< Job 12 >

1 Then Job answered:
Na Hiob buaa sɛ,
2 “Truly then you are the people with whom wisdom itself will die!
“Ampa ara mone nnipa no, na mowu a na nyansa asa!
3 But I also have a mind; I am not inferior to you. Who does not know such things as these?
Nanso mewɔ adwene sɛ mo ara na monnsene me. Hwan na ɔnnim saa nneɛma yi nyinaa?
4 I am a laughingstock to my friends, though I called on God, and He answered. The righteous and upright man is a laughingstock.
“Mayɛ aseredeɛ ama me nnamfonom, mefrɛɛ Onyankopɔn na ɔbuaeɛ. Mayɛ aseredeɛ tata, nanso metene, na me ho nni asɛm.
5 The one at ease scorns misfortune as the fate of those whose feet are slipping.
Nnipa a wɔn ho tɔ wɔn bu amanehunu animtiaa sɛdeɛ wɔbu wɔn a wɔn nan rewatiri no awieeɛ animtiaa.
6 The tents of robbers are safe, and those who provoke God are secure— those who carry their god in their hands.
Wɔmmfa wɔn nsa nka akorɔmfoɔ ntomadan, na wɔn a wɔma Onyankopɔn bo fuo no wɔ banbɔ na Onyankopɔn bɔ deɛ ɔde ma wɔn ho ban.
7 But ask the animals, and they will instruct you; ask the birds of the air, and they will tell you.
“Bisa mmoa no, na wɔbɛkyerɛ wo anaasɛ ewiem nnomaa no, na wɔbɛka akyerɛ wo
8 Or speak to the earth, and it will teach you; let the fish of the sea inform you.
anaasɛ kasa kyerɛ asase, na ɛbɛkyerɛ wo, anaasɛ ma ɛpo mu mpataa nka nkyerɛ wo.
9 Which of all these does not know that the hand of the LORD has done this?
Wɔn nyinaa mu hwan na ɔnnim sɛ Awurade nsa na ayɛ yei.
10 The life of every living thing is in His hand, as well as the breath of all mankind.
Ne nsam na abɔdeɛ nyinaa ahome wɔ ne adasamma nyinaa ahome.
11 Does not the ear test words as the tongue tastes its food?
Aso nsɔ nsɛm nnhwɛ, sɛdeɛ tɛkrɛma ka aduane hwɛ no anaa?
12 Wisdom is found with the elderly, and understanding comes with long life.
Wɔnnya nyansa mfiri mpanin nkyɛn, na ɛnyɛ ɔnyinkyerɛ na ɛde nteaseɛ ba anaa?
13 Wisdom and strength belong to God; counsel and understanding are His.
“Nyansa ne tumi yɛ Onyankopɔn dea; afotuo ne nteaseɛ yɛ ne dea.
14 What He tears down cannot be rebuilt; the man He imprisons cannot be released.
Deɛ ɔbubu guo no, obiara rentumi nsi; deɛ ɔde no to nneduadan mu no, obiara rentumi nyi no.
15 If He holds back the waters, they dry up, and if He releases them, they overwhelm the land.
Sɛ ɔma osuo gyae tɔ a, asase no so yɛ wesee; sɛ ɔgyaa osutɔ mu a, ɛsɛe asase no.
16 True wisdom and power belong to Him. The deceived and the deceiver are His.
Ahoɔden ne nkonimdie wɔ no osisifoɔ ne deɛ wɔsisi noɔ nso wɔ no.
17 He leads counselors away barefoot and makes fools of judges.
Ɔpa afotufoɔ ho ntoma ma wɔkɔ na ɔma atemmufoɔ yɛ nkwasea.
18 He loosens the bonds placed by kings and fastens a belt around their waists.
Ɔworɔ ahemfo nkyehoma na ɔde abɔsoɔ bɔ wɔn asene.
19 He leads priests away barefoot and overthrows the established.
Ɔpa asɔfoɔ ho ntoma, na ɔtu nnipa a wɔn ase atim akyɛre gu.
20 He deprives the trusted of speech and takes away the discernment of elders.
Ɔka afotufoɔ a wɔgye wɔn die no kasaboa hyɛ, na ɔgye mpanimfoɔ nhunumu.
21 He pours out contempt on nobles and disarms the mighty.
Ɔde animguaseɛ gu atitire so na ɔtintim gye ahoɔdenfoɔ nsam akodeɛ.
22 He reveals the deep things of darkness and brings deep shadows into light.
Ɔda esum mu nneɛma a ahinta adi na ɔde esum kabii ba hann mu.
23 He makes nations great and destroys them; He enlarges nations, then disperses them.
Ɔyɛ aman akɛseɛ, na ɔsɛe wɔn; ɔtrɛ aman mu, na ɔhwete wɔn mu.
24 He deprives the earth’s leaders of reason and makes them wander in a trackless wasteland.
Ɔgye ewiase akannifoɔ adwene firi wɔn nsam; na ɔma wɔkyinkyini asase wesee a ɛkwan nna soɔ so.
25 They grope in the darkness without light; He makes them stagger like drunkards.
Wɔhwehwɛ wɔ esum mu a wɔnni kanea; na ɔma wɔtɔ ntintan sɛ asabofoɔ.

< Job 12 >