< Habakkuk 3 >

1 This is a prayer of Habakkuk the prophet, according to Shigionoth:
Saa mpaebɔ yi, Habakuk too no sɛ dwom:
2 O LORD, I have heard the report of You; I stand in awe, O LORD, of Your deeds. Revive them in these years; make them known in these years. In Your wrath, remember mercy!
Awurade, mate wo ho nsɛm nyinaa, Na wʼanwonwadwuma a woayɛ no, me ho adwiriw me. Yɛ no foforo wɔ yɛn mmere so. Yɛn mmere yi mu, ma wonhu. Wʼabufuwhyew mu no, kae wo mmɔborɔhunu.
3 God came from Teman, and the Holy One from Mount Paran. (Selah) His glory covered the heavens, and His praise filled the earth.
Onyankopɔn fi Teman bae, Ɔkronkronni a ofi Bepɔw Paran so, Nʼanuonyam kata ɔsoro, na nʼayeyi hyɛ asase so ma.
4 His radiance was like the sunlight; rays flashed from His hand, where His power is hidden.
Ɔhyerɛn sɛ anɔpawia Hann no nsensanee twa yerɛw fi ne nsam, Ɛhɔ na ne tumi ahintaw.
5 Plague went before Him, and fever followed in His steps.
Ɔyaredɔm di nʼanim kɔ; Na nsanyare di nʼakyi pɛɛ.
6 He stood and measured the earth; He looked and startled the nations; the ancient mountains crumbled; the perpetual hills collapsed. His ways are everlasting.
Sɛ ogyina a, asase wosow. Sɛ ɔhwɛ a, ɔma aman wosow. Tete mmepɔw dwiriwii, na nkoko a efi tete no ka kataa so. Nʼakwan ntwa mu da.
7 I saw the tents of Cushan in distress; the curtains of Midian were trembling.
Mihuu Kusanfo ntamadan a atetew ne Midianfo atenae a agyigya.
8 Were You angry at the rivers, O LORD? Was Your wrath against the streams? Did You rage against the sea when You rode on Your horses, on Your chariots of salvation?
Awurade, wo bo fuw nsubɔnten no? Wʼabufuw no tiaa nsuwansuwa no? Wosɔre tiaa po, bere a wo ne wʼapɔnkɔ ne nkonimdi nteaseɛnam nam no.
9 You brandished Your bow; You called for many arrows. (Selah) You split the earth with rivers.
Wuyii wo tadua, Woma wɔde agyan bebree brɛɛ wo. Wode nsubɔnten paapae asase mu.
10 The mountains saw You and quaked; torrents of water swept by. The deep roared with its voice and lifted its hands on high.
Mmepɔw huu wo, na wɔwosowee Osuhweam bɛsen kɔe. Bun no woroo so, na ehuru baa soro.
11 Sun and moon stood still in their places at the flash of Your flying arrows, at the brightness of Your shining spear.
Owia ne ɔsram gyinagyinaa sorosoro hɔ, bere a wohuu wʼagyan a ɛnenam wim no hann, ne wo peaw a ɛpa yerɛw yerɛw no.
12 You marched across the earth with fury; You threshed the nations in wrath.
Wʼabufuwhyew mu no, wonantew twaa asase so na wode abufuw tiatiaa aman no so.
13 You went forth for the salvation of Your people, to save Your anointed. You crushed the head of the house of the wicked and stripped him from head to toe.
Wobaa se worebegye wo nkurɔfo, na woagye nea wɔasra no no nkwa. Wopɛtɛw atirimɔdenfoman no kannifo, wopaa ne ho ntama fi ne ti so kosii ne nan ase.
14 With his own spear You pierced his head, when his warriors stormed out to scatter us, gloating as though ready to secretly devour the weak.
Wode nʼankasa peaw hwirew ne ti mu, bere a nʼakofo bɔɔ yerɛdɛ sɛ wɔrebɛhwete yɛn mu. Wɔpɛɛ sɛ wɔbɛtɔre mmɔborɔfo a wɔakɔ agua no ase koraa.
15 You trampled the sea with Your horses, churning the great waters.
Wode wʼapɔnkɔ tiatiaa po no mu, ma asu kɛse no hurui.
16 I heard and trembled within; my lips quivered at the sound. Decay entered my bones; I trembled where I stood. Yet I must wait patiently for the day of distress to come upon the people who invade us.
Metee no, me koma tui, nnyigyei no maa mʼano poo biribiri; ɔporɔw hyɛn me nnompe mu, na me nan wosowee. Nanso mɛtɔ me bo ase atwɛn akosi sɛ amanehunu da bɛba ɔman a wɔtow hyɛɛ yɛn so no so.
17 Though the fig tree does not bud and no fruit is on the vines, though the olive crop fails and the fields produce no food, though the sheep are cut off from the fold and no cattle are in the stalls,
Ɛwɔ mu, borɔdɔma nnua no nguu nhwiren, na aba nso nni bobe no so; ɛwɔ mu, ngodua no adi huammɔ na mfuw no mmɔ aduan. Ɛwɔ mu, nguan biara nni buw no mu, na anantwi nso nni ban no mu.
18 yet I will exult in the LORD; I will rejoice in the God of my salvation!
Nanso mʼani begye Awurade mu; me ho bɛsɛpɛw me wɔ Onyankopɔn a ɔyɛ mʼagyenkwa no mu.
19 GOD the Lord is my strength; He makes my feet like those of a deer; He makes me walk upon the heights!
Otumfo Awurade yɛ mʼahoɔden. Ɔma me nan yɛ sɛ ɔforote de, ɔma me nantew sorɔnsorɔmmea. Wɔmfa mpae yi mma nnwonto kwankyerɛfo no. Na wɔnto no wɔ mʼasanku no so.

< Habakkuk 3 >