< Ezekiel 3 >

1 “Son of man,” He said to me, “eat what you find here. Eat this scroll, then go and speak to the house of Israel.”
Awurade ka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, di nea wuhu wɔ wʼanim no, di saa nhoma mmobɔwee yi, na afei kɔ na kɔkasa kyerɛ Israelfo.”
2 So I opened my mouth, and He fed me the scroll.
Enti mibuee mʼanom na ɔde nhoma mmobɔwee no maa me dii.
3 “Son of man,” He said to me, “eat and fill your stomach with this scroll I am giving you.” So I ate, and it was as sweet as honey in my mouth.
Afei ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, di saa nhoma mmobɔwee a mede rema wo yi fa hyɛ wo yafunu ma.” Enti midii na na ɛyɛ dɛ te sɛ ɛwo wɔ mʼanom.
4 Then He said to me, “Son of man, go now to the house of Israel and speak My words to them.
Na ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, afei kɔ Israelfo nkyɛn na kɔka me nsɛm kyerɛ wɔn.
5 For you are not being sent to a people of unfamiliar speech or difficult language, but to the house of Israel—
Ɛnyɛ nnipa bi a wɔn kasa mu nna hɔ anaa ntease nni mu nkyɛn na meresoma wo, mmom meresoma wo Israelfo hɔ.
6 not to the many peoples of unfamiliar speech and difficult language whose words you cannot understand. Surely if I had sent you to them, they would have listened to you.
Ɛnyɛ nnipa bebree a wɔn kasa mu nna hɔ na ɛyɛ den, wɔn a wonte wɔn kasa ase nkyɛn. Ampa, sɛ mesomaa wo wɔ saa nnipa yi nkyɛn a, anka wotiee wo.
7 But the house of Israel will be unwilling to listen to you, since they are unwilling to listen to Me. For the whole house of Israel is hard-headed and hard-hearted.
Nanso Israelfo mpɛ sɛ wotie wo, efisɛ wɔmpɛ sɛ wotie me. Israel nyinaa ayɛ komapirim ne asoɔden.
8 Behold, I will make your face as hard as their faces, and your forehead as hard as their foreheads.
Ɛno nti mɛma woayɛ asoɔden ne komapirim te sɛ wɔn.
9 I will make your forehead like a diamond, harder than flint. Do not be afraid of them or dismayed at their presence, even though they are a rebellious house.”
Mɛyɛ wo moma dennen sɛ apemmo, nea ɛyɛ den sen ɔtwɛrebo. Nsuro wɔn na mma wɔmmɔ wo hu, ɛwɔ mu sɛ wɔyɛ atuatewfo de.”
10 “Son of man,” He added, “listen carefully to all the words I speak to you, and take them to heart.
Na ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, tie me nsɛm a meka kyerɛ wo no yiye na dwene ho wɔ wo koma mu.
11 Go to your people, the exiles; speak to them and tell them, ‘This is what the Lord GOD says,’ whether they listen or refuse to listen.”
Afei kɔ wo nkurɔfo a wɔwɔ nnommum mu na kasa kyerɛ wɔn. Se wɔn sɛ, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se,’ sɛ wobetie oo, sɛ wɔrentie oo.”
12 Then the Spirit lifted me up, and I heard a great rumbling sound behind me: ‘Blessed be the glory of the LORD in His dwelling place!’
Na Honhom no maa me so kɔɔ soro na metee sɛ nnyigyei dennen bi reworo so wɔ mʼakyi bere a na Awurade anuonyam rema ne ho so wɔ ne gyinabea hɔ no
13 It was the sound of the wings of the living creatures brushing against one another and the sound of the wheels beside them, a great rumbling sound.
Na ɛyɛ nnyigyei a efi ateasefo no ntaban a ɛkeka twiw ho ne nkyimii a ɛwowɔ wɔn ho no. Nnyigyei dennen a ɛworo so.
14 So the Spirit lifted me up and took me away, and I went in bitterness and in the anger of my spirit, with the strong hand of the LORD upon me.
Honhom no maa me so kɔɔ soro de me kɔɔ baabi, mekɔɔ no nweenwen ne honhom mu abufuw so, a na Awurade tumi yɛ kɛse wɔ me so.
15 I came to the exiles at Tel-abib who dwelt by the River Kebar. And for seven days I sat where they sat and remained there among them, overwhelmed.
Mebaa nnommum a wɔtete Tel Abib a ɛbɛn Asubɔnten Kebar no nkyɛn. Na hɔ na me ne wɔn tenaa nnanson, na me ho dwiriw me.
16 At the end of seven days the word of the LORD came to me, saying,
Nnanson akyi no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
17 “Son of man, I have made you a watchman for the house of Israel. Whenever you hear a word from My mouth, give them a warning from Me.
“Onipa ba, mayɛ wo ɔwɛmfo ama Israel; ɛno nti tie asɛm a meka no, na bɔ wɔn kɔkɔ a efi me.
18 If I say to the wicked man, ‘You will surely die,’ but you do not warn him or speak out to warn him from his wicked way to save his life, that wicked man will die in his iniquity, and I will hold you responsible for his blood.
Sɛ meka kyerɛ omumɔyɛfo se, ‘Ampa ara wubewu’ na sɛ woammɔ no kɔkɔ anaasɛ woankasa ankyerɛ no amma wantwe ne ho amfi nʼakwammɔne ho annya nkwa a, saa omumɔyɛfo no bewu wɔ ne bɔne mu, na mɛma woabu ne mogya ho akontaa.
19 But if you warn a wicked man and he does not turn from his wickedness and his wicked way, he will die in his iniquity, but you will have saved yourself.
Nanso sɛ wobɔ omumɔyɛfo no kɔkɔ na sɛ wansakra amfi nʼamumɔyɛ anaa nʼakwammɔne ho a, obewu wɔ ne bɔne mu, nanso na woagye wo ho nkwa.
20 Now if a righteous man turns from his righteousness and commits iniquity, and I put a stumbling block before him, he will die. If you did not warn him, he will die in his sin, and the righteous acts he did will not be remembered. And I will hold you responsible for his blood.
“Bio, sɛ ɔtreneeni dan fi trenee ho kɔyɛ bɔne a, mede hintidua bɛto nʼanim ama no ahwe ase, na wawu. Sɛ woammɔ no kɔkɔ nti, obewu wɔ ne bɔne mu. Adetrenee ahorow a ɔyɛe no, wɔrenkae na mɛma woabu ne mogya ho akontaa.
21 But if you warn the righteous man not to sin, and he does not sin, he will indeed live because he heeded your warning, and you will have saved yourself.”
Nanso sɛ wobɔ ɔtreneeni no kɔkɔ sɛ onnyae bɔneyɛ na ogyae a, obenya nkwa efisɛ otiee kɔkɔbɔ, na wo nso wubegye wo ho nkwa.”
22 And there the hand of the LORD was upon me, and He said to me, “Get up, go out to the plain, and there I will speak with you.”
Na Awurade tumi baa me so wɔ hɔ, na ɔka kyerɛɛ me se, “Sɔre na kɔ tataw no so, na hɔ na mɛkasa akyerɛ wo.”
23 So I got up and went out to the plain, and behold, the glory of the LORD was present there, like the glory I had seen by the River Kebar, and I fell facedown.
Enti mesɔre kɔɔ tataw no so. Na Awurade anuonyam te sɛ nea mihuu wɔ Asubɔnten Kebar ho no gyina hɔ, na mede mʼanim butuw fam.
24 Then the Spirit entered me and set me on my feet. He spoke with me and said, “Go, shut yourself inside your house.
Afei Honhom no bɛhyɛɛ me mu na ɔmaa me so gyinaa hɔ. Ɔka kyerɛɛ me se, “Kɔ na kɔto wo ho pon mu wɔ wo fi.
25 And you, son of man, they will tie with ropes, and you will be bound so that you cannot go out among the people.
Na wo, onipa ba, wɔde ntampehama bɛkyekyere wo sɛnea worentumi mpue nkɔ nnipa no mu.
26 I will make your tongue stick to the roof of your mouth, and you will be silent and unable to rebuke them, though they are a rebellious house.
Na mɛma wo tɛkrɛma atare wʼanom sɛnea wobɛyɛ komm a worentumi nka wɔn anim, efisɛ wɔyɛ atuatewfo.
27 But when I speak with you, I will open your mouth, and you are to tell them, ‘This is what the Lord GOD says.’ Whoever listens, let him listen; and whoever refuses, let him refuse, for they are a rebellious house.
Nanso sɛ mekasa kyerɛ wo a, mebue wʼano ama woaka akyerɛ wɔn se, ‘Sɛnea Otumfo Awurade se ni!’ Nea obetie no ma no ntie, na nea ɔmpɛ sɛ otie no mma no ntie; na wɔyɛ atuatewfo.

< Ezekiel 3 >