< Genesis 41 >

1 After two full years had passed, Pharaoh had a dream: He was standing beside the Nile,
Mfe abien akyi no, Farao soo dae bi. Na ogyina Asubɔnten Nil ho.
2 when seven cows, sleek and well-fed, came up from the river and began to graze among the reeds.
Ohuu wɔ dae no mu sɛ anantwi ason a wɔadodɔ srade, na wɔn ho tua wɔn ho fii asubɔnten no mu ba bɛwee sare a na ɛwɔ hɔ no.
3 After them, seven other cows, sickly and thin, came up from the Nile and stood beside the well-fed cows on the bank of the river.
Anantwi akɛse ason no akyi no, anantwi ason foforo a wɔafonfɔn ayeyɛ nkanyankanya fii Asubɔnten Nil mu ba begyinaa anantwi a wɔadodɔ srade no ho wɔ asu no konkɔn so.
4 And the cows that were sickly and thin devoured the seven sleek, well-fed cows. Then Pharaoh woke up,
Anantwi ason a wɔafonfɔn ayeyɛ nkanyankanya no memenee anantwi ason a wɔadodɔ srade no. Na Farao bɔɔ pitiri nyanee!
5 but he fell back asleep and dreamed a second time: Seven heads of grain, plump and ripe, came up on one stalk.
Nna faa Farao bio ma ɔsoo dae a ɛto so abien. Ohuu wɔ dae no mu sɛ, ɔmo kasiaw ason a ɛwɔ ahoɔden na ɛyɛ fɛ asow wɔ ɔmo dua baako so.
6 After them, seven other heads of grain sprouted, thin and scorched by the east wind.
Akyiri no, kasiaw ason bi a ɛyɛ nkanyankanya a apuei mframa abɔ no ama atwintwam nso fifii.
7 And the thin heads of grain swallowed up the seven plump, ripe ones. Then Pharaoh awoke and realized it was a dream.
Ɔmo nkanyankanya no memenee ɔmo a ɛwɔ ahoɔden na ɛyɛ fɛ no. Farao nyanee, na ohuu sɛ sɛɛ na nea ohuu no nyinaa yɛ ɔdae.
8 In the morning his spirit was troubled, so he summoned all the magicians and wise men of Egypt. Pharaoh told them his dreams, but no one could interpret them for him.
Ade kyee no, nʼadwene mu yɛɛ no basaa. Enti Farao soma ma wɔkɔfrɛɛ nkonyaayifo ne anyansafo a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa baa ne fi. Farao kaa dae a ɔsoo no nyinaa kyerɛɛ wɔn, nanso wɔn mu biara antumi ankyerɛ ase.
9 Then the chief cupbearer said to Pharaoh, “Today I recall my failures.
Ɛhɔ na Farao nsahyɛfo panyin no ka kyerɛɛ Farao se, “Nnɛ na wɔakae me me sintɔ.
10 Pharaoh was once angry with his servants, and he put me and the chief baker in the custody of the captain of the guard.
Mmere bi a atwa mu no, wo Farao bo fuw wʼasomfo yiye. Ɛnam so ma wode me ne wo brodotofo panyin kɔtoo afiase wɔ awɛmfo panyin fi.
11 One night both the chief baker and I had dreams, and each dream had its own meaning.
Yɛn baanu nyinaa sosoo adae anadwo koro no ara a na ɛsono sɛnea yɛn mu biara dae no si te.
12 Now a young Hebrew was there with us, a servant of the captain of the guard. We told him our dreams and he interpreted them for us individually.
Saa bere no, na Hebrini aberantewa bi a na ɔyɛ awɛmfo panyin Potifar somfo ka yɛn ho wɔ afiase hɔ. Yɛkaa yɛn dae a yɛsosoo no kyerɛɛ no no, ɔkyerɛɛ yɛn mu biara dae ase pɛpɛɛpɛ.
13 And it happened to us just as he had interpreted: I was restored to my position, and the other man was hanged.”
Na ne nkyerɛase a ɔmaa no baa mu saa pɛpɛɛpɛ. Mesan kodii me dibea, na wɔsɛn brodotofo panyin no nso.”
14 So Pharaoh sent for Joseph, who was quickly brought out of the dungeon. After he had shaved and changed his clothes, he went in before Pharaoh.
Amono mu hɔ ara, Farao soma ma wokoyii Yosef fii afiase hɔ bae. Ofi afiase hɔ no, oyii nʼabogyesɛ, sesaa nʼatade, na ɔbaa Farao anim.
15 Pharaoh said to Joseph, “I had a dream, and no one can interpret it. But I have heard it said of you that when you hear a dream you can interpret it.”
Farao ka kyerɛɛ Yosef se, “Maso dae bi a obiara ntumi nkyerɛ ase. Nanso mate sɛ wo de, sɛ obi ka ne dae kyerɛ wo a, wutumi kyerɛ ase. Ɛno nti na masoma abɛfrɛ wo yi.”
16 “I myself cannot do it,” Joseph replied, “but God will give Pharaoh a sound answer.”
Yosef buaa Farao se, “Me ara merentumi mfi me tumi mu nkyerɛ dae no ase. Onyankopɔn na ɔbɛkyerɛ wo dae no ase.”
17 Then Pharaoh said to Joseph: “In my dream I was standing on the bank of the Nile,
Na Farao ka kyerɛɛ Yosef se, “Mʼadaeso no mu no, na migyina Asubɔnten Nil konkɔn so.
18 when seven cows, well-fed and sleek, came up from the river and began to graze among the reeds.
Mihuu sɛ anantwi ason a wɔadodɔ srade, na wɔn ho tua wɔn ho fi asubɔnten no mu ba bɛnantew wura no mu, fii ase wee sare.
19 After them, seven other cows—sickly, ugly, and thin—came up. I have never seen such ugly cows in all the land of Egypt!
Anantwi akɛse ason no akyi no, anantwi ason foforo a wɔafonfɔn ayeyɛ nkanyankanya nso puei; minhuu anantwi a wɔyɛ tan bi saa wɔ Misraim asase so da.
20 Then the thin, ugly cows devoured the seven well-fed cows that were there first.
Anantwi ason a wɔafonfɔn ayeyɛ nkanyankanya no memenee anantwi ason a wɔadodɔ srade na wɔn ho tua wɔn ho a wodii kan puei no.
21 When they had devoured them, however, no one could tell that they had done so; their appearance was as ugly as it had been before. Then I awoke.
Nanso wɔmemenee wɔn nyinaa akyi no, hwee ankyerɛ sɛ wɔayɛ saa, na wɔn ho da so yɛ nkanyankanya, tantan no ara. Na mebɔɔ pitiri nyanee.
22 In my dream I also saw seven heads of grain, plump and ripe, growing on a single stalk.
“Mesan soo dae bio hui sɛ, ɔmo kasiaw ason a ɛyɛ fɛ na ɛwɔ ahoɔden sɛ asow wɔ ɔmo dua baako so.
23 After them, seven other heads of grain sprouted—withered, thin, and scorched by the east wind.
Eyinom akyi no, ɔmo kasiaw ason bi a apuei mframa abɔ no, ama akisa ayeyɛ nkanyankanya nso fifii.
24 And the thin heads of grain swallowed the seven plump ones. I told this dream to the magicians, but no one could explain it to me.”
Ɔmo nkanyankanya no memenee ɔmo ason a ɛyɛ fɛ na ɛwɔ ahoɔden no. Mekaa me dae no nyinaa kyerɛɛ nkonyaayifo no, wɔn mu biara antumi ankyerɛ me ase.”
25 At this, Joseph said to Pharaoh, “The dreams of Pharaoh are one and the same. God has revealed to Pharaoh what He is about to do.
Ɛnna Yosef ka kyerɛɛ Farao se, “Wo dae abien a wososoe no nyinaa nkyerɛase yɛ pɛ. Onyankopɔn nam dae no so reda biribi a ɔrebɛyɛ no adi akyerɛ wo.
26 The seven good cows are seven years, and the seven ripe heads of grain are seven years. The dreams have the same meaning.
Anantwi ason a wɔadodɔ srade no ne ɔmo kasiaw ason a ɛyɛ fɛ, na ɛwɔ ahoɔden no ase kyerɛ mfe ason; ɛyɛ dae koro.
27 Moreover, the seven thin, ugly cows that came up after them are seven years, and so are the seven worthless heads of grain scorched by the east wind—they are seven years of famine.
Anantwi ason a wɔafonfɔn, na wɔayeyɛ nkanyankanya no yɛ mfe ason, na saa ara na ɔmo kasiaw ason a ayeyɛ nhweanhweaa a apuei mframa ama akisa no te: ɛyɛ ɔkɔm a ɛbɛba mfe ason.
28 It is just as I said to Pharaoh: God has shown Pharaoh what He is about to do.
“Ɛyɛ sɛnea meka kyerɛɛ Ɔhene no: Onyankopɔn akyerɛ wo nea ɔrebɛyɛ.
29 Behold, seven years of great abundance are coming throughout the land of Egypt,
Mfe ason a edi kan no, aduan bebu wɔ Misraim asase so nyinaa,
30 but seven years of famine will follow them. Then all the abundance in the land of Egypt will be forgotten, and the famine will devastate the land.
nanso akyiri no, ɔkɔm kɛse bi bɛba mfe ason. Na nnipa werɛ befi asetena pa a wonyaa no mfe ason a edi kan no mu no. Ɔkɔm bɛposa asase no.
31 The abundance in the land will not be remembered, since the famine that follows it will be so severe.
Esiane ɔkɔm a ebedi mmere pa a atwa mu no akyi no ano den a ɛbɛyɛ no nti, saa bere no wɔrenkae mmere pa no bio wɔ asase no so.
32 Moreover, because the dream was given to Pharaoh in two versions, the matter has been decreed by God, and He will carry it out shortly.
Saa dae abien a wosoo no kyerɛ sɛnea ɔkɔm no ano bɛyɛ den afa. Ɛkyerɛ sɛ, nea ɛbɛyɛ biara, asɛm a maka akyerɛ wo no bɛba mu saa pɛpɛɛpɛ. Efisɛ Onyankopɔn na wasi gyinae pi saa. Na ɛrenkyɛre koraa ɛbɛba mu saa.
33 Now, therefore, Pharaoh should look for a discerning and wise man and set him over the land of Egypt.
“Enti wɔmma Ɔhene hwehwɛ onyansafo kɛse a ɔwɔ nhumu wɔ Misraim asase yi so, na ɔmfa ɔman yi mu kuadwuma ho asɛm nyinaa hyɛ ne nsa.
34 Let Pharaoh take action and appoint commissioners over the land to take a fifth of the harvest of Egypt during the seven years of abundance.
Ma ɔhene Farao nyiyi nnipa, ntuatua amansin ahorow anum no ano. Na saa nnipa a wɔde wɔn betuatua amansin no ano no nyiyi nnɔbae a ɛbɛba mmere pa mfe ason no mu no nkyɛmu anum mu baako, mfa nsie.
35 Under the authority of Pharaoh, let them collect all the excess food from these good years, that they may come and lay up the grain to be preserved as food in the cities.
Ɛsɛ sɛ saa nnipa a wotuatua amansin no ano no boaboa nnuan a wobegyigye mmere pa mfe ason a nnuan bebu no, de gu asan so wɔ ɔhene Farao din mu. Wɔmfa saa nnuan no nhyehyɛ asan so wɔ nkurow akɛse mu.
36 This food will be a reserve for the land during the seven years of famine to come upon the land of Egypt. Then the country will not perish in the famine.”
Nnuan yi na mfe ason a ɔkɔm bɛba wɔ Misraim asase so no, ɔmanfo no bedi. Saa nnuan yi na wɔde besie ama ɔman no. Sɛ anyɛ saa a, akyinnye biara nni ho sɛ, ɔkɔm bɛbɔ ɔman no.”
37 This proposal pleased Pharaoh and all his officials.
Farao ne ne mpanyimfo no gyee asɛm a Yosef ka kyerɛɛ wɔn no nyinaa too mu.
38 So Pharaoh asked them, “Can we find anyone like this man, in whom the Spirit of God abides?”
Enti Farao bisaa wɔn se, “So yebenya obi a ɔte sɛ ɔbarima yi, nea Onyankopɔn honhom ahyɛ no ma?”
39 Then Pharaoh said to Joseph, “Since God has made all this known to you, there is no one as discerning and wise as you.
Na Farao dan nʼani ka kyerɛɛ Yosef se, “Onyankopɔn ayi saa dae yi ne ne nkyerɛase akyerɛ wo yi, obiara nni hɔ a ɔyɛ onyansafo a ɔwɔ nhumu wɔ Misraimman yi mu sɛ wo.
40 You shall be in charge of my house, and all my people are to obey your commands. Only with regard to the throne will I be greater than you.”
Mede saa adwuma kɛse yi nyinaa hyɛ wo nsa. Asɛm biara a wobɛka afa saa adwuma yi ho no, obiara nni ho asɛm ka wɔ Misraim nyinaa. Mʼahengua a me Farao, mete so no nko ara na ɛma meyɛ ɔkɛse sen wo.”
41 Pharaoh also told Joseph, “I hereby place you over all the land of Egypt.”
Enti Farao ka kyerɛɛ Yosef se, “Mede Misraim asase nyinaa ahyɛ wo nsa.”
42 Then Pharaoh removed the signet ring from his finger, put it on Joseph’s finger, clothed him in garments of fine linen, and placed a gold chain around his neck.
Na Farao worɔw ne nsɔwano kaa de hyɛɛ Yosef nsa. Ɔde sirikyi batakari papa bi hyɛɛ Yosef, de sika ntweaban yan no.
43 He had Joseph ride in his second chariot, with men calling out before him, “Bow the knee!” So he placed him over all the land of Egypt.
Ɔmaa Yosef teaseɛnam tenaa mu sɛ nʼabediakyiri. Baabiara a Yosef bɛkɔ no, na nnipa di nʼanim teɛteɛɛ mu se, “Momma kwan!” Saa ɔkwan yi so na ɔhene Farao fa de Misraim asase nyinaa hyɛɛ Yosef nsa.
44 And Pharaoh declared to Joseph, “I am Pharaoh, but without your permission, no one in all the land of Egypt shall lift his hand or foot.”
Na Farao ka kyerɛɛ Yosef se, “Mene Farao, Misraimhene de, nanso obiara ntumi mfi wʼakyi nyɛ biribiara wɔ Misraimman yi mu baabiara, gye sɛ woama ho kwan ansa.”
45 Pharaoh gave Joseph the name Zaphenath-paneah, and he gave him Asenath daughter of Potiphera, priest of On, to be his wife. And Joseph took charge of all the land of Egypt.
Farao maa Yosef ahennin se Safnat-Panea. Farao maa Yosef ɔbea nso waree. Na ababaa no din de Asnat a ɔyɛ ɔbosom On kɔmfo Potifera babea. Ɛnam eyi so maa Yosef nyaa tumi maa ne din hyetaa wɔ Misraim asase so nyinaa.
46 Now Joseph was thirty years old when he entered the service of Pharaoh king of Egypt. And Joseph left Pharaoh’s presence and traveled throughout the land of Egypt.
Bere a Yosef kɔɔ ɔhene Farao agua ase no, na wadi mfirihyia aduasa. Farao maa Yosef kwan maa ɔbɔɔ aporɔw faa Misraim asase so nyinaa.
47 During the seven years of abundance, the land brought forth bountifully.
Mfe ason a edi kan no mu no, aduan buu so wɔ Misraim asase so yiye.
48 During those seven years, Joseph collected all the excess food in the land of Egypt and stored it in the cities. In every city he laid up the food from the fields around it.
Saa mfe ason no mu no, Yosef boaboaa nnuan a ebuu so wɔ Misraimman mu no ano kɔkoraa wɔ nkuropɔn a ɛwowɔ Misraim no mu. Wɔde aduan biara a wonya fii kurow biara mu no bi siee wɔ hɔ.
49 So Joseph stored up grain in such abundance, like the sand of the sea, that he stopped keeping track of it; for it was beyond measure.
Mfe ason akyi no, na Yosef akora nnuan wɔ nnuankorabea hɔ, ama abu so ara kosii sɛ afei na obiara mmu ho nkontaa bio.
50 Before the years of famine arrived, two sons were born to Joseph by Asenath daughter of Potiphera, priest of On.
Ansa na ɔkɔm kɛse no rebɛba no, na Yosef yere Asnat a ɔyɛ ɔbosom On kɔmfo Potifera babea no awo mmabarima baanu.
51 Joseph named the firstborn Manasseh, saying, “God has made me forget all my hardship and all my father’s household.”
Yosef too nʼabakan no din Manase, a nkyerɛase ne Onyankopɔn ama me werɛ afi mʼamanehunu ne mʼagya fi nyinaa.
52 And the second son he named Ephraim, saying, “God has made me fruitful in the land of my affliction.”
Yosef babarima a ɔto so abien no nso, wɔtoo no din Efraim, a nkyerɛase ne Onyankopɔn ama mʼase afɛe wɔ asase a mebaa so sɛ akoa no so.
53 When the seven years of abundance in the land of Egypt came to an end,
Mfe ason a aduan buu so wɔ Misraim asase so no twaa mu.
54 the seven years of famine began, just as Joseph had said. And although there was famine in every country, there was food throughout the land of Egypt.
Sɛnea Yosef hyɛɛ nkɔm no, ɔkɔm a ɛbɛba mfe ason a edi so no fii ase. Ɔkɔm kɛse sii nsase a na atwa Misraim ho ahyia no nyinaa so, nanso Misraim asase ankasa so de, na aduan abu so.
55 When extreme hunger came to all the land of Egypt and the people cried out to Pharaoh for food, he told all the Egyptians, “Go to Joseph and do whatever he tells you.”
Bere a ɔkɔm no sii denneennen wɔ Misraim asase so no, ɔmanfo no su frɛɛ Farao. Farao ka kyerɛɛ Misraimfo nyinaa se, “Monkɔ Yosef nkyɛn, na biribiara a ɔbɛka akyerɛ mo sɛ monyɛ no, monyɛ.”
56 When the famine had spread over all the land, Joseph opened up all the storehouses and sold grain to the Egyptians; for the famine was severe in the land of Egypt.
Bere a ɔkɔm kɛse no trɛw faa ɔman no nyinaa mu no, Yosef buebuee ne nnuankorabea no nyinaa ano, tɔn aburow maa Misraimfo no, efisɛ na ɔkɔm no ano yɛ den yiye ma wɔn.
57 And every nation came to Joseph in Egypt to buy grain, because the famine was severe over all the earth.
Enti na aman a atwa Misraim ho ahyia no nyinaa kɔtɔ aduan wɔ Yosef nkyɛn wɔ Misraim, efisɛ na ɔkɔm a aba no ano yɛ den yiye.

< Genesis 41 >