< Hosea 11 >

1 When Israel was a child, I loved him, and out of Egypt I called My son.
“Bere a Israel yɛ abofra no, na medɔ no, na Misraim na mefrɛɛ me babarima fii.
2 But the more I called Israel, the farther they departed from Me. They sacrificed to the Baals and burned incense to carved images.
Nanso mpɛn dodow a mefrɛɛ Israel no, saa ara na woguan fii me nkyɛn. Wɔbɔɔ afɔre maa Baal ahoni, na wɔhyew nnuhuam maa nsɛsode.
3 It was I who taught Ephraim to walk, taking them in My arms, but they never realized that it was I who healed them.
Me na migyigyee Efraim taataa, turuu wɔn wɔ me basa so; nanso wɔnkae sɛ me na mesaa wɔn yare.
4 I led them with cords of kindness, with ropes of love; I lifted the yoke from their necks and bent down to feed them.
Me de ayamye hama ne ɔdɔ dii wɔn anim; miyii konnua no fii wɔn kɔn mu na mekotow maa wɔn aduan dii.
5 Will they not return to the land of Egypt and be ruled by Assyria because they refused to repent?
“Wɔbɛsan akɔ Misraim, na Asiria adi wɔn so, esiane sɛ wɔannu wɔn ho nti.
6 A sword will flash through their cities; it will destroy the bars of their gates and consume them in their own plans.
Afoa bedi ahim wɔ wɔn kuropɔn mu na ɛbɛsɛe wɔn apon akyi adaban na wɔn nhyehyɛe to betwa.
7 My people are bent on turning from Me. Though they call to the Most High, He will by no means exalt them.
Me nkurɔfo asi no pi sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi me nkyɛn. Sɛ mpo wosu frɛ me Onyankopɔn Ɔsorosoroni no mpo a meremma wɔn so ɔkwan biara so.
8 How could I give you up, O Ephraim? How could I surrender you, O Israel? How could I make you like Admah? How could I treat you like Zeboiim? My heart is turned within Me; My compassion is stirred!
“Ɛbɛyɛ dɛn na meyi wo ama, Efraim? Ɛbɛyɛ dɛn ma meyi wo ama, Israel? Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Adma? Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Seboim? Me koma asakra wɔ me mu; na mʼahummɔbɔ ahwanyan.
9 I will not execute the full fury of My anger; I will not turn back to destroy Ephraim. For I am God and not man— the Holy One among you— and I will not come in wrath.
Merenyɛ mʼabufuwhyew so ade, na merennan me ho nsɛe Efraim bio. Meyɛ Onyankopɔn na menyɛ onipa. Meyɛ Ɔkronkronni a ɔwɔ mo mu. Meremma wɔ abufuw mu.
10 They will walk after the LORD; He will roar like a lion. When He roars, His children will come trembling from the west.
Wobedi Awurade akyi. Ɔbɛbobɔ mu te sɛ gyata. Na sɛ ɔbobɔ mu a, ne mma de ahopopo befi atɔe aba.
11 They will come trembling like birds from Egypt and like doves from the land of Assyria. Then I will settle them in their homes, declares the LORD.
Wɔde ahopopo bɛba te sɛ nnomaa a wofi Misraim, te sɛ mmorɔnoma a wofi Asiria. Mɛbɔ wɔn atenase wɔ wɔn afi mu,” sɛnea Awurade se ni.
12 Ephraim surrounds Me with lies, the house of Israel with deceit; but Judah still walks with God and is faithful to the Holy One.
Efraim de atoro atwa me ho ahyia, Israelfi nso wɔde nnaadaa. Yuda abɔ Onyankopɔn so ko mpo ɔde tia Ɔkronkronni nokwafo no.

< Hosea 11 >