< Mark 13 >
1 As Jesus was leaving the temple, one of His disciples said to Him, “Teacher, look at the magnificent stones and buildings!”
Yesu refiri asɔredan no mu hɔ no, nʼasuafoɔ no mu baako kaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, adan yi yɛ fɛ papa. Hwɛ sɛdeɛ wɔde aboɔ asiesie afasuo no.”
2 “Do you see all these great buildings?” Jesus replied. “Not one stone here will be left on another; every one will be thrown down.”
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ deɛ, nanso wɔbɛdwiri saa ɛdan yi agu pasaa.”
3 While Jesus was sitting on the Mount of Olives opposite the temple, Peter, James, John, and Andrew asked Him privately,
Ɛberɛ a ɔte Ngo Bepɔ no so a nʼani tua Yerusalem no, Petro, Yakobo, Yohane ne Andrea baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ,
4 “Tell us, when will these things happen? And what will be the sign that they are about to be fulfilled?”
“Ɛberɛ bɛn na deɛ woreka fa asɔredan yi ho no bɛba mu. Na nsɛnkyerɛnneɛ bi bɛdi ɛkan aba ansa anaa?”
5 Jesus began by telling them, “See to it that no one deceives you.
Yesu buaa wɔn sɛ, “Monhwɛ yie na obi annaadaa mo.
6 Many will come in My name, claiming, ‘I am He,’ and will deceive many.
Nnipa bebree de me din bɛba abɛka sɛ wɔne Agyenkwa no, na wɔadaadaa mo mu pii.
7 When you hear of wars and rumors of wars, do not be alarmed. These things must happen, but the end is still to come.
Akokoakoko bɛsisi afanan nyinaa, nanso ɛnyɛ ɛnonom ne awieeɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ.
8 Nation will rise against nation, and kingdom against kingdom. There will be earthquakes in various places, as well as famines. These are the beginning of birth pains.
Aman bɛsɔre aman so, na ahennie asɔre ahennie so na asasewosoɔ ne ɛkɔm bɛba mmeammea. Yeinom nyinaa bɛyɛ nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba no mfitiaseɛ.
9 So be on your guard. You will be delivered over to the councils and beaten in the synagogues. On My account you will stand before governors and kings as witnesses to them.
“Nanso, sɛ yeinom fiti aseɛ sɛ ɛreba a, monhwɛ yie! Mobɛkɔ ɔhaw akɛseɛ mu. Esiane sɛ modi mʼakyi enti, wɔbɛtwe mo akɔ asɛnniiɛ; wɔbɛhwe mo wɔ asɔredan mu, na wɔaka nsɛm agu mo so wɔ ahemfo ne mpanimfoɔ anim. Saa ɛberɛ no ne berɛ pa a ɛsɛ sɛ moka Asɛmpa no kyerɛ wɔn.
10 And the gospel must first be proclaimed to all the nations.
Na ɛsɛ sɛ Asɛmpa no di ɛkan duru ɔman biara so ansa na awieeɛ no aba.
11 But when they arrest you and hand you over, do not worry beforehand what to say. Instead, speak whatever you are given at that time, for it will not be you speaking, but the Holy Spirit.
Na sɛ wɔkyere mo de mo bɛgyina asɛnniiɛ a, monnnwene deɛ mobɛka de ayi mo ho ano ho. Monka deɛ Onyankopɔn bɛkyerɛ mo sɛ monka no. Na ɛnyɛ mo na mobɛkasa, na Honhom Kronkron no na ɔbɛkyerɛ mo deɛ monka.
12 Brother will betray brother to death, and a father his child. Children will rise against their parents and have them put to death.
“Onua bɛyi onua ama sɛ wɔakum no. Saa ara na agyanom nso bɛyi wɔn mma ama. Mma bɛsɔre atia wɔn awofoɔ ama wɔakum wɔn.
13 You will be hated by everyone because of My name, but the one who perseveres to the end will be saved.
Me enti, nnipa nyinaa bɛtan mo. Nanso, deɛ ɔbɛtumi agyina pintinn akɔsi awieeɛ no, wɔbɛgye no nkwa.
14 So when you see the abomination of desolation standing where it should not be (let the reader understand), then let those who are in Judea flee to the mountains.
“Enti, sɛ mohunu akyiwadeɛ a ɛbɔ ɔman wɔ asɔredan mu hɔ a, ɔkenkanfoɔ, hwɛ yie! Wɔn a wɔwɔ Yudea no nnwane nkɔ mmepɔ no so.
15 Let no one on the housetop go back inside to retrieve anything from his house.
Wɔn a wɔwɔ wɔn afie mu no nnwane a wɔnnsane nkɔ efie hɔ bio nkɔfa biribiara mmfiri hɔ.
16 And let no one in the field return for his cloak.
Wɔn a wɔwɔ mfuom no nso nnsane wɔn akyi mmɛfa sika anaa ntoma wɔ efie.
17 How miserable those days will be for pregnant and nursing mothers!
Na wɔn a wɔafa afuro ne wɔn a wɔturu mma saa ɛberɛ no mu no nnue.
18 Pray that this will not occur in the winter.
Na mommɔ mpaeɛ na ɛberɛ a ɛsɛ sɛ modwane no anyɛ awɔberɛ.
19 For those will be days of tribulation unmatched from the beginning of God’s creation until now, and never to be seen again.
Na ahohia a ɛbɛba saa mmerɛ no mu no, ɛfiri ɛberɛ a Onyankopɔn bɔɔ adeɛ no, ebi nsii da, na ebi nso rensi da.
20 If the Lord had not cut short those days, nobody would be saved. But for the sake of the elect, whom He has chosen, He has cut them short.
“Gye sɛ Awurade twa saa amanehunu no so, anyɛ saa a, ɔkra baako koraa rentena ase. Nanso, ɛsiane wɔn a wɔayi wɔn no enti, ɔbɛtwa nna no so.
21 At that time if anyone says to you, ‘Look, here is the Christ!’ or ‘There He is!’ do not believe it.
Na sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ, ‘Agyenkwa no ni’ a, mommua.
22 For false Christs and false prophets will appear and perform signs and wonders that would deceive even the elect, if that were possible.
Atorɔ Kristo ne atorɔ adiyifoɔ bɛsɔre wɔ mo mu, na wɔayɛ anwanwadeɛ ahodoɔ, na sɛ ɛbɛtumi a, wɔadaadaa Onyankopɔn no ara ankasa mma.
23 So be on your guard; I have told you everything in advance.
Monhwɛ yie, ɛfiri sɛ, maka biribiara akyerɛ mo!
24 But in those days, after that tribulation: ‘The sun will be darkened, and the moon will not give its light;
“Ahohia no akyi no, “‘owia bɛduru sum, na ɔsrane renhyerɛn,
25 the stars will fall from the sky, and the powers of the heavens will be shaken.’
na nsoromma bɛtete ahwe, na wɔbɛwoso tumi a ɛwɔ ewiem no.’
26 At that time they will see the Son of Man coming in the clouds with great power and glory.
“Na nnipa nyinaa bɛhunu me, Agyenkwa no, sɛ mede tumi ne animuonyam nam omununkum mu reba.
27 And He will send out the angels to gather His elect from the four winds, from the ends of the earth to the ends of heaven.
Na mɛsoma mʼabɔfoɔ akɔ ewiase afanan nyinaa, firi ɔsoro ano akɔka asase ano, na wɔabɛboaboa wɔn a mayi wɔn no ano.
28 Now learn this lesson from the fig tree: As soon as its branches become tender and sprout leaves, you know that summer is near.
“Afei, monsua biribi mfiri borɔdɔma dua no ho asɛm no mu. Sɛ ɛyi mman foforɔ, sane yi ahahan foforɔ a, na ɛkyerɛ sɛ asusɔ abɛn.
29 So also, when you see these things happening, know that He is near, right at the door.
Sɛ mohunu sɛ saa nneɛma yi a maka ho asɛm akyerɛ mo yi nyinaa afiti aseɛ resisi a, mobɛhunu sɛ me ba a mɛsane aba no abɛn.
30 Truly I tell you, this generation will not pass away until all these things have happened.
Nokorɛ me se mo sɛ, awontoatoasoɔ yi rentwam, gye sɛ saa nneɛma yi nyinaa aba mu ansa.
31 Heaven and earth will pass away, but My words will never pass away.
Ɔsoro ne asase bɛtwam akɔ, na me nsɛm deɛ, ɛrentwam da.
32 No one knows about that day or hour, not even the angels in heaven, nor the Son, but only the Father.
“Nanso ɛda anaa dɔn ko a awieeɛ no bɛba deɛ, obiara nnim. Ɔsoro abɔfoɔ ne mʼankasa mpo nnim. Agya no nko ara na ɔnim.
33 Be on your guard and stay alert! For you do not know when the appointed time will come.
Esiane sɛ monnim berɛ ko a asɛm yi bɛsi enti, monsiesie mo ho. Monwɛn, ntwɛn me ba no.
34 It is like a man going on a journey who left his house, put each servant in charge of his own task, and instructed the doorkeeper to keep watch.
Me ba no te sɛ ɔbarima bi a ɔtuu ɛkwan kɔɔ ɔman foforɔ bi so. Ɔrebɛkɔ no, ɔkyerɛɛ adwuma a nʼapaafoɔ nyɛ. Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne wɛmfoɔ nso sɛ, ɔnwɛn hɔ yie nkɔsi sɛ ɔbɛba.
35 Therefore keep watch, because you do not know when the master of the house will return—whether in the evening, at midnight, when the rooster crows, or in the morning.
“Enti, mo nso monwɛn, ɛfiri sɛ, monnim berɛ ko a efiewura no bɛba. Ɛbɛtumi aba sɛ ɔbɛba anwummerɛ, ɔdasuom, ahemadakye anaa awia.
36 Otherwise, he may arrive without notice and find you sleeping.
Sɛ ofu mu ba a, ɛnsɛ sɛ ɔbɛto mo sɛ moadeda.
37 And what I say to you, I say to everyone: Keep watch!”
Asɛm a mede agya mo ne nnipa nyinaa ni. ‘Monwɛn.’”