< Genesis 45 >
1 Then Joseph could no longer control himself before all his attendants, and he cried out, “Send everyone away from me!” So none of them were with Joseph when he made himself known to his brothers.
Afei, na Yosef yɛ ne ho biribiara a, ɛnyɛ yie wɔ nʼasomfoɔ no nyinaa anim. Enti, ɔteaam kyerɛɛ nʼasomfoɔ no sɛ, “Obiara mfiri ha nkɔ.” Enti, ɛberɛ a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ ne nuanom no, na asomfoɔ no mu biara nni hɔ.
2 But he wept so loudly that the Egyptians heard him, and Pharaoh’s household soon heard of it.
Ɔsuu dendeenden maa Misraimfoɔ no teeɛ. Ɛyɛɛ saa ma ɛduruu Farao fiefoɔ asom.
3 Joseph said to his brothers, “I am Joseph! Is my father still alive?” But they were unable to answer him, because they were terrified in his presence.
Afei, Yosef ka kyerɛɛ ne nuammarimanom no sɛ, “Mene Yosef! Mʼagya te ase anaa?” Asɛm no yɛɛ wɔn nwanwa yie ma ɛtɔree wɔn mumu wɔ nʼanim.
4 Then Joseph said to his brothers, “Please come near me.” And they did so. “I am Joseph, your brother,” he said, “the one you sold into Egypt!
Yosef ka kyerɛɛ ne nuammarimanom no sɛ, “Montwe mmɛn me.” Wɔtwe bɛn no no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mene mo nuabarima Yosef. Me na motɔnee me maa wɔde me kɔɔ Misraim no.
5 And now, do not be distressed or angry with yourselves that you sold me into this place, because it was to save lives that God sent me before you.
Mommma biribiara nha mo. Na monnkasakasa so sɛ motɔnee me maa wɔde mebaa ha. Onyankopɔn na ɔyɛeɛ. Ɔno na ɔsomaa me, dii mo anim baa ha sɛ memmɛgye mo nkwa.
6 For the famine has covered the land these two years, and there will be five more years without plowing or harvesting.
Mfeɛ mmienu ni a ɛkɔm baa asase yi so. Mfeɛ enum a ɛreba yi nso, obiara rennua, na obiara nso rentwa.
7 God sent me before you to preserve you as a remnant on the earth and to save your lives by a great deliverance.
Onyankopɔn asoma me ha sɛ, memma mo ne mo fiefoɔ ntena nkwa mu, na moayɛ ɔman kɛseɛ.
8 Therefore it was not you who sent me here, but God, who has made me a father to Pharaoh—lord of all his household and ruler over all the land of Egypt.
“Enti, ɛnyɛ mo na mode mebaa ha, na ɛyɛ Onyankopɔn ankasa! Wayɛ me Farao fotufoɔ ne ne fie sohwɛfoɔ, ɛnna ɔde Misraiman nyinaa nso ahyɛ me nsa.
9 Now return quickly to my father and tell him, ‘This is what your son Joseph says: God has made me lord of all Egypt. Come down to me without delay.
Afei, monka mo ho nkɔ mʼagya nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ, ‘Sɛdeɛ wo babarima Yosef seɛ ni, Onyankopɔn ayɛ me Misraiman nyinaa sohwɛfoɔ. Enti, ntwentwɛn wo nan ase koraa, na bra Misraim!
10 You shall settle in the land of Goshen and be near me—you and your children and grandchildren, your flocks and herds, and everything you own.
Wobɛba abɛtena Gosen asase so, na woabɛn me. Fa wo mma, wo nananom, wo nnwan ne wʼanantwie ne biribiara a wowɔ bra.
11 And there I will provide for you, because there will be five more years of famine. Otherwise, you and your household and everything you own will come to destitution.’
Sɛ woba hɔ a, mɛhwɛ wo, ɛfiri sɛ saa ɛkɔm kɛseɛ yi aka mfeɛ enum. Sɛ anyɛ saa a, wo ne wo fiefoɔ ne wɔn a wɔka wo ho nyinaa bɛdi hia buruburoo.’
12 Behold! You and my brother Benjamin can see that I, Joseph, am the one speaking with you.
“Mo ne me nua Benyamin nyinaa di adanseɛ sɛ, ampa ara, ɛyɛ me Yosef na me ne morekasa yi.
13 Tell my father about all my splendor in Egypt and everything you have seen. And bring my father down here quickly.”
Monka animuonyam a Onyame adom enti, wɔahyɛ me wɔ Misraim asase so ne biribiara a mo ankasa mode mo ani abɛhunu no nyinaa ho asɛm nkyerɛ mʼagya. Monkɔfa mʼagya nsiane mmrɛ me ntɛm so.”
14 Then Joseph threw his arms around his brother Benjamin and wept, and Benjamin wept as they embraced.
Ɔyɛɛ Benyamin atuu, suiɛ, a anigyeɛ ne awerɛhoɔ adi afra. Benyamin nso firii aseɛ suiɛ.
15 Joseph kissed each of his brothers as he wept over them. And afterward his brothers talked with him.
Ɔfefee ne nuanom no nyinaa ano suiɛ, na ɛno akyiri no, wɔtumi ne no kasaeɛ.
16 When the news reached Pharaoh’s house that Joseph’s brothers had come, Pharaoh and his servants were pleased.
Ɛberɛ a wɔtee wɔ Farao fie sɛ Yosef nuanom no aba no, Farao ne ne mpanimfoɔ a wɔka ne ho no nyinaa ani gyeeɛ.
17 Pharaoh said to Joseph, “Tell your brothers, ‘Do as follows: Load your animals and return to the land of Canaan.
Afei, Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Ka kyerɛ wo nuanom no se, wɔmfa nneɛma nsoasoa wɔn mmoa no, na wɔnkɔ Kanaan asase so,
18 Then bring your father and your families and return to me. I will give you the best of the land of Egypt, and you shall eat from the fat of the land.’
na wɔnkɔfa wɔn agya ne wɔn abusuafoɔ nyinaa mmra Misraim asase so ha mmɛtena ha. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Farao bɛma mo Misraim asase no fa a ɛyɛ pa ara atena so. Wɔbɛdi asase no so nnepa!’
19 You are also directed to tell them: ‘Take wagons from the land of Egypt for your young children and your wives, and bring your father and come back.
“Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Momfa nteaseɛnam mfiri Misraim ha nkɔfa mo yerenom ne mo mma. Momfa mo agya nso nka ho mmra.
20 But pay no regard to your belongings, for the best of all the land of Egypt is yours.’”
Monnha mo ho wɔ mo agyapadeɛ ho, ɛfiri sɛ, mede nnepa a ɛwɔ Misraim asase so nyinaa no bi bɛma mo.’”
21 So the sons of Israel did as they were told. Joseph gave them wagons as Pharaoh had instructed, and he also gave them provisions for their journey.
Enti, Yosef maa wɔn nteaseɛnam ne nnuane a wɔbɛdi wɔ ɛkwan so, sɛdeɛ Farao hyɛeɛ no.
22 He gave new garments to each of them, but to Benjamin he gave three hundred shekels of silver and five sets of clothes.
Ɔmaa ne nuanom no mu biara atadeɛ foforɔ, nanso Benyamin deɛ, ɔmaa no ntadeɛ ahodoɔ enum ne dwetɛ kilogram mmiɛnsa ne fa.
23 And he sent to his father the following: ten donkeys loaded with the best of Egypt, and ten female donkeys loaded with grain and bread and provisions for his father’s journey.
Saa nneɛma a ɛdidi so yi nso na Yosef de kɔmaa nʼagya Israel: mfunumunini edu a wɔahyehyɛ Misraim nneɛma pa wɔ wɔn so, mfunumubereɛ edu a wɔsoso aburoo, burodo ne nnuane ahodoɔ ne nʼakwansoduane.
24 Then Joseph sent his brothers on their way, and as they were leaving, he said to them, “Do not quarrel on the way!”
Ɔgyaa ne nuanom no kwan, na akwannya no mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnkɔkasakasa wɔ ɛkwan so.”
25 So the brothers went up out of Egypt and came to their father Jacob in the land of Canaan.
Enti, wɔfirii Misraiman mu kɔɔ wɔn agya Israel nkyɛn wɔ Kanaan asase so.
26 “Joseph is still alive,” they said, “and he is ruler over all the land of Egypt!” But Jacob was stunned, for he did not believe them.
Wɔduruiɛ no, wɔde anigyeɛ bɔɔ wɔn agya amaneɛ sɛ, “Yosef te ase! Nokwasɛm nie, ɔno na ɔdi Misraiman nyinaa so!” Israel tee saa asɛm yi no, ne ho dwirii no. Wannye anni.
27 However, when they relayed all that Joseph had told them, and when he saw the wagons that Joseph had sent to carry him back, the spirit of their father Jacob was revived.
Na ɛberɛ a wɔkaa nsɛm a Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛka no wieeɛ no, na ɔhunuu nteaseɛnam a Yosef de somaa sɛ wɔmfa mmɛfa no no, wɔn agya Yakob ho sanee no.
28 “Enough!” declared Israel. “My son Joseph is still alive! I will go to see him before I die.”
Afei, Israel kaa sɛ, “Magye nsɛm no nyinaa adi. Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ, Yosef te ase. Mɛkɔ makɔhunu no ansa na mawu.”