< Hebrews 11 >

1 Now faith is the assurance of what we hope for and the certainty of what we do not see.
Gyidie yɛ ahotosoɔ a yɛwɔ wɔ nneɛma a yɛn ani da so ne awerɛhyɛmu a yɛwɔ wɔ nneɛma a yɛn ani nnhunu mu.
2 This is why the ancients were commended.
Gyidie a na tetefoɔ no wɔ enti na wɔnyaa adanseɛ pa.
3 By faith we understand that the universe was formed at God’s command, so that what is seen was not made out of what was visible. (aiōn g165)
Gyidie na ɛma yɛte aseɛ sɛ ɛnam Onyankopɔn asɛm so na wɔbɔɔ ewiase. Ɛma yɛhunu sɛ wɔbɔɔ deɛ wɔhunu firii deɛ wɔnnhunu mu. (aiōn g165)
4 By faith Abel offered God a better sacrifice than Cain did. By faith he was commended as righteous when God gave approval to his gifts. And by faith he still speaks, even though he is dead.
Ɛnam gyidie so na Habel bɔɔ afɔdeɛ a ɛsɔ ani kyɛn deɛ Kain de maa Onyankopɔn no. Ne gyidie enti, Onyankopɔn buu no sɛ onipa tenenee, na nʼakyɛdeɛ no sɔɔ Onyankopɔn ani. Na ɛno so na ɔnam wuiɛ a ɛnnɛ mpo ɔda so kasa.
5 By faith Enoch was taken up so that he did not see death: “He could not be found, because God had taken him away.” For before he was taken, he was commended as one who pleased God.
Gyidie enti, wɔfaa Henok kɔɔ ɔsoro a wanhunu owuo. Obiara anhunu no, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na ɔfaa no kɔeɛ. Atwerɛsɛm no ka sɛ ansa na wɔrebɛfa Henok akɔ no, na wasɔ Onyankopɔn ani.
6 And without faith it is impossible to please God, because anyone who approaches Him must believe that He exists and that He rewards those who earnestly seek Him.
Obiara a ɔnni gyidie rentumi nsɔ Onyankopɔn ani. Ɛsɛ sɛ obiara a ɔba Onyankopɔn nkyɛn no nya gyidie sɛ Onyankopɔn te ase na ɔdom wɔn a wɔhwehwɛ no.
7 By faith Noah, when warned about things not yet seen, in godly fear built an ark to save his family. By faith he condemned the world and became heir of the righteousness that comes by faith.
Gyidie enti na ɛmaa Noa tee Onyankopɔn kɔkɔ a ɔbɔ faa daakye nneɛma a ebi nsii da no, ɔtiee Onyankopɔn yɛɛ adaka a emu na wɔgyee ɔno ne ne fiefoɔ nkwa. Ɛnam so maa Onyankopɔn buu ewiase fɔ, na Noa deɛ, ne nsa kaa tenenee a wɔnya firi gyidie mu.
8 By faith Abraham, when called to go to a place he would later receive as his inheritance, obeyed and went, without knowing where he was going.
Gyidie enti na ɛberɛ a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔnkɔ asase a wahyɛ ho bɔ sɛ ɔde bɛma no so no, ɔtieeɛ na ɔkɔeɛ. Ɔgyaa ne ɔman hɔ kɔeɛ a na ɔnnim baabi a ɔrekɔ.
9 By faith he dwelt in the promised land as a stranger in a foreign country. He lived in tents, as did Isaac and Jacob, who were heirs with him of the same promise.
Gyidie enti ɔtenaa asase a na Onyankopɔn ahyɛ no ho bɔ no so sɛ ɔhɔhoɔ. Ɔne Isak ne Yakob a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn bɔ korɔ no ara bi tenaa ntomadan mu.
10 For he was looking forward to the city with foundations, whose architect and builder is God.
Nanso, na Abraham retwɛn kuro kɛseɛ bi a Onyankopɔn akyekyere a ne fapem rensɛe da mu akɔtena.
11 By faith Sarah, even though she was barren and beyond the proper age, was enabled to conceive a child, because she considered Him faithful who had promised.
Gyidie enti na Sara nso de nyaa tumi nyinsɛnee, ɛberɛ a na wanyini na ɔntumi nwo no. Ɔde ne ho too Onyankopɔn so sɛ ɔbɛdi ne bɔhyɛ so.
12 And so from one man, and he as good as dead, came descendants as numerous as the stars in the sky and as countless as the sand on the seashore.
Ɛno enti, ɛwom sɛ na Abraham regye nna awu, nanso nʼasefoɔ adɔɔso sɛ ewiem nsoromma ne mpoano anwea.
13 All these people died in faith, without having received the things they were promised. However, they saw them and welcomed them from afar. And they acknowledged that they were strangers and exiles on the earth.
Gyidie mu na saa nnipa yi nyinaa wuwuiɛ. Ɛwom sɛ wɔn nsa anka bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn no deɛ, nanso wɔhunuu no akyirikyiri yɛɛ no atuu, gye dii sɛ wɔyɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ wɔ asase so.
14 Now those who say such things show that they are seeking a country of their own.
Wɔn a wɔka saa no da no adi pefee sɛ wɔrehwehwɛ wɔn ankasa wɔn ɔman.
15 If they had been thinking of the country they had left, they would have had opportunity to return.
Wɔannwene ɔman a wɔgyaa wɔ wɔn akyire no ho. Sɛ wɔyɛɛ no saa a, anka wɔbɛtumi anya ɛkwan asane wɔn akyi akɔ hɔ.
16 Instead, they were longing for a better country, a heavenly one. Therefore God is not ashamed to be called their God, for He has prepared a city for them.
Na mmom, ɔman pa a ɛyɛ ɔsoro ɔman no na na wɔpere kɔ mu. Enti, ɛnyɛ Onyankopɔn aniwu sɛ ɔma wɔfrɛ no wɔn Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, wasiesie ɔman bi ama wɔn.
17 By faith Abraham, when he was tested, offered up Isaac on the altar. He who had received the promises was ready to offer his one and only son,
Gyidie enti, Abraham de ne ba Isak kɔbɔɔ afɔdeɛ ɛberɛ a Onyankopɔn sɔɔ no hwɛeɛ. Abraham nko ara ne onipa a na Onyankopɔn ahyɛ no bɔ no, nanso na wasiesie ne ho sɛ, ɔde ne ba korɔ no bɛbɔ afɔdeɛ.
18 even though God had said to him, “Through Isaac your offspring will be reckoned.”
Na Onyankopɔn aka akyerɛ no sɛ, “Ɛnam Isak so na wʼase bɛtrɛ.”
19 Abraham reasoned that God could raise the dead, and in a sense, he did receive Isaac back from death.
Na Abraham nim sɛ Onyankopɔn bɛtumi anyane awufoɔ afiri owuo mu, na ɛkwan bi so no, yɛbɛtumi aka sɛ Onyankopɔn nyanee Isak firii owuo mu.
20 By faith Isaac blessed Jacob and Esau concerning the future.
Gyidie enti na ɛmaa Isak hyiraa Yakob ne Esau maa wɔn daakye asetena.
21 By faith Jacob, when he was dying, blessed each of Joseph’s sons and worshiped as he leaned on the top of his staff.
Gyidie enti na ɛmaa Yakob hyiraa Yosef mma no nyinaa ansa na ɔrewuo. Ɔkuraa ne poma mu sɔree Onyankopɔn.
22 By faith Joseph, when his end was near, spoke about the exodus of the Israelites and gave instructions about his bones.
Gyidie enti na Yosef rebɛwuo no, ɔka kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ, wɔbɛtu afiri Misraim, na ɔhyɛɛ deɛ sɛ ɔwu a, wɔnyɛ nʼamu no.
23 By faith Moses’ parents hid him for three months after his birth, because they saw that he was a beautiful child, and they were unafraid of the king’s edict.
Gyidie enti na ɛmaa Mose awoɔ akyi no, nʼawofoɔ de no siee abosome mmiɛnsa no. Wɔhunuu sɛ na ɔyɛ sononko, enti na wɔansuro sɛ wɔbɛbu ɔhene no mmara so.
24 By faith Moses, when he was grown, refused to be called the son of Pharaoh’s daughter.
Gyidie enti na Mose nyiniiɛ no, wampɛ sɛ wɔbɛfrɛ no Farao babaa ba no.
25 He chose to suffer oppression with God’s people rather than to experience the fleeting enjoyment of sin.
Na ɔpɛ sɛ ɔne Onyankopɔn mma bɛhunu amane sene sɛ ɔbɛgye nʼani wɔ bɔne mu mmerɛ tiawa bi.
26 He valued disgrace for Christ above the treasures of Egypt, for he was looking ahead to his reward.
Ɔsusuu sɛ, sɛ ɔhunu amane ma Kristo a, ɛyɛ sene agyapadeɛ a ɛwɔ Misraim nyinaa, ɛfiri sɛ, na nʼani da ade pa bi so daakye.
27 By faith Moses left Egypt, not fearing the king’s anger; he persevered because he saw Him who is invisible.
Gyidie enti na ɛmaa Mose tu firii Misraim a na ɔnsuro ɔhene no abufuo. Ɔmiaa nʼani sɛ ɔrensane nʼakyi ɛfiri sɛ na wahunu Onyankopɔn a obi nhunu no no.
28 By faith he kept the Passover and the sprinkling of blood, so that the destroyer of the firstborn would not touch Israel’s own firstborn.
Gyidie enti na ɔhyɛɛ Twam Afahyɛ no ma wɔde mogya petee apono ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔsɛebɔfoɔ no renkum Israelfoɔ mmakan a wɔyɛ mmarima no.
29 By faith the people passed through the Red Sea as on dry land; but when the Egyptians tried to follow, they were drowned.
Gyidie enti na ɛmaa Israelfoɔ no twaa Ɛpo Kɔkɔɔ no, sɛdeɛ wɔnam asase kesee so no. Misraimfoɔ no pɛɛ sɛ wɔtwa bi no, nsuo no bu faa wɔn so.
30 By faith the walls of Jericho fell, after the people had marched around them for seven days.
Gyidie enti na Israelfoɔ de nnanson twaa Yeriko afasuo ho hyiaeɛ no, ɛdwiri guiɛ.
31 By faith the prostitute Rahab, because she welcomed the spies in peace, did not perish with those who were disobedient.
Gyidie enti na wɔankum adwaman Rahab amfra wɔn a wɔnnye Onyankopɔn nni no, ɛfiri sɛ, ɔgyee akwansrafoɔ no fɛ so.
32 And what more shall I say? Time will not allow me to tell of Gideon, Barak, Samson, Jephthah, David, Samuel, and the prophets,
Afei ɛdeɛn na menka? Ɛberɛ bebree nni hɔ sɛ mɛka Gideon, Barak, Samson, Yefta, Dawid ne Samuel ne adiyifoɔ no ho asɛm.
33 who through faith conquered kingdoms, administered justice, and gained what was promised; who shut the mouths of lions,
Wɔnam gyidie so koo aman dii nkonim ma wɔn nsa kaa deɛ Onyankopɔn hyɛɛ wɔn ho bɔ no. Wɔkataa gyata ano,
34 quenched the raging fire, and escaped the edge of the sword; who gained strength from weakness, became mighty in battle, and put foreign armies to flight.
dumm ogyaframa, tetee wɔn ho firii akofenawuo ano. Na wɔyɛ mmerɛ, nanso wɔyɛɛ den. Na wɔyɛ den akono, enti wɔdii wɔn atamfoɔ so.
35 Women received back their dead, raised to life again. Others were tortured and refused their release, so that they might gain a better resurrection.
Ɛnam gyidie so ma wɔnyanee mmaa bi awufoɔ maa wɔn. Afoforɔ bi nso, wɔyɛɛ wɔn aniɛyadeɛ sɛ anka wɔmpo Onyankopɔn na wɔagyaa wɔn. Nanso, wɔammpo Onyankopɔn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nsa bɛka daakye owusɔreɛ a ɛkyɛn so.
36 Still others endured mocking and flogging, and even chains and imprisonment.
Wɔguu afoforɔ anim ase, bɔɔ wɔn mmaa, na wɔkyekyeree ebinom de wɔn guu afiase.
37 They were stoned, they were sawed in two, they were put to death by the sword. They went around in sheepskins and goatskins, destitute, oppressed, and mistreated.
Wɔsii ebi aboɔ. Wɔde sradaa paee ebinom mu mmienu, de sekan kumm bi. Wɔkyinkyinii sɛ nnipa a nnwan ne mmirekyie nhoma kata wɔn ho. Wɔyɛɛ mmɔbɔ. Wɔn ho dwanee wɔn na wɔhunuu amane.
38 The world was not worthy of them. They wandered in deserts and mountains, and hid in caves and holes in the ground.
Ewiase yi annyɛ amma wɔn. Wɔkyinkyinii sɛ atutenafoɔ wɔ ɛserɛ so ne mmepɔ so, abodan ne asase so abɔn mu.
39 These were all commended for their faith, yet they did not receive what was promised.
Wɔdii yeinom nyinaa ho adanseɛ pa wɔ wɔn gyidie ho, nanso wɔn nsa anka bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn no,
40 God had planned something better for us, so that together with us they would be made perfect.
ɛfiri sɛ, Onyankopɔn wɔ tirimupɔ papa bi ma yɛn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛne wɔn nyinaa bɛbom anya bɔhyɛ no.

< Hebrews 11 >