< Genesis 12 >

1 Then the LORD said to Abram, “Leave your country, your kindred, and your father’s household, and go to the land I will show you.
Awurade ka kyerɛɛ Abram se, “Fi wʼabusuafo nkyɛn ne wʼasase so kɔ asase a mɛkyerɛ wo no so.
2 I will make you into a great nation, and I will bless you; I will make your name great, so that you will be a blessing.
“Mɛma wo ayɛ ɔman kɛse, na mehyira wo. Mɛma wo din atrɛw, na woayɛ nhyira ama nnipa bebree.
3 I will bless those who bless you and curse those who curse you; and all the families of the earth will be blessed through you.”
Mehyira wɔn a wohyira wo, na obiara a ɔdome wo no, mɛdome no. Ɛnam wo so na wobehyira nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.”
4 So Abram departed, as the LORD had directed him, and Lot went with him. Abram was seventy-five years old when he left Haran.
Enti Abram kɔe, sɛnea Awurade Nyankopɔn ka kyerɛɛ no no. Na Lot ne no kɔe. Bere a Abram refi Haran asase so akɔ no, na wadi mfe aduɔson anum.
5 And Abram took his wife Sarai, his nephew Lot, and all the possessions and people they had acquired in Haran, and set out for the land of Canaan. When they came to the land of Canaan,
Na Abram faa ne yere Sarai ne ne nuabarima Haran babarima Lot, nʼagyapade ne nʼasomfo a onyaa wɔn wɔ Haran nyinaa, sii mu kɔɔ Kanaan asase so.
6 Abram traveled through the land as far as the site of the Oak of Moreh at Shechem. And at that time the Canaanites were in the land.
Wɔfaa asase no so ara kosii baabi a wɔfrɛ hɔ Sekem, koduu odum dua bi a esi baabi a wɔfrɛ hɔ More. Ɛhɔ na wosii wɔn ntamadan. Saa bere no, na Kanaanfo na wɔte asase no so.
7 Then the LORD appeared to Abram and said, “I will give this land to your offspring.” So Abram built an altar there to the LORD, who had appeared to him.
Afei, Awurade Nyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Abram ka kyerɛɛ no se, “Mede saa asase yi bɛma wʼaseni.” Enti Abram sii afɔremuka wɔ hɔ, de kaee Awurade Nyankopɔn a ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ no no.
8 From there Abram moved on to the hill country east of Bethel and pitched his tent, with Bethel to the west and Ai to the east. There he built an altar to the LORD, and he called on the name of the LORD.
Akyiri no, Abram fii hɔ, de nʼani kyerɛɛ mmepɔw bi a ɛwɔ apuei fam, sii ne ntamadan wɔ hɔ. Na Bet-El da atɔe fam, na Ai nso da apuei fam. Ɛhɔ na osii afɔremuka maa Awurade Nyankopɔn, sɔree no wɔ hɔ.
9 And Abram journeyed on toward the Negev.
Na Abram fii hɔ toaa so de nʼani kyerɛɛ Negeb.
10 Now there was a famine in the land. So Abram went down to Egypt to live there for a while because the famine was severe.
Saa bere no, ɔkɔm kɛse bi sii asase a na Abram te so no so. Enti otu kɔtenaa Misraim asase so kakra, efisɛ ɔkɔm a ɛbaa asase no so no, na ano yɛ den yiye.
11 As he was about to enter Egypt, he said to his wife Sarai, “Look, I know that you are a beautiful woman,
Ɔreyɛ adu Misraim asase so no, ɔka kyerɛɛ ne yere Sarai se, “Minim sɛ woyɛ ɔbea a wo ho yɛ fɛ yiye.
12 and when the Egyptians see you, they will say, ‘This is his wife.’ Then they will kill me but will let you live.
Sɛ Misraimfo no hu wo a, wɔbɛka se, ‘Ne yere ni. Momma yenkum no, na yɛmfa no.’
13 Please say you are my sister, so that I will be treated well for your sake, and on account of you my life will be spared.”
Na sɛ woka sɛ woyɛ me nuabea a, Misraimfo no bɛhwɛ me yiye, efisɛ wɔn ani wɔ wo ho nti wɔrenkum me.”
14 So when Abram entered Egypt, the Egyptians saw that the woman was very beautiful.
Bere a woduu Misraim asase so no, Misraimfo no huu sɛ ɔbea no ho yɛ fɛ yiye.
15 When Pharaoh’s officials saw Sarai, they commended her to him, and she was taken into the palace of Pharaoh.
Na ɔhene Farao mpanyimfo huu no no, wɔkamfoo nʼahoɔfɛ, kɔbɔɔ no amanneɛ. Enti ɔhene Farao soma ma wɔkɔfaa ɔbea no baa nʼahemfi hɔ.
16 He treated Abram well on her account, and Abram acquired sheep and cattle, male and female donkeys, menservants and maidservants, and camels.
Esiane ɔbea no ahoɔfɛ nti, ɔhene Farao hwɛɛ Abram yiye, maa no nguan, anantwi, afurumnini ne afurumbere, nkoa, mfenaa ne yoma.
17 The LORD, however, afflicted Pharaoh and his household with severe plagues because of Abram’s wife Sarai.
Na esiane Abram yere Sarai te a na ɔte Farao ahemfi hɔ no nti, Awurade Nyankopɔn maa ɔyaredɔm baa Farao ne ne fifo so.
18 So Pharaoh summoned Abram and asked, “What have you done to me? Why didn’t you tell me she was your wife?
Eyi nti, Farao frɛɛ Abram bisaa no se, “Dɛn na woayɛ me yi? Adɛn nti na woanka ankyerɛ me sɛ ɔbea no yɛ wo yere?
19 Why did you say, ‘She is my sister,’ so that I took her as my wife? Now then, here is your wife. Take her and go!”
Adɛn nti na wokae se, ‘Ɔyɛ me nuabea’ na woama maware no? Sɛ saa na ɛte de a, gye wo yere. Wo yere ni! Fa wʼade kɔ!”
20 Then Pharaoh gave his men orders concerning Abram, and they sent him away with his wife and all his possessions.
Na Farao hyɛɛ asraafo sɛ wonkogya Abram ne ne yere kwan a wɔn fifo ne wɔn agyapade nyinaa ka ho.

< Genesis 12 >