< Galatians 5 >

1 It is for freedom that Christ has set us free. Stand firm, then, and do not be encumbered once more by a yoke of slavery.
Ahofadie enti na Kristo ama yɛade yɛn ho no. Monnyina pintinn. Mommma ho ɛkwan mma wɔmmfa mo nnyɛ nkoa bio.
2 Take notice: I, Paul, tell you that if you let yourselves be circumcised, Christ will be of no value to you at all.
Montie! Me Paulo, meka mekyerɛ mo sɛ, sɛ moma ho ɛkwan ma wɔtwa mo twetia a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo ho amma mfasoɔ biara amma mo koraa.
3 Again I testify to every man who gets himself circumcised that he is obligated to obey the whole law.
Mebɔ mo kɔkɔ bio sɛ obiara a ɔbɛma ho ɛkwan ama wɔatwa no twetia no, na ɛsɛ sɛ ɔdi Mmara no nyinaa so.
4 You who are trying to be justified by the law have been severed from Christ; you have fallen away from grace.
Mo a mopɛ sɛ wɔde Mmara no bu mo bem no ate mo ho afiri Kristo ho. Adom no nni mo so bio.
5 But by faith we eagerly await through the Spirit the hope of righteousness.
Nanso yɛfiri gyidie mu nam Honhom no so twɛne tenenee a yɛn ani da soɔ no.
6 For in Christ Jesus neither circumcision nor uncircumcision has any value. All that matters is faith, expressed through love.
Kristo Yesu mu no, twetiatwa ne momonotoyɛ ho nni mfasoɔ. Deɛ ɛho hia ne gyidie a ɛnam ɔdɔ so da ne ho adi.
7 You were running so well. Who has obstructed you from obeying the truth?
Na anka moresi mmirikakan no yie! Na hwan na ɔtwintwanee mo anan mu ma mogyaee nokorɛ no tie?
8 Such persuasion does not come from the One who calls you.
Saa nnaadaa no mfiri deɛ ɔfrɛ mo no.
9 A little leaven works through the whole batch of dough.
“Mmɔka kakra bi na ɛma mmɔre no nyinaa tu.”
10 I am confident in the Lord that you will take no other view. The one who is troubling you will bear the judgment, whoever he may be.
Mewɔ anidasoɔ wɔ Awurade mu sɛ morennwene adwene foforɔ bi. Onipa ko a ɔde sakasakayɛ reba mo mu no, wɔbɛtua ne so ka.
11 Now, brothers, if I am still preaching circumcision, why am I still being persecuted? In that case the offense of the cross has been abolished.
Anuanom, sɛ megu so ka twetiatwa ho asɛm a, adɛn enti na wɔda so taa me? Na sɛ ɛno na ɛyɛ nokorɛ a, anka mʼasɛm a meka fa Kristo asɛnnua ho no renkɔfa ɔhaw mma. Ɛnneɛ na anka asɛnnua no ho suntidua biara nni hɔ bio.
12 As for those who are agitating you, I wish they would proceed to emasculate themselves!
Sɛ ɛkaa me nko a, anka wɔn a wɔha mo no atwa wɔn ho atwitwa wɔn ho wɔn ho.
13 For you, brothers, were called to freedom; but do not use your freedom as an opportunity for the flesh. Rather, serve one another in love.
Me nuanom, mo deɛ, wɔfrɛɛ mo sɛ mommɛde mo ho. Nanso, mommma saa ahofadie yi mmɔ ɛkwan mma bɔne; mmom, momfa ɔdɔ nsom mo ho mo ho.
14 The entire law is fulfilled in a single decree: “Love your neighbor as yourself.”
Ɛfiri sɛ, Mmara no nyinaa tiawatwa ne sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”
15 But if you keep on biting and devouring one another, watch out, or you will be consumed by one another.
Na sɛ mokeka na momemene mo ho mo ho a, ɛnneɛ monhwɛ yie na moansɛe mo ho mo ho.
16 So I say, walk by the Spirit, and you will not gratify the desires of the flesh.
Na mese, montena ase wɔ Honhom mu, na moremma honam akɔnnɔ ho kwan.
17 For the flesh craves what is contrary to the Spirit, and the Spirit what is contrary to the flesh. They are opposed to each other, so that you do not do what you want.
Ɛfiri sɛ, deɛ honam pɛ no tia deɛ Honhom no pɛ; saa ara nso na deɛ Honhom no pɛ no, honam no tia. Ne mmienu no bɔ abira, enti ɛnsɛ sɛ moyɛ deɛ mopɛ.
18 But if you are led by the Spirit, you are not under the law.
Sɛ mo nante Honhom mu a, na monnhyɛ Mmara ase.
19 The acts of the flesh are obvious: sexual immorality, impurity, and debauchery;
Dwuma a bɔnesu di no da adi pefee. Yeinom ne adwamammɔ, efi, ahohwie,
20 idolatry and sorcery; hatred, discord, jealousy, and rage; rivalries, divisions, factions,
abosonsom, adutoɔ, ɔtan, akayɛ, ahoɔyea, abufuo, apereapereɛ, kunsunkunsun, mpaapaemu,
21 and envy; drunkenness, orgies, and the like. I warn you, as I did before, that those who practice such things will not inherit the kingdom of God.
nitan, nsãborɔ, agobɔne, ne nneɛma a ɛtete saa. Mebɔ mo kɔkɔ sɛdeɛ mabɔ mo bi dada no sɛ, wɔn a wɔtena ase saa no renkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.
22 But the fruit of the Spirit is love, joy, peace, patience, kindness, goodness, faithfulness,
Na Honhom no aba ne ɔdɔ, anigyeɛ, asomdwoeɛ, abodwokyɛreɛ, ayamyɛ, papayɛ, gyidie,
23 gentleness, and self-control. Against such things there is no law.
ɔdwoɔ ne ahohyɛsoɔ. Mmara biara nni hɔ a ɛtia yeinom.
24 Those who belong to Christ Jesus have crucified the flesh with its passions and desires.
Na wɔn a wɔyɛ Kristo dea no abɔ wɔn nipasu no ne honam akɔnnɔ asɛnnua mu.
25 Since we live by the Spirit, let us walk in step with the Spirit.
Sɛ yɛte Honhom mu yi, momma yɛnnante Honhom mu.
26 Let us not become conceited, provoking and envying one another.
Ɛnsɛ sɛ yɛhoahoa yɛn ho, yiyi yɛn ho yɛn ho abufuo, anaa yɛma yɛn ani bere yɛn ho yɛn ho.

< Galatians 5 >