< Ezekiel 27 >

1 Then the word of the LORD came to me, saying,
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2 “Now you, son of man, take up a lament for Tyre.
“Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tiro ho so.
3 Tell Tyre, who dwells at the gateway to the sea, merchant of the peoples on many coasts, that this is what the Lord GOD says: You have said, O Tyre, ‘I am perfect in beauty.’
Ka kyerɛ Tiro a ɔda ɛpo aboboano, na ɔne adwadifoɔ bebree a wɔwɔ mpoano nkuro so di edwa sɛ, yei ne asɛm a Otumfoɔ Awurade seɛ: “‘Woka sɛ, Ao Tiro, “Me ho yɛ fɛ yie.”
4 Your borders are in the heart of the seas; your builders perfected your beauty.
Wo tumidie wɔ ɛpo so akyirikyiri; wʼadansifoɔ maa wʼahoɔfɛ wiee pɛyɛ
5 They constructed all your planking with cypress from Senir. They took a cedar from Lebanon to make a mast for you.
Wo nnua a wɔpaeɛ nyinaa yɛ pepeaa a ɛfiri Senir. Wɔde Lebanon ntweneduro na ɛyɛɛ ahyɛn so nnua maa woɔ.
6 Of oaks from Bashan they made your oars; of wood from the coasts of Cyprus they made your deck, inlaid with ivory.
Odum nnua a ɛfiri Basan na wɔde yɛɛ wʼatabono; Kwabɔhɔrɔ nnua a ɛfiri Kipro mpoano na wɔde yɛɛ wʼahyɛn abrannaa, a wɔde asonse asɛ so.
7 Of embroidered fine linen from Egypt they made your sail, which served as your banner. Of blue and purple from the coasts of Elishah they made your awning.
Misraim nwera papa bi a wadi mu adwini na wɔde yɛɛ wʼahyɛn so mframatoma a ɛyɛɛ wo frankaa nso; wʼapono ɛne ntokua ano ntoma yɛ bibitoma ne beredumtoma a ɛfiri Elisa mpoano.
8 The men of Sidon and Arvad were your oarsmen. Your men of skill, O Tyre, were there as your captains.
Sidonfoɔ ne Arwadfoɔ na wɔhare wʼahyɛn; wo mmarima anyansafoɔ, Ao Tiro na wɔyɛ adwumayɛfoɔ wɔ wʼahyɛn mu.
9 The elders of Gebal were aboard as shipwrights, repairing your leaks. All the ships of the sea and their sailors came alongside to barter for your merchandise.
Gebal adwumfoɔ adadafoɔ tenaa wʼahyɛn mu sɛ dua dwumfoɔ a wɔtuatua ahyɛn no mu ntokuro. Ɛpo so ahyɛn ne wɔn hyɛn mufoɔ nyinaa baa wo nkyɛn ne wo bɛdii nsesadwa.
10 Men of Persia, Lydia, and Put served as warriors in your army. They hung their shields and helmets on your walls; they gave you splendor.
“‘Persia, Lidia ne Put mmarima someeɛ sɛ asraafoɔ wɔ wʼakodɔm mu. Wɔde wɔn akokyɛm ne dadeɛ ɛkyɛ sensɛnee wʼafasuo ho, de hyɛɛ wo animuonyam.
11 Men of Arvad and Helech manned your walls all around, and the men of Gammad were in your towers. They hung their shields around your walls; they perfected your beauty.
Arwad ne Helek mmarima wɛnee wʼafasuo ho nyinaa. Gammad mmarima tenaa wʼaban atentene mu. Wɔde wɔn akokyɛm sensɛnee wʼafasuo ho maa wʼahoɔfɛ dii mu.
12 Tarshish was your merchant because of your great wealth of goods; they exchanged silver, iron, tin, and lead for your wares.
“‘Wʼadwadideɛ a ɛmaa wo nyaa wo ho bebree enti, Tarsis ne wo dii edwa. Wɔde dwetɛ, dadeɛ, sanya ne sumpii sesaa wʼadwadideɛ.
13 Javan, Tubal, and Meshech were your merchants. They exchanged slaves and bronze utensils for your merchandise.
“‘Helafoɔ, Tubalfoɔ ne Mesekfoɔ ne wo dii edwa. Wɔde nkoa ne kɔbere nneɛma sesaa wʼadetɔndeɛ.
14 The men of Beth-togarmah exchanged horses, war horses, and mules for your wares.
“‘Bet Togarma mmarima de adwumayɛ apɔnkɔ, ɔsa apɔnkɔ ne mfunumu mma bɛsesaa wʼadwadideɛ.
15 The men of Dedan were your clients; many coastlands were your market; they paid you with ivory tusks and ebony.
“‘Roda mmarima ne wo dii edwa, na mpoano nkuro bebree yɛɛ wʼadetɔfoɔ a wɔde asonse ne duaboɔ nnua tuaa wo ka.
16 Aram was your customer because of your many products; they exchanged turquoise, purple, embroidered work, fine linen, coral, and rubies for your wares.
“‘Aram ne wo dii edwa ɛsiane wo nneɛma bebrebe a woyɛ nti; wɔde nsrammaboɔ, ntoma a ɛberedum, deɛ wɔadi mu adwinneɛ, nwera pa, nnenkyenema ne bota bɛsesaa wʼadwadideɛ.
17 Judah and the land of Israel traded with you; they exchanged wheat from Minnith, cakes and honey, oil and balm for your merchandise.
“‘Yuda ne Israel ne wo dii edwa; wɔde ayuo a ɛfiri Minit ne krakase, ɛwoɔ, ngo ne aneneduhwam sesaa wʼadwadideɛ.
18 Because of your many products and your great wealth of goods, Damascus traded with you wine from Helbon, wool from Zahar,
“‘Damasko ne wo dii edwa wɔ nsã a ɛfiri Helbon ne nnwan ho nwi a ɛfiri Sahar mu, ɛsiane nneɛma a woyɛ ne wʼadwadideɛ a ama woanya wo ho bebree enti.
19 and casks of wine from Izal for your wares. Wrought iron, cassia, and sweet cane were exchanged for your merchandise.
Danfoɔ ne Helafoɔ a wɔfiri Usal tɔɔ wʼadwadideɛ na wɔde dadeɛ a wɔaboro, bɛwewonua ne mmɛtire sesaa wʼadetɔndeɛ.
20 Dedan was your merchant in saddlecloths for riding.
“‘Dedan de apɔnkɔ so adwatoma ne wo dii edwa.
21 Arabia and all the princes of Kedar were your customers, trading in lambs, rams, and goats.
“‘Arabfoɔ ne Kedar mmapɔmma nyinaa yɛɛ wʼadwadifoɔ a wɔde nnwammaa, nnwennini ne mpapo ne wo dii edwa.
22 The merchants of Sheba and Raamah traded with you; for your wares they exchanged gold, the finest of all spices, and precious stones.
“‘Seba ne Raama adwadifoɔ ne wo dii edwa; wɔde nnuhwam ahodoɔ a ɛte apɔ, aboɔdemmoɔ ne sikakɔkɔɔ ne wo bɛdii nsesadwa.
23 Haran, Canneh, and Eden traded with you, and so did the merchants of Sheba, Asshur, and Chilmad.
“‘Haran, Kane ne Eden, adwadifoɔ a wɔfiri Seba, Asur ne Kilmad ne wo dii edwa.
24 In your marketplace they traded with you fine garments of blue, embroidered work, and multicolored rugs with cords tightly twisted and knotted.
Wo dwaaso hɔ, wɔde ntoma a ɛyɛ fɛ, ɔpɔwtam a ɛyɛ tuntum, adwinneɛ ahodoɔ ne ntiasoɔtoma a ɛwɔ ahosu ahodoɔ a wɔde nhoma a wɔakyinkyim abobɔ no apɔɔpɔ na ayɛ ne wo bɛdii edwa.
25 The ships of Tarshish carried your merchandise. And you were filled with heavy cargo in the heart of the sea.
“‘Tarsis ahyɛn yɛ adwuma sɛ asoafoɔ ma wʼadwadideɛ. Adesoa duruduru ayɛ wo ma wɔ ɛpo no mfimfini.
26 Your oarsmen have brought you onto the high seas, but the east wind will shatter you in the heart of the sea.
Wʼaharefoɔ no fa wo de wo kɔ ɛpo so akyirikyiri nanso apueeɛ ahum bɛbubu wo mu nketenkete wɔ ɛpo no mfimfini.
27 Your wealth, wares, and merchandise, your sailors, captains, and shipwrights, your merchants and all the warriors within you, with all the other people on board, will sink into the heart of the sea on the day of your downfall.
Wʼahonya, adwadideɛ ne adetɔndeɛ wʼahyɛn kwankyerɛfoɔ, wʼahyɛn mufoɔ ne wɔn a wɔtuatua wʼahyɛn mu ntokuro, wʼadwadifoɔ ne wʼasraafoɔ nyinaa, ne obiara a ɔwɔ ɛhyɛn no mu bɛmem akɔ ɛpo ase tɔnn ɛda a wo hyɛn no bɛbɔ.
28 The countryside will shake when your sailors cry out.
Mpoano asase bɛwoso ɛberɛ a wo hyɛn mufoɔ no reteateam.
29 All who handle the oars will abandon their ships. The sailors and all the captains of the sea will stand on the shore.
Wɔn a wɔkurakura atabon no nyinaa bɛgya wɔn ahyɛn hɔ; hyɛn akwankyerɛfoɔ ne hyɛn mufoɔ nyinaa bɛgyinagyina mpoano.
30 They will raise their voices for you and cry out bitterly. They will throw dust on their heads and roll in ashes.
Wɔbɛma wɔn ɛnne so asu osu yaaya ama wo; wɔbɛpete mfuturo agu wɔn tiri so na wɔayantanyantam nsõ mu.
31 They will shave their heads for you and wrap themselves in sackcloth. They will weep over you with anguish of soul and bitter mourning.
Wo enti wɔbɛbobɔ tikwa na wɔafirafira ayitoma. Wɔde ɔkra mu ahoyera ne awerɛhoɔ a emu yɛ den bɛgyam wo.
32 As they wail and mourn over you, they will take up a lament for you: ‘Who was ever like Tyre, silenced in the middle of the sea?
Ɛberɛ a wɔretwa adwo redi awerɛhoɔ no, wɔbɛma kwadwom bi a ɛfa wo ho so sɛ: “Hwan na wama no atɔre mumu te sɛ Tiro a ɛpo atwa ne ho ahyia yi?”
33 When your wares went out to sea, you satisfied many nations. You enriched the kings of the earth with your abundant wealth and merchandise.
Ɛberɛ a wʼadwadideɛ kɔɔ ɛpo ahodoɔ so no woboaa aman bebree; Wʼahonyadeɛ ne wʼadwadideɛ maa asase so ahemfo nyaa wɔn ho.
34 Now you are shattered by the seas in the depths of the waters; your merchandise and the people among you have gone down with you.
Afei ɛpo abubu wo mu nketenkete wɔ nsuo no bunu mu wʼadwadideɛ ne wʼadwumayɛfoɔ nyinaa ne wo amem kɔ nsuo ase.
35 All the people of the coastlands are appalled over you. Their kings shudder with fear; their faces are contorted.
Wɔn a wɔtete mpoano nyinaa ho adwiri wɔn wɔ wo ho; ehu ma wɔn ahemfo ho popo na wɔn anim sinsiam.
36 Those who trade among the nations hiss at you; you have come to a horrible end and will be no more.’”
Aman no mu adwadifoɔ bɔ nsɔm gu wo so woaba awieeɛ a ɛyɛ hu na wɔrenhunu wo bio.’”

< Ezekiel 27 >