< Exodus 33 >
1 Then the LORD said to Moses, “Leave this place, you and the people you brought up out of the land of Egypt, and go to the land that I promised to Abraham, Isaac, and Jacob when I said, ‘I will give it to your descendants.’
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Di saa nnipa a wode wɔn firi Misraim asase so no anim kɔ asase a mede hyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob bɔ no so, ɛfiri sɛ, mekaa sɛ, ‘Mede saa asase yi bɛma wʼasefoɔ.’
2 And I will send an angel before you, and I will drive out the Canaanites, Amorites, Hittites, Perizzites, Hivites, and Jebusites.
Mɛsoma ɔbɔfoɔ adi wʼanim na wapam Kanaanfoɔ, Amorifoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ.
3 Go up to a land flowing with milk and honey. But I will not go with you, because you are a stiff-necked people; otherwise, I might destroy you on the way.”
Ɛyɛ asase a ɛwoɔ ne nufosuo sene wɔ so. Na me ne mo rentu saa ɛkwan no ɛfiri sɛ, moyɛ asoɔden ne basabasayɛfoɔ. Sɛ me ne mo kɔ a, anhwɛ a, mɛsɛe mo wɔ ɛkwan so.”
4 When the people heard these bad tidings, they went into mourning, and no one put on any of his jewelry.
Nnipa yi tee saa nsɛnhyeɛ yi, wɔtwaa agyaadwoɔ. Afei, wɔworɔworɔɔ wɔn ho nkawa ne ahyehyɛdeɛ nyinaa.
5 For the LORD had said to Moses, “Tell the Israelites, ‘You are a stiff-necked people. If I should go with you for a single moment, I would destroy you. Now take off your jewelry, and I will decide what to do with you.’”
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ, “Moyɛ nnipa basabasayɛfoɔ ne asoɔden. Na sɛ me ne mo tena bɛyɛ simma baako pɛ koraa mpo a, anka mɛtɔre mo ase. Monworɔworɔ mo nkawa ne agudeɛ a ɛhyehyɛ mo no nyinaa kɔsi ɛberɛ a mɛhunu deɛ mɛyɛ mo.”
6 So the Israelites stripped themselves of their jewelry from Mount Horeb onward.
Yei akyi no, obiara worɔɔ nʼagudeɛ wɔ Bepɔ Horeb so.
7 Now Moses used to take the tent and pitch it at a distance outside the camp. He called it the Tent of Meeting, and anyone inquiring of the LORD would go to the Tent of Meeting outside the camp.
Na Mose sii hyiabea ntomadan wɔ sraban no akyi a obiara a ɔpɛ sɛ ɔne Awurade di nkutaho no kɔ hɔ. Wɔtoo dan no edin “Ahyiaeɛ Ntomadan.”
8 Then, whenever Moses went out to the tent, all the people would stand at the entrances to their own tents and watch Moses until he entered the tent.
Ɛberɛ biara a Mose bɛkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no, nnipa no nyinaa sɔre bɛgyina wɔn ntomadan ano hwɛ no kɔsi sɛ ɔbɛduru ɛdan no ano.
9 As Moses entered the tent, the pillar of cloud would come down and remain at the entrance, and the LORD would speak with Moses.
Ɔrewura mu a, omununkum fadum bɛhyia no wɔ ɛkwan no ano na Awurade nam mu ne Mose akasa.
10 When all the people saw the pillar of cloud standing at the entrance to the tent, they would stand up and worship, each one at the entrance to his own tent.
Na nnipa no nyinaa agyina wɔn ntomadan apono ano akoto asɔre omununkum fadum no.
11 Thus the LORD would speak to Moses face to face, as a man speaks to his friend. Then Moses would return to the camp, but his young assistant Joshua son of Nun would not leave the tent.
Ɛdan no mu, na Awurade kasa kyerɛ Mose animu ne animu, sɛdeɛ obi ne nʼadamfo di nkɔmmɔ. Na sɛ Mose sane kɔ nsraban no hɔ a, aberanteɛ a ɔboa no a wɔfrɛ no Yosua (Nun ba) no deɛ, ɔtena Ahyiaeɛ Ntomadan no mu ara kɔsi sɛ Mose bɛsane aba.
12 Then Moses said to the LORD, “Look, You have been telling me, ‘Lead this people up,’ but You have not let me know whom You will send with me. Yet You have said, ‘I know you by name, and you have found favor in My sight.’
Mose ka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Daa woka kyerɛ me sɛ, ‘Fa saa nnipa yi kɔ bɔhyɛ asase no so, nanso wonkyerɛɛ me onipa a ɔnka me ho ne me nkɔ. Wose woyɛ mʼadamfo a woayɛ me adɔeɛ bebree.’
13 Now if indeed I have found favor in Your sight, please let me know Your ways, that I may know You and find favor in Your sight. Remember that this nation is Your people.”
Na sɛ saa na ɛte a, di mʼanim kyerɛ me baabi a ɛyɛ wo pɛ sɛ mefa na ama mate wo aseɛ na mafa wo kwan so pɛpɛɛpɛ. Na mma wo werɛ mfiri sɛ saa ɔman yi yɛ wo nkurɔfoɔ.”
14 And the LORD answered, “My Presence will go with you, and I will give you rest.”
Na Awurade buaa no sɛ, “Mʼankasa me ne wo bɛkɔ na woadi nkonim.”
15 “If Your Presence does not go with us,” Moses replied, “do not lead us up from here.
Nanso Mose kaa sɛ, “Sɛ wo ne yɛn renkɔ deɛ a, mma yɛnntu yɛn nan mfiri ha.
16 For how then can it be known that Your people and I have found favor in Your sight, unless You go with us? How else will we be distinguished from all the other people on the face of the earth?”
Sɛ wo ne yɛn ankɔ a, hwan na ɔbɛhunu sɛ me ne me nkurɔfoɔ anya wo hɔ adom a ama nsonsonoeɛ abɛda yɛn ne asase sofoɔ a aka no ntam?”
17 So the LORD said to Moses, “I will do this very thing you have asked, for you have found favor in My sight, and I know you by name.”
Awurade buaa Mose sɛ, “Ampa ara, mɛyɛ wʼabisadeɛ ama wo, ɛfiri sɛ, woanya ahummɔborɔ afiri me nkyɛn na woyɛ mʼadamfo.”
18 Then Moses said, “Please show me Your glory.”
Na Mose srɛɛ sɛ ɔpɛ sɛ ɔhunu Onyankopɔn animuonyam.
19 “I will cause all My goodness to pass before you,” the LORD replied, “and I will proclaim My name—the LORD—in your presence. I will have mercy on whom I have mercy, and I will have compassion on whom I have compassion.”
Awurade buaa sɛ, “Mɛma mo ahunu mʼadɔeɛ na mɛbɔ me din Awurade no akyerɛ mo. Deɛ mepɛ sɛ mehunu no mmɔbɔ no, mɛhunu no mmɔbɔ, na deɛ mepɛ sɛ meyɛ no adɔeɛ nso, mɛyɛ no adɔeɛ.
20 But He added, “You cannot see My face, for no one can see Me and live.”
Nanso, morenhunu mʼanimuonyam, ɛfiri sɛ, obi bi renhunu mʼanim ntena nkwa mu.
21 The LORD continued, “There is a place near Me where you are to stand upon a rock,
“Nanso gyina ɔbotan yi so wɔ me nkyɛn ha.
22 and when My glory passes by, I will put you in a cleft of the rock and cover you with My hand until I have passed by.
Na sɛ mʼanimuonyam resene a, mede wo bɛhyɛ ɔbotan no mu na mede me nsa akata wo so kɔsi sɛ mɛtwam.
23 Then I will take My hand away, and you will see My back; but My face must not be seen.”
Afei, mɛyi me nsa na woahunu mʼakyi, na mʼanim deɛ, worenhunu.”