< Jeremiah 36 >

1 In the fourth year of Jehoiakim son of Josiah king of Judah, this word came to Jeremiah from the LORD:
Yudahene Yosia babarima Yehoiakim afe a ɛto so anan mu, saa asɛm yi fi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ:
2 “Take a scroll and write on it all the words I have spoken to you concerning Israel, Judah, and all the nations, from the day I first spoke to you during the reign of Josiah until today.
“Fa nhoma mmobɔwee, na kyerɛw nsɛm a maka akyerɛ wo fa Israel, Yuda ne aman a aka no ho nyinaa, efi bere a mifii ase kasa kyerɛɛ wo wɔ Yosia adedi bere so de besi nnɛ no gu so.
3 Perhaps when the people of Judah hear about all the calamity I plan to bring upon them, each of them will turn from his wicked way. Then I will forgive their iniquity and their sin.”
Ebia, sɛ Yudafo te amanehunu biara a mayɛ mʼadwene sɛ mede bɛba wɔn so no a, wɔn mu biara bɛdan afi nʼamumɔyɛ ho na afei mede wɔn amumɔyɛ ne wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn.”
4 So Jeremiah called Baruch son of Neriah, and at the dictation of Jeremiah, Baruch wrote on a scroll all the words that the LORD had spoken to Jeremiah.
Enti Yeremia frɛɛ Neria babarima Baruk, na bere a ɔreka nsɛm a Awurade aka akyerɛ no nyinaa no, Baruk kyerɛw guu nhoma mmobɔwee no mu.
5 Then Jeremiah commanded Baruch, “I am restricted; I cannot enter the house of the LORD;
Afei Yeremia ka kyerɛɛ Baruk se, “Meda dua mu; merentumi nkɔ Awurade asɔredan mu.
6 so you are to go to the house of the LORD on a day of fasting, and in the hearing of the people you are to read the words of the LORD from the scroll you have written at my dictation. Read them in the hearing of all the people of Judah who are coming from their cities.
Enti kɔ Awurade fi mmuadadi da bi na kenkan nsɛm a efi Awurade nkyɛn a meka ma wokyerɛw guu nhoma mmobɔwee no so no kyerɛ nnipa no. Kenkan kyerɛ Yudafo a wofi wɔn nkurow so aba no.
7 Perhaps they will bring their petition before the LORD, and each one will turn from his wicked way; for great are the anger and fury that the LORD has pronounced against this people.”
Ebia wɔde wɔn nkotosrɛ bɛba Awurade anim na wɔn mu biara adan afi nʼamumɔyɛ akwan no so, efisɛ abufuw ne abufuwhyew nsɛm a Awurade aka atia saa nnipa yi so.”
8 So Baruch son of Neriah did everything that Jeremiah the prophet had commanded him. In the house of the LORD he read the words of the LORD from the scroll.
Neria babarima Baruk yɛɛ biribiara a odiyifo Yeremia kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no, ɔkenkan Awurade nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu wɔ Awurade asɔredan no mu.
9 Now in the ninth month of the fifth year of Jehoiakim son of Josiah king of Judah, a fast before the LORD was proclaimed to all the people of Jerusalem and all who had come there from the cities of Judah.
Ɔsram a ɛto so akron wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim adedi afe a ɛto so anum so no, wɔpaee Awurade anim mmuadadi maa nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa ne wɔn a wofi Yuda nkurow so aba no.
10 From the chamber of Gemariah son of Shaphan the scribe, which was in the upper courtyard at the opening of the New Gate of the house of the LORD, Baruch read from the scroll the words of Jeremiah in the hearing of all the people.
Baruk kenkan Yeremia nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ Awurade asɔredan no mu nyinaa; fii Safan babarima Gemaria a ɔyɛ ɔkyerɛwfo no pia a ɛwɔ asɔredan no atifi adiwo na ɛbɛn Ɔpon Foforo no mu.
11 When Micaiah son of Gemariah, the son of Shaphan, heard all the words of the LORD from the scroll,
Bere a Safan babarima Gemaria babarima Mikaia tee Awurade nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu no,
12 he went down to the scribe’s chamber in the king’s palace, where all the officials were sitting: Elishama the scribe, Delaiah son of Shemaiah, Elnathan son of Achbor, Gemariah son of Shaphan, Zedekiah son of Hananiah, and all the other officials.
ɔkɔɔ ɔkyerɛwfo no dan a ɛwɔ ahemfi hɔ no mu, faako a na adwumayɛfo no nyinaa: ɔkyerɛwfo Elisama, Semaia babarima Delaia, Akbor babarima Elnatan, Safan babarima Gemaria, Hanania babarima Sedekia ne adwumayɛfo a wɔaka no nyinaa tete.
13 And Micaiah reported to them all the words he had heard Baruch read from the scroll in the hearing of the people.
Mikaia kaa nsɛm a Baruk kenkan fii nhoma mmobɔwee no mu nyinaa kyerɛɛ wɔn no akyi no,
14 Then all the officials sent word to Baruch through Jehudi son of Nethaniah, the son of Shelemiah, the son of Cushi, saying, “Bring the scroll that you read in the hearing of the people, and come here.” So Baruch son of Neriah took the scroll and went to them.
adwumayɛfo no nyinaa somaa Kusi babarima Selemia babarima Netania babarima Yehudi sɛ ɔnkɔka nkyerɛ Baruk se, “Fa nhoma mmobɔwee a wokenkan fii mu kyerɛɛ nnipa no bra, na bra.” Enti Neria babarima Baruk kɔɔ wɔn hɔ a na okura nhoma mmobɔwee no.
15 “Please sit down,” they said, “and read it in our hearing.” So Baruch read it in their hearing.
Wɔka kyerɛɛ no se, “Yɛsrɛ wo tena ase, na kenkan kyerɛ yɛn.” Enti Baruk kenkan kyerɛɛ wɔn.
16 When they had heard all these words, they turned to one another in fear and said to Baruch, “Surely we must report all these words to the king.”
Wɔtee saa nsɛm yi nyinaa no, wɔde ehu hwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim na wɔka kyerɛɛ Baruk se, “Ɛsɛ sɛ yɛka saa nsɛm yi nyinaa kyerɛ ɔhene.”
17 “Tell us now,” they asked Baruch, “how did you write all these words? Was it at Jeremiah’s dictation?”
Afei wobisaa Baruk se, “Ka kyerɛ yɛn, ɛyɛɛ dɛn na wokyerɛw eyinom nyinaa? Yeremia na ɔka ma wokyerɛw ana?”
18 “It was at his dictation,” Baruch replied. “He recited all these words to me and I wrote them in ink on the scroll.”
Baruk buae se, “Yiw, ɔno na ɔkaa saa nsɛm yi nyinaa ma mede adubiri kyerɛw guu nhoma mmobɔwee no mu.”
19 Then the officials said to Baruch, “You and Jeremiah must hide yourselves and tell no one where you are.”
Na adwumayɛfo no ka kyerɛɛ Baruk se, “Wo ne Yeremia, munkohintaw. Monnkyerɛ obiara mo akyi kwan.”
20 So the officials went to the king in the courtyard. And having stored the scroll in the chamber of Elishama the scribe, they reported everything to the king.
Wɔde nhoma mmobɔwee no kosiee ɔkyerɛwfo Elisama dan mu akyiri no, wɔkɔɔ ɔhene no nkyɛn wɔ nʼabangua no mu kɔkaa biribiara kyerɛɛ no.
21 Then the king sent Jehudi to get the scroll, and he took it from the chamber of Elishama the scribe. And Jehudi read it in the hearing of the king and all the officials who were standing beside him.
Ɔhene no somaa Yehudi se, ɔnkɔfa nhoma mmobɔwee no mmra. Yehudi kɔfa fii ɔkyerɛwfo Elisama dan mu, bɛkenkan kyerɛɛ ɔhene ne adwumayɛfo a wogyinagyina ne ho no nyinaa.
22 Since it was the ninth month, the king was sitting in his winter quarters with a fire burning before him.
Na ɛyɛ ɔsram a ɛto so akron a na ɔhene no te awɔwbere dan mu reto ogya a esi nʼanim.
23 And as soon as Jehudi had read three or four columns, Jehoiakim would cut them off with a scribe’s knife and throw them into the firepot, until the entire scroll had been consumed by the fire.
Bere biara a Yehudi bɛkenkan nhoma mmobɔwee no afaafa bɛyɛ abiɛsa anaa anan no, ɔhene no de ɔkyerɛwfo afoa, twitwa de gu ogya no mu, kosii sɛ nhoma mmobɔwee no nyinaa hyewee.
24 Yet in hearing all these words, the king and his servants did not become frightened or tear their garments.
Ɔhene no ne nʼasomfo a wɔtee saa nsɛm yi nyinaa no ammɔ hu, na wɔansunsuane wɔn ntade mu nso.
25 Even though Elnathan, Delaiah, and Gemariah urged the king not to burn the scroll, he would not listen to them.
Ɛwɔ mu sɛ Elnatan, Delaia ne Gemaria srɛɛ ɔhene no sɛ ɔnhyew nhoma mmobɔwee no, nanso wantie wɔn.
26 Instead, the king commanded Jerahmeel, a son of the king, as well as Seraiah son of Azriel and Shelemiah son of Abdeel, to seize Baruch the scribe and Jeremiah the prophet. But the LORD had hidden them.
Mmom ɔhene no hyɛɛ ne babarima Yerahmeel, Asriel babarima Seraia ne Abdeel babarima Selemia se, wɔnkɔkyere ɔkyerɛwfo Baruk ne odiyifo Yeremia mmra. Nanso na Awurade de wɔn asie.
27 After the king had burned the scroll containing the words that Baruch had written at Jeremiah’s dictation, the word of the LORD came to Jeremiah:
Ɔhene no hyew nhoma mmobɔwee a na nsɛm a Baruk akyerɛw afi Yeremia anum wɔ mu no akyi no, Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se,
28 “Take another scroll and rewrite on it the very words that were on the original scroll, which Jehoiakim king of Judah has burned.
“Fa nhoma mmobɔwee foforo, na kyerɛw nsɛm a ɛwɔ kan mmobɔwee a Yudahene Yehoiakim hyew no gu mu.
29 You are to proclaim concerning Jehoiakim king of Judah that this is what the LORD says: You have burned the scroll and said, ‘Why have you written on it that the king of Babylon would surely come and destroy this land and deprive it of man and beast?’
Afei ka kyerɛ Yudahene Yehoiakim se, ‘Sɛɛ na Awurade se: Wohyew nhoma mmobɔwee no kae se: “Adɛn nti na wokyerɛw wɔ mu se ɔkwan biara so, Babiloniahene bɛba abɛsɛe asase yi na watɔre so nnipa ne mmoa nyinaa ase?”
30 Therefore this is what the LORD says about Jehoiakim king of Judah: He will have no one to sit on David’s throne, and his body will be thrown out and exposed to heat by day and frost by night.
Ɛno nti, sɛɛ na Awurade ka fa Yudahene Yehoiakim ho: Ɔrennya obi ntena Dawid ahengua so. Wɔbɛtow ne funu akyene a, wɔrensie no, na wada owia hyew ne anadwo awɔw mu.
31 I will punish him and his descendants and servants for their iniquity. I will bring on them, on the residents of Jerusalem, and on the men of Judah, all the calamity about which I warned them but they did not listen.”
Mɛtwe ɔno ne ne mma ne nʼasomfo aso wɔ wɔn amumɔyɛ nti; mede amanehunu biara a mahyɛ atia wɔn bɛba wɔn ne wɔn a wɔte Yerusalem ne Yudafo so, efisɛ wɔantie.’”
32 Then Jeremiah took another scroll and gave it to the scribe Baruch son of Neriah, and at Jeremiah’s dictation he wrote on it all the words of the scroll that Jehoiakim king of Judah had burned in the fire. And many similar words were added to them.
Na Yeremia faa nhoma mmobɔwee foforo, na ɔka maa ne kyerɛwfo Baruk kyerɛwee. Ɔkaa biribiara a na ɛwɔ nhoma mmobɔwee no a ɔhene Yehoiakim hyew no no so. Na ɔde nsɛm pii kaa ho.

< Jeremiah 36 >