< Ezekiel 37 >

1 The hand of the LORD was upon me, and He brought me out by His Spirit and set me down in the middle of the valley, and it was full of bones.
Na Awurade nsa wɔ me so na ɔde ne Honhom yii me firii adi de me bɛsii bɔnhwa no mfimfini, na nnompe ayɛ no ma.
2 He led me all around among them, and I saw a great many bones on the floor of the valley, and indeed, they were very dry.
Ɔde me dii akɔneaba wɔ mu na mehunuu nnompe bebree wɔ bɔnhwa no ase, nnompe a ɛho akokwa.
3 Then He asked me, “Son of man, can these bones come to life?” “O Lord GOD,” I replied, “only You know.”
Ɔbisaa me sɛ, “Onipa ba, saa nnompe yi bɛtumi anya nkwa anaa?” Mekaa sɛ, “Ao Otumfoɔ Awurade, wo nko ara na wonim.”
4 And He said to me, “Prophesy concerning these bones and tell them, ‘Dry bones, hear the word of the LORD!
Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Hyɛ nkɔm wɔ nnompe yi ho na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nnompe a mo ho akokwa, montie Awurade asɛm!
5 This is what the Lord GOD says to these bones: I will cause breath to enter you, and you will come to life.
Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ saa nnompe yi: Mɛma ahomeɛ aba mo mu na mobɛnya nkwa.
6 I will attach tendons to you and make flesh grow upon you and cover you with skin. I will put breath within you so that you will come to life. Then you will know that I am the LORD.’”
Mɛma ntini abɛsosɔ mo mu, na mede ɛnam agu mo so na mede wedeɛ akata mo so. Mede ahomeɛ bɛgu mo mu na moaba nkwa mu. Afei wobɛhunu sɛ mene Awurade.’”
7 So I prophesied as I had been commanded. And as I prophesied, there was suddenly a noise, a rattling, and the bones came together, bone to bone.
Ɛno enti mehyɛɛ nkɔm sɛdeɛ wɔhyɛɛ me no. Na megu so rehyɛ nkɔm no, ɛnne bi baeɛ, awosoɔ bi, na nnompe no keka bobɔɔ mu, dompe bɛkaa ne dompe ho.
8 As I looked on, tendons appeared on them, flesh grew, and skin covered them; but there was no breath in them.
Na mehwɛeɛ hunuiɛ sɛ ntini baa so, na ɛnam baa ho na wedeɛ bɛkataa so, nanso na ahomeɛ biara nni mu.
9 Then He said to me, “Prophesy to the breath; prophesy, son of man, and tell the breath that this is what the Lord GOD says: Come from the four winds, O breath, and breathe into these slain, so that they may live!”
Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Hyɛ nkɔm kyerɛ ahome, hyɛ nkɔm onipa ba, na ka kyerɛ no sɛ, ‘Sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Ahome, firi mframa ɛnan no mu bra bɛhome gu saa awufoɔ yi mu na wɔnya nkwa.’”
10 So I prophesied as He had commanded me, and the breath entered them, and they came to life and stood on their feet—a vast army.
Enti mehyɛɛ nkɔm sɛdeɛ ɔhyɛɛ me no, na ahome hyɛnee wɔn mu; na nkwa baa wɔn mu ma wɔsɔre gyinagyinaa wɔn nan so, ɛdɔm kɛseɛ pa ara.
11 Then He said to me, “Son of man, these bones are the whole house of Israel. Look, they are saying, ‘Our bones are dried up, and our hope has perished; we are cut off.’
Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, saa nnompe yi yɛ Israel efie nyinaa. Wɔka sɛ: ‘Yɛn nnompe ho akokwa na yɛn anidasoɔ asa. Wɔatwa yɛn agu korakora.’
12 Therefore prophesy and tell them that this is what the Lord GOD says: ‘O My people, I will open your graves and bring you up from them, and I will bring you back to the land of Israel.
Ɛno enti hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Me nkurɔfoɔ, merebɛbuebue mo adamena na mayi mo afiri mu apue. Mede mo bɛsane aba Israel asase so.
13 Then you, My people, will know that I am the LORD, when I open your graves and bring you up from them.
Afei mo, me nkurɔfoɔ, sɛ mebuebue mo adamena na meyiyi mo firi mu a, mobɛhunu sɛ mene Awurade no.
14 I will put My Spirit in you and you will live, and I will settle you in your own land. Then you will know that I, the LORD, have spoken, and I will do it, declares the LORD.’”
Mede me Honhom bɛhyɛ mo mu na mobɛnya nkwa, na mede mo bɛtena mo ankasa asase so. Afei mobɛhunu sɛ me, Awurade na makasa na mayɛ nso, Awurade asɛm nie.’”
15 Again the word of the LORD came to me, saying,
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
16 “And you, son of man, take a single stick and write on it: ‘Belonging to Judah and to the Israelites associated with him.’ Then take another stick and write on it: ‘Belonging to Joseph—the stick of Ephraim—and to all the house of Israel associated with him.’
“Onipa ba, fa dua na twerɛ ho sɛ, ‘Yei gyina hɔ ma Yudafoɔ ne Israelfoɔ a wɔka ne ho no.’ Afei fa dua foforɔ na twerɛ ho sɛ, ‘Efraim dua a ɛyɛ Yosef ne Israel efie a wɔka ne ho nyinaa dea.’
17 Then join them together into one stick, so that they become one in your hand.
Ka ne mmienu bɔ mu na ɛnyɛ dua baako wɔ wo nsam.
18 When your people ask you, ‘Won’t you explain to us what you mean by these?’
“Sɛ wo nkurɔfoɔ ka sɛ, ‘Worenkyerɛ yɛn deɛ wode yei kyerɛ anaa a,’
19 you are to tell them that this is what the Lord GOD says: ‘I will take the stick of Joseph, which is in the hand of Ephraim, and the tribes of Israel associated with him, and I will put them together with the stick of Judah. I will make them into a single stick, and they will become one in My hand.’
ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Merebɛfa Yosef dua a ɛhyɛ Efraim ne Israel mmusuakuo a wɔka ne ho no nsa, na mede abɔ Yuda dua no mu ayɛ mmienu no baako, na wɔbɛyɛ baako wɔ me nsam.’
20 When the sticks on which you write are in your hand and in full view of the people,
Ma nnua a woatwerɛtwerɛ ho no so kyerɛ wɔn
21 you are to tell them that this is what the Lord GOD says: ‘I will take the Israelites out of the nations to which they have gone, and I will gather them from all around and bring them into their own land.
na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mɛyi Israelfoɔ afiri amanaman a wɔkɔ soɔ no so. Mɛboaboa wɔn ano afiri afanan nyinaa na mede wɔn asane aba wɔn ankasa asase so.
22 I will make them one nation in the land, on the mountains of Israel, and one king will rule over all of them. Then they will no longer be two nations and will never again be divided into two kingdoms.
Mɛyɛ wɔn ɔman baako wɔ asase no so wɔ Israel mmepɔ so. Ɔhene baako bɛdi wɔn nyinaa so na wɔrenyɛ aman mmienu bio, na wɔrenkyɛ mu nyɛ wɔn ahennie mmienu.
23 They will no longer defile themselves with their idols or detestable images, or with any of their transgressions. I will save them from all their apostasies by which they sinned, and I will cleanse them. Then they will be My people, and I will be their God.
Wɔremfa wɔn ahoni ne nsɛsodeɛ tantane no anaasɛ wɔn nnebɔne no mu bi ngu wɔn ho fi bio, na mɛgye wɔn nkwa afiri wɔn akyirisane bɔne mu na mɛte wɔn ho. Wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ na mayɛ wɔn Onyankopɔn.
24 My servant David will be king over them, and there will be one shepherd for all of them. They will follow My ordinances and keep and observe My statutes.
“‘Me ɔsomfoɔ Dawid bɛdi wɔn so ɔhene na wɔn nyinaa bɛnya odwanhwɛfoɔ baako. Wɔbɛdi me mmara so na wɔahwɛ mʼahyɛdeɛ ayɛ.
25 They will live in the land that I gave to My servant Jacob, where your fathers lived. They will live there forever with their children and grandchildren, and My servant David will be their prince forever.
Wɔbɛtena asase a mede maa me ɔsomfoɔ Yakob, asase a mo agyanom tenaa soɔ. Wɔne wɔn mma ne wɔn mma mma bɛtena hɔ afebɔɔ, na me ɔsomfoɔ Dawid bɛyɛ wɔn ɔberempɔn afebɔɔ.
26 And I will make a covenant of peace with them; it will be an everlasting covenant. I will establish them and multiply them, and I will set My sanctuary among them forever.
Me ne wɔn bɛyɛ asomdwoeɛ apam, ɛbɛyɛ apam a ɛte hɔ daa. Mɛma wɔatim na mama wɔadɔre na mede me kronkronbea bɛsi wɔn mu afebɔɔ.
27 My dwelling place will be with them; I will be their God, and they will be My people.
Me tenabea bɛwɔ wɔn mu, mɛyɛ wɔn Onyankopɔn na wɔayɛ me nkurɔfoɔ.
28 Then the nations will know that I the LORD sanctify Israel, when My sanctuary is among them forever.’”
Afei amanaman no bɛhunu sɛ me Awurade, me na meyɛ Israel kronkron, ɛberɛ a me kronkronbea si wɔn mu afebɔɔ.’”

< Ezekiel 37 >