< Jeremiah 19 >

1 This is what the LORD says: “Go and buy a clay jar from a potter. Take some of the elders of the people and leaders of the priests,
Sɛɛ na Awurade se: “Kɔ na kɔtɔ dɔtekuruwa fi ɔnwemfo nkyɛn. Fa nnipa no mpanyimfo no mu bi ne asɔfo no mu bi ka wo ho
2 and go out to the Valley of Ben-hinnom near the entrance of the Potsherd Gate. Proclaim there the words I speak to you,
na fi adi kɔ Ben Hinom Bon a ɛbɛn Pɔthɛd Pon ano no. Ɛhɔ na pae mu ka nsɛm a meka kyerɛ wo no,
3 saying, ‘Hear the word of the LORD, O kings of Judah and residents of Jerusalem. This is what the LORD of Hosts, the God of Israel, says: I am going to bring such disaster on this place that the ears of all who hear of it will ring,
se, ‘Muntie Awurade asɛm, mo Yuda ahemfo ne Yerusalemfo. Sɛɛ na Asafo Awurade Israel Nyankopɔn se. Muntie, mede amanehunu reba ha, na obiara a ɔbɛte no aso mu bɛyɛ no yonn.
4 because they have abandoned Me and made this a foreign place. They have burned incense in this place to other gods that neither they nor their fathers nor the kings of Judah have ever known. They have filled this place with the blood of the innocent.
Efisɛ wɔagyaw me na wɔde ha ama ananafo anyame; wɔahyew afɔrebɔde wɔ so ama anyame a wɔn anaa wɔn agyanom, anaa Yuda ahemfo nhuu wɔn da, na wɔde mogya a edi bem ahyɛ ha ma.
5 They have built high places to Baal on which to burn their children in the fire as offerings to Baal—something I never commanded or mentioned, nor did it even enter My mind.
Wɔasisi Baal sorɔnsorɔmmea sɛ wɔde ogya bɛhyew wɔn mmabarima sɛ afɔrebɔde ama Baal, ade a manhyɛ anaa mammɔ so, anaa amma mʼadwene mu.
6 So behold, the days are coming, declares the LORD, when this place will no longer be called Topheth or the Valley of Ben-hinnom, but the Valley of Slaughter.
Ɛno nti, monhwɛ yiye na nna bi reba, Awurade na ose, a nnipa remfrɛ ha se Tofet anaa Ben Hinom Bon bio, na mmom, Okum Bon.
7 And in this place I will ruin the plans of Judah and Jerusalem. I will make them fall by the sword before their enemies, by the hands of those who seek their lives, and I will give their carcasses as food to the birds of the air and the beasts of the earth.
“‘Mɛsɛe Yuda ne Yerusalem nhyehyɛe wɔ ha. Mɛma wɔatotɔ wɔ afoa ano wɔ wɔn atamfo a wɔrehwehwɛ wɔn nkwa no anim, na mede wɔn afunu bɛma wim nnomaa ne asase so mmoa sɛ wɔn aduan.
8 I will make this city a desolation and an object of scorn. All who pass by will be appalled and will scoff at all her wounds.
Mɛsɛe saa kuropɔn yi na mayɛ no ahodwiriwde; wɔn a wotwa mu wɔ hɔ no nyinaa ho bedwiriw wɔn, na nʼapirakuru no nti wobedi ne ho fɛw.
9 I will make them eat the flesh of their sons and daughters, and they will eat one another’s flesh in the siege and distress inflicted on them by their enemies who seek their lives.’
Mɛma wɔawe wɔn mmabarima ne wɔn mmabea nam, na wobefi ahohia a atamfo a wɔrehwehwɛ wɔn nkwa no anotua de bɛba wɔn so no mu awe wɔn ho wɔn ho nam.’
10 Then you are to shatter the jar in the presence of the men who accompany you,
“Afei bɔ kuruwa no wɔ wɔn a wɔka wo ho no anim ma wɔnhwɛ,
11 and you are to proclaim to them that this is what the LORD of Hosts says: I will shatter this nation and this city, like one shatters a potter’s jar that can never again be repaired. They will bury the dead in Topheth until there is no more room to bury them.
na ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Asafo Awurade se: Mɛbɔ saa ɔman yi ne kuropɔn yi sɛnea wɔabɔ ɔnwemfo kuruwa yi a wɔrentumi nsiesie bio. Wobesie awufo wɔ Tofet kosi sɛ, ɛhɔ bɛyɛ ma.
12 This is what I will do to this place and to its residents, declares the LORD. I will make this city like Topheth.
Sɛɛ ara na mɛyɛ saa beae yi ne wɔn a wɔtete so, Awurade na ose. Mɛyɛ kuropɔn yi sɛ Tofet.
13 The houses of Jerusalem and the houses of the kings of Judah will be defiled like that place, Topheth—all the houses on whose rooftops they burned incense to all the host of heaven and poured out drink offerings to other gods.”
Afi a ɛwɔ Yerusalem ne Yuda ahemfo ahemfi ho begu fi te sɛ Tofet ha. Afi a wɔhyew nnuhuam wɔ adan atifi maa ɔsoro asafo nyinaa na woguu nsa maa anyame foforo no.’”
14 Then Jeremiah returned from Topheth, where the LORD had sent him to prophesy, and he stood in the courtyard of the house of the LORD and proclaimed to all the people,
Afei Yeremia san fii Tofet, faako a Awurade somaa no se ɔnkɔhyɛ nkɔm wɔ hɔ no bae, na Obegyinaa Awurade asɔredan abangua mu na ɔka kyerɛɛ nnipa no nyinaa se,
15 “This is what the LORD of Hosts, the God of Israel, says: ‘Behold, I am about to bring on this city and on all the villages around it every disaster I have pronounced against them, because they have stiffened their necks so as not to heed My words.’”
“Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se, ‘Muntie! Mede amanehunu a meka guu kuropɔn yi ne ho nkuraase no nyinaa so no bɛba wɔn so, efisɛ wɔyɛɛ asoɔden, na wɔantie me nsɛm.’”

< Jeremiah 19 >