< Isaiah 58 >

1 “Cry aloud, do not hold back! Raise your voice like a ram’s horn. Declare to My people their transgression and to the house of Jacob their sins.
“Monteam denden, monnnyae. Momma mo nne so sɛ totorobɛnto. Mompae mu nka me nkurɔfoɔ atuateɛ nkyerɛ wɔn na monka Yakob efie nso nnebɔne nkyerɛ no.
2 For day after day they seek Me and delight to know My ways, like a nation that does what is right and does not forsake the justice of their God. They ask Me for righteous judgments; they delight in the nearness of God.”
Ɛda biara da wɔhwehwɛ me; ayɛ sɛ wɔpere sɛ wɔbɛhunu mʼakwan, te sɛ wɔyɛ ɔman a wɔyɛ deɛ ɛtene na wɔmpoo wɔn Onyankopɔn ahyɛdeɛ. Wɔbisa me hɔ asɛntenenee na ayɛ sɛ wɔpɛ sɛ Onyankopɔn bɛn wɔn.
3 “Why have we fasted, and You have not seen? Why have we humbled ourselves, and You have not noticed?” “Behold, on the day of your fast, you do as you please, and you oppress all your workers.
Wɔka sɛ, ‘Adɛn enti na yɛadi mmuada na woanhunu yi? Adɛn enti na yɛabrɛ yɛn ho ase, na woanhwɛ yi?’ “Nanso mo abuada da no, moyɛ deɛ mopɛ na mosisi mo adwumayɛfoɔ nyinaa.
4 You fast with contention and strife to strike viciously with your fist. You cannot fast as you do today and have your voice be heard on high.
Ntɔkwa ne akasakasa na mode wie mo abuadadie, ne akuturuku a mode bobɔ mo ho. Morentumi nni mmuada sɛdeɛ moyɛ no ɛnnɛ yi na moahwɛ anim sɛ wɔbɛte mo nne wɔ soro.
5 Is this the fast I have chosen: a day for a man to deny himself, to bow his head like a reed, and to spread out sackcloth and ashes? Will you call this a fast and a day acceptable to the LORD?
Yei ne mmuadadie a mepɛ anaa? Ɛda koro pɛ a onipa de brɛ ne ho ase no anaa? Ɛne sɛ obi si ne tiri ase te sɛ demmire na ɔtena ayitoma so ne nsõ mu nko ara anaa? Yei na mofrɛ no abuadadie yi, ɛda a ɛsɔ Awurade ani yi ni anaa?
6 Isn’t this the fast that I have chosen: to break the chains of wickedness, to untie the cords of the yoke, to set the oppressed free and tear off every yoke?
“Saa mmuadadie yi na mepɛ: sɛ mobɛyiyi ntɛnkyea nkɔnsɔnkɔnsɔn na moasane kɔnnua nhoma, sɛ mobɛgyaa wɔn a wɔhyɛ wɔn so na moabubu kɔnnua biara.
7 Isn’t it to share your bread with the hungry, to bring the poor and homeless into your home, to clothe the naked when you see him, and not to turn away from your own flesh and blood?
Ɛsɛ sɛ mo ne wɔn a ɛkɔm de wɔn kyɛ mo aduane na moma ohiani a ɔnenam no baabi tena. Sɛ mohunu deɛ ɔda adagya a, momfira no ntoma na monnyi mo ani mfiri mo yɔnko onipa so.
8 Then your light will break forth like the dawn, and your healing will come quickly. Your righteousness will go before you, and the glory of the LORD will be your rear guard.
Ɛno na mo hann bɛpue te sɛ ahemadakye, na mo ayaresa aba ntɛm so; afei mo tenenee bɛdi mo anim, na Awurade animuonyam bɛbɔ mo kyidɔm.
9 Then you will call, and the LORD will answer; you will cry out, and He will say, ‘Here I am.’ If you remove the yoke from your midst, the pointing of the finger and malicious talk,
Afei mobɛfrɛ, na Awurade bɛgye mo so; mobɛteam apɛ mmoa, na ɔbɛka sɛ: Me nie. “Sɛ moyi nhyɛsoɔ kɔnnua, nsa a motene wɔ onipa so ne ntwatoso firi hɔ,
10 and if you give yourself to the hungry and satisfy the afflicted soul, then your light will go forth in the darkness, and your night will be like noonday.
na sɛ moha mo ho ma wɔn a ɛkɔm de wɔn na moma wɔn a wɔhyɛ wɔn so no deɛ ɛhia wɔn a, ɛnneɛ mo nkanea bɛhyerɛn wɔ esum mu, na mo anadwo bɛyɛ sɛ owigyinaeɛ.
11 The LORD will always guide you; He will satisfy you in a sun-scorched land and strengthen your frame. You will be like a well-watered garden, like a spring whose waters never fail.
Awurade bɛkyerɛ mo ɛkwan ɛberɛ biara; ɔbɛma mo deɛ ɛhia mo wɔ asase wesee so na ɔbɛhyɛ mo onipadua den. Mobɛyɛ sɛ turo a wɔgugu so nsuo yie, sɛ asuwa a emu nsuo nwe da.
12 Your people will rebuild the ancient ruins; you will restore the age-old foundations; you will be called Repairer of the Breach, Restorer of the Streets of Dwelling.
Mo nkurɔfoɔ bɛsane asi teteete mmubuiɛ no, na wɔato fapem a akyɛre no; wɔbɛfrɛ mo Deɛ Ɔsiesie Afasuo a Abubu no, Deɛ Ɔsiesie Adan a Abubu.
13 If you turn your foot from breaking the Sabbath, from doing as you please on My holy day, if you call the Sabbath a delight, and the LORD’s holy day honorable, if you honor it by not going your own way or seeking your own pleasure or speaking idle words,
“Sɛ mohwɛ mo anammɔntuo so yie Homeda na moannyɛ deɛ mopɛ wɔ me da kronkron no, sɛ mofrɛ Homeda no anigyeɛ da na modi Awurade da kronkron no ni na moamfa mo ara mo akwan so na moanyɛ deɛ mopɛ anaa moanka nsɛmhunu a,
14 then you will delight yourself in the LORD, and I will make you ride on the heights of the land and feed you with the heritage of your father Jacob.”
ɛnneɛ mobɛnya anigyeɛ wɔ Awurade mu na mɛma mo anante asase no sorɔnsorɔmmea so na moato pon wɔ mo agya Yakob agyapadeɛ so.” Awurade na aka.

< Isaiah 58 >