< Jeremiah 43 >

1 When Jeremiah had finished telling all the people all the words of the LORD their God—everything that the LORD had sent him to say—
Ɛberɛ a Yeremia wiee nsɛm a ɛfiri Awurade wɔn Onyankopɔn nkyɛn no ka no,
2 Azariah son of Hoshaiah, Johanan son of Kareah, and all the arrogant men said to Jeremiah, “You are lying! The LORD our God has not sent you to say, ‘You must not go to Egypt to reside there.’
Hosaia babarima Asaria, Karea babarima Yohanan ne mmarima ahomasofoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ, “Woredi atorɔ! Awurade yɛn Onyankopɔn nsomaa wo sɛ bɛka sɛ, ‘Ɛnsɛ sɛ mokɔ Misraim kɔtena hɔ.’
3 Rather, Baruch son of Neriah is inciting you against us to deliver us into the hands of the Chaldeans, so that they may put us to death or exile us to Babylon!”
Na mmom Neria babarima Baruk na ɔregyegye wo so tia yɛn ama wɔde yɛn ahyɛ Babiloniafoɔ nsa, sɛdeɛ wɔbɛkum yɛn anaa wɔbɛsoa yɛn de yɛn akɔ nkoasom mu wɔ Babilonia.”
4 So Johanan son of Kareah and all the commanders of the forces disobeyed the command of the LORD to stay in the land of Judah.
Enti, Karea babarima Yohanan ne asraafoɔ mpanimfoɔ no nyinaa ne nnipa no anni Awurade hyɛ a ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔntena Yuda asase so no so.
5 Instead, Johanan son of Kareah and all the commanders of the forces took the whole remnant of Judah, those who had returned to the land of Judah from all the nations to which they had been scattered,
Mmom Karea babarima Yohanan ne asraafoɔ mpanimfoɔ nyinaa de Yuda nkaeɛfoɔ a wɔfifirii amanaman a wɔbɔɔ wɔn pete kɔɔ so no so na wɔaba sɛ wɔrebɛtena Yuda asase so no nyinaa kɔɔeɛ.
6 the men, the women, the children, the king’s daughters, and everyone whom Nebuzaradan captain of the guard had allowed to remain with Gedaliah son of Ahikam, the son of Shaphan, as well as Jeremiah the prophet and Baruch son of Neriah.
Wɔde mmarima, mmaa, mmɔfra ne ɔhene mmammaa a ɔsahene Nebusaradan a ɔyɛ ɔhene awɛmfoɔ panin no de wɔn gyaa Ahikam babarima Gedalia a ɔyɛ Safan nana kɔɔeɛ. Na odiyifoɔ Yeremia ne Neria babarima Baruk nso ka ho bi.
7 So they entered the land of Egypt because they did not obey the voice of the LORD, and they went as far as Tahpanhes.
Enti wɔhyɛnee Misraim a wɔanni Awurade asɛm so, na wɔkɔduruu Tapanhes.
8 Then the word of the LORD came to Jeremiah at Tahpanhes:
Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn wɔ Tapanhes sɛ,
9 “In the sight of the Jews, pick up some large stones and bury them in the clay of the brick pavement at the entrance to Pharaoh’s palace at Tahpanhes.
“Ɛberɛ a Yudafoɔ no rehwɛ no, fa aboɔ akɛseɛ, afei tutu fam wɔ birikisi nsɛweeɛ a ɛwɔ Farao ahemfie a ɛwɔ Tapanhes aboboano hɔ, na fa gu mu kata so.
10 Then tell them that this is what the LORD of Hosts, the God of Israel, says: ‘I will send for My servant Nebuchadnezzar king of Babylon, and I will set his throne over these stones that I have embedded, and he will spread his royal pavilion over them.
Afei ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sei na Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: Mɛsoma me ɔsomfoɔ Babiloniahene Nebukadnessar, na mede nʼahennwa bɛsi saa aboɔ a masie wɔ ha no so; na ɔbɛtrɛ nʼadehye kyiniiɛ mu wɔ so.
11 He will come and strike down the land of Egypt, bringing death to those destined for death, captivity to those destined for captivity, and the sword to those destined for the sword.
Ɔbɛba abɛto ahyɛ Misraim so, na ɔbɛkum wɔn a wɔahyɛ sɛ wɔnkum wɔn no, na wɔafa wɔn a wɔahyɛ sɛ wɔnkɔ nnommumfa mu nnommum. Na wɔn a wɔahyɛ sɛ wɔmfa wɔn mma akofena no nso, wɔde wɔn bɛma akofena.
12 I will kindle a fire in the temples of the gods of Egypt, and Nebuchadnezzar will burn those temples and take their gods as captives. So he will wrap himself with the land of Egypt as a shepherd wraps himself in his garment, and he will depart from there unscathed.
Ɔbɛto Misraim anyame asɔredan mu ogya ahye na wɔafa wɔn anyame no nnommum. Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ de nʼatadeɛ kyekyere ne ho no, saa ara na ɔde Misraim bɛkyekyere ne ho na wafiri hɔ akɔ a ne ho baabiara renti.
13 He will demolish the sacred pillars of the temple of the sun in the land of Egypt, and he will burn down the temples of the gods of Egypt.’”
Owia asɔredan a ɛwɔ Misraim no, ɔbɛbubu nʼafadum kronkron no, na wahye Misraim anyame asɔredan no dworobɛɛ.’”

< Jeremiah 43 >