< Jeremiah 10 >
1 Hear the word that the LORD speaks to you, O house of Israel.
Montie deɛ Awurade ka kyerɛ mo, Ao Israel fiefoɔ.
2 This is what the LORD says: “Do not learn the ways of the nations or be terrified by the signs in the heavens, though the nations themselves are terrified by them.
Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Monnsua amanaman no akwan na momma ewiem nsɛnkyerɛnneɛ mmɔ mo hu. Ɛwom sɛ yeinom bɔ amanaman no hu
3 For the customs of the peoples are worthless; they cut down a tree from the forest; it is shaped with a chisel by the hands of a craftsman.
nanso nkurɔfoɔ no amanneɛ nka hwee; wɔtwa dua firi kwaeɛm, na odwumfoɔ de ne fitiiɛ asene.
4 They adorn it with silver and gold and fasten it with hammer and nails, so that it will not totter.
Wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ hyehyɛ no; wɔde nnadewa ne asaeɛ bobɔ si hɔ sɛdeɛ ɛrenhwe fam.
5 Like scarecrows in a cucumber patch, their idols cannot speak. They must be carried because they cannot walk. Do not fear them, for they can do no harm, and neither can they do any good.”
Ɛte sɛ kaakaammotobi a ɛsi ɛferɛ mfikyifuo mu, wɔn ahoni no ntumi nkasa; ɛsɛ sɛ wɔsoa wɔn ɛfiri sɛ wɔntumi nnante. Monnsuro wɔn; wɔrentumi nha mo na wɔrentumi nyɛ adepa biara nso.”
6 There is none like You, O LORD. You are great, and Your name is mighty in power.
Obiara nte sɛ wo, Ao Awurade; woyɛ kɛseɛ na wo din wɔ tumi.
7 Who would not fear You, O King of nations? This is Your due. For among all the wise men of the nations, and in all their kingdoms, there is none like You.
Hwan na ɛnsɛ sɛ ɔdi wo ni, Ao, amansanhene? Yei na ɛfata woɔ. Amanaman no so anyansafoɔ nyinaa mu ne wɔn ahennie nyinaa mu, obiara ne wo nsɛ.
8 But they are altogether senseless and foolish, instructed by worthless idols made of wood!
Wɔn nyinaa yɛ adwenemherɛfoɔ ne nkwaseafoɔ; dua ahoni a ɛho nni mfasoɔ na ɛma wɔn nkyerɛkyerɛ.
9 Hammered silver is brought from Tarshish, and gold from Uphaz— the work of a craftsman from the hands of a goldsmith. Their clothes are blue and purple, all fashioned by skilled workers.
Wɔde dwetɛ a wɔaboro firi Tarsis ba ne sikakɔkɔɔ nso firi Ufas ba. Ɛyɛ deɛ odwumfoɔ ne sikadwumfoɔ ayɛ a wɔde ntoma bibire ne beredum afira no. Ne nyinaa yɛ adwumfoɔ anyansafoɔ nsa ano adwuma.
10 But the LORD is the true God; He is the living God and eternal King. The earth quakes at His wrath, and the nations cannot endure His indignation.
Nanso, Awurade ne nokorɛ Onyankopɔn no; ɔno ne Onyankopɔn teasefoɔ, daapem Ɔhene no. Sɛ ne bo fu a, asase woso; na amanaman no ntumi nnyina nʼabufuhyeɛ ano.
11 Thus you are to tell them: “These gods, who have made neither the heavens nor the earth, will perish from this earth and from under these heavens.”
“Ka yei kyerɛ wɔn: ‘Saa anyame a ɛnyɛ wɔn na wɔyɛɛ ɔsoro ne asase no bɛyera afiri asase so ne ɔsorosoro ase.’”
12 The LORD made the earth by His power; He established the world by His wisdom and stretched out the heavens by His understanding.
Nanso, Onyankopɔn de ne tumi bɔɔ asase; ɔtoo ewiase fapem wɔ ne nyansa mu na ɔde ne nhunumu trɛɛ ɔsorosoro mu.
13 When He thunders, the waters in the heavens roar; He causes the clouds to rise from the ends of the earth. He generates the lightning with the rain and brings forth the wind from His storehouses.
Sɛ ɔdwidwa aprannaa a, ɔsorosoro nsuo bobom; ɔma omununkum ma ne ho so firi nsase ano. Ɔde ayerɛmo ka osutɔ ho ba na ɔgyaa mframa mu firi nʼakoradan mu.
14 Every man is senseless and devoid of knowledge; every goldsmith is put to shame by his idols. For his molten images are a fraud, and there is no breath in them.
Onipa biara nnim nyansa, na ɔnni nimdeɛ; sikadwumfoɔ biara anim gu ase, ɛsiane nʼahoni enti. Ne nsɛsodeɛ yɛ atorɔ; wɔnni ahomeɛ biara wɔ wɔn mu.
15 They are worthless, a work to be mocked. In the time of their punishment they will perish.
Wɔn ho nni mfasoɔ, na wɔyɛ aseredeɛ nneɛma. Sɛ wɔn atemmuo duru so a, wɔbɛyera.
16 The Portion of Jacob is not like these, for He is the Maker of all things, and Israel is the tribe of His inheritance— the LORD of Hosts is His name.
Deɛ ɔyɛ Yakob Kyɛfa no nte sɛ yeinom, ɛfiri sɛ ɔno ne adeɛ nyinaa Yɛfoɔ, a Israel, abusua a ɛyɛ nʼagyapadeɛ nso ka ho, Asafo Awurade ne ne din.
17 Gather up your belongings from this land, you who live under siege.
Mommoaboa mo ahodeɛ ano mfiri asase no so, mo a motete nkuro a wɔatua mu.
18 For this is what the LORD says: “Behold, at this time I will sling out the inhabitants of the land and bring distress upon them so that they may be captured.”
Na yei ne deɛ Awurade seɛ: “Saa ɛberɛ yi mɛto wɔn a wɔtete asase yi so atwene; mede amanehunu bɛba wɔn so sɛdeɛ wɔbɛfa wɔn nnommum.”
19 Woe to me because of my brokenness; my wound is grievous! But I said, “This is truly my sickness, and I must bear it.”
Me pira yi enti mennue; mʼapirakuro yɛ koankorɔ! Nanso mehyɛɛ me ho den sɛ, “Yei ne me yadeɛ, na ɛsɛ sɛ memia mʼani.”
20 My tent is destroyed, and all its ropes are snapped. My sons have departed from me and are no more. I have no one left to pitch my tent or set up my curtains.
Wɔasɛe me ntomadan; wɔatwitwa ne nhoma nyinaa mu. Wɔafa me mma nyinaa kɔ a merenhunu wɔn bio; anka obiara a ɔbɛsi me ntomadan anaa ɔbɛsiesie me suhyɛ.
21 For the shepherds have become senseless; they do not seek the LORD. Therefore they have not prospered, and all their flock is scattered.
Nnwanhwɛfoɔ no yɛ adwenemherɛfoɔ. Wɔmmisa Awurade akyiri ɛkwan; ɛno enti ɛnsi wɔn yie na wɔn nnwankuo no abɔ ahwete.
22 Listen! The sound of a report is coming— a great commotion from the land to the north. The cities of Judah will be made a desolation, a haunt for jackals.
Montie! Amaneɛ no reba, basabasayɛ kɛseɛ a ɛfiri atifi fam asase bi so! Ɛbɛma Yuda nkuro ada mpan, na ayɛ sakraman atuo.
23 I know, O LORD, that a man’s way is not his own; no one who walks directs his own steps.
Ao Awurade, menim sɛ, onipa nkwa nyɛ ne dea; na ɛnyɛ onipa na ɔkyerɛkyerɛ nʼanammɔntuo.
24 Correct me, O LORD, but only with justice— not in Your anger, or You will bring me to nothing.
Tene me so, Awurade, wɔ tenenee mu, mfiri wʼabofuo mu ntwe mʼaso anyɛ saa a, mɛwu.
25 Pour out Your wrath on the nations that do not acknowledge You, and on the families that do not call on Your name. For they have devoured Jacob; they have consumed him and finished him off; they have devastated his homeland.
Hwie wʼabufuhyeɛ no gu amanaman a wɔnnye wo ntom no so, nnipa a wɔmmɔ wo din no so. Ɛfiri sɛ, wɔasɛe Yakob wɔasɛe no koraa na wɔasɛe nʼasase a wɔwoo no too so.