< Isaiah 40 >

1 “Comfort, comfort My people,” says your God.
Monkyekye, monkyekye me nkurɔfo werɛ. Saa na mo Nyankopɔn se.
2 “Speak tenderly to Jerusalem, and proclaim to her that her forced labor has been completed; her iniquity has been pardoned. For she has received from the hand of the LORD double for all her sins.”
Monka asomdwoesɛm nkyerɛ Yerusalem, na mompae mu nka nkyerɛ no se ne som dennen no aba awiei, wɔatua ne bɔne no so ka, na wɔanya ne bɔne nyinaa so akatua mmɔho afi Awurade nsam.
3 A voice of one calling: “Prepare the way for the LORD in the wilderness; make a straight highway for our God in the desert.
Nne bi reteɛ mu se, “Munsiesie ɔkwan mma Awurade wɔ nweatam no so. Monteɛ ɔtempɔn wɔ sare no so mma yɛn Nyankopɔn.
4 Every valley shall be lifted up, and every mountain and hill made low; the uneven ground will become smooth, and the rugged land a plain.
Obon biara bɛyɛ ma, bepɔw ne nkoko nyinaa bɛkɔ fam, asase a ɛyɛ abonkyiabonkyi no bɛyɛ tamaa, na mmeae a ɛyɛ akɔntɔnkye no ayɛ tataw.
5 And the glory of the LORD will be revealed, and all humanity together will see it.
Na Awurade anuonyam bɛda adi, na nnipa nyinaa behu. Efisɛ Awurade na waka!”
6 A voice says, “Cry out!” And I asked, “What should I cry out?” “All flesh is like grass, and all its glory like the flowers of the field.
Nne bi kae se, “Teɛ mu.” Na mekae se, “Menteɛ mu nka dɛn?” “Nnipa nyinaa te sɛ sare, na wɔn anuonyam nyinaa te sɛ afuw so nhwiren.
7 The grass withers and the flowers fall when the breath of the LORD blows on them; indeed, the people are grass.
Sare hyew, na nhwiren twintwam efisɛ Awurade ahomegu fa wɔn so. Nokware, nnipa no yɛ sare.
8 The grass withers and the flowers fall, but the word of our God stands forever.”
Sare hyew, na nhwiren twintwam, nanso yɛn Nyankopɔn asɛm no tim hɔ daa.”
9 Go up on a high mountain, O Zion, herald of good news. Raise your voice loudly, O Jerusalem, herald of good news. Lift it up, do not be afraid! Say to the cities of Judah, “Here is your God!”
Wo a wode asɛm pa reba Sion, foro kɔ bepɔw tenten bi so. Wo a wode asɛm pa reba Yerusalem, ma wo nne so na teɛ mu, ma so, nsuro; ka kyerɛ Yuda nkurow se, “Mo Nyankopɔn ni!”
10 Behold, the Lord GOD comes with might, and His arm establishes His rule. His reward is with Him, and His recompense accompanies Him.
Hwɛ, Asafo Awurade de tumi reba, na nʼabasa bedi hene ama no. Hwɛ, nʼakatua ka ne ho, na ɔde nʼabasobɔde nam.
11 He tends His flock like a shepherd; He gathers the lambs in His arms and carries them close to His heart. He gently leads the nursing ewes.
Ɔhwɛ ne nguankuw sɛ oguanhwɛfo. Ɔboa nguantenmma no wɔ nʼabasa so oturu wɔn ne koko so; na nguan a wɔwɔ mma no, ɔka wɔn brɛoo.
12 Who has measured the waters in the hollow of his hand, or marked off the heavens with the span of his hand? Who has held the dust of the earth in a basket, or weighed the mountains on a scale and the hills with a balance?
Hena na wasusuw obon mu nsu wɔ ne nsam anaa ɔde ne nsateaa asusuw ɔsoro? Hena na ɔde asase so mfutuma agu kɛntɛn mu, anaa wakari mmepɔw wɔ nsania so ne nkoko wɔ nsania apampaa so?
13 Who has directed the Spirit of the LORD, or informed Him as His counselor?
Hena na wate Awurade ase, anaa wakyerɛkyerɛ no sɛ ne fotufo?
14 Whom did He consult to enlighten Him, and who taught Him the paths of justice? Who imparted knowledge to Him and showed Him the way of understanding?
Hena na Awurade abisa no sɛ ɔnkyerɛ no biribi ase, na hena na ɔkyerɛɛ no ɔkwan pa no? Hena na ɔmaa no nimdeɛ anaa ɔkyerɛɛ no nhumu kwan?
15 Surely the nations are like a drop in a bucket; they are considered a speck of dust on the scales; He lifts up the islands like fine dust.
Ampa ara aman no te sɛ nsu sope wɔ bokiti mu; wɔde wɔn toto mfutuma a egu nsania so ho; ɔkari nsupɔw te sɛnea ɛyɛ mfutuma muhumuhu.
16 Lebanon is not sufficient for fuel, nor its animals enough for a burnt offering.
Lebanon nnɔɔso mma afɔremuka so gya, na ne mmoa renso mma ɔhyew afɔrebɔde.
17 All the nations are as nothing before Him; He regards them as nothingness and emptiness.
Aman nyinaa nsɛ hwee wɔ nʼanim; obu wɔn adehunu bi a wɔnka hwee.
18 To whom will you liken God? To what image will you compare Him?
Afei hena ho na wode Onyankopɔn bɛtoto? Nsɛsode bɛn ho na wode no bɛto?
19 To an idol that a craftsman casts and a metalworker overlays with gold and fits with silver chains?
Ohoni de, odwumfo na ɔyɛ, na sikadwumfo de sikakɔkɔɔ agu ho na wasiesie dwetɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn ama no.
20 To one bereft of an offering who chooses wood that will not rot, who seeks a skilled craftsman to set up an idol that will not topple?
Ohiani a ɔrentumi mfa saa ayɛyɛde yi mma no kɔhwehwɛ dua a ɛremporɔw. Ɔhwehwɛ odwumfo nyansafo na wayɛ ohoni a ɛremmunum nhwe fam asi hɔ.
21 Do you not know? Have you not heard? Has it not been declared to you from the beginning? Have you not understood since the foundation of the earth?
Wunnim ana? Wontee ana? Wɔnnka nkyerɛɛ wo mfii mfiase no ana? Efi bere a wɔbɔɔ asase no, wontee ase ana?
22 He sits enthroned above the circle of the earth; its dwellers are like grasshoppers. He stretches out the heavens like a curtain, and spreads them out like a tent to dwell in.
Ɔte ahengua so wɔ asase dantaban no atifi ɛso nnipa te sɛ tɛwtɛw ɔtwe ɔsoro mu te sɛ bamkyinii, na ɔtrɛw mu sɛ ntamadan tena mu.
23 He brings the princes to nothing and makes the rulers of the earth meaningless.
Ɔma ahemmea yɛ nnipahunu na wiase yi sodifo nso, ɔbrɛ wɔn ase.
24 No sooner are they planted, no sooner are they sown, no sooner have their stems taken root in the ground, than He blows on them and they wither, and a whirlwind sweeps them away like stubble.
Wɔtɛw wɔn ara pɛ, woduaa wɔn ara pɛ, wogyee ntin wɔ asase mu pɛ, na wahome agu wɔn so ama wɔakisa, na mframa abɔ wɔn kɔ te sɛ ntɛtɛ.
25 “To whom will you liken Me, or who is My equal?” asks the Holy One.
“Hena ho na wode me bɛto? Anaasɛ hena na ɔne me sɛ?” Ɔkronkronni no na ose.
26 Lift up your eyes on high: Who created all these? He leads forth the starry host by number; He calls each one by name. Because of His great power and mighty strength, not one of them is missing.
Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro: Hena na ɔbɔɔ eyinom nyinaa? Nea oyiyi ɔsoro nsoromma mmaako mmaako, na ɔbɔ obiara din frɛ no. Nʼahoɔden ne ne tumi nti wɔn mu baako mpo nyera.
27 Why do you say, O Jacob, and why do you assert, O Israel, “My way is hidden from the LORD, and my claim is ignored by my God”?
Adɛn na wunwiinwii, Yakob, na woka se, Israel, “Mʼakwan ahintaw Awurade; na me Nyankopɔn abɔ mʼasɛm agu”?
28 Do you not know? Have you not heard? The LORD is the everlasting God, the Creator of the ends of the earth. He will not grow tired or weary; His understanding is beyond searching out.
Wunnim ana? Wontee ana? Awurade yɛ daapem Nyankopɔn, na ɔyɛ asase nyinaa yɛfo. Ɔremmrɛ na ɔrentɔ beraw, na ne nhumu nni nhwehwɛmu.
29 He gives power to the faint and increases the strength of the weak.
Ɔma nea watɔ beraw ahoɔden nea wayɛ mmerɛw nso, ɔto nʼahoɔden so.
30 Even youths grow tired and weary, and young men stumble and fall.
Mpo, mmabun brɛ, na wɔtɔ beraw, na mmerante hintihintiw hwehwe ase;
31 But those who wait upon the LORD will renew their strength; they will mount up with wings like eagles; they will run and not grow weary, they will walk and not faint.
Nanso, wɔn a wɔn ani da Awurade so benya ahoɔden foforo. Wɔde ntaban sɛ akɔre de betu akɔ wim; wobetu mmirika, na wɔrentɔ beraw. Wɔbɛnantew, na wɔrentɔ piti.

< Isaiah 40 >