< Genesis 17 >

1 When Abram was ninety-nine years old, the LORD appeared to him and said, “I am God Almighty. Walk before Me and be blameless.
Abram dii mfe aduɔkron akron no, Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ no kae se, “Mene Otumfo Nyankopɔn, nantew mʼanim na yɛ pɛ.
2 I will establish My covenant between Me and you, and I will multiply you exceedingly.”
Mesi apam a ɛda me ne wo ntam no so dua, na mama wʼasefo adɔɔso.”
3 Then Abram fell facedown, and God said to him,
Abram de nʼanim butuu fam, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se,
4 “As for Me, this is My covenant with you: You will be the father of many nations.
“Me fa mu de, saa apam yi na ɛda me ne wo ntam: wobɛyɛ aman bebree agya.
5 No longer will you be called Abram, but your name will be Abraham, for I have made you a father of many nations.
Wɔremfrɛ wo Abram bio. Wɔbɛfrɛ wo Abraham, efisɛ mayɛ wo aman bebree agya.
6 I will make you exceedingly fruitful; I will make nations of you, and kings will descend from you.
Mɛma wʼasefo adɔɔso. Wɔbɛyɛ amanaman bebree na ahemfo nso afi wɔn mu.
7 I will establish My covenant as an everlasting covenant between Me and you and your descendants after you, to be your God and the God of your descendants after you.
Mɛma mʼapam no ayɛ daapem apam a ɛbɛda me ne wo ne wʼasefo ne awo ntoatoaso a ɛbɛba no ntam. Na mɛyɛ wo ne wʼasefo Nyankopɔn.
8 And to you and your descendants I will give the land where you are residing—all the land of Canaan—as an eternal possession; and I will be their God.”
Mede Kanaan asase a nnɛ wote so sɛ ɔhɔho no nyinaa bɛma wo ne wʼasefo a wɔbɛba akyiri no nyinaa. Ɛbɛyɛ wʼagyapade a wo ne obi mmɔ mu hye afebɔɔ. Na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn.”
9 God also said to Abraham, “You must keep My covenant—you and your descendants in the generations after you.
Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham se, “Wo de, ɛsɛ sɛ wo ne wʼasefo ne wʼasefo a wɔbɛba akyiri no di mʼapam no so.
10 This is My covenant with you and your descendants after you, which you are to keep: Every male among you must be circumcised.
Eyi ne mʼapam a ɛda me ne wo ntam a ɛsɛ sɛ wo ne wʼasefo ne wʼasefo a wɔbɛba akyiri no di so. Ɛsɛ sɛ wotwa ɔbarima biara twetia.
11 You are to circumcise the flesh of your foreskin, and this will be a sign of the covenant between Me and you.
Ɛsɛ sɛ mutwa twetia. Ɛno na ɛbɛyɛ apam a ɛda me ne mo ntam no ho nsɛnkyerɛnne.
12 Generation after generation, every male must be circumcised when he is eight days old, including those born in your household and those purchased from a foreigner—even those who are not your offspring.
Ɔbarima biara a ɔyɛ wʼaseni a wɔbɛwo no no, odi nnaawɔtwe pɛ a, ɛsɛ sɛ wotwa no twetia. Nkoa a wɔwoo wɔn wɔ wo fi ne ɔnanani biara a wuyii sika tɔɔ no fii ɔmamfrani nkyɛn a ɔnyɛ wʼaseni no nso, ɛsɛ sɛ wotwa no twetia saa ara.
13 Whether they are born in your household or purchased, they must be circumcised. My covenant in your flesh will be an everlasting covenant.
Sɛ wɔwoo no wo fi oo, sɛ nso wɔkarii sika kɔtɔɔ no oo, ɛsɛ sɛ wotwa no twetia. Saa honam mu apam yi bɛyɛ daapem apam.
14 But if any male is not circumcised, he will be cut off from his people; he has broken My covenant.”
Wɔbɛpam ɔbarima biara a wontwaa no twetia no afi ne nkurɔfo mu, efisɛ saa onipa no anni mʼapam no so.”
15 Then God said to Abraham, “As for Sarai your wife, do not call her Sarai, for her name is to be Sarah.
Onyankopɔn san ka kyerɛɛ Abraham se, “Ɛfa wo yere Sarai ho nso, efi nnɛ rekɔ, woremfrɛ no Sarai bio. Wobɛfrɛ no Sara.
16 And I will bless her and will surely give you a son by her. I will bless her, and she will be the mother of nations; kings of peoples will descend from her.”
Mehyira no, na mɛma no awo ɔbabarima ama wo. Mehyira no ama wabɛyɛ aman nyinaa na. Nʼasefo mu na amanaman mu ahemfo befi.”
17 Abraham fell facedown. Then he laughed and said to himself, “Can a child be born to a man who is a hundred years old? Can Sarah give birth at the age of ninety?”
Abraham de nʼanim butuw fam bio. Ɔserew bisaa ne ho se, “Ebetumi aba sɛ ɔbarima a wadi mfe ɔha bɛwo ɔba ana? Sara nso a wadi mfe aduɔkron no nso, obetumi awo ɔba ana?”
18 And Abraham said to God, “O that Ishmael might live under Your blessing!”
Na Abraham ka kyerɛɛ Onyankopɔn se, “Onyankopɔn ɛno de, hyira Ismael!”
19 But God replied, “Your wife Sarah will indeed bear you a son, and you are to name him Isaac. I will establish My covenant with him as an everlasting covenant for his descendants after him.
Na Onyankopɔn kae se, “Mmom, wo yere Sara bɛwo ɔbabarima ama wo, na wobɛto no din Isak, a ase ne Serew. Me ne no bɛyɛ daapem apam a ɛbɛtena hɔ ama nʼasefo a wɔbɛba akyiri no nyinaa.
20 As for Ishmael, I have heard you, and I will surely bless him; I will make him fruitful and multiply him greatly. He will become the father of twelve rulers, and I will make him into a great nation.
Na Ismael ho asɛm a wokae no nso, mate. Mehyira no ama nʼase adɔ bebree. Ɔbɛyɛ abirɛmpɔn dumien agya. Na mɛma no ayɛ ɔman kɛse.
21 But I will establish My covenant with Isaac, whom Sarah will bear to you at this time next year.”
Nanso me ne Isak a Sara bɛwo no afe sesɛɛ no na ɛbɛyɛ mʼapam no.”
22 When He had finished speaking with Abraham, God went up from him.
Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Abraham wiee no, ogyaw no hɔ kɔe.
23 On that very day Abraham took his son Ishmael and all those born in his household or purchased with his money—every male among the members of Abraham’s household—and he circumcised them, just as God had told him.
Saa da no ara, Abraham faa ne babarima Ismael ne mmarima a wɔwoo wɔn wɔ ne fi ne mmarima a wɔtɔɔ wɔn fii ananafo nkyɛn, twitwaa wɔn nyinaa twetia, sɛnea Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no.
24 So Abraham was ninety-nine years old when he was circumcised,
Wotwaa Abraham twetia no, na wadi mfe aduɔkron akron.
25 and his son Ishmael was thirteen;
Ne babarima Ismael nso, wotwaa no twetia no, na wadi mfe dumiɛnsa.
26 Abraham and his son Ishmael were circumcised on the same day.
Saa da no ara, na wotwaa Abraham ne ne ba Ismael nyinaa twetia.
27 And all the men of Abraham’s household—both servants born in his household and those purchased from foreigners—were circumcised with him.
Ɔbarima biara a ɔwɔ Abraham fi, wɔn a wɔwoo wɔn wɔ Abraham fi ne ɔbarima biara a wɔtɔɔ no fii ɔnanani bi nkyɛn no, wotwitwaa wɔn nyinaa twetia, kaa Abraham ho.

< Genesis 17 >