< Isaiah 51 >

1 “Listen to Me, you who pursue righteousness, you who seek the LORD: Look to the rock from which you were cut, and to the quarry from which you were hewn.
“Muntie me, mo a mopɛ trenee akyi kwan; na mohwehwɛ Awurade; Monhwɛ ɔbotan a wotwaa mo fii mu no ne abopaebea a wotuu mo fii hɔ no;
2 Look to Abraham your father, and to Sarah who gave you birth. When I called him, he was but one; then I blessed him and multiplied him.
Monhwɛ Abraham, mo agya, ne Sara a ɔwoo mo no. Bere a mefrɛɛ no no, na ɔyɛ ɔbaakofo, na mihyiraa no maa nʼase trɛwee.
3 For the LORD will comfort Zion and will look with compassion on all her ruins; He will make her wilderness like Eden and her desert like the garden of the LORD. Joy and gladness will be found in her, thanksgiving and melodious song.
Awurade bɛkyekye Sion werɛ ampa ara na ne yam bɛhyehye no wɔ ne nnwiriwii no ho; ɔbɛyɛ ne nweatam ahorow sɛ Eden, nʼasase a ada mpan bɛyɛ sɛ Awurade turo. Wobehu anigye ne ahosɛpɛw, aseda ne nnwonto wɔ ne mu.
4 Pay attention to Me, My people, and listen to Me, My nation; for a law will go out from Me, and My justice will become a light to the nations; I will bring it about quickly.
“Muntie me, me nkurɔfo; monyɛ aso mma me, me man: Mmara no befi me nkyɛn akɔ; na mʼatɛntrenee bɛyɛ hann ama aman no.
5 My righteousness draws near, My salvation is on the way, and My arms will bring justice to the nations. The islands will look for Me and wait in hope for My arm.
Me trenee reba ntɛm so, me nkwagye nam kwan so, na me basa de atɛntrenee bɛbrɛ aman no. Asupɔw no bɛhwɛ me na wɔde anidaso bɛtwɛn me basa.
6 Lift up your eyes to the heavens, and look at the earth below; for the heavens will vanish like smoke, the earth will wear out like a garment, and its people will die like gnats. But My salvation will last forever, and My righteousness will never fail.
Momma mo ani so nhwɛ ɔsorosoro, monhwɛ asase wɔ fam; ɔsorosoro betu ayera sɛ wusiw na asase bɛtetew sɛ atade na wɔn a wɔte so bewuwu sɛ nwansena. Nanso me nkwagye bɛtena hɔ daa, me trenee to rentwa da.
7 Listen to Me, you who know what is right, you people with My law in your hearts: Do not fear the scorn of men; do not be broken by their insults.
“Muntie me, mo a munim nea ɛteɛ, mo a me mmara wɔ mo koma mu: Munnsuro nnipa animka anaa momma wɔn ahohora ntu mo koma.
8 For the moth will devour them like a garment, and the worm will eat them like wool. But My righteousness will last forever, My salvation through all generations.”
Na nnwewemmoa bɛwe wɔn te sɛnea wɔwe atade; asunson bɛsɛe wɔn te sɛnea wɔsɛe kuntu. Nanso me trenee bɛtena hɔ daa, me nkwagye befi awo ntoatoaso akosi awo ntoatoaso so.”
9 Awake, awake, put on strength, O arm of the LORD. Wake up as in days past, as in generations of old. Was it not You who cut Rahab to pieces, who pierced through the dragon?
Nyan, nyan! Awurade basa, hyɛ ahoɔden adurade; nyan te sɛ nna a atwa mu no, te sɛ tete awo ntoatoaso mu no. Ɛnyɛ wo na wutwitwaa Rahab mu asinasin no, na wuhwirew asuboa kɛse no mu no?
10 Was it not You who dried up the sea, the waters of the great deep, who made a road in the depths of the sea for the redeemed to cross over?
Ɛnyɛ wo na womaa po yowee, asubun mu nsu no, nea ɔpaee kwan wɔ po bun mu no sɛnea wɔn a wɔagye wɔn no betumi atwa?
11 So the redeemed of the LORD will return and enter Zion with singing, crowned with everlasting joy. Gladness and joy will overtake them, and sorrow and sighing will flee.
Wɔn a Awurade apata ama wɔn bɛsan aba. Wɔde nnwonto bɛhyɛn Sion; anigye a ɛnsa da bɛyɛ wɔn abotiri, anigye ne ahosɛpɛw bɛboro wɔn so, awerɛhow ne apinisi betu ayera.
12 “I, even I, am He who comforts you. Why should you be afraid of mortal man, of a son of man who withers like grass?
“Me, me ara, mene wo werɛkyekyefo. Hena ne wo a wusuro ɔdesani, nnipa mma a wɔyɛ sare yi.
13 But you have forgotten the LORD, your Maker, who stretched out the heavens and laid the foundations of the earth. You live in terror all day long because of the fury of the oppressor who is bent on destruction. But where is the fury of the oppressor?
Na wo werɛ afi Awurade, wo yɛfo nea ɔtrɛw ɔsorosoro mu na ɔhyɛɛ asase ase no, a da biara na woabɔ hu ɔhyɛsoni no abufuw nti, nea ɔde ɔsɛe asi nʼani so no ana? Na ɔhyɛsoni no abufuw wɔ he?
14 The captive will soon be freed; he will not die in the dungeon, and his bread will not be lacking.
Ɛrenkyɛ, wobegyaa nneduafo ahufo no; wɔrenwuwu wɔ afiase amoa mu, na aduan remmɔ wɔn.
15 For I am the LORD your God who stirs up the sea so that its waves roar— the LORD of Hosts is His name.
Na mene Awurade, wo Nyankopɔn nea ɔhwanyan po, ma nʼasorɔkye woro so. Asafo Awurade ne ne din.
16 I have put My words in your mouth, and covered you with the shadow of My hand, to establish the heavens, to found the earth, and to say to Zion, ‘You are My people.’”
Mede me nsɛm ahyɛ wʼanom, na mede me nsa ase nwini akata wo so. Me a mede ɔsorosoro sii hɔ na mehyɛɛ asase ase, na meka kyerɛ Sion se, ‘Moyɛ me nkurɔfo.’”
17 Awake, awake! Rise up, O Jerusalem, you who have drunk from the hand of the LORD the cup of His fury; you who have drained the goblet to the dregs— the cup that makes men stagger.
Nyan, nyan! Sɔre, Yerusalem! Wo a woanom afi Awurade nsam nʼabufuw kuruwa no, wo a woanom apɔɔdɔ mu nsa atu puw nea ɛma nnipa tɔ ntintan no.
18 Among all the sons she bore, there is no one to guide her; among all the sons she brought up, there is no one to take her hand.
Ne mma a ɔwoo wɔn nyinaa no obiara nni hɔ a ɔkyerɛ no kwan; mma a ɔtetew wɔn nyinaa no obiara nni hɔ a oso ne nsa mu.
19 These pairs have befallen you: devastation and destruction, famine and sword. Who will grieve for you? Who can comfort you?
Saa ɔhaw prenu yi aba wo so, hena na ɔbɛkyekye wo werɛ? Nnwiriwii ne ɔsɛe, ɔkɔm ne afoa, hena na ɔbɛhyɛ wo den?
20 Your sons have fainted; they lie at the head of every street, like an antelope in a net. They are full of the wrath of the LORD, the rebuke of your God.
Wo mma atotɔ beraw; wɔdeda mmɔnten so baabiara, te sɛ ɔtwe a afiri ayi no. Awurade abufuw aba wɔn so, wo Nyankopɔn animka no.
21 Therefore now hear this, you afflicted one, drunken, but not with wine.
Enti tie eyi, wo a worehu amane woabow, nanso ɛnyɛ nsa na abow wo.
22 Thus says your Lord, the LORD, even your God, who defends His people: “See, I have removed from your hand the cup of staggering. From that goblet, the cup of My fury, you will never drink again.
Sɛɛ na Otumfo Awurade se, wo Nyankopɔn a ɔbɔ ne nkurɔfo ho ban: Hwɛ, magye afi wo nsa mu, kuruwa a ɛma wotɔɔ ntintan no, kuruwa a ɛyɛ mʼabufuw pɔɔdɔ no, worennom bio.
23 I will place it in the hands of your tormentors, who told you: ‘Lie down, so we can walk over you,’ so that you made your back like the ground, like a street to be traversed.”
Mede bɛhyɛ wɔn a wɔhaw mo no nsa mu, wɔn a wɔka kyerɛɛ mo se, “Butuw fam na yɛnnantew wo so na wode wʼakyi yɛɛ fam, te sɛ abɔnten sɛ wɔnnantew so no.”

< Isaiah 51 >