< Leviticus 24 >

1 Then the LORD said to Moses,
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
2 “Command the Israelites to bring you pure oil of pressed olives for the light, to keep the lamps burning continually.
“Ka kyerɛ Israelfo na wɔmmrɛ wo ngo kronkron na fa sɔ kanea sɛnea ɛrennum da.
3 Outside the veil of the Testimony in the Tent of Meeting, Aaron is to tend the lamps continually before the LORD from evening until morning. This is to be a permanent statute for the generations to come.
Wɔ kaneadua a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ a esi ntwamtam a etwa kronkron mu kronkron no akyi no. Efi anwummere kosi anɔpa biara, Aaron bɛhwɛ akanea a ɛwɔ Awurade anim no so. Eyi bɛyɛ ayɛde a ɛbɛtena hɔ daa wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu.
4 He shall tend the lamps on the pure gold lampstand before the LORD continually.
Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ akanea a esisi sikakɔkɔɔ kaneadua so wɔ Awurade anim no so bere biara.
5 You are also to take fine flour and bake twelve loaves, using two-tenths of an ephah for each loaf,
“Momfa asikresiam muhumuhu nto brodo amuamu dumien a mua biara mode esiam lita anan ne fa na ɛbɛto.
6 and set them in two rows—six per row—on the table of pure gold before the LORD.
Monhyehyɛ no ntaataaso abien, a asia wɔ ntaataaso baako biara mu wɔ sikakɔkɔɔ kann pon no so wɔ Awurade anim.
7 And you are to place pure frankincense near each row, so that it may serve as a memorial portion for the bread, an offering made by fire to the LORD.
Mode aduhuam pa begu kyerɛpɛn biara ho de asi brodo no anan mu ayɛ afɔrebɔde a wɔhyew wɔ ogya so ma Awurade.
8 Every Sabbath day the bread is to be set out before the LORD on behalf of the Israelites as a permanent covenant.
Ɛsɛ sɛ wɔde saa brodo yi sisi Awurade anim Homeda biara; ɛbɛyɛ apam a enni awiei ama Israelfo.
9 It belongs to Aaron and his sons, who are to eat it in a holy place; for it is to him a most holy part of the offerings made by fire to the LORD—his portion forever.”
Brodo yi yɛ Aaron ne ne mmabarima de, na ɛsɛ sɛ wodi wɔ kronkronbea hɔ, efisɛ ɛyɛ kronkron pa ara wɔ wɔn kyɛfa a ɛwɔ afɔrebɔde a wɔhyew ma Awurade no mu.”
10 Now the son of an Israelite mother and an Egyptian father went out among the Israelites, and a fight broke out in the camp between him and an Israelite.
Da bi, aberante bi a ne na yɛ Israelni na nʼagya nso yɛ Misraimni ne Israelfo no baako nyaa ntɔkwaw wɔ wɔn atenae.
11 The son of the Israelite woman blasphemed the Name with a curse. So they brought him to Moses. (His mother’s name was Shelomith daughter of Dibri, of the tribe of Dan.)
Ntɔkwaw no mu no, Israelni babarima no domee Onyankopɔn enti wɔde no baa Mose nkyɛn sɛ wommu no atɛn. Na ne na din de Selomit a ɔyɛ Dibri a ofi Dan abusua mu no babea.
12 They placed him in custody until the will of the LORD should be made clear to them.
Wɔde no too afiase twɛn Awurade akwankyerɛ.
13 Then the LORD said to Moses,
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
14 “Take the blasphemer outside the camp, and have all who heard him lay their hands on his head; then have the whole assembly stone him.
“Fa obusuyɛni no fi atenae ha kɔ na kɔka kyerɛ wɔn a wɔtee asɛm a ɔkae no nyinaa na wɔmfa wɔn nsa ngu nʼapampam; afei nnipa no nyinaa nsiw no abo nkum no.
15 And you are to tell the Israelites, ‘If anyone curses his God, he shall bear the consequences of his sin.
Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Obiara a ɔbɛdome Onyankopɔn no, ɛsɛ sɛ onya ho asotwe:
16 Whoever blasphemes the name of the LORD must surely be put to death; the whole assembly must surely stone him, whether he is a foreign resident or native; if he blasphemes the Name, he must be put to death.
obiara a ogu Awurade din ho fi no, ɛsɛ sɛ wokum no. Ɛsɛ sɛ dɔm no nyinaa siw no abo. Ɔhɔho anaa Israelni biara a obegu Awurade din ho fi no, ɛsɛ sɛ wokum no.
17 And if a man takes the life of anyone else, he must surely be put to death.
“‘Obiara a okum ne yɔnko nipa no, ɛsɛ sɛ wokum no.
18 Whoever kills an animal must make restitution—life for life.
Obiara a okum aboa bi a ɛnyɛ ne dea no, ɛsɛ sɛ ɔhyɛ anan mu.
19 If anyone injures his neighbor, whatever he has done must be done to him:
Sɛ obi pira ne yɔnko a, ɔyɔnko no nso bepira no bi saa ara.
20 fracture for fracture, eye for eye, tooth for tooth. Just as he injured the other person, the same must be inflicted on him.
Dompe mu bu nsi dompe mu bu anan mu; ani nsi ani anan mu; ɛse nsi ɛse anan mu. Sɛnea obi pira ɔfoforo, no saa ara na wompira ɔno nso.
21 Whoever kills an animal must make restitution, but whoever kills a man must be put to death.
Obiara a obekum aboa bi no, ɛsɛ sɛ ɔhyɛ anan mu; nanso sɛ obi kum onipa a, ɛsɛ sɛ wokum no bi.
22 You are to have the same standard of law for the foreign resident and the native; for I am the LORD your God.’”
Mmara koro no ara wɔ hɔ ma ɔhɔho ne kuroni. Mene Awurade, mo Nyankopɔn.’”
23 Then Moses spoke to the Israelites, and they took the blasphemer outside the camp and stoned him. So the Israelites did as the LORD had commanded Moses.
Enti Mose kasa kyerɛɛ Israelfo no, na woyii obusuyɛni no fii atenae hɔ kosiw no abo. Israelfo no yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.

< Leviticus 24 >