< Isaiah 1 >

1 This is the vision concerning Judah and Jerusalem that Isaiah son of Amoz saw during the reigns of Uzziah, Jotham, Ahaz, and Hezekiah, kings of Judah.
Saa anisoadehu a ɛfa Yuda ne Yerusalem ho no baa Amos babarima Yesaia so wɔ Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia mmere so.
2 Listen, O heavens, and give ear, O earth, for the LORD has spoken: “I have raised children and brought them up, but they have rebelled against Me.
Ɔsoro, muntie! Asase, yɛ aso! Na Awurade akasa: “Matetew mma ama wɔanyinyin, nanso wɔatew me so atua.
3 The ox knows its owner, and the donkey its master’s manger, but Israel does not know; My people do not understand.”
Nantwi nim ne wura, afurum nso nim ne wura mmoa adididaka, nanso Israel nnim, me nkurɔfo nte ase.”
4 Alas, O sinful nation, a people laden with iniquity, a brood of evildoers, children of depravity! They have forsaken the LORD; they have despised the Holy One of Israel and turned their backs on Him.
Nnome nka, amumɔyɛ man, ɔman a wɔn afɔdi so, nnebɔneyɛfo kuw, mma a porɔwee ahyɛ wɔn ma! Wɔatwe wɔn ho afi Awurade ho; wɔapo Israel Kronkronni no, wɔadan wɔn akyi akyerɛ no.
5 Why do you want more beatings? Why do you keep rebelling? Your head has a massive wound, and your whole heart is afflicted.
Adɛn nti na mopɛ sɛ wɔkɔ so boro mo? Adɛn nti na moda so tew atua? Wɔapira mo ti, na mo koma nso di yaw.
6 From the sole of your foot to the top of your head, there is no soundness— only wounds and welts and festering sores neither cleansed nor bandaged nor soothed with oil.
Efi mo nan ase kosi mo ti so, ahomeka biara nni mu, apirakuru ne ahonhon nko ara akuru a anim deda hɔ na wɔnhohoro so anaa wɔnkyekyeree anaa wɔmfaa ngo nsrasraa so ɛ.
7 Your land is desolate; your cities are burned with fire. Foreigners devour your fields before you— a desolation demolished by strangers.
Mo man ada mpan, wɔde ogya ahyehyew mo nkuropɔn; ananafo regye mo mfuw a mo ani tua, na asɛe sɛnea ɛyɛɛ bere a ahɔho tuu mo gui no.
8 And the Daughter of Zion is abandoned like a shelter in a vineyard, like a shack in a cucumber field, like a city besieged.
Wɔagyaw Ɔbabea Sion te sɛ bobeturo mu sese te sɛ akuraa a esi ɛfere afuw mu, te sɛ kuropɔn a atamfo atwa ho ahyia.
9 Unless the LORD of Hosts had left us a few survivors, we would have become like Sodom, we would have resembled Gomorrah.
Sɛ Asafo Awurade annyaw yɛn asefo a, anka yɛayɛ sɛ Sodom, na yɛadan ayɛ sɛ Gomora.
10 Hear the word of the LORD, you rulers of Sodom; listen to the instruction of our God, you people of Gomorrah!
Muntie Awurade asɛm, mo Sodom sodifo; muntie yɛn Nyankopɔn mmara, mo Gomorafo!
11 “What good to Me is your multitude of sacrifices?” says the LORD. “I am full from the burnt offerings of rams and the fat of well-fed cattle; I take no delight in the blood of bulls and lambs and goats.
“Mo afɔrebɔ ahorow bebree no, dɛn na ɛyɛ ma me?” Sɛnea Awurade se ni. “Mewɔ ɔhyew afɔrebɔde ma ɛboro so, nea ɛyɛ adwennini ne mmoa a wɔadɔ srade; mʼani nnye anantwinini, nguantenmma ne mpapo mogya ho.
12 When you come to appear before Me, who has required this of you— this trampling of My courts?
Sɛ moba mʼanim a hena na obisa eyi fi mo hɔ, sɛ mutiatia me fi yi?
13 Bring your worthless offerings no more; your incense is detestable to Me— your New Moons, Sabbaths, and convocations. I cannot endure iniquity in a solemn assembly.
Munnyae afɔrebɔde a ɛmfra a mode ba no! Mo aduhuam yɛ me tan. Ɔsram foforo, homenna ne nhyiamu ahorow, mo nhyiamu hunu no afono me.
14 I hate your New Moons and your appointed feasts. They have become a burden to Me; I am weary of bearing them.
Mo ɔsram foforo afahyɛ ne mo aponto a moahyehyɛ, me kra kyi. Ayɛ adesoa ama me; masoa abrɛ.
15 When you spread out your hands in prayer, I will hide My eyes from you; even though you multiply your prayers, I will not listen. Your hands are covered with blood.
Sɛ momema mo nsa so bɔ mpae a, meyi mʼani ato nkyɛn. Sɛ mobɔ mpae bebree mpo a merentie. “Mogya bebree agu mo nsa ho fi.
16 Wash and cleanse yourselves. Remove your evil deeds from My sight. Stop doing evil!
“Munnwira mo ho na mo ho ntew. Munnyi mo nnebɔne mfi mʼani so! Munnyae bɔneyɛ,
17 Learn to do right; seek justice and correct the oppressor. Defend the fatherless and plead the case of the widow.”
Monyɛ papa! Monhwehwɛ atɛntrenee. Monhyɛ wɔn a wɔhyɛ wɔn so nkuran Munni mma ayisaa, monka akunafo nsɛm mma wɔn.
18 “Come now, let us reason together,” says the LORD. “Though your sins are like scarlet, they will be as white as snow; though they are as red as crimson, they will become like wool.
“Afei mommra na yennwen mmɔ mu,” sɛnea Awurade se ni. “Sɛ mo bɔne te sɛ ɔkɔben a, ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma; mpo sɛ ɛyɛ kɔkɔɔ te sɛ mogya a ɛbɛyɛ fitaa sɛ asaawa mfuturu.
19 If you are willing and obedient, you will eat the best of the land.
Sɛ mopene so na moyɛ osetie a, mubedi asase no so nnepa.
20 But if you resist and rebel, you will be devoured by the sword.”
Na sɛ moampene na motew atua a, afoa bedi mo nam.” Awurade na wakasa.
21 See how the faithful city has become a harlot! She once was full of justice; righteousness resided within her, but now only murderers!
Hwɛ sɛnea kuropɔn nokwafo no adan oguamanfo. Bere bi, na atɛntrenee ahyɛ no ma na anka trenee te ne mu, nanso mprempren, awudifo ahyɛ mu ma!
22 Your silver has become dross; your fine wine is diluted with water.
Wo dwetɛ adan ade a so nni mfaso, wɔde nsu afra wo nsa papa mu.
23 Your rulers are rebels, friends of thieves. They all love bribes and chasing after rewards. They do not defend the fatherless, and the plea of the widow never comes before them.
Wo sodifo yɛ atuatewfo, akorɔmfo yɔnkonom; wɔn nyinaa pɛ adanmude, na wɔpere akyɛde ho. Wonni mma ayisaa; na akunafo nsɛm nkɔ wɔn anim.
24 Therefore the Lord GOD of Hosts, the Mighty One of Israel, declares: “Ah, I will be relieved of My foes and avenge Myself on My enemies.
Enti, Awurade, Asafo Awurade, nea ɔyɛ Ɔkɛse ma Israel no ka se, “Aa, menya ahomegye afi mʼatamfo hɔ na matɔ wɔn so were.
25 I will turn My hand against you; I will thoroughly purge your dross; I will remove all your impurities.
Mɛma me nsa so, atia mo; mɛhohoro mo ho fi korakora na mayi mo ho nkekae nyinaa.
26 I will restore your judges as at first, and your counselors as at the beginning. After that you will be called the City of Righteousness, the Faithful City.”
Mɛma mo atemmufo bio sɛ kan no, ne mo afotufo sɛnea na ɛte, mfiase no. Eyi akyi no, wɔbɛfrɛ wo Kuropɔn Trenee, Kuropɔn Nokwafo.”
27 Zion will be redeemed with justice, her repentant ones with righteousness.
Wɔde atɛntrenee begye Sion bio, na wɔn a wonu wɔn ho no, wɔde trenee begye wɔn.
28 But rebels and sinners will together be shattered, and those who forsake the LORD will perish.
Nanso atuatewfo ne nnebɔneyɛfo de, wɔbɛdwerɛw wɔn abɔ mu, na wɔn a wɔpa Awurade akyi bɛyera.
29 Surely you will be ashamed of the sacred oaks in which you have delighted; you will be embarrassed by the gardens that you have chosen.
“Mo ani bewu, esiane odum anyame a munyaa wɔn mu anigye no; wobegu mo anim ase, esiane nturo a mosom abosom wɔ mu no nti.
30 For you will become like an oak whose leaves are withered, like a garden without water.
Mobɛyɛ sɛ odum a ne nhaban apo, ne turo a ennya nsu.
31 The strong man will become tinder and his work will be a spark; both will burn together, with no one to quench the flames.
Ɔhoɔdenfo bɛyɛ sɛ ade a ɛhyew ntɛm nʼadwuma bɛyɛ sɛ ogya a aturuw; abien no bɛhyew abɔ mu, a obiara rentumi nnum.”

< Isaiah 1 >