< Joshua 10 >
1 Now Adoni-zedek king of Jerusalem heard that Joshua had captured Ai and devoted it to destruction —doing to Ai and its king as he had done to Jericho and its king—and that the people of Gibeon had made peace with Israel and were living near them.
Yerusalemhene Adoni-Sedek tee sɛ Yosua afa Ai na wasɛe no pasaa, akum ɛhɔ hene, sɛnea wasɛe Yeriko kuropɔn akum ɛhɔ hene no. Ɔtee nso sɛ Gibeonfo ne Israelfo ayɛ asomdwoe apam, na wɔayɛ baako.
2 So Adoni-zedek and his people were greatly alarmed, because Gibeon was a great city, like one of the royal cities; it was larger than Ai, and all its men were mighty.
Ɛno nti, ɔne ne nkurɔfo bo tuu yiye, efisɛ Gibeon yɛ kuropɔn kɛse te sɛ ahemman no nkuropɔn no bi a ɛso sen Ai. Na Gibeon mmarima no nyinaa nso yɛ akofo a wɔyɛ den.
3 Therefore Adoni-zedek king of Jerusalem sent word to Hoham king of Hebron, Piram king of Jarmuth, Japhia king of Lachish, and Debir king of Eglon, saying,
Enti Yerusalemhene Adoni-Sedek soma ma wɔkɔɔ ahemfo afoforo bebree nkyɛn: Hebronhene Hoham ne Yarmuthene Piram ne Lakishene Yafia ne Eglonhene Debir kɔka kyerɛɛ wɔn se,
4 “Come up and help me. We will attack Gibeon, because they have made peace with Joshua and the Israelites.”
“Mommra mmɛboa me na yɛnsɛe Gibeon, efisɛ wɔne Yosua ne Israelfo ayɛ asomdwoe apam.”
5 So the five kings of the Amorites—the kings of Jerusalem, Hebron, Jarmuth, Lachish, and Eglon—joined forces and advanced with all their armies. They camped before Gibeon and made war against it.
Enti Amorifo ahemfo baanum no de wɔn nsraadɔm bɔɔ mu maa ɔko. Wɔde wɔn nsraadɔm no gyinagyinae, na afei wɔtow hyɛɛ Gibeon so.
6 Then the men of Gibeon sent word to Joshua in the camp at Gilgal: “Do not abandon your servants. Come quickly and save us! Help us, because all the kings of the Amorites from the hill country have joined forces against us.”
Na Gibeonfo no soma kɔɔ Yosua nkyɛn wɔ Gilgal. Wɔkɔka kyerɛɛ no se, “Nnyaa wʼasomfo. Bra yɛn nkyɛn ntɛm begye yɛn nkwa! Bɛboa yɛn, efisɛ Amorifo ahemfo a wɔte mmepɔw so de wɔn nsraadɔm rebɛko atia yɛn.”
7 So Joshua and his whole army, including all the mighty men of valor, came from Gilgal.
Enti Yosua ne Israel nsraadɔm nyinaa fii Gilgal sɛ wɔrekɔboa Gibeonfo.
8 The LORD said to Joshua, “Do not be afraid of them, for I have delivered them into your hand. Not one of them shall stand against you.”
Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, “Nsuro wɔn; mɛma woadi wɔn so nkonim. Wɔn mu biara rentumi ne wo nnyina.”
9 After marching all night from Gilgal, Joshua caught them by surprise.
Yosua nantew anadwo mu no nyinaa fii Gilgal kofii Amorifo nsraadɔm no mu.
10 And the LORD threw them into confusion before Israel, who defeated them in a great slaughter at Gibeon, pursued them along the ascent to Beth-horon, and struck them down as far as Azekah and Makkedah.
Awurade ma wɔbɔɔ hu wɔ Israelfo no anim, na wokunkum wɔn mu bebree wɔ Gibeon. Israelfo no taa atamfo no faa ɔkwan a ɛkɔ Bet-Horon no, na wɔtow hyɛɛ wɔn so kunkum wɔn wɔ Aseka ne Makeda.
11 As they fled before Israel along the descent from Beth-horon to Azekah, the LORD cast down on them large hailstones from the sky, and more of them were killed by the hailstones than by the swords of the Israelites.
Bere a Amorifo reguan wɔ ɔkwan a ɛkɔ Bet-Horon so no, Awurade him abo akɛse guu wɔn so kosii sɛ woduu Aseka. Abo no kunkum wɔn mu bebree sen dodow a Israelfo de afoa kunkum wɔn no.
12 On the day that the LORD gave the Amorites over to the Israelites, Joshua spoke to the LORD in the presence of Israel: “O sun, stand still over Gibeon, O moon, over the Valley of Aijalon.”
Da a Awurade de Amorifo no hyɛɛ Israelfo no nsa no, Yosua bɔɔ Awurade mpae wɔ Israelfo no anim se, “Ma owia nnyina dinn wɔ Gibeon so na ɔsram nso nnyina wɔ Ayalon bon mu.”
13 So the sun stood still and the moon stopped until the nation took vengeance upon its enemies. Is this not written in the Book of Jashar? “So the sun stopped in the middle of the sky and delayed going down about a full day.”
Na owia ne ɔsram gyinaa dinn, kosii sɛ Israelfo dii atamfo no so. Wɔnkyerɛw saa nsɛm yi wɔ Teefo Nhoma no mu ana? Owia gyinae wɔ wim mfimfini na ankɔtɔ sɛnea ɛyɛ daa no.
14 There has been no day like it before or since, when the LORD listened to the voice of a man, because the LORD fought for Israel.
Awurade ko maa Israel da no. Ebi nsii saa da na bi rensi da sɛ saa da no a Awurade tiee abisade sɛɛ fii onipa nkyɛn.
15 Then Joshua returned with all Israel to the camp at Gilgal.
Na Yosua ne Israel nsraadɔm no san kɔɔ Gilgal atenae hɔ.
16 Now the five kings had fled and hidden in the cave at Makkedah.
Ɔko no mu, ahemfo baanum no guan kɔhyɛɛ Makeda ɔbodan mu.
17 And Joshua was informed: “The five kings have been found; they are hiding in the cave at Makkedah.”
Yosua tee sɛ wɔahu wɔn no,
18 So Joshua said, “Roll large stones against the mouth of the cave, and post men there to guard them.
ɔhyɛɛ sɛ, “Momfa abotan akɛse nsiw ɔbodan no ano kwan, na momma awɛmfo no nwɛn ano na ahemfo no nhyɛ mu.
19 But you, do not stop there. Pursue your enemies and attack them from behind. Do not let them reach their cities, for the LORD your God has delivered them into your hand.”
Mo a moaka no nso, montaa atamfo no na munkunkum wɔn mfi akyi. Mommma wɔnnkɔ wɔn nkurow so, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn bɛma mo adi wɔn so nkonim.”
20 So Joshua and the Israelites continued to inflict a terrible slaughter until they had finished them off, and the remaining survivors retreated to the fortified cities.
Enti Yosua ne Israel nsraadɔm toaa so kunkum wɔn, tɔree nsraadɔm anum no ase ma ɛkaa dɔm no kakraa bi a wotumi guan kɔɔ wɔn nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu.
21 The whole army returned safely to Joshua in the camp at Makkedah, and no one dared to utter a word against the Israelites.
Afei, Israelfo no san baa Yosua nkyɛn asomdwoe mu wɔ Makeda. Ɛno akyi, obiara suroo sɛ ɔbɛkasa atia Israel.
22 Then Joshua said, “Open the mouth of the cave and bring those five kings out to me.”
Afei, Yosua kae se, “Munyiyi abotan a ɛkata ɔbodan no ano no na momfa ahemfo baanum no mmrɛ me.”
23 So they brought the five kings out of the cave—the kings of Jerusalem, Hebron, Jarmuth, Lachish, and Eglon.
Wokoyii ahemfo baanum no fii ɔbodan no mu bae: Yerusalemhene, Hebronhene, Yarmuthene, Lakishene ne Eglonhene.
24 When they had brought the kings to Joshua, he summoned all the men of Israel and said to the army commanders who had accompanied him, “Come here and put your feet on the necks of these kings.” So the commanders came forward and put their feet on their necks.
Yosua ka kyerɛɛ nʼakofodɔm asahene no se, “Mommra mmetiatia ahemfo no kɔn so.” Na wɔyɛɛ sɛnea wɔkyerɛɛ wɔn no.
25 “Do not be afraid or discouraged,” Joshua said. “Be strong and courageous, for the LORD will do this to all the enemies you fight.”
Yosua ka kyerɛɛ nʼasraafo no se, “Munnsuro na mommma mo aba mu mmu da. Monyɛ den na mo bo nyɛ duru, efisɛ Awurade rebɛyɛ eyi atia mo atamfo nyinaa.”
26 After this, Joshua struck down and killed the kings, and he hung their bodies on five trees and left them there until evening.
Yosua kunkum ahemfo baanum no mmaako mmaako de wɔn sensɛn nnua anum so kosii anwummere.
27 At sunset Joshua ordered that they be taken down from the trees and thrown into the cave in which they had hidden. Then large stones were placed against the mouth of the cave, and the stones are there to this day.
Owia rekɔtɔ no, Yosua hyɛɛ sɛ wonyiyi ahemfo no amu no mfi nnua no so na wɔnkɔtow wɔn ngu ɔbodan a wɔkɔtetɛw mu no mu. Afei, wɔde abotan akɛse mmoano sii ɔbodan no ano a ɛda so wɔ hɔ besi nnɛ.
28 On that day Joshua captured Makkedah and put it to the sword, along with its king. He devoted to destruction everyone in the city, leaving no survivors. So he did to the king of Makkedah as he had done to the king of Jericho.
Da no ara, Yosua sɛee Makeda kuropɔn no pasaa, kum obiara a ɔwɔ mu ne ɛhɔ hene no. Onipa baako koraa anka wɔ kuropɔn no mu. Okum Makedahene te sɛnea okum Yerikohene no.
29 Then Joshua and all Israel with him moved on from Makkedah to Libnah and fought against Libnah.
Afei, Yosua ne Israelfo no kɔɔ Libna kɔtow hyɛɛ wɔn so.
30 And the LORD also delivered that city and its king into the hand of Israel, and Joshua put all the people to the sword, leaving no survivors. And he did to the king of Libnah as he had done to the king of Jericho.
Ɛhɔ nso, Awurade de kuropɔn no ne ɛhɔ hene no maa wɔn. Wokunkum obiara a ɔwɔ kuropɔn no mu a anka ɔteasefo baako po. Na Yosua kum Libnahene sɛnea okum Yerikohene no.
31 And Joshua and all Israel with him moved on from Libnah to Lachish. They laid siege to it and fought against it.
Yosua ne Israelfo no fi Libna no, wɔkɔɔ Lakis kɔtow hyɛɛ wɔn so.
32 And the LORD delivered Lachish into the hand of Israel, and Joshua captured it on the second day. He put all the people to the sword, just as he had done to Libnah.
Na ne nnaanu so no, Awurade de Lakis maa Israelfo. Ɛhɔ nso, wokunkum kuropɔn no mu nnipa nyinaa sɛnea wɔyɛɛ Libna no.
33 At that time Horam king of Gezer went to help Lachish, but Joshua struck him down along with his people, leaving no survivors.
Wɔto hyɛɛ Lakis so no, Geserhene Horam de nʼakofo bae sɛ wɔrebɛboa abɔ kuropɔn no ho ban. Nanso Yosua mmarima no kum no sɛee nʼakofo no nyinaa.
34 So Joshua moved on from Lachish to Eglon, and all Israel with him. They laid siege to it and fought against it.
Ɛnna Yosua ne ne Israel nsraadɔm no kɔɔ Eglon kɔtow hyɛɛ so.
35 That day they captured Eglon and put it to the sword, and Joshua devoted to destruction everyone in the city, just as he had done to Lachish.
Wɔde da koro faa kurow no dommum na ɛhɔ nso, wokum obiara wɔ kuropɔn no mu sɛnea wɔyɛɛ Lakis.
36 Then Joshua and all Israel with him went up from Eglon to Hebron and fought against it.
Wofi Eglon no, wɔkɔtow hyɛɛ Hebron so,
37 They captured it and put to the sword its king, all its villages, and all the people. Joshua left no survivors, just as he had done at Eglon; he devoted to destruction Hebron and everyone in it.
faa hɔ ne nkurow a atwa ho ahyia no nyinaa nnommum. Na sɛnea wɔyɛɛ Eglon no, wokunkum ɛhɔ nnipa nyinaa. Onipa baako koraa anka.
38 Finally Joshua and all Israel with him turned toward Debir and fought against it.
Afei, wɔsan wɔn akyi kɔtow hyɛɛ Debir so.
39 And they captured Debir, its king, and all its villages. They put them to the sword and devoted to destruction everyone in the city, leaving no survivors. Joshua did to Debir and its king as he had done to Hebron and as he had done to Libnah and its king.
Wɔfaa kuropɔn no, wɔn hene ne nkuraa a atwa ho ahyia no nyinaa nnommum. Na wokum obiara a ɔwɔ mu a anka ɔbaako mpo. Wɔsɛee Debir pasaa sɛnea wɔsɛee Libna ne Hebron no.
40 So Joshua conquered the whole region—the hill country, the Negev, the foothills, and the slopes, together with all their kings—leaving no survivors. He devoted to destruction everything that breathed, just as the LORD, the God of Israel, had commanded.
Na Yosua dii ɔmantam no nyinaa so. Odii ahemfo no, nnipa a wɔte mmepɔw man no so, Negeb, atɔe fam nkoko ne wɔn a wɔte mmepɔw nsian so no nyinaa so. Ɔsɛee wɔn nyinaa pasaa a anka ɔteasefo baako mpo sɛnea Awurade, Israel Nyankopɔn, hyɛe no.
41 Joshua conquered the area from Kadesh-barnea to Gaza, and the whole region of Goshen as far as Gibeon.
Yosua kunkum wɔn fi Kades-Barnea kosii Gasa, de fii Gosen koduu Gibeon.
42 And because the LORD, the God of Israel, fought for Israel, Joshua captured all these kings and their land in one campaign.
Akodi baako mu no, Yosua dii ahemfo yi nyinaa so faa wɔn nsase, efisɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, reko ama ne manfo.
43 Then Joshua returned with all Israel to the camp at Gilgal.
Afei, Yosua ne Israel nsraadɔm no san kɔɔ wɔn atenae wɔ Gilgal.