, “Wɔfrɛ wo sɛn?” Ɔbuaa Yesu sɛ, “Me din de ‘Ɛdɔm’ ɛfiri sɛ, yɛdɔɔso.”
10 And he begged Jesus repeatedly not to send them out of that region.
Afei, ɔsrɛɛ Yesu anibereɛ so sɛ ɔmmpam wɔn nkɔ akyirikyiri.
11 There on the nearby hillside a large herd of pigs was feeding.
Saa ɛberɛ no, na mprakokuo bi redidi wɔ bepɔ no nkyɛn baabi a ɛbɛn ɛpo no.
12 So the demons begged Jesus, “Send us to the pigs, so that we may enter them.”
Enti, ahonhommɔne no srɛɛ Yesu sɛ, “Tu yɛn na yɛnkɔhyɛ mprako no mu.”
13 He gave them permission, and the unclean spirits came out and went into the pigs, and the herd of about two thousand rushed down the steep bank into the sea and drowned in the water.
Yesu maa wɔn ho ɛkwan ma wɔkɔhyɛɛ mprako no mu. Mprako no de ahoɔherɛ sianee bepɔ no kɔguu ɛpo no mu ma ɛfaa wɔn.
14 Those tending the pigs ran off and reported this in the town and countryside, and the people went out to see what had happened.
Mprakohwɛfoɔ no dwane baa nkuro a ɛbɛn hɔ no mu bɛkaa deɛ wɔahunu no kyerɛɛ wɔn. Wɔn a wɔteeɛ no kɔhwɛɛ deɛ asie no.
15 When they came to Jesus, they saw the man who had been possessed by the legion of demons sitting there, clothed and in his right mind; and they were afraid.
Nnipakuo no duruu baabi a Yesu wɔ no, wɔhunuu ɔbarima a na honhommɔne ahyɛ no ma no sɛ ɔte hɔ dinn a nʼadwenem ate no. Yei maa wɔn ho dwirii wɔn.
16 Those who had seen it described what had happened to the demon-possessed man and also to the pigs.
Wɔn a wɔhunuu asɛm a asi no ka kyerɛɛ afoforɔ,
17 And the people began to beg Jesus to leave their region.
maa nnipakuo no srɛɛ Yesu sɛ, ɔmfiri wɔn nkyɛn nkɔ, na wɔn ho ntɔ wɔn!
18 As He was getting into the boat, the man who had been possessed by the demons begged to go with Him.
Enti, ɔsane foro kɔtenaa kodoɔ no mu. Ɔbarima a na honhommɔne wɔ ne mu no srɛɛ Yesu sɛ ɔpɛ sɛ ɔne no kɔ.
19 But Jesus would not allow him. “Go home to your own people,” He said, “and tell them how much the Lord has done for you, and what mercy He has shown you.”
Nanso, Yesu kaa sɛ, “Dabi, na kɔ na kɔka anwanwadeɛ a Onyankopɔn ayɛ ama wo yi ne nʼahummɔborɔ ho asɛm kyerɛ wʼabusuafoɔ.”
20 So the man went away and began to proclaim throughout the Decapolis how much Jesus had done for him. And everyone was amazed.
Enti, ɔbarima no firi hɔ kɔɔ Dekapoli, “Nkuro Edu” no a, ɛwɔ saa ɔmantam no mu, kɔkaa anwanwadeɛ a Yesu ayɛ ama no no kyerɛɛ obiara. Wɔtee asɛm no, wɔn ho dwirii wɔn.
21 When Jesus had again crossed by boat to the other side, a large crowd gathered around Him beside the sea.
Yesu de kodoɔ no tware baa ɛpo no fa baabi no, nnipakuo bɛtwaa ne ho hyiaa wɔ mpoano hɔ.
22 A synagogue leader named Jairus arrived, and seeing Jesus, he fell at His feet
Asafopanin bi a na ɔwɔ hɔ a wɔfrɛ no Yairo no, buu Yesu nkotodwe,
23 and pleaded with Him urgently, “My little daughter is near death. Please come and place Your hands on her, so that she will be healed and live.”
srɛɛ no sɛ, ɔnsa ne babaa yadeɛ mma no. Ɔfiri ahoyera mu ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Abɔfra no rewu, enti mesrɛ wo sɛ, fa wo nsa bɛka no na ɔnnya nkwa.”
24 So Jesus went with him, and a large crowd followed and pressed around Him.
Yesu ne no kɔeɛ a nnipakuo no di wɔn akyi.
25 And a woman was there who had suffered from bleeding for twelve years.
Na ɔbaa bi a watu mogya mfirinhyia dumienu ka nnipakuo no ho.
26 She had borne much agony under the care of many physicians and had spent all she had, but to no avail. Instead, her condition had only grown worse.
Ɔde ne yadeɛ no akyin ayaresafoɔ bebree so, atua sika bebree ama wayɛ ohiani, nanso na ne ho ntɔ no ara.
27 When the woman heard about Jesus, she came up through the crowd behind Him and touched His cloak.
Na wate anwanwadeɛ a Yesu ayɛ no nyinaa, na ɛno enti ɔde ne ho fraa nnipakuo no, firii Yesu akyi sɔɔ nʼatadeɛ ano.
28 For she kept saying, “If only I touch His garments, I will be healed.”
Ɔdwenee ho kaa sɛ, “Sɛ metumi nya ne ho ɛkwan, de me nsa sɔ nʼatadeɛ mu kɛkɛ a, me ho bɛtɔ me.”
29 Immediately her bleeding stopped, and she sensed in her body that she was healed of her affliction.
Ampa ara, ɛsɔ a ɔsɔɔ nʼatadeɛ no mu pɛ, na mogya no twa maa ne ho tɔɔ no!
30 At once Jesus was aware that power had gone out from Him. Turning to the crowd, He asked, “Who touched My garments?”
Amonom hɔ ara, Yesu tee nka sɛ tumi bi afiri ne mu. Ɔdanee ne ho kyerɛɛ nnipakuo no bisaa sɛ, “Hwan na ɔsɔɔ mʼatadeɛ mu no?”
31 His disciples answered, “You can see the crowd pressing in on You, and yet You ask, ‘Who touched Me?’”
Nʼasuafoɔ no buaa sɛ, “Saa nnipakuo a obiara de ne ho twitwiri ne yɔnko yi na worebisa sɛ, ‘Hwan na ɔde ne nsa aka mʼatadeɛ?’”
32 But He kept looking around to see who had done this.
Nanso, ɔpɛɛ sɛ ɔhunu onipa ko a ɔsɔɔ nʼatadeɛ mu no.
33 Then the woman, knowing what had happened to her, came and fell down before Him trembling in fear, and she told Him the whole truth.
Ɛberɛ a ɔbaa no hunuu asɛm a asie no, ɔde ahopopoɔ bɛbuu Yesu nkotodwe kaa deɛ ɔyɛeɛ no kyerɛɛ no.
34 “Daughter,” said Jesus, “your faith has healed you. Go in peace and be free of your affliction.”
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔbabaa, wo gyidie ama wo ho atɔ wo; fa asomdwoeɛ kɔ; wo yadeɛ no agyae.”
35 While He was still speaking, messengers from the house of Jairus arrived and said, “Your daughter is dead; why bother the Teacher anymore?”
Ɔgu so rekasa kyerɛ ɔbaa no no, abɔfoɔ firi Yairo efie bɛbɔɔ amaneɛ sɛ, Yairo babaa no awu, enti ɛho nhia sɛ Yesu bɛba bio.
36 But Jesus overheard their conversation and said to Jairus, “Do not be afraid; just believe.”
Yesu antie deɛ na wɔreka no koraa, na ɔka kyerɛɛ Yairo sɛ, “Nsuro, gye di ara.”
37 And He did not allow anyone to accompany Him except Peter, James, and John the brother of James.
Afei, Yesu amma obiara anni nʼakyi ankɔ Yairo efie hɔ gye Petro, Yakobo ne Yohane.
38 When they arrived at the house of the synagogue leader, Jesus saw the commotion and the people weeping and wailing loudly.
Ɛberɛ a Yesu duruu hɔ no, ɔhunuu sɛ ɛhɔ nyinaa ayɛ manyamanya a nnipa retwa agyaadwoɔ.
39 He went inside and asked, “Why all this commotion and weeping? The child is not dead, but asleep.”
Ɔkɔɔ efie no mu ne wɔn a wɔwɔ hɔ no kɔkasaeɛ. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn ne agyaadwotwa ne gyegyeegye yi? Abɔfra no nwuiɛ; nna na wada!”
40 And they laughed at Him. After He had put them all outside, He took the child’s father and mother and His own companions, and went in to see the child.
Wɔn a wɔwɔ hɔ no tee asɛm a Yesu kae no, wɔseree no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ efie hɔ no sɛ, wɔn nyinaa mfiri adi. Ɔne abɔfra no agya ne ne maame ne nʼasuafoɔ baasa no kɔɔ deɛ abɔfra no da hɔ.
41 Taking her by the hand, Jesus said, “Talitha koum!” which means, “Little girl, I say to you, get up!”
Ɔsɔɔ abɔfra no nsa kaa sɛ, “Talita, Kumm!” a aseɛ ne sɛ “Abaayewa, mese wo sɛ sɔre!”
42 Immediately the girl got up and began to walk around. She was twelve years old, and at once they were utterly astounded.
Amonom hɔ ara, abaayewa no sɔreeɛ, na ɔfiri aseɛ nanteeɛ. Na saa abaayewa no adi mfeɛ dumienu. Asɛm a ɛsiiɛ yi maa wɔn ho dwirii wɔn yie.
43 Then Jesus gave strict orders that no one should know about this, and He told them to give her something to eat.
Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ wɔnnka asɛm a asie no nkyerɛ obiara, na mmom, wɔmma abɔfra no aduane nni.