< Luke 9 >

1 Then Jesus called the Twelve together and gave them power and authority over all demons, and power to cure diseases.
Ɛda bi Yesu frɛɛ Dumienu no hyiaeɛ maa wɔn tumi ne ahoɔden a wɔde bɛtu ahonhommɔne na wɔde asa nyarewa nso.
2 And He sent them out to proclaim the kingdom of God and to heal the sick.
Afei, ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka Onyankopɔn Ahennie ho asɛm na wɔnsa nyarewa.
3 “Take nothing for the journey,” He told them, “no staff, no bag, no bread, no money, no second tunic.
Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo akwantuo yi mu, mommfa biribiara nkɔ, sɛ ɛyɛ poma anaa akwantubɔtɔ, anaa aduane biara, anaa sika, anaa ntadeɛ mmienu mmienu.
4 Whatever house you enter, stay there until you leave that area.
Na sɛ mokɔ kuro bi mu a, efie biara a mobɛsoɛ mu no, ɛhɔ ara na montena kɔsi sɛ mobɛfiri kuro no mu.
5 If anyone does not welcome you, shake the dust off your feet when you leave that town, as a testimony against them.”
Sɛ mokɔ kuro biara mu na wɔannye mo, na morefiri hɔ akɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo mfa nkyerɛ sɛ, mo ne wɔn nni hwee yɛ bio.”
6 So they set out and went from village to village, preaching the gospel and healing people everywhere.
Wɔfirii hɔ no, wɔkɔɔ nkuraaseɛ nkuraaseɛ kɔkaa asɛmpa no, saa nyarewa pii nso.
7 When Herod the tetrarch heard about all that was happening, he was perplexed. For some were saying that John had risen from the dead,
Ɔmansinihene Herode tee deɛ Yesu ayɛ no nyinaa no, ɛhaa no yie, ɛfiri sɛ, na ebinom keka sɛ Yohane Osubɔni na wasɔre afiri awufoɔ mu,
8 others that Elijah had appeared, and still others that a prophet of old had arisen.
na afoforɔ nso se ɛyɛ Elia anaa tete adiyifoɔ no mu baako na wasɔre afiri awufoɔ mu aba.
9 “I beheaded John,” Herod said, “but who is this man I hear such things about?” And he kept trying to see Jesus.
Herode kaa sɛ, “Yohane deɛ, matwa ne ti, na hwan koraa ne saa onipa yi a mete anwanwasɛm a ɛte sɛɛ yi fa ne ho yi?” Yei enti, ɔpɛɛ sɛ ɔhu no.
10 Then the apostles returned and reported to Jesus all that they had done. Taking them away privately, He withdrew to a town called Bethsaida.
Asomafoɔ no firii wɔn akwantuo mu baeɛ no, wɔbɔɔ nsɛm a ɛsisii hɔ nyinaa ho amaneɛ kyerɛɛ Yesu. Yei akyi, Yesu ne wɔn twee wɔn ho kɔɔ baabi a ɛbɛn Betsaida.
11 But the crowds found out and followed Him. He welcomed them and spoke to them about the kingdom of God, and He healed those who needed healing.
Nnipakuo no hunuu deɛ Yesu ne nʼasomafoɔ no wɔ no, wɔtii wɔn ma ɔgyee wɔn fɛw so, kaa Onyankopɔn Ahennie ho asɛm kyerɛɛ wɔn, saa ayarefoɔ yadeɛ.
12 As the day neared its end, the Twelve came to Jesus and said, “Dismiss the crowd so they can go to the surrounding villages and countryside for lodging and provisions. For we are in a desolate place here.”
Anim rebiribiri no, dumienu no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkuro ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi mu nkɔpɛ deɛ wɔbɛdi ne deɛ wɔbɛda ɛfiri sɛ, baabi a yɛwɔ yi yɛ ɛserɛ so.”
13 But Jesus told them, “You give them something to eat.” “We have only five loaves of bread and two fish,” they answered, “unless we go and buy food for all these people.”
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo ara momma wɔn biribi nni.” Wɔbuaa no sɛ, “Yɛwɔ burodo enum ne mpataa mmienu pɛ. Ɛno enti, gye sɛ yɛkɔtɔ aduane brɛ wɔn nyinaa.”
14 (There were about five thousand men.) He told His disciples, “Have them sit down in groups of about fifty each.”
Na nnipa bɛyɛ mpemnum na wɔahyia wɔ hɔ. Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Monhwɛ na nnipa no ntenatena ase aduonum aduonum.”
15 They did so, and everyone was seated.
Wɔyɛɛ sɛdeɛ Yesu kaeɛ no.
16 Taking the five loaves and the two fish and looking up to heaven, Jesus spoke a blessing and broke them. Then He gave them to the disciples to set before the people.
Afei, Yesu faa burodo enum no ne mpataa mmienu no na ɔhwɛɛ soro, hyiraa so, bubuu mu de maa nʼasuafoɔ no sɛ wɔnkyɛ mma nnipa no.
17 They all ate and were satisfied, and the disciples picked up twelve basketfuls of broken pieces that were left over.
Obiara didi meeɛ. Afei, asuafoɔ no boaboaa deɛ wɔdi ma ɛkaeɛ no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma dumienu.
18 One day as Jesus was praying in private and the disciples were with Him, He questioned them: “Who do the crowds say I am?”
Ɛda bi Yesu nko ara kɔhyɛɛ baabi bɔɔ mpaeɛ. Yei akyi no, ɔbisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Nnipa ka sɛ mene hwan?”
19 They replied, “Some say John the Baptist; others say Elijah; and still others, that a prophet of old has arisen.”
Wɔbuaa no sɛ, “Ebinom ka sɛ, woyɛ Yohane Osubɔni, ebinom nso ka sɛ Elia, na afoforɔ nso sɛ, woyɛ tete adiyifoɔ no baako a wasɔre afiri awufoɔ mu aba.”
20 “But what about you?” Jesus asked. “Who do you say I am?” Peter answered, “The Christ of God.”
Yesu bisaa wɔn sɛ, “Na mo nso mose mene hwan?” Petro buaa no sɛ, “Wone Kristo, deɛ Onyankopɔn asoma no no.”
21 Jesus strictly warned them not to tell this to anyone.
Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ wɔnnka nkyerɛ obiara.
22 “The Son of Man must suffer many things,” He said. “He must be rejected by the elders, chief priests, and scribes, and He must be killed and on the third day be raised to life.”
Ɔtoaa so sɛ, “Ɛsɛ sɛ Kristo no hunu amane pii; Yudafoɔ mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nso bɛpo no. Akyire no, wɔbɛkum no, na ne nnansa so wasɔre.”
23 Then Jesus said to all of them, “If anyone wants to come after Me, he must deny himself and take up his cross daily and follow Me.
Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ, “Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi mʼakyi a, ɔmpa ne ho akyi na daa ɔnsoa nʼasɛnnua na ɔnni mʼakyi.
24 For whoever wants to save his life will lose it, but whoever loses his life for My sake will save it.
Na obiara a ɔma nʼani ku ne ho sene me no, ɔbɛhwere ne nkwa; na deɛ me enti ɔbɛhwere ne nkwa no, ne nsa bɛka.
25 What does it profit a man to gain the whole world, yet lose or forfeit his very self?
Na sɛ onipa nya ewiase yi mu nneɛma nyinaa na ɔhwere ne kra a, ɛdeɛn mfasoɔ na ɔbɛnya?
26 If anyone is ashamed of Me and My words, the Son of Man will be ashamed of him when He comes in His glory and in the glory of the Father and of the holy angels.
Na deɛ nʼani bɛwu me ne me nsɛm ho no, ɔno nso, da a me, Kristo bɛba wɔ me ne Agya no ne abɔfoɔ kronkron no animuonyam mu no, mʼani bɛwu ne ho.
27 But I tell you truthfully, some who are standing here will not taste death before they see the kingdom of God.”
“Na mereka akyerɛ mo sɛ, mo a mogyina ha yi mu bi wɔ hɔ a wɔrenwu kɔsi sɛ wɔbɛhunu Onyankopɔn Ahennie no.”
28 About eight days after Jesus had said these things, He took with Him Peter, John, and James, and went up on a mountain to pray.
Yesu kaa ne nsɛm yi wieeɛ no, ɛbɛyɛ nnawɔtwe akyi, ɔne Petro, Yohane ne Yakobo kɔɔ bepɔ bi so sɛ wɔrekɔbɔ mpaeɛ.
29 And as He was praying, the appearance of His face changed, and His clothes became radiantly white.
Na Yesu gu so rebɔ mpaeɛ no, nʼanimdua sesaeɛ, na nʼatadeɛ nso hyerɛneeɛ.
30 Suddenly two men, Moses and Elijah, began talking with Jesus.
Prɛko pɛ, nnipa baanu a ɛyɛ Mose ne Elia ne no bɛkasaeɛ.
31 They appeared in glory and spoke about His departure, which He was about to accomplish at Jerusalem.
Saa nnipa baanu yi bɛpuee hɔ animuonyam mu kaa ne wuo a ɔbɛwu wɔ Yerusalem no ho asɛm kyerɛɛ no.
32 Meanwhile Peter and his companions were overcome by sleep, but when they awoke, they saw Jesus’ glory and the two men standing with Him.
Saa ɛberɛ no na Petro ne nnipa a wɔka ne ho no adeda hatehatee na wɔnyanenyanee a wɔn ani so tetee wɔn no, wɔhunuu Yesu sɛ ɔwɔ nʼanimuonyam mu ne nnipa baanu bi a wɔka ne ho.
33 As Moses and Elijah were leaving, Peter said to Jesus, “Master, it is good for us to be here. Let us put up three shelters —one for You, one for Moses, and one for Elijah.” (He did not know what he was saying.)
Na ɛbaa sɛ nnipa no refiri Yesu nkyɛn akɔ no, Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, ɛyɛ sɛ yɛn nso yɛwɔ ha bi. Ma yɛmmɔ asese mmiɛnsa; wo deɛ baako, Mose deɛ baako na Elia nso deɛ baako.” Na Petro nnim asɛm a ɔreka no.
34 While Peter was speaking, a cloud appeared and enveloped them, and they were afraid as they entered the cloud.
Ɔgu so rekasa no, omununkum bɛkataa wɔn so ma wɔsuroeɛ.
35 And a voice came from the cloud, saying, “This is My Son, whom I have chosen. Listen to Him!”
Na nne bi firi omununkum no mu kaa sɛ, “Yei ne me Ba a mayi no. Montie no!”
36 After the voice had spoken, only Jesus was present with them. The disciples kept this to themselves, and in those days they did not tell anyone what they had seen.
Kasa yi akyi no, wohunuu sɛ aka Yesu nko ara na ɔgyina hɔ. Na mmerɛ no mu, wɔanka deɛ wɔhunuiɛ no ankyerɛ obiara.
37 The next day, when they came down from the mountain, Jesus was met by a large crowd.
Adeɛ kyeeɛ a wɔsiane firii bepɔ no so baeɛ no, nnipakuo bi bɛhyiaa Yesu.
38 Suddenly a man in the crowd cried out, “Teacher, I beg You to look at my son, for he is my only child.
Ɔbarima bi firi nnipakuo no mu teaam sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, mesrɛ wo, bra bɛhwɛ me ba a medi no ba korɔ ma me;
39 A spirit keeps seizing him, and he screams abruptly. It throws him into convulsions so that he foams at the mouth. It keeps mauling him and rarely departs from him.
sɛ honhommɔne ba ne so a, amonom, ɔteaam, ɔtwa hwe, ɔsensene, nʼano pu ahuro, na ɔbu fa so, na ɛkyɛ ansa na afiri ne so.
40 I begged Your disciples to drive it out, but they were unable.”
Na mesrɛɛ wʼasuafoɔ no sɛ wɔntu honhommɔne no, nanso wɔantumi.”
41 “O unbelieving and perverse generation!” Jesus replied. “How long must I remain with you and put up with you? Bring your son here.”
Yesu kaa sɛ, “Ao! Mo a monni gyidie, mentena mo nkyɛn na mennya mo ho boasetɔ nkɔsi da bɛn!” Afei, ɔdanee nʼani ka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ, “Fa wo ba no bra ha.”
42 Even while the boy was approaching, the demon slammed him to the ground in a convulsion. But Jesus rebuked the unclean spirit, healed the boy, and gave him back to his father.
Ɔde abɔfra no reba no, honhommɔne no twaa no hwee fam ma ɔsenseneeɛ. Nanso, Yesu teateaa honhommɔne no maa abɔfra no ho yɛɛ no den na ɔde no maa nʼagya.
43 And they were all astonished at the greatness of God. While everyone was marveling at all that Jesus was doing, He said to His disciples,
Onyankopɔn tumi ne ne kɛseyɛ a ɛdaa adi wɔ honhommɔne no tu mu no maa nnipa no ho dwirii wɔn. Na wɔredwennwene deɛ asi yi ho no, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ,
44 “Let these words sink into your ears: The Son of Man is about to be delivered into the hands of men.”
“Montie asɛm a merebɛka yi yie. Wɔrebɛyi Onipa Ba no de no ahyɛ wɔn a wɔwɔ tumi no nsa.”
45 But they did not understand this statement. It was veiled from them so that they could not comprehend it, and they were afraid to ask Him about it.
Deɛ ɔkaeɛ yi na ɛyɛ ahintasɛm enti, asuafoɔ no ante aseɛ. Nanso, na wɔsuro sɛ wɔbɛbisa no aseɛ.
46 Then an argument started among the disciples as to which of them would be the greatest.
Asuafoɔ no gyee akyinnyeɛ a ɛfa wɔn mu deɛ ɔbɛyɛ kɛse Onyankopɔn Ahennie mu no ho.
47 But Jesus, knowing the thoughts of their hearts, had a little child stand beside Him.
Na Yesu hunuu wɔn adwene no, ɔsɔɔ abɔfra bi mu de no bɛgyinaa ne nkyɛn pɛɛ,
48 And He said to them, “Whoever welcomes this little child in My name welcomes Me, and whoever welcomes Me welcomes the One who sent Me. For whoever is the least among all of you, he is the greatest.”
na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Obiara a ɔbɛgye saa abɔfra yi wɔ me din mu no, gye me; na deɛ ɔgye me no nso, gye deɛ ɔsomaa me no. Deɛ ɔyɛ aketewa wɔ mo nyinaa mu no, ɔno ne ɔkɛseɛ.”
49 “Master,” said John, “we saw someone driving out demons in Your name, and we tried to stop him, because he does not accompany us.”
Yohane nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, yɛhunuu obi a ɔnka yɛn ho sɛ ɔde wo din tu ahonhommɔne enti yɛbraa no.”
50 “Do not stop him,” Jesus replied, “for whoever is not against you is for you.”
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnsɛ sɛ anka mobra no, ɛfiri sɛ, deɛ ɔntia mo no, na ɔwɔ mo afa.”
51 As the day of His ascension approached, Jesus resolutely set out for Jerusalem.
Na ɛberɛ a ɛsɛ sɛ Yesu sane kɔ ɔsoro no rebɛn no, ɔsii ne bo sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem.
52 He sent messengers on ahead, who went into a village of the Samaritans to make arrangements for Him.
Ansa na ɔrebɛkɔ no, ɔsomaa nnipa bi dii ɛkan kɔɔ Samaria akuraa bi ase sɛ wɔnkɔsiesie baabi mma no.
53 But the people there refused to welcome Him, because He was heading for Jerusalem.
Nanso, Samariafoɔ no annye Yesu, ɛfiri sɛ, wɔhunuu sɛ na ɔrekɔ Yerusalem.
54 When the disciples James and John saw this, they asked, “Lord, do You want us to call down fire from heaven to consume them?”
Asuafoɔ no tee deɛ aba no, Yakobo ne Yohane bisaa Yesu sɛ, “Awurade, wopɛ sɛ yɛma ogya firi ɔsoro bɛhye wɔn pasaa anaa?”
55 But Jesus turned and rebuked them.
Yesu danee nʼani kyerɛɛ wɔn kaa wɔn anim,
56 And He and His disciples went on to another village.
na wɔfirii hɔ kɔɔ akuraa foforɔ bi ase.
57 As they were walking along the road, someone said to Jesus, “I will follow You wherever You go.”
Ɛberɛ a wɔrekɔ no, ɔbarima bi baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Baabiara a wobɛkɔ no, mɛdi wʼakyi.”
58 Jesus replied, “Foxes have dens and birds of the air have nests, but the Son of Man has no place to lay His head.”
Yesu buaa no sɛ, “Sakraman wɔ abɔn, ewiem nnomaa nso wɔ mpirebuo, nanso me, Onipa Ba no deɛ, menni baabi a mede me tiri to!”
59 Then He said to another man, “Follow Me.” The man replied, “Lord, first let me go and bury my father.”
Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima foforɔ bi nso sɛ, “Bɛdi mʼakyiri.” Nanso, ɔbarima no kaa sɛ, “Awurade, ma me ɛkwan na menkɔsie mʼagya ansa.”
60 But Jesus told him, “Let the dead bury their own dead. You, however, go and proclaim the kingdom of God.”
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma wɔn a wɔte ase na wɔawu wɔ honhom mu no nyɛ saa nnwuma no, na wo deɛ, kɔka Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm kyerɛ amanaman nyinaa.”
61 Still another said, “I will follow You, Lord; but first let me bid farewell to my family.”
Na ɔfoforɔ nso kaa sɛ, “Awurade, mɛdi wʼakyi; nanso ma me kwan na me ne mʼabusuafoɔ nkɔdi nkra ansa.”
62 Then Jesus declared, “No one who puts his hand to the plow and then looks back is fit for the kingdom of God.”
Nanso, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Obiara a ɔbɛma nʼadwene ayɛ no ntanta wɔ dwumadie bi a mede ahyɛ ne nsa no ho no, mfata Onyankopɔn Ahennie no.”

< Luke 9 >