< Galatians 6 >

1 Brothers, if someone is caught in a trespass, you who are spiritual should restore him with a spirit of gentleness. But watch yourself, or you also may be tempted.
Anuanom, sɛ obi kɔtɔ bɔne mu a, ɛsɛ sɛ mo a moyɛ honhom mufoɔ no fa ɔdwoɔ ɛkwan so tene no. Nanso, monhwɛ wie na mo nso wɔansɔ mo anhwɛ.
2 Carry one another’s burdens, and in this way you will fulfill the law of Christ.
Monsoa mo ho mo ho nnesoa. Sɛ moyɛ saa a, modi Kristo mmara no so.
3 If anyone thinks he is something when he is nothing, he deceives himself.
Sɛ obi dwene sɛ ɔyɛ otitire a ɛnso ɔnsɛ hwee a, na ɔdaadaa ne ho.
4 Each one should test his own work. Then he will have reason to boast in himself alone, and not in someone else.
Yɛ wʼadwuma yie na woanya biribi agyina so de ahoahoa wo ho. Na mfa wo ho ntoto afoforɔ ho;
5 For each one should carry his own load.
ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ obiara soa nʼadesoa.
6 Nevertheless, the one who receives instruction in the word must share in all good things with his instructor.
Wone deɛ ɔkyerɛkyerɛ wo Onyankopɔn Asɛm no nkyɛ adepa biara a wowɔ.
7 Do not be deceived: God is not to be mocked. Whatever a man sows, he will reap in return.
Monnnaadaa mo ho; obiara rentumi nsi Onyankopɔn atwetweɛ. Deɛ onipa dua no, ɛno ara na ɔtwa.
8 The one who sows to please his flesh, from the flesh will reap destruction; but the one who sows to please the Spirit, from the Spirit will reap eternal life. (aiōnios g166)
Sɛ modi mo akɔnnɔ bɔne akyi a, mobɛkɔ ɔsɛeɛ mu, nanso sɛ monante Honhom mu a, mobɛnya daa nkwa. (aiōnios g166)
9 Let us not grow weary in well-doing, for in due time we will reap a harvest if we do not give up.
Ne saa enti, mommma yɛmmmrɛ papayɛ ho, ɛfiri sɛ, ɛberɛ a ɛsɛ mu no, sɛ yɛampa aba a yɛbɛtwa nnɔbaeɛ no.
10 Therefore, as we have opportunity, let us do good to everyone, and especially to the family of faith.
Enti, mmerɛ dodoɔ a yɛwɔ akwannya no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ obiara papa, ne titire no, wɔn a yɛne wɔn bɔ agyidifoɔ abusua.
11 See what large letters I am using to write to you with my own hand!
Monhwɛ atwerɛ akɛseɛ a mede mʼankasa me nsa matwerɛ abrɛ mo.
12 Those who want to make a good impression outwardly are trying to compel you to be circumcised. They only do this to avoid persecution for the cross of Christ.
Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhoahoa wɔn ho no ara na wɔpɛ sɛ wɔhyɛ mo ma motwitwa twetia. Deɛ enti a wɔyɛ yei ne sɛ, wɔmpɛ sɛ Kristo asɛnnua no enti wɔtaa wɔn.
13 For the circumcised do not even keep the law themselves, yet they want you to be circumcised that they may boast in your flesh.
Wɔn a wɔtwa twetia no mpo nni Mmara no so. Pɛ ara na wɔpɛ sɛ wɔtwa mo twetia sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi de mo ahoahoa wɔn ho sɛ wɔn akyidifoɔ.
14 But as for me, may I never boast, except in the cross of our Lord Jesus Christ, through which the world has been crucified to me, and I to the world.
Nanso, me deɛ, Awurade Yesu Kristo asɛnnua no nko ara na mede bɛhoahoa me ho; nʼasɛnnua no enti, deɛ mede hoahoa me ho wɔ ewiase no awu, na saa ara na deɛ ewiase de hoahoa ne ho wɔ me mu no nso awu.
15 For neither circumcision nor uncircumcision means anything. What counts is a new creation.
Sɛ obi atwa twetia anaa ɔntwaa twetia no nka hwee. Deɛ ɛho hia ne abɔdeɛ foforɔ.
16 Peace and mercy to all who walk by this rule, even to the Israel of God.
Onyankopɔn adɔeɛ ne nʼasomdwoeɛ nka wɔn a wɔdi saa nkyerɛkyerɛ yi so nyinaa; wɔn ne Onyankopɔn mu nnipa foforɔ.
17 From now on let no one cause me trouble, for I bear on my body the marks of Jesus.
Deɛ ɛtwa toɔ, obiara nha mʼadwene bio, ɛfiri sɛ, mewɔ ɔhonam ani etwã a ɛkyerɛ sɛ, meyɛ Yesu dea.
18 The grace of our Lord Jesus Christ be with your spirit, brothers. Amen.
Me nuanom, Awurade Yesu Kristo adom no nka mo nyinaa. Amen.

< Galatians 6 >