< Ezekiel 45 >

1 “When you divide the land by lot as an inheritance, you are to set aside a portion for the LORD, a holy portion of the land 25,000 cubits long and 20,000 cubits wide. This entire tract of land will be holy.
“‘Sɛ mokyekyɛ asase no mu sɛ agyapadeɛ a, ɛsɛ sɛ mode ɛfa bi ma Awurade sɛ ɔmantam kronkron a ne tentene yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn mpem aduasa; saa beaeɛ no nyinaa bɛyɛ kronkron.
2 Within this area there is to be a section for the sanctuary 500 cubits square, with 50 cubits around it for open land.
Wɔbɛgya asase yi mu bi a ɛyɛ ahinanan a ne fa biara yɛ anammɔn ahanson ne aduonum ama kronkronbea, na mfikyisase a atwa ho ahyia no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduɔson enum.
3 From this holy portion, you are to measure off a length of 25,000 cubits and a width of 10,000 cubits, and in it will be the sanctuary, the Most Holy Place.
Monsusu ɔmantam kronkron asase no mu bi a ne tentene yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn mpem dunum. Ɛhɔ na wɔbɛsi kronkronbea, Kronkron Mu Kronkron no.
4 It will be a holy portion of the land to be used by the priests who minister in the sanctuary, who draw near to minister before the LORD. It will be a place for their houses, as well as a holy area for the sanctuary.
Ɛbɛyɛ asase no fa a ɛyɛ kronkron ma asɔfoɔ a wɔsom wɔ kronkronbea na wɔbɛn Awurade, na wɔsom wɔ nʼanim. Ɛhɔ na wɔbɛsisi wɔn afie na ayɛ beaeɛ kronkron ama kronkronbea no nso.
5 An adjacent area 25,000 cubits long and 10,000 cubits wide shall belong to the Levites who minister in the temple; it will be their possession for towns in which to live.
Asase a ne tentene yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn mpem dunum bɛyɛ beaeɛ a wɔbɛkyekyere nkuro ama Lewifoɔ a wɔsom wɔ asɔredan mu no atena mu sɛ wɔn agyapadeɛ.
6 As the property of the city, you are to set aside an area 5,000 cubits wide and 25,000 cubits long, adjacent to the holy district. It will belong to the whole house of Israel.
“‘Wɔbɛgya asase a ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn mpem nson ne ahanum na ne tentene nso yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum a ɛtoa beaeɛ kronkron no so no ama kuropɔn no; ɛbɛyɛ Israel efie nyinaa dea.
7 Now the prince will have the area bordering each side of the area formed by the holy district and the property of the city, extending westward from the western side and eastward from the eastern side, running lengthwise from the western boundary to the eastern boundary and parallel to one of the tribal portions.
“‘Ɔhene no bɛfa asase a ɛne ɔmantam kronkron no ne kuropɔn no daberɛ bɔ hyeɛ. Ɛbɛtrɛ akɔ atɔeɛ fam ne apueeɛ fam akɔpem atɔeɛ ne apueeɛ ahyeɛ so, na ɛne mmusuakuo no mu baako asase abɔ hyeɛ wɔ atifi fam ne anafoɔ fam.
8 This land will be his possession in Israel. And My princes will no longer oppress My people, but will give the rest of the land to the house of Israel according to their tribes.
Asase no bɛyɛ nʼagyapadeɛ wɔ Israel. Na me mmapɔmma renhyɛ me nkurɔfoɔ so bio, na mmom wɔbɛma Israel efie ɛkwan ama wɔafa asase no sɛdeɛ wɔn mmusuakuo no teɛ.
9 For this is what the Lord GOD says: ‘Enough, O princes of Israel! Cease your violence and oppression, and do what is just and right. Stop dispossessing My people, declares the Lord GOD.’
“‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Moaduru akyiri pa ara, Israel mmapɔmma! Monnyae mo basabasayɛ ne mo nhyɛsoɔ na monyɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ. Monnyae me nkurɔfoɔ nsase a mogyegyeɛ no, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
10 You must use honest scales, a just ephah, and a just bath.
Ɛsɛ sɛ mode nsania ne susudeɛ a ɛyɛ pɛ susu adeɛ.
11 The ephah and the bath shall be the same quantity so that the bath will contain a tenth of a homer, and the ephah a tenth of a homer; the homer will be the standard measure for both.
Kɛntɛn baako, a ɛyɛ lita ɔha aduɔwɔtwe mmienu, na mode bɛsusu adeɛ biara dodoɔ; ɛfah ne bat bɛyɛ kɛntɛn baako mu nkyɛmu edu.
12 The shekel will consist of twenty gerahs. Twenty shekels plus twenty-five shekels plus fifteen shekels will equal one mina.
Dwetɛ mpɔ na mode bɛsusu adeɛ mu duru. Dwetɛ mpɔ baako bɛyɛ gram dumienu, na dwetɛ mpɔ aduosia ayɛ gram ahanson aduonu.
13 This is the contribution you are to offer: a sixth of an ephah from each homer of wheat, and a sixth of an ephah from each homer of barley.
“‘Akyɛdeɛ soronko a ɛsɛ wode ma nie: Ayuo kilogram mmiɛnsa ne atokoɔ kilogram mmienu ne fa.
14 The prescribed portion of oil, measured by the bath, is a tenth of a bath from each cor (a cor consists of ten baths or one homer, since ten baths are equivalent to a homer).
Ngo dodoɔ a wɔatwa ato hɔ no nyɛ lita mmienu ne fa.
15 And one sheep shall be given from each flock of two hundred from the well-watered pastures of Israel. These are for the grain offerings, burnt offerings, and peace offerings, to make atonement for the people, declares the Lord GOD.
Afei wɔmfa nnwankuo ahanu a wɔwɔ Israel adidibea a ɛhɔ wɔ nsuo no mu baako. Yeinom na wɔde bɛyɛ aduane afɔrebɔdeɛ, ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ a ɛbɛyɛ mpatadeɛ ama nnipa no, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ.
16 All the people of the land must participate in this contribution for the prince in Israel.
Ɛsɛ sɛ Israelfoɔ nyinaa kɔka ɔheneba no ho na ɔde nʼafɔrebɔdeɛ ba.
17 And it shall be the prince’s part to provide the burnt offerings, grain offerings, and drink offerings for the feasts, New Moons, and Sabbaths—for all the appointed feasts of the house of Israel. He will provide the sin offerings, grain offerings, burnt offerings, and peace offerings to make atonement for the house of Israel.
Ɛbɛyɛ ɔheneba no asɛdeɛ sɛ ɔde afɔrebɔdeɛ a wɔde ma ɔsom afahyɛ bi te sɛ ɔbosome foforɔ afahyɛ, home nna ne nna a ɛtete saa no ba. Ɔde bɔne ho afɔrebɔdeɛ, ɔhyeɛ ho afɔrebɔdeɛ, atokoɔ afɔrebɔdeɛ, nsã afɔrebɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ bɛba abɛyɛ nkabomudeɛ ama Israel.
18 This is what the Lord GOD says: ‘On the first day of the first month you are to take a young bull without blemish and purify the sanctuary.
“‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɔbosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛdi ɛkan no, ɛsɛ sɛ wɔde nantwinini ba baako a ne ho nni dɛm dwira kronkronbea hɔ.
19 And the priest is to take some of the blood from the sin offering and put it on the doorposts of the temple, on the four corners of the ledge of the altar, and on the gateposts of the inner court.
Ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no de bɔne afɔrebɔdeɛ no mogya no bi keka asɔredan no aponnwa, afɔrebukyia no apa a ɛwɔ soro no ntweaso ɛnan no ne mfimfini adihɔ no aponnwa ho.
20 You must do the same thing on the seventh day of the month for anyone who strays unintentionally or in ignorance. In this way you will make atonement for the temple.
Ɛsɛ sɛ woyɛ ade korɔ yi ara wɔ ɔbosome no ɛda a ɛtɔ so nson de ma obiara a ɔfiri anibiannasoɔ mu bɛyɛ bɔne anaa nim a ɔnnim enti ɔbɛyɛ bɔne, na wo nam so de ayɛ mpata ama asɔredan no.
21 On the fourteenth day of the first month you are to observe the Passover, a feast of seven days, during which unleavened bread shall be eaten.
“‘Ɔbosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛtɔ sɔ dunan no, ɛsɛ sɛ modi Twam Afahyɛ a ɛyɛ apontoɔ a wɔde nnanson na ɛyɛ no. Saa ɛberɛ no, mobɛdi burodo a mmɔreka nni mu.
22 On that day the prince shall provide a bull as a sin offering for himself and for all the people of the land.
Saa ɛda no ɛsɛ sɛ ɔhene no de nantwinini a wɔde bɛbɔ afɔdeɛ ama no ne asase no so nnipa nyinaa ba.
23 Each day during the seven days of the feast, he shall provide seven bulls and seven rams without blemish as a burnt offering to the LORD, along with a male goat for a sin offering.
Ɛda biara wɔ nnanson Afahyɛ no mu, ɛsɛ sɛ ɔhene no de nantwinini nson ne nnwennini nson a wɔn ho nni dɛm biara ba sɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ma Awurade, ne ɔpapo sɛ bɔne afɔrebɔdeɛ.
24 He shall also provide as a grain offering an ephah for each bull and an ephah for each ram, along with a hin of olive oil for each ephah of grain.
Deɛ ɛsɛ sɛ ɔde ba sɛ aduane afɔrebɔdeɛ yɛ kɛntɛn baako (lita dumienu) a ɛka nantwinini biara ho ne kɛntɛn baako (lita dumienu) nso a ɛka odwennini baako biara ho. Ngo lita ɛnan nso ka kɛntɛn biara ho.
25 During the seven days of the feast that begins on the fifteenth day of the seventh month, he is to make the same provision for sin offerings, burnt offerings, grain offerings, and oil.’
“‘Nnanson Afahyɛ a wɔhyɛ aseɛ wɔ ɔbosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛtɔ so dunum no mu no, ɔhene no de saa nneɛma no ara bɛba sɛ bɔne afɔrebɔdeɛ, ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ, aduane afɔrebɔdeɛ ne ngo.

< Ezekiel 45 >