< Leviticus 9 >

1 On the eighth day Moses summoned Aaron and his sons and the elders of Israel.
Ahodwira no akyi da a ɛto so awotwe no, Mose frɛɛ Aaron ne ne mmabarima ne Israel mpanyimfo nyinaa.
2 He said to Aaron, “Take for yourself a young bull for a sin offering and a ram for a burnt offering, both without blemish, and present them before the LORD.
Ɔka kyerɛɛ Aaron se ɔnkɔkyere nantwinini ba mfi anantwi no mu na ɔmfa no mmɔ bɔne afɔre, na ɔnkyere odwennini a ne ho nni dɛm mfa no mmɔ ɔhyew afɔre. Ɔka kyerɛɛ no se ɔmmɔ saa afɔre yi nyinaa wɔ Awurade anim.
3 Then speak to the Israelites and say, ‘Take a male goat for a sin offering, a calf and a lamb—both a year old and without blemish—for a burnt offering,
Afei Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Monka nkyerɛ Israelfo na wonyi ɔpapo mfa no mmɔ bɔne afɔre mma wɔn ho, na wɔmfa nantwi a wadi afe ne oguamma a wadi afe a wɔn ho nni dɛm biara mmɔ wɔn ɔhyew afɔre no,
4 an ox and a ram for a peace offering to sacrifice before the LORD, and a grain offering mixed with oil. For today the LORD will appear to you.’”
na wɔmfa nantwinini ne odwennini mmɔ asomdwoe afɔre na wɔmfa asikresiam a wɔde ngo afra mmɔ aduan afɔre mma Awurade, efisɛ nnɛ, Awurade beyi ne ho adi akyerɛ mo.”
5 So they took what Moses had commanded to the front of the Tent of Meeting, and the whole congregation drew near and stood before the LORD.
Enti wɔde saa nneɛma yi nyinaa baa Ahyiae Ntamadan no kwan ano sɛnea Mose hyɛe no. Nnipa no nyinaa begyinagyinaa Awurade anim.
6 And Moses said, “This is what the LORD has commanded you to do, so that the glory of the LORD may appear to you.”
Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Eyi na Awurade ahyɛ mo sɛ monnyɛ na Awurade anuonyam ada ne ho adi akyerɛ mo.”
7 Then Moses said to Aaron, “Approach the altar and sacrifice your sin offering and your burnt offering to make atonement for yourself and for the people. And sacrifice the people’s offering to make atonement for them, as the LORD has commanded.”
Mose ka kyerɛɛ Aaron se ɔnkɔ afɔremuka no so na ɔnkɔbɔ bɔne ne ɔhyew afɔre no mfa nyɛ mpata mma ne ho ansa na ato nnipa no sɛnea Awurade hyɛe no.
8 So Aaron approached the altar and slaughtered the calf as a sin offering for himself.
Enti Aaron foro kɔɔ afɔremuka no so. Okum nantwi ba no de bɔɔ ɔno ara ne bɔne ho afɔre.
9 The sons of Aaron brought the blood to him, and he dipped his finger in the blood and applied it to the horns of the altar. And he poured out the rest of the blood at the base of the altar.
Ne mmabarima no de mogya no brɛɛ no na ɔde ne nsateaa baako bɔɔ mu sraa mmɛn a ɛwɔ afɔremuka no ho no na ohwiee nkae no guu afɔremuka no ase.
10 On the altar he burned the fat, the kidneys, and the lobe of the liver from the sin offering, as the LORD had commanded Moses.
Afei, ɔhyew srade, asaabo, bɔnwoma, bɔnwoma nkotoku a efi bɔne afɔrebɔde no mu sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.
11 But he burned up the flesh and the hide outside the camp.
Na nam no de, ɔhyew ne ne nwoma wɔ nsraban no akyi.
12 Then Aaron slaughtered the burnt offering. His sons brought him the blood, and he sprinkled it on all sides of the altar.
Nea edi hɔ ne sɛ, okum ɔhyew afɔre aboa no maa ne mmabarima sɔw mogya no ma ɔde petee afɔremuka no ho nyinaa,
13 They brought him the burnt offering piece by piece, including the head, and he burned them on the altar.
Wɔde aboa no brɛɛ no asinasin a ne ti ka ho. Ɔhyew aboa no akwaa biara wɔ afɔremuka no so.
14 He washed the entrails and the legs and burned them atop the burnt offering on the altar.
Afei, ɔhoroo aboa no ayamde ne ne nan ho hyew wɔ afɔremuka no so sɛ ɔhyew afɔre.
15 Aaron then presented the people’s offering. He took the male goat for the people’s sin offering, slaughtered it, and offered it for sin like the first one.
Afei, ɔbɔɔ afɔre maa ɔmanfo. Okum abirekyi nanso ɔfaa ɔkwan koro a ɔfaa so bɔɔ bɔne afɔre maa ne ho no so bɔɔ afɔre maa ne ho.
16 He presented the burnt offering and offered it according to the ordinance.
Saa ɔkwan no so na ɔfa bɔɔ wɔn ɔhyew afɔre de maa Awurade sɛnea Onyankopɔn mmara kyerɛ no.
17 Next he presented the grain offering, took a handful of it, and burned it on the altar in addition to the morning’s burnt offering.
Afei, ɔbɔɔ atoko afɔre no, ɔfaa ne nsa mma na ɔhyew wɔ afɔremuka no so de kaa anɔpa ɔhyew afɔrebɔ no ho.
18 Then he slaughtered the ox and the ram as the people’s peace offering. His sons brought him the blood, and he sprinkled it on all sides of the altar.
Okum nantwi ne odwennini no a ɛyɛ nnipa no asomdwoe afɔrebɔde no. Aaron mmabarima no de mogya no brɛɛ no ma ɔde petee afɔremuka no ho nyinaa.
19 They also brought the fat portions from the ox and the ram—the fat tail, the fat covering the entrails, the kidneys, and the lobe of the liver—
Oyii nantwi no ne odwennini no srade. Oyii wɔn dua mu srade ne wɔn ayamde srade, ne wɔn asaabo ne wɔn bɔnwoma kotoku no.
20 and placed these on the breasts. Aaron burned the fat portions on the altar,
Wɔde srade no guu mmoa no yan so na Aaron hyew wɔ afɔremuka no so.
21 but he waved the breasts and the right thigh as a wave offering before the LORD, as Moses had commanded.
Na ohim yan no ne mmoa no mmati nifa no wɔ Awurade anim de kyerɛɛ sɛ afɔre no yɛ ne dea, sɛnea Mose hyɛe no.
22 Aaron lifted up his hands toward the people and blessed them. And having made the sin offering, the burnt offering, and the peace offering, he stepped down.
Afei, Aaron trɛw ne nsam wɔ nnipa no so hyiraa wɔn, na osian fii afɔremuka no ho sii fam.
23 Moses and Aaron then entered the Tent of Meeting. When they came out, they blessed the people, and the glory of the LORD appeared to all the people.
Mose ne Aaron kɔɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ na wɔsan baa bio no, wohyiraa nnipa no na Awurade anuonyam baa nnipa no nyinaa so.
24 Fire came out from the presence of the LORD and consumed the burnt offering and the fat portions on the altar. And when all the people saw it, they shouted for joy and fell facedown.
Na ogya fi Awurade nkyɛn bɛhyew ɔhyew afɔrebɔde no ne srade a ɛwɔ afɔremuka no so no. Na nnipa no huu eyi no, wɔn nyinaa teɛteɛɛ mu butubutuw fam wɔ Awurade anim.

< Leviticus 9 >