< Ezekiel 24 >

1 In the ninth year, on the tenth day of the tenth month, the word of the LORD came to me, saying,
Afe a ɛto so akron no sram a ɛto so du no nnafua du so no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
2 “Son of man, write down today’s date, for on this very day the king of Babylon has laid siege to Jerusalem.
“Onipa ba, kyerɛw saa da yi, saa da yi ara, efisɛ Babiloniahene atua Yerusalem nnɛ da yi ara.
3 Now speak a parable to this rebellious house and tell them that this is what the Lord GOD says: ‘Put the pot on the fire; put it on and pour in the water.
Ka kyerɛ saa atuatewfo yi, ka no wɔ mmebu mu kyerɛ wɔn se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: “‘Fa ɔsɛn no si gya so; fa si so na hwie nsu gu mu.
4 Put in the pieces of meat, every good piece— thigh and shoulder— fill it with choice bones.
Fa namkum no gu mu, namkum a ɛyɛ akɔnnɔ no nyinaa, anan ne abasa. Fa nnompe a ɛte apɔw hyɛ no ma;
5 Take the choicest of the flock and pile the fuel beneath it. Bring it to a boil and cook the bones in it.’
fa nguankuw no mu nea odi mu. Fa nnyentia hyehyɛ ase ma nnompe no; ma enhuru na noa nnompe a ɛwɔ mu no.
6 Therefore this is what the Lord GOD says: ‘Woe to the city of bloodshed, to the pot now rusted, whose rust will not come off! Empty it piece by piece; cast no lots for its contents.
“‘Na sɛɛ na Otumfo Awurade se: “‘Mogyahwiegu kuropɔn no nnue, nnome nka ɔsɛn a agye nkannare mprempren, na nea ɛwɔ mu aka mu no! Yiyi namkum no mmaako mmaako fi mu a wompaw mu koraa.
7 For the blood she shed is still within her; she poured it out on the bare rock; she did not pour it on the ground to cover it with dust.
“‘Mogya a ohwie guu no wɔ ne mfimfini: ohwie guu ɔbotan wosee so; wanhwie angu fam, baabi a mfutuma bɛkata so.
8 In order to stir up wrath and take vengeance, I have placed her blood on the bare rock, so that it would not be covered.’
Sɛ ɛbɛhwanyan abufuwhyew ama aweretɔ nti mede ne mogya guu ɔbotan wosee so sɛnea ɛso renkata.
9 Yes, this is what the Lord GOD says: ‘Woe to the city of bloodshed! I, too, will pile the kindling high.
“‘Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: “‘Mogyahwiegu kuropɔn no nnue! Me nso mɛhyehyɛ nnyansin no ama akɔ sorosoro.
10 Pile on the logs and kindle the fire; cook the meat well and mix in the spices; let the bones be burned.
Enti hyehyɛ nnyansin no na sɔ gya no. Noa nam no yiye, fa ahuamhuanne fra mu; na ma nnompe no nhyew.
11 Set the empty pot on its coals until it becomes hot and its copper glows. Then its impurity will melt within; its rust will be consumed.
Afei fa ɔsɛnhunu no si nnyansramma no so kosi sɛ ɛbɛdɔ na ayɛ kɔɔ sɛnea mu fi no bɛnan na nea ɛwɔ mu no bɛhyew asɛe.
12 It has frustrated every effort; its thick rust has not been removed, even by the fire.
Wama ɔbrɛ no nyinaa ayɛ kwa; mu fi dodow no ankɔ, ogya mpo antumi anyi.
13 Because of the indecency of your uncleanness I tried to cleanse you, but you would not be purified from your filthiness. You will not be pure again until My wrath against you has subsided.
“‘Fi a ɛwɔ wo mu no ne aniwu nneyɛe. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛhohoro wo ho, nanso woamma ho kwan, wo ho remfi bio kosi sɛ mʼabufuwhyew a etia wo no ano bedwo.
14 I, the LORD, have spoken; the time is coming, and I will act. I will not refrain or show pity, nor will I relent. I will judge you according to your ways and deeds,’
“‘Me Awurade na maka. Bere aso sɛ meyɛ biribi. Merentwentwɛn so; merennya ahummɔbɔ, na merengugow me ho. Wobegyina wo suban ne wo nneyɛe so abu wo atɛn, Otumfo Awurade asɛm ni.’”
15 Then the word of the LORD came to me, saying,
Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
16 “Son of man, behold, I am about to take away the desire of your eyes with a fatal blow. But you must not mourn or weep or let your tears flow.
“Onipa ba, merebɛbɔ wo baako na mafa ade a wʼani gye ho yiye. Nanso ntwa adwo, nni awerɛhow na ntew nusu.
17 Groan quietly; do not mourn for the dead. Put on your turban and strap your sandals on your feet; do not cover your lips or eat the bread of mourners.”
Si apini komm; nni owufo ho awerɛhow. Ma wʼabotiri mmɔ wo na hyɛ wo mpaboa; nkata wʼano na nni amanne aduan a wɔn a wodi awerɛhow no di.”
18 So I spoke to the people in the morning, and in the evening my wife died. And the next morning I did as I had been commanded.
Enti mekasa kyerɛɛ nnipa no anɔpa na nʼanwummere na me yere wui. Ade kyee no, meyɛɛ sɛnea wɔahyɛ me no.
19 Then the people asked me, “Won’t you tell us what these things you are doing mean to us?”
Afei nnipa no bisaa me se, “Worenkyerɛ yɛn sɛnea nneyɛe yi si fa yɛn ho ana?”
20 So I answered them, “The word of the LORD came to me, saying:
Enti meka kyerɛɛ wɔn se, “Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
21 Tell the house of Israel that this is what the Lord GOD says: ‘I am about to desecrate My sanctuary, the pride of your power, the desire of your eyes, and the delight of your soul. And the sons and daughters you left behind will fall by the sword.’
Ka kyerɛ Israelfi se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Merebegu me kronkronbea ho fi; mo bammɔ dennen a mode hoahoa mo ho, nea mo ani gye ho, ade a mo koma da so. Mmabarima ne mmabea a mugyaw wɔn akyi no bɛtotɔ wɔ afoa ano.
22 Then you will do as I have done: You will not cover your lips or eat the bread of mourners.
Na mobɛyɛ sɛnea mayɛ yi, morenkata mo ano na morenni amanne aduan a wɔn a wodi awerɛhow di.
23 Your turbans will remain on your heads and your sandals on your feet. You will not mourn or weep, but you will waste away because of your sins, and you will groan among yourselves.
Mobɛkɔ so abɔ mo abotiri ahyɛ mo mpaboa. Morenni awerɛhow na morensu, mmom mo so bɛtew esiane mo bɔne nti, na mubesisi apini wɔ mo mu.
24 ‘Thus Ezekiel will be a sign for you; you will do everything that he has done. When this happens, you will know that I am the Lord GOD.’
Hesekiel bɛyɛ nsɛnkyerɛnnede ama mo, mobɛyɛ sɛnea wayɛ no pɛpɛɛpɛ. Na eyi si a na mubehu sɛ mene Otumfo Awurade no.’
25 And you, son of man, know that on the day I take away their stronghold, their pride and joy—the desire of their eyes which uplifted their souls—and their sons and daughters as well,
“Na wo, onipa ba, da a mɛfa wɔn aban dennen, wɔn ahosɛpɛw ne anuonyam, ade a wɔn ani gye ho, wɔn koma so ade, ne wɔn mmabarima ne wɔn mmabea nso no,
26 on that day a fugitive will come and tell you the news.
saa da no okyinkyinfo bi na ɔbɛba abɛka nea asi akyerɛ wo.
27 On that day your mouth will be opened to him who has escaped; you will speak and no longer be mute. So you will be a sign to them, and they will know that I am the LORD.”
Saa bere no, wʼano bebue, wo ne no bɛkasa na worenyɛ komm bio. Wobɛyɛ nsɛnkyerɛnnede ama wɔn, na wobehu sɛ mene Awurade no.”

< Ezekiel 24 >