< Job 42 >
1 Then Job replied to the LORD:
Na Hiob buaa Awurade sɛ,
2 “I know that You can do all things and that no plan of Yours can be thwarted.
“Menim sɛ wotumi yɛ nneɛma nyinaa; obiara rentumi nsɛe wo nhyehyɛeɛ.
3 You asked, ‘Who is this who conceals My counsel without knowledge?’ Surely I spoke of things I did not understand, things too wonderful for me to know.
Wobisa sɛ, ‘Hwan ni a ɔnni nimdeɛ nso ɔsi mʼafotuo ho ɛkwan?’ Ampa ara mekaa nneɛma a mente aseɛ ho nsɛm, nneɛma a ɛyɛ nwanwa ma me.
4 You said, ‘Listen now, and I will speak. I will question you, and you shall inform Me.’
“Wokaa sɛ, ‘Tie na menkasa; mɛbisa wo nsɛm na ɛsɛ sɛ woma me mmuaeɛ.’
5 My ears had heard of You, but now my eyes have seen You.
Mate wo nka pɛn, na seesei deɛ, mʼani ahunu wo.
6 Therefore I retract my words, and I repent in dust and ashes.”
Ɛno enti mebu me ho animtiaa na mete mfuturo ne nsõ mu de kyerɛ mʼahonu.”
7 After the LORD had spoken these words to Job, He said to Eliphaz the Temanite, “My wrath is kindled against you and your two friends. For you have not spoken about Me accurately, as My servant Job has.
Na Awurade kaa nsɛm yi kyerɛɛ Hiob wieeɛ no, Awurade ka kyerɛɛ Temanni Elifas sɛ, “Me bo afu wo ne wo nnamfonom baanu no, ɛfiri sɛ, moanka me ho asɛm a ɛyɛ nokorɛ sɛdeɛ me ɔsomfoɔ Hiob kaeɛ no.
8 So now, take seven bulls and seven rams, go to My servant Job, and sacrifice a burnt offering for yourselves. Then My servant Job will pray for you, for I will accept his prayer and not deal with you according to your folly. For you have not spoken accurately about Me, as My servant Job has.”
Afei, momfa anantwie nson ne nnwennini nson, na monkɔ me ɔsomfoɔ Hiob nkyɛn, na monkɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma mo ho. Me ɔsomfoɔ Hiob bɛbɔ mpaeɛ ama mo, na mɛtie ne mpaeɛbɔ no na merenyɛ mo sɛdeɛ ɛfata mo nkwaseasɛm no. Nsɛm a moka faa me ho no nyɛ nokorɛ sɛdeɛ me ɔsomfoɔ Hiob yɛeɛ no.”
9 So Eliphaz the Temanite, Bildad the Shuhite, and Zophar the Naamathite went and did as the LORD had told them; and the LORD accepted Job’s request.
Enti, Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar yɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ wɔn no, na Awurade tiee Hiob mpaeɛbɔ.
10 After Job had prayed for his friends, the LORD restored his prosperity and doubled his former possessions.
Hiob bɔɔ mpaeɛ maa ne nnamfonom akyi no, Awurade sane yɛɛ no ɔdefoɔ bio na ɔde nʼahodeɛ a na ɔwɔ kane no mmɔho mmienu maa no.
11 All his brothers and sisters and prior acquaintances came and dined with him in his house. They consoled him and comforted him over all the adversity that the LORD had brought upon him. And each one gave him a piece of silver and a gold ring.
Afei, ne nuammarima, ne nuammaa nyinaa ne obiara a na ɔnim no dada no baa ne fie ne no bɛdidiiɛ. Wɔkyekyeree ne werɛ wɔ amanehunu a Awurade ma ɔkɔɔ mu no ho, na wɔn mu biara brɛɛ no dwetɛ ne sikakɔkɔɔ kawa.
12 So the LORD blessed Job’s latter days more than his first. He owned 14,000 sheep, 6,000 camels, 1,000 yoke of oxen, and 1,000 female donkeys.
Awurade hyiraa Hiob nkwa awieeɛ senee ne ahyɛaseɛ. Ɔnyaa nnwan ɔpedunan, nyoma mpem nsia, anantwinini mpamho apem ne mfunumu abereɛ apem.
13 And he also had seven sons and three daughters.
Bio ɔnyaa mmammarima baason ne mmammaa baasa.
14 He named his first daughter Jemimah, his second Keziah, and his third Keren-happuch.
Ɔtoo ne babaa piesie no edin Yemima, na deɛ ɔdi soɔ no Kesia na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no de Keren-Hapuk.
15 No women as beautiful as Job’s daughters could be found in all the land, and their father granted them an inheritance among their brothers.
Asase no so nyinaa, na mmaa biara nni hɔ a wɔn ho yɛ fɛ sɛ Hiob mmammaa no, na wɔn agya de wɔn kaa wɔn nuammarima no ho maa wɔn agyapadeɛ.
16 After this, Job lived 140 years and saw his children and their children to the fourth generation.
Yei akyiri no, Hiob dii mfirinhyia ɔha aduanan; ɔhunuu ne mma ne ne mmanana awoɔ ntoatoasoɔ ɛnan.
17 And so Job died, old and full of years.
Afei ɔwuiɛ a na wayɛ akora pa ara.