< Genesis 11 >

1 Now the whole world had one language and a common form of speech.
Bere bi, na nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ka kasa koro.
2 And as people journeyed eastward, they found a plain in the land of Shinar and settled there.
Saa nnipa yi tu baa apuei fam no, wɔbɛtoo asase tamaa wɔ Babilonia asase so, na wɔtenaa hɔ.
3 And they said to one another, “Come, let us make bricks and bake them thoroughly.” So they used brick instead of stone, and tar instead of mortar.
Wosisee wɔn ho wɔn ho se, “Momma yentwa ntayaa na yɛnto mma ɛmmen yiye.” Na wɔde ntayaa ne ama na esi adan.
4 “Come,” they said, “let us build for ourselves a city with a tower that reaches to the heavens, that we may make a name for ourselves and not be scattered over the face of all the earth.”
Na wɔkae bio se, “Momma yɛnkyekye kurow kɛse, na yensi abantenten a ne sorɔnsorɔmmea du ɔsorosoro wɔ kurow no mu, na yennye din, na yɛanhwete wɔ asase so.”
5 Then the LORD came down to see the city and the tower that the sons of men were building.
Awurade sian fii ɔsoro baa fam, behuu kurow kɛse a wɔrekyekyere no ne abantenten a wɔresi no.
6 And the LORD said, “If they have begun to do this as one people speaking the same language, then nothing they devise will be beyond them.
Awurade kae se, “Sɛ nnipa koro a wɔka kasa baako afi ase redi saa dwuma yi a, ɛno de biribiara a wɔbɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ no renyɛ wɔn den.
7 Come, let Us go down and confuse their language, so that they will not understand one another’s speech.”
Mommra na yɛnkɔ asase so, na yɛnkɔtoto wɔn kasa, na obiara nnya ne kasa, sɛnea obiara nte ne yɔnko kasa.”
8 So the LORD scattered them from there over the face of all the earth, and they stopped building the city.
Ɛnam eyi so maa Awurade hwetee nnipa no nyinaa mu ma wɔpetee asase so nyinaa, maa wogyaee kurow kɛse no kyekyere.
9 That is why it is called Babel, for there the LORD confused the language of the whole world, and from that place the LORD scattered them over the face of all the earth.
Ɛno nti na wɔfrɛɛ kurow kɛse no Babel, efisɛ, ɛhɔ na Awurade totoo kasa baako a na wɔka wɔ wiase nyinaa saa bere no, maa wɔn kasa ahorow. Efi hɔ na Awurade hwetee nnipa no nyinaa mu ma wɔpetee asase so nyinaa.
10 This is the account of Shem. Two years after the flood, when Shem was 100 years old, he became the father of Arphaxad.
Eyi ne Sem asefo ho asɛm. Nsuyiri no akyi, mfe abien no a na Sem adi mfe ɔha no, ɔwoo Arfaksad.
11 And after he had become the father of Arphaxad, Shem lived 500 years and had other sons and daughters.
Sem woo Arfaksad akyi no ɔtenaa ase mfe ahannum, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.
12 When Arphaxad was 35 years old, he became the father of Shelah.
Arfaksad nso dii mfe aduasa anum no, ɔwoo Sela.
13 And after he had become the father of Shelah, Arphaxad lived 403 years and had other sons and daughters.
Arfaksad woo Sela akyi no ɔtenaa ase mfe ahannan ne abiɛsa, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.
14 When Shelah was 30 years old, he became the father of Eber.
Sela dii mfe aduasa no, ɔwoo Eber.
15 And after he had become the father of Eber, Shelah lived 403 years and had other sons and daughters.
Sela woo Eber akyi no ɔtenaa ase mfe ahannan ne abiɛsa, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.
16 When Eber was 34 years old, he became the father of Peleg.
Eber dii mfe aduasa anan no, ɔwoo Peleg.
17 And after he had become the father of Peleg, Eber lived 430 years and had other sons and daughters.
Eber woo Peleg akyi no ɔtenaa ase mfe ahannan ne aduasa, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.
18 When Peleg was 30 years old, he became the father of Reu.
Peleg dii mfe aduasa no, ɔwoo Reu.
19 And after he had become the father of Reu, Peleg lived 209 years and had other sons and daughters.
Peleg woo Reu akyi no ɔtenaa ase mfe ahannu ne akron, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.
20 When Reu was 32 years old, he became the father of Serug.
Reu dii mfe aduasa abien no, ɔwoo Serug.
21 And after he had become the father of Serug, Reu lived 207 years and had other sons and daughters.
Reu woo Serug akyi no ɔtenaa ase mfe ahannu ne ason, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.
22 When Serug was 30 years old, he became the father of Nahor.
Serug dii mfe aduasa no, ɔwoo Nahor.
23 And after he had become the father of Nahor, Serug lived 200 years and had other sons and daughters.
Serug woo Nahor akyi no ɔtenaa ase mfe ahannu wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.
24 When Nahor was 29 years old, he became the father of Terah.
Nahor dii mfe aduonu akron no, ɔwoo Tera.
25 And after he had become the father of Terah, Nahor lived 119 years and had other sons and daughters.
Nahor woo Tera akyi no ɔtenaa ase mfe ɔha ne dunkron, wowoo mmabarima ne mmabea bi nso kaa ho.
26 When Terah was 70 years old, he became the father of Abram, Nahor, and Haran.
Tera dii mfe aduɔson no, ɔwoo Abram, Nahor ne Haran.
27 This is the account of Terah. Terah became the father of Abram, Nahor, and Haran. And Haran became the father of Lot.
Eyi ne Tera asefo ho asɛm. Tera woo Abram, Nahor ne Haran. Na Haran woo Lot.
28 During his father Terah’s lifetime, Haran died in his native land, in Ur of the Chaldeans.
Bere a Haran agya Tera te ase no, Haran wuu wɔ faako a wɔwoo no a wɔfrɛ hɔ Ur, a ɛwɔ Kaldea asase so no.
29 And Abram and Nahor took wives for themselves. Abram’s wife was named Sarai, and Nahor’s wife was named Milcah; she was the daughter of Haran, who was the father of both Milcah and Iscah.
Abram ne Nahor warewaree. Na Abram yere din de Sarai, na Nahor nso yere din de Milka a na ɔyɛ Haran babea. Saa Haran yi na ɔwoo Milka ne Iska.
30 But Sarai was barren; she had no children.
Na Sarai yɛ obonin; na onni ba.
31 And Terah took his son Abram, his grandson Lot son of Haran, and his daughter-in-law Sarai the wife of Abram, and they set out from Ur of the Chaldeans for the land of Canaan. But when they arrived in Haran, they settled there.
Tera faa ne babarima Abram ne ne nena Lot, a ɔyɛ Haran babarima ne nʼasebea Sarai, a na ɔyɛ ne babarima Abram yere no, ne wɔn nyinaa sii mu fii Ur a ɛwɔ Kaldea asase so sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so. Na woduu Haran no, wɔtenaa hɔ.
32 Terah lived 205 years, and he died in Haran.
Tera dii mfe ahannu ne anum, na owui wɔ Haran.

< Genesis 11 >