< Genesis 40 >

1 Some time later, the king’s cupbearer and baker offended their master, the king of Egypt.
Mmere bi akyi no, ɛbaa sɛ Misraimhene Farao nsahyɛfo panyin ne ne brodotofo panyin fom no.
2 Pharaoh was angry with his two officers, the chief cupbearer and the chief baker,
Farao bo fuw ne nsahyɛfo panyin no ne ne brodotofo panyin no yiye.
3 and imprisoned them in the house of the captain of the guard, the same prison where Joseph was confined.
Enti ɔde wɔn koguu afiase wɔ ɔwɛmfo panyin Potifar no fi, beae koro no ara a wɔde Yosef kɔtoo no.
4 The captain of the guard assigned them to Joseph, and he became their personal attendant. After they had been in custody for some time,
Ɔwɛmfo panyin Potifar de wɔn hyɛɛ Yosef nsa sɛ, ɔnhwɛ na ɔnyɛ nea ehia wɔn nyinaa mma wɔn. Wɔdaa afiase hɔ kyɛɛ kakraa no,
5 both of these men—the Egyptian king’s cupbearer and baker, who were being held in the prison—had a dream on the same night, and each dream had its own meaning.
nnipa baanu no nyinaa a na wɔyɛ ɔhene Farao brodotofo panyin ne nsahyɛfo panyin a na wogu afiase hɔ no sosoo adae anadwo koro no ara. Na saa adae abien no mu biara wɔ ne nkyerɛase.
6 When Joseph came to them in the morning, he saw that they were distraught.
Ade kyee a Yosef baa nneduafo baanu no nkyɛn no, ohuu sɛ wɔn nyinaa ayeyɛ bosobosoo.
7 So he asked the officials of Pharaoh who were in custody with him in his master’s house, “Why are your faces so downcast today?”
Obisaa Farao fi mpanyimfo nneduafo a na wɔne no gu afiase hɔ no se, “Adɛn nti na nnɛ de, mo werɛ ahow mo ho sɛɛ?”
8 “We both had dreams,” they replied, “but there is no one to interpret them.” Then Joseph said to them, “Don’t interpretations belong to God? Tell me your dreams.”
Nneduafo no buaa Yosef se, “Anadwo yi, yɛn baanu nyinaa sosoo adae, nanso yennya obiara wɔ ha nkyerɛ yɛn ase.” Yosef nso ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛwɔ mu sɛ Onyankopɔn na ɔkyerɛ dae ase de, nanso monka mo dae a mososoe no nkyerɛ me.”
9 So the chief cupbearer told Joseph his dream: “In my dream there was a vine before me,
Enti Farao nsahyɛfo panyin no dii kan kaa ne dae a ɔsoo no kyerɛɛ Yosef se, “Me dae mu no, mihuu bobe dua.
10 and on the vine were three branches. As it budded, its blossoms opened and its clusters ripened into grapes.
Na saa bobe dua no wɔ mman abiɛsa. Eguu nhwiren, hyehyɛ nyin yɛɛ kasiaw beree.
11 Pharaoh’s cup was in my hand, and I took the grapes, squeezed them into his cup, and placed the cup in his hand.”
Na mikura ɔhene Farao nsa kuruwa. Metetew bobe aba no, kyikyi guu ɔhene Farao nsa kuruwa no mu, de maa no sɛ ɔnnom.”
12 Joseph replied, “This is the interpretation: The three branches are three days.
Yosef ka kyerɛɛ nsahyɛfo panyin deduani no se, “Wo dae no ase ni: mman abiɛsa a wuhui no kyerɛ nnansa.
13 Within three days Pharaoh will lift up your head and restore your position. You will put Pharaoh’s cup in his hand, just as you did when you were his cupbearer.
Nnansa ntam no, Farao beyi wo, ama woakodi wo dibea sɛ ɔhene nsahyɛfo panyin. Na wode Farao kuruwa bɛhyɛ ne nsa sɛnea na woyɛ no kan no.
14 But when it goes well for you, please remember me and show me kindness by mentioning me to Pharaoh, that he might bring me out of this prison.
Na sɛ esi wo yiye a, kae me na yɛ me adɔe; ka me ho asɛm kyerɛ ɔhene Farao, na ɔmma wommeyi me mfi afiase ha.
15 For I was kidnapped from the land of the Hebrews, and even here I have done nothing for which they should have put me in this dungeon.”
Efisɛ manyɛ bɔne biara na wɔkyeree me fii me manfo Hebrifo asase so de me baa ha. Na ɛha nso mpo a meda yi, manyɛ mfomso biara a ɛsɛ sɛ wogyina so de me to afiase.”
16 When the chief baker saw that the interpretation was favorable, he said to Joseph, “I too had a dream: There were three baskets of white bread on my head.
Bere a brodotofo panyin deduani no huu sɛ Yosef akyerɛ nsahyɛfo panyin no dae no ase, ama atɔ asom no, ɔka kyerɛɛ Yosef se, “Me nso, mesoo dae bi. Me dae no mu no, na meso nkɛntɛn abiɛsa a brodo gugu mu.
17 In the top basket were all sorts of baked goods for Pharaoh, but the birds were eating them out of the basket on my head.”
Kɛntɛn a esi soro pɛɛ no, na nnuan ahorow a wɔato a mede rekɔma Farao gu mu a na nnomaa sisi aduan no so wɔ mʼatifi redi.”
18 Joseph replied, “This is the interpretation: The three baskets are three days.
Yosef ka kyerɛɛ no se, “Wo dae a wosoo no nkyerɛase ni, Nkɛntɛn abiɛsa no gyina hɔ ma nnansa.
19 Within three days Pharaoh will lift off your head and hang you on a tree. Then the birds will eat the flesh of your body.”
Nnansa ntam no, Farao bɛma wɔabeyi wo afi afiase ha, atwa wo ti, de wo sin no akɔsɛn dua so, ama nnomaa asosɔw wo nam.”
20 On the third day, which was Pharaoh’s birthday, he held a feast for all his officials, and in their presence he lifted up the heads of the chief cupbearer and the chief baker.
Ne nnansa so no, na Farao redi nʼawoda. Enti ɔtoo pon kɛse bi maa ne mpanyimfo ne ne fifo nyinaa. Ɔsoma ma wokoyii ne brodotofo panyin ne ne nsahyɛfo panyin nneduafo no fii afiase hɔ baa nʼanim.
21 Pharaoh restored the chief cupbearer to his position, so that he once again placed the cup in Pharaoh’s hand.
Ɔhene Farao san de ne nsahyɛfo panyin no sii ne sibea ma ɔhyɛɛ ɔhene Farao nsa.
22 But Pharaoh hanged the chief baker, just as Joseph had described to them in his interpretation.
Nanso ne brodotofo panyin no de, Farao ma wɔkɔsɛn no sɛnea Yosef kyerɛɛ ne dae no ase kyerɛɛ no no pɛpɛɛpɛ.
23 The chief cupbearer, however, did not remember Joseph; he forgot all about him.
Nsahyɛfo panyin no nso werɛ fii Yosef a wankae no koraa.

< Genesis 40 >