< Genesis 3 >
1 Now the serpent was more crafty than any beast of the field that the LORD God had made. And he said to the woman, “Did God really say, ‘You must not eat from any tree in the garden?’”
Na ɔwɔ yɛ ɔdaadaafoɔ wɔ wiram mmoadoma a Awurade Onyankopɔn abɔ wɔn no nyinaa mu. Ɔwɔ no kɔɔ ɔbaa no nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Enti, ɛyɛ ampa ara sɛ, Onyankopɔn se, ‘Monnni turo yi mu aduaba biara?’”
2 The woman answered the serpent, “We may eat the fruit of the trees of the garden,
Ɔbaa no buaa ɔwɔ sɛ, “Yɛtumi di nnua a ɛwɔ turo yi mu no so aduaba biara,
3 but about the fruit of the tree in the middle of the garden, God has said, ‘You must not eat of it or touch it, or you will die.’”
nanso Onyankopɔn kaa sɛ, ‘Ɛnsɛ sɛ yɛdi dua a ɛsi turo no mfimfini no so aduaba, na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn nsa mpo ka, anyɛ saa a, yɛbɛwuwu.’”
4 “You will not surely die,” the serpent told her.
Na ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, “Morenwuwu.
5 “For God knows that in the day you eat of it, your eyes will be opened and you will be like God, knowing good and evil.”
Onyankopɔn nim sɛ, ɛda a mobɛdi no ara pɛ, mo ani bɛba mo ho so, ama moayɛ sɛ Onyankopɔn, na moahunu papa ne bɔne.”
6 When the woman saw that the tree was good for food and pleasing to the eyes, and that it was desirable for obtaining wisdom, she took the fruit and ate it. She also gave some to her husband who was with her, and he ate it.
Ɛberɛ a ɔbaa no hunuu sɛ dua a ɛsi mfimfini no so aba no wɔdi a, ɛbɛyɛ yie, na ɛyɛ akɔnnɔ, na afei ɛte ani no, ɔtee bi diiɛ, de bi ma ne kunu a na ɔne no wɔ hɔ maa ɔno nso diiɛ.
7 And the eyes of both of them were opened, and they knew that they were naked; so they sewed together fig leaves and made coverings for themselves.
Wɔdi wieeɛ no, wɔn baanu ani baa wɔn ho so, na wɔhunuu sɛ wɔn nyinaa da adagya. Enti, wɔkekaa nhahan sisii animu de kataa wɔn adagya so.
8 Then the man and his wife heard the voice of the LORD God walking in the garden in the breeze of the day, and they hid themselves from the presence of the LORD God among the trees of the garden.
Ɛda no anwummerɛ, wɔtee Awurade Onyankopɔn nka sɛ ɔnam turo no mu. Enti, Adam ne ne yere Hawa de wɔn ho kɔsiee nnua a ɛwɔ turo mu hɔ no mu sɛdeɛ Awurade Onyankopɔn renhunu wɔn.
9 But the LORD God called out to the man, “Where are you?”
Enti, Awurade Onyankopɔn frɛɛ Adam bisaa no sɛ, “Mowɔ he?”
10 “I heard Your voice in the garden,” he replied, “and I was afraid because I was naked; so I hid myself.”
Adam buaa sɛ, “Metee wo nka wɔ turo no mu hɔ, nanso na mesuro, ɛfiri sɛ, na meda adagya enti mekɔtɛeɛ.”
11 “Who told you that you were naked?” asked the LORD God. “Have you eaten from the tree of which I commanded you not to eat?”
Na Onyankopɔn bisaa no sɛ, “Hwan na ɔka kyerɛɛ wo sɛ na woda adagya? Gyama dua a meka kyerɛɛ wo sɛ, nni so aba no, woadi nʼaba no bi?”
12 And the man answered, “The woman whom You gave me, she gave me fruit from the tree, and I ate it.”
Adam kaa sɛ, “Aane. Ɔbaa no a wode no maa me sɛ me ne no ntena no na ɔde aduaba a ɔte firii dua no so no brɛɛ me ma mediiɛ.”
13 Then the LORD God said to the woman, “What is this you have done?” “The serpent deceived me,” she replied, “and I ate.”
Enti, Awurade Onyankopɔn bisaa ɔbaa no sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ yi?” Ɔbaa no buaa sɛ, “Ɔwɔ no na ɔdaadaa me ma mediiɛ.”
14 So the LORD God said to the serpent: “Because you have done this, cursed are you above all livestock and every beast of the field! On your belly will you go, and dust you will eat, all the days of your life.
Enti, Awurade Onyankopɔn ka kyerɛɛ ɔwɔ no sɛ, “Esiane saa adeɛ a woayɛ yi enti, “Wɔadome wo wɔ mmoa nyinaa ne nkekaboa mu. Wobɛwea wʼafuru so, na wo nkwa nna nyinaa woadi mfuturo.
15 And I will put enmity between you and the woman, and between your seed and her seed. He will crush your head, and you will strike his heel.”
Mede ɔtan bɛto wo ne ɔbaa no ne wʼasefoɔ ne nʼasefoɔ ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo tire, na wo nso woaka ne nantin.”
16 To the woman He said: “I will sharply increase your pain in childbirth; in pain you will bring forth children. Your desire will be for your husband, and he will rule over you.”
Afei, Awurade Onyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbaa no nso sɛ, “Wobɛte ɔyea pa ara wɔ wʼawoɔ mu; ɔyea mu na wobɛwo mma. Yei nyinaa akyiri no, wʼani bɛgyina wo kunu na ɔbɛdi wo so.”
17 And to Adam He said: “Because you have listened to the voice of your wife and have eaten from the tree of which I commanded you not to eat, cursed is the ground because of you; through toil you will eat of it all the days of your life.
Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam nso sɛ, “Esiane sɛ wotiee wo yere asɛm, na wodii dua a mehyɛɛ wo sɛ, ‘Nni so aba no’ enti, “Madome asase, na ɔbrɛ ne ɔhaw mu na wobɛdidi so wo nkwa nna nyinaa.
18 Both thorns and thistles it will yield for you, and you will eat the plants of the field.
Ɛbɛfifiri nkasɛɛ ne nkyɛkyerɛ ama wo na woadi wiram nhahan.
19 By the sweat of your brow you will eat your bread, until you return to the ground— because out of it were you taken. For dust you are, and to dust you shall return.”
Wobɛsiam wʼanim fifire ansa na woanya aduane adi, kɔsi sɛ wobɛwu akɔ dɔteɛ mu, ɛfiri sɛ, dɔteɛ no mu na menwonoo wo firiiɛ; woyɛ dɔteɛ, na dɔteɛ mu na wobɛsane akɔ.”
20 And Adam named his wife Eve, because she would be the mother of all the living.
Adam too ne yere no edin Hawa, ɛfiri sɛ, ɔno na ɔbɛyɛ ateasefoɔ nyinaa na.
21 And the LORD God made garments of skin for Adam and his wife, and He clothed them.
Awurade Onyankopɔn de aboa nwoma yɛɛ ntadeɛ maa Adam ne ne yere Hawa de kataa wɔn ho.
22 Then the LORD God said, “Behold, the man has become like one of Us, knowing good and evil. And now, lest he reach out his hand and take also from the tree of life, and eat, and live forever...”
Awurade Onyankopɔn kaa sɛ, “Afei, onipa no abɛyɛ sɛ yɛn ara a, wahunu papa ne bɔne. Ɛnsɛ sɛ yɛma no ɛkwan na ɔtene ne nsa kɔte nkwa dua no so aba no bi die, na ɔtena ase afebɔɔ.”
23 Therefore the LORD God banished him from the Garden of Eden to work the ground from which he had been taken.
Enti, Awurade Onyankopɔn pamoo no firii Eden turo no mu sɛ ɔnkɔyɛ adwuma wɔ asase a, wɔnwonoo no firii mu no so.
24 So He drove out the man and stationed cherubim on the east side of the Garden of Eden, along with a whirling sword of flame to guard the way to the tree of life.
Ɔpamoo onipa no. Na Eden turo no apueeɛ fam hɔ no, ɔde Kerubim ne afena a ɛredɛre twa ne ho fa baabiara no sii hɔ sɛ, ɛnwɛn ɛkwan a ɛkɔ nkwa dua no ho.